Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 4/8 kr. 23-25
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Akwati Intanɛt So Asiane Ahorow?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Akwati Intanɛt So Asiane Ahorow?
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Adehunu Hwɛ”
  • Ɛso Fekubɔ Nso Ɛ?
  • Ahobammɔ
  • Intanɛt—Hwɛ Yiye Wɔ Asiane a Ɛwɔ Dwuma a Wɔde Di mu no Ho!
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Fa Intanɛt Di Dwuma Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Asɛmpa Wɔ Internet So
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2007
Nyan!—2000
g00 4/8 kr. 23-25

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mɛyɛ Dɛn Atumi Akwati Intanɛt So Asiane Ahorow?

FANO sɛ wugyina wiase nhomakorabea a ɛso sen biara mu. Ɛkame ayɛ sɛ asɛm biara ho nhoma—atesɛm nkrataa, mfonini ne kyerɛwtohɔ ahorow—atwa wo ho ahyia. Nsɛm a aba foforo nyinaa ne mfehaha a atwam no mu nhoma ahorow nso wɔ hɔ.

Intanɛt betumi ama woanya nsɛm a ɛte saa. Ɛma obi tumi tra ne kɔmputa anim ne kɔmputa afoforo ne wɔn a wɔde di dwuma no di nkitaho wɔ wiase baabiara.a Ɛma wɔn a wɔde di dwuma no tumi tɔn aguade, tɔ nneɛma, ne sikakorabea di nkitaho, bɔ nkɔmmɔ, tie nnwom a aba foforo—eyi nyinaa kɔ so wɔ wɔn ankasa afie mu.

Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ animdefo bi ka sɛ ebedu afe yi awiei no, na nnipa bɛboro ɔpepem 320 na wɔde Intanɛt di dwuma. Enti, dwuma a wɔde Intanɛt di no abɛyɛ adeyɛ a abu so wɔ wiase afã horow pii. Esiane sɛ sukuu ahorow ne nhomakorabea ahorow kamfo ne dwumadi kyerɛ kɛse nti, mmerante ne mmabaa ɔpepem pii de di dwuma. Wɔ United States no, mmofra a wɔadi mfe 12 kosi 19 bɛyɛ ɔha mu 65 de di dwuma dedaw.

Sɛ wode Intanɛt di dwuma yiye a, ebetumi ama woanya wim tebea, akwantu, ne nneɛma foforo ho nsɛm a mfaso wɔ so. Wubetumi afa so atɔ nhoma, kar ho nneɛma, ne nneɛma foforo. Nnipa pii de yɛ wɔn sukuu dwumadi.

Ɛwom sɛ yebetumi anya Intanɛt so mfaso de, nanso ebetumi ayɛ te sɛ nhomakorabea a enni ahwɛfo nso. Obi betumi ahwɛ mu na wate nka sɛ obiara nhwɛ no. Nanso, eyi ne asiane akɛse a ɛwɔ dwuma a wɔde Intanɛt di mu no mu biako. Dɛn ntia? Efisɛ nsɛm a ɛsɛe ɔbra pa na edi awu wɔ honhom mu no wɔ n’afã pii a wonya nsɛm fi no. Enti, Intanɛt betumi ama Kristofo mmofra ahyia sɔhwɛ. Nnipa fi awosu mu pɛ sɛ wobehu sɛnea biribi te ankasa—su a Satan Ɔbonsam fi bere tenten de adi dwuma wɔ ɔkwammɔne so. Ɛda adi sɛ Satan de pɛ a Hawa pɛe sɛ ohu nneɛma mu no dii dwuma na ‘ɔde anitew daadaa no.’—2 Korintofo 11:3.

Saa ara nso na sɛ Kristoni abofra ansi ne bo sɛ ɔbɛbɔ ne honhom fam yiyedi ho ban a, nsɛm a ɛmfata betumi adaadaa no ntɛm ara. Better Homes and Gardens mu asɛm bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Intanɛt yɛ ade a ɛkanyan anigye a animdefo tɔn nsɛm a aba so foforo wɔ so; nanso wɔn a wɔto mmofra mmonnaa, adwumfo nnaadaafo, nnipa a wɔyɛ katee, ne afoforo a wɔn bra asɛe nso kyinkyin so.”

Abofra bi a wɔfrɛ no Javierb ka sɛ: “Ɛso nsɛm no bi yɛ abofono. Etumi ba mpofirim.” Ɔde ka ho sɛ: “Wɔrebɔ mmɔden asum wo afiri. Wɔpɛ sɛ wɔdaadaa wo—gye wo sika.” Kristoni abofra bi a wɔfrɛ no John ka sɛ: “Sɛ wufi ase hwɛ nneɛma a ɛmfata ara pɛ a, ɛyɛ den sɛ wubegyae—ne yɛ tumi ka wo hɔ paa.” Kristofo mmofra bi ahwɛ n’afã horow a ɛmfata na ama wɔahyia ɔhaw kɛse paa. Ebinom asɛe wɔne Yehowa ntam abusuabɔ mpo. Wobɛyɛ dɛn atumi akwati eyi?

“Adehunu Hwɛ”

Ɛtɔ da bi a, mmeae a wonya nsɛm fi no address no bi kyerɛ pefee sɛ nsɛm a ɛwɔ hɔ no nye.c Mmebusɛm 22:23 bɔ kɔkɔ sɛ: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.”

Nanso mpɛn pii no, ɔhaw no ne sɛ nkurɔfo tumi kopue beae bi a ɛhɔ nneɛma nye no so mpofirim a wɔanhyɛ da. Ebia na mfonini huhuuhu bi a wɔatɔ wɔn bo ase ayɛ na adaadaa wo ma woahwɛ hɔ—mpɛn pii—wɔ n’afã a wɔfrɛ no “home page” no!d

Kevin kyerɛkyerɛ nea ɛtoo n’adamfo bi no mu: “Na onni nea ɔde ne bere bɛyɛ na na ɔpɛ sɛ ohu sɛnea nneɛma bi te. Ankyɛ, ɔde yɛɛ ne su sɛ ɔbɛhwɛ nguamansɛm mfonini wɔ so.” Anigyesɛm ne sɛ Kristoni abofra yi hwehwɛɛ ɔpanyin bi akyi kwan na ɔboaa no.

Fa no sɛ woakopue beae a ɛte saa so mpofirim, dɛn na anka wobɛyɛ? Nea ɛsɛ sɛ Kristoni yɛ no da adi pefee: Fi hɔ ntɛm ara—anaasɛ dum Intanɛt no mpo! Yɛ w’ade te sɛ odwontofo a ɔbɔɔ mpae yi: “Ma m’ani ntwa adehunu hwɛ ho.” (Dwom 119:37; fa toto Hiob 31:1 ho.) Kae, sɛ onipa foforo biara nhwɛ yɛn mpo a, ɛnkyerɛ sɛ obiara nhu yɛn. Bible kae yɛn sɛ nneɛma nyinaa so “abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.”—Hebrifo 4:13.

W’awofo ne Kristofo foforo a wɔn ho akokwaw a wo ne wɔn bɛkasa no betumi ama woahyɛ wo tirim a woabɔ sɛ wonkɔ mmeae a ɛhɔ nye bio no mu den. Asɛm no ne sɛ, sɛ womem wɔ anhwea mu a, so wobɛpere akodu sɛ ebedu wo kɔn ansa na woahwehwɛ mmoa?

Ɛso Fekubɔ Nso Ɛ?

Nkɔmmɔbɔ ma wɔn a wɔde Intanɛt di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa no ne wɔn ho bom di nkitaho. Nnwuma de yɛ wɔn nhyiam na wɔfa so de nneɛma ma wɔn adetɔfo. Wutumi bɔ nnwuma pɔtee bi, te sɛ kar a wosiesie anaa nnwuma a wɔde kɔmputa yɛ ho nkɔmmɔ wɔ mmeae bi. Nkɔmmɔbɔ no bi ma nnamfo ne abusuafo di nkitaho wɔ kokoam a wonhia telefon. Ɛwom sɛ nneɛma a ɛfata wɔ hɔ a wobetumi de eyi ayɛ de, nanso so asiane wom?

Ɛdefa mmeae a wɔbɔ nkɔmmɔ ho no, ahwɛyiye ho hia ankasa efisɛ eyi betumi ama obi atɔ asiane ahorow bi mu. Nhoma kyerɛwfo Leah Rozen kae sɛ: “Mmofra a wɔwɔ mfiridwuma ho nimdeɛ ne nnipa a wonnim wɔn de nnɔnhwerew pii bɔ nkɔmmɔ wɔ so wɔ wɔn man mu anaa wiase nyinaa. Awerɛhosɛm ne sɛ saa ahɔho a mmofra a wonnii mfe aduonu ne wɔn bɔ nkɔmmɔ no bi nso yɛ nguamanfo a wɔanyin a wɔpɛ sɛ wɔne mmofra da.” Popular Mechanics mu asɛm bi de kɔkɔbɔ mae sɛ “ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye paa” bere a wowɔ mmeae a wɔbɔ nkɔmmɔ no. Wo din ne w’address a wode bɛma obi a wunnim no no betumi ayɛ te sɛ nea worepɛ ɔhaw a emu yɛ den ama wo ho! Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode wo ho kɔhyɛ saa asiane no mu?

Nanso asiane bi a ɛyɛ den yiye sɛ wubehu ne sɛ wo ne nnipa a wunnim wɔn a wommu Bible nnyinasosɛm bɛbɔ fekuw a ɛmfata no.e Nhwehwɛmufo ka sɛ nkɔmmɔ a mmofra a wonnii mfe aduonu bɔ wɔ Intanɛt so no fã kɛse no ara fa ɔbarima ne ɔbea nna ho. Enti afotu a Bible no de ma wɔ 1 Korintofo 15:33, NW no fata: “Mommma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔne sɛe ɔbra a mfaso wɔ so.” Asiane wɔ kɔmputa so fekubɔne mu. So ɛsɛ sɛ abofra a osuro Onyankopɔn de ne ho hyɛ asiane a ɛte saa mu?

Ahobammɔ

Esiane asiane ahorow a Intanɛt de ba no nti, ɛsɛ sɛ obi yɛ ahwɛyiye bere a ɔde bi redi dwuma no. Sɛ nhwɛso no, mmusua bi de kɔmputa no si petee mu, te sɛ asa so. Ebia wɔde ahyɛde ma nso sɛ wɔmfa Intanɛt no nni dwuma bere a afoforo wɔ fie nkutoo. Sɛ w’awofo de anohyeto a ɛte saa ma a, nko ntia. (Mmebusɛm 1:8) Akwankyerɛ a emu da hɔ a wɔde ma no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ ɔdɔ.

Sɛ wo sukuu dwumadi hwehwɛ sɛ wode Intanɛt di dwuma a, dɛn nti na wonhwɛ bere dodow a wode yɛ no? Bɔ mmɔden di kan si bere dodow a wode bedi ho dwuma no ho gyinae na fa dɔn a ɛbɛkae wo sɛ bere no aso di dwuma. Tom de nyansahyɛ ma sɛ: “Di kan yɛ nhyehyɛe, hu dekode pɔtee a worehwehwɛ, na di nhyehyɛe no so—ɛmfa ho sɛnea nneɛma foforo kanyan anigye no.”

Ahwɛyiye nso ho hia bere a wode E-mail di nkrataa-kyerɛw no. Ɛsɛ sɛ Kristofo mmofra hwɛ yiye na wɔamfa bere pii ankenkan E-mail pii, titiriw sɛ nsɛm no dodow no ara ho nhia anaasɛ enni nnyinaso a. E-mail a wonya tra so no betumi asɛe bere a wuhia de ayɛ wo sukuu ne honhom fam dwumadi no.

Ɔhene Salomo kae sɛ: “Nhoma bebree yɛ nni awiei, na tirim dwen bebrebe hyɛ ɔhonam brɛ.” (Ɔsɛnkafo 12:12) Yebetumi ama saa nsɛm no afa Intanɛt ho yiye. Nhwehwɛ ɛso nokwasɛm ne nkontaabu pii dodo na amma woammu w’ani angu Bible sua ne Kristofo som adwuma a wobɛyɛ no so. (Mateo 24:14; Yohane 17:3; Efesofo 5:15, 16) Kae nso sɛ ɛwom sɛ kɔmputa so nkitahodi fata de, nanso biribiara nni hɔ a wode besi nkitaho a wo ne wo mfɛfo Kristofo di no anim ne anim no ananmu. Enti sɛ ehia ankasa sɛ wode Intanɛt di dwuma a, si gyinae pintinn sɛ wode bedi dwuma nyansam. Kwati mmeae a asiane wɔ no, na mfa bere pii nni ho dwuma. “Kora wo koma so,” na nyɛ Intanɛt akoa da.—Mmebusɛm 4:23.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ “Internet—Is It for You?” a epuei wɔ July 22, 1997 Engiresi Nyan! mu no.

b Wɔasesa edin no bi.

c Mmeae a wonya nsɛm fi no address yɛ nkyerɛwde bi a ɛma obi tumi kɔ hɔ. Ɛtɔ da bi a, address no bi kura nsɛmfua bi a ɛkyerɛ nea wɔyɛ wɔ saa beae hɔ.

d “Home page” no yɛ kɔmputa no so agyiradehyɛde bi. Ɛkyerɛ nea ɛwɔ beae bi, nea ɔyɛe, ne nea ɛkeka ho.

e Asiane a ɛte saa no betumi ayɛ nea ɛwɔ mmeae a wɔbɔ nkɔmmɔ a Kristofo a wokura adwempa mpo ayɛ a wɔde susuw honhom fam nneɛma ho no. Amimfo ne awaefo abɔ nkɔmmɔbɔ a ɛte sɛɛ yi bi mmere bi ma wɔde anifere bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa afoforo ma wɔagye wɔn adwene a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia no atom.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 24]

“Ɛso nsɛm no bi yɛ abofono. Etumi ba mpofirim”

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Mmusua bi de wɔn fie kɔmputa no si petee mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena