Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 5/8 kr. 3-4
  • Europa Aman Nkabom—Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wosusuw Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Europa Aman Nkabom—Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wosusuw Ho?
  • Nyan!—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Europa Aman—Betumi Ayɛ Biako Ampa?
    Nyan!—2000
  • Europa Biakoyɛ Ho Akwanhwɛ No
    Nyan!—1992
  • So Nsɛm Tebea Ayɛ Yiye Ampa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 5/8 kr. 3-4

Europa Aman Nkabom—Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wosusuw Ho?

WOTUTUU mmorɔsa ano ma ɛtotoe sɛ atuo. Nsramma a wɔtoto kɔɔ soro maa wim hyerɛnee. Dɛn na na asi? Ɛyɛ mfirihyia apem foforo no nti? Dabi, na saa ade yi yɛ biribi titiriw a ɛsono ɛno koraa wɔ nsakrae kɛkɛ a ɛbaa wɔ wiase no kalenda ahorow so no ho. Na ɛyɛ January 1, 1999. Wɔdaa sika foforo a Europa Aman Nkabom Kuw (EU) bedi—nea wɔfrɛ no euro—no adi saa da no.

Europafo pii bu sika biako a wɔn nyinaa rebedi no sɛ abakɔsɛm mu nkɔanim kɛse fi bere tenten a wɔde ahwehwɛ biakoyɛ no. Dutch atesɛm krataa De Telegraaf gyee euro a wɔdaa no adi no toom sɛ “biribi a ɛde Europa aman nkabom bɛba.” Nokwarem no, wɔ mfe pii a wɔde ahwɛ Europa aman nkabom kwan no, ɛte sɛ nea afei de abɛn sen biara.

Nokwarem no, ebia nkurɔfo a wɔnte Europa aman mu no rente nea saa ahosɛpɛ yi nyinaa kyerɛ no ase. Ebia euro a wɔafi ase redi yi ne mmɔden a Europa aman abɔ sɛ wɔbɛyɛ biako no rennya wɔn da biara da asetra so nkɛntɛnso biara. Nanso, Europa aman nkabom no de nea ɛma wiase sikasɛm mu biakoyɛ a ɛkɔ akyiri paa ba no biako bɛba. Enti ɛbɛyɛ den sɛ wobebu ani agu Europa aman nkabom no so—ɛmfa ho faako a obi te no.

Sɛ nhwɛso no, U.S. Man Kyerɛwfo Abediakyiri Marc Grossman ka kyerɛɛ North Amerikafo nnansa yi ara sɛ: “Yɛn nkɔso ne Europa wɔ abusuabɔ.” Dɛn ntia? Nneɛma ahorow a ɔkaa ho asɛm no bi ne sɛ “nnipa 12 a wɔyɛ adwuma wɔ U.S. adwinnan mu biako biara yɛ adwuma wɔ nnwuma 4,000 a ɛyɛ Europafo de wɔ U.S. no biako mu.” Wɔsan bɔ amanneɛ sɛ, Europafo sika foforo no betumi aka nneɛma a wɔkra fi amannɔne bo—ne sika a wotua wɔ nneɛma a wɔde si awowa mpo ho—wɔ aman a wɔmmɛn Europa no so.

Aman a wonnyaa nkɔso pii no betumi anya so mfaso. Ɔkwan bɛn so? Nhwehwɛmu biako ka sɛ: “Euro a wɔde rebesi Europafo sika ahorow ananmu no bɛma aguadi nhyehyɛe a ɛda aman a wonnyaa nkɔso pii ne EU ntam no ayɛ mmerɛw.” Afei nso, ebinom ka sɛ Japanfo ne U.S. nnwuma a ɛwɔ Europa no benya so mfaso. Euro a wɔredi no bɛma sikasesa a ɛkɔ soro ba fam wɔ Europa aman ntam no agyae. Aguadi wɔ Europa renyɛ sikasɛe pii.

Sɛ woreyɛ nhyehyɛe sɛ wubetu kwan akɔ Europa a, wo nso wubetumi anya Europa nkabom no so mfaso. Ɛrenkyɛ wubetumi de sika biako, euro, a ne bo ne U.S. dɔla yɛ pɛ atɔ ade wɔ Europa aman horow so. Wɔn a wotu kwan kɔsra aman foforo so renhaw wɔn ho wɔ guldens, francs, lire, deutsche marks, ne mfiri a wɔde bu sika ho akontaa a wɔde hyɛ kotoku mu ho bio.

Nanso, mmɔden a Europafo rebɔ sɛ wɔbɛyɛ asasepɔn a wɔyɛ nneɛma bom no ma yenya biribi a ɛyɛ anigye koraa—anidaso. Susuw ho hwɛ, mfe kakra a atwam no, na akodi ahyɛ Europa ma. Sɛ yɛhwɛ no wɔ saa kwan no so a, Europa nkabom no yɛ ade a ɛyɛ nwonwa koraa. Nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ani wɔ eyi so.

Nnipa pii ntumi nhu sɛ wiase nyinaa biakoyɛ betumi aba ampa a. Eyi yɛ akwanhwɛ a ɛyɛ nwonwa ankasa! So biakoyɛ a Europa aman rebɔ mmɔden sɛ wobenya no betumi ama adesamma abɛn wiase nyinaa biakoyɛ? Ansa na yɛbɛka eyi ho asɛm no, ɛsɛ sɛ yesusuw Europafo nkabom no ho yiye. Biakoyɛ ho akwanside bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woyi fi hɔ?

[Adaka/Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 4]

SO BIAKOYƐ WƆ NEA WƆREYƐ NO MU?

Europafo biakoyɛ ho asɛm no nyɛ ade foforo koraa. Na biakoyɛ kakra wɔ hɔ bere a na Roman Ahemman no di tumi no, ne afei nso bere a na Charlemagne redi tumi no ne akyiri yi wɔ Napoleon I nniso ase. Saa bere no, na biakoyɛ no gyina ɔhyɛ ne afoforo so nkonim a wodi so. Nanso, wɔ Wiase Ko II akyi no, aman a akodi sɛee no pasaa no behui sɛ ɛho hia sɛ wɔfa nkabom so hwehwɛ biakoyɛ. Saa aman yi gye dii sɛ ɛnyɛ sikasɛm ho nhyehyɛe a eye nko na nkabom a ɛte saa no de bɛba na mmom ɛbɛbra akodi nso. Abakɔsɛm mu nneɛma a ɛde saa tebea yi aba no mu bi na edidi so yi:

• 1948 Europa amammui akannifo ɔhaha pii hyiaam wɔ The Hague, Netherlands, na wɔkaa ntam sɛ: “Yɛne yɛn ho renni ako bio.”

• 1950 France ne Germany fii ase kaa wɔn ho boom sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ gyabiriw ne nnade nnwuma ho ban. Aman pii kɔkaa wɔn ho, na eyi na ɛmaa wɔtee kuw a ɛne European Coal and Steel Community (ECSC) no. ECSC no fii ase yɛɛ adwuma wɔ 1952 mu, na aman a wɔka kuw yi ho ne Belgium, France, Italy, Luxembourg, Netherlands, ne West Germany.

• 1957 Aman asia a wɔdɔm ECSC no kyɛɛ wɔn mu bɛyɛɛ ahyehyɛde abien, eyi ne: European Economic Community (EEC) ne European Atomic Energy Community (Euratom).

• 1967 EEC ne ECSC ne Euratom nyinaa ka boom bɛyɛɛ Europa Aman Nkabom, (EC).

• 1973 EC no gyee Denmark, Ireland, ne United Kingdom toom.

• 1981 Greece bɛkaa EC no ho.

• 1986 Portugal ne Spain bɛkaa EC no ho.

• 1990 EC no bɛyɛɛ kɛse bere a West Germany ne East Germany ka boom, maa kan East Germany bɛkaa ahyehyɛde no ho no.

• 1993 Mmɔden a aman a wɔdɔm EC no bɔe sɛ wɔbɛyɛ biako wɔ sika fam ne amammui mu no ma wɔbɛtee Europa Nkabom kuw, (EU) no.

• 2000 Aman 15 na wɔwɔ EU kuw no mu—Austria, Belgium, Denmark, Finland, France, Germany, Greece, Ireland, Italy, Luxembourg, Netherlands, Portugal, Spain, Sweden, ne United Kingdom.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

“Euro” no besi Europafo sika ahorow no ananmu

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Euro no ne ɛho agyiraehyɛde ahorow wɔ nkratafa 3, 5-6, ne 8: © Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Europa Aman Sikasɛm So

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena