TV So Kaseɛbɔ—Emu Ahe na Ɛyɛ Kaseɛbɔ Ankasa?
Bere a kuw bi a wɔyɛ nsɛm ho amanneɛbɔ mu nhwehwɛmu yɛɛ United States nkuropɔn 52 mu TV so kaseɛbɔ 102 mu nhwehwɛmu no, wohui sɛ dwumadi ahorow no mu ɔha mu 41.3 pɛ na ɛyɛ kaseɛbɔ ankasa. Nsɛm bɛn na na ɛwɔ kaseɛbɔ a aka no mu?
Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, mpɔtam hɔ TV so kaseɛbɔ no ɔha mu 30.4 na ɛfa aguade ho dawurubɔ ho. Nokwarem no, dwumadibea ahorow a wɔyɛɛ hɔ nhwehwɛmu no bɔɔ aguade ho dawuru pii sen kaseɛbɔ no ankasa. Bio nso, wɔn a wɔyɛɛ nhwehwɛmu no nyinaa kae sɛ mpɛn pii no, nsɛm a wɔka wɔ kaseɛbɔ mu no yɛ ahuhusɛm.a Wɔ asɛmti “Ahuhusɛm” ase no, amanneɛbɔ no kyekyɛ “nneɛma a wɔka ho asɛm wɔ kaseɛbɔ mu no mu akuw ahorow, na ebi ne nsɛm a wɔka fa mmarima a wonni anuonyam, asɛm bi a ɛrebesi, amanneɛbɔ a nyansa nnim anaa nea ‘ɛma nkurɔfo serew’ ne nsɛm a ɛfa nnipa a wɔagye din ho.” Ahuhusɛm no bi ho nhwɛso ni: “Nnwontofo Ntam Akansi a Ɛyɛ Hu,” “Nsɛm Ho Ɔmanneɛbɔfo Bi Tra Keteke a Ɛnam Kwan a Enye So Mu Tu Kwan,” ne “Nnipa Pii Kɔ Sotɔɔ Kɔtɔ Paanoo a Akade Hyehyem.”
Nsɛm bɛn na ɛyɛ kaseɛbɔ ankasa? Nsɛmmɔnedi na wɔka ho asɛm kɛse wɔ TV so kaseɛbɔ mu, na egye kaseɛbɔ bere no mu ɔha mu 26.9. “‘Sɛ ɛfa nnipakum ho a, wɔka ho asɛm kɛse’ na wɔma ɛho hia wɔn sen biribiara wɔ TV so kaseɛbɔ mu . . . Ebetumi aba sɛ nsɛmmɔnedi so atew wɔ U.S. wɔ mfe kakra a atwam no mu de, nanso wɔka nsɛmmɔnedi ho nsɛm pii wɔ hɔnom TV so kaseɛbɔ mu.” Dɛn ntia? Sɛnea wɔn a wɔyɛɛ nhwehwɛmu no kyerɛ no, “nsɛm a ɛfa nsɛmmɔnedi ho no yɛ ahodwiriw, na ɛtwetwe nkurɔfo adwene.”
Nea edi nsɛmmɔnedi akyi ne asiane ho nsɛm, te sɛ nneɛma a ɛhyew, kar akwanhyia, nsuyiri, ne nneɛma a ɛpaapae (kaseɛbɔ no mu ɔha mu 12.2), na nea edi hɔ ne agumadi ho kaseɛbɔ (ɔha mu 11.4). Nea edi hɔ bio ne akwahosan ho nsɛm (ɔha mu 10.1), aban ho nsɛm (ɔha mu 8.7), ne ɔman sikasɛm (ɔha mu 8.5). Nsɛm te sɛ nhomasua, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, adwinni, ne nyansahu yɛ nea wɔnka ho asɛm kɛse (efi ɔha mu 1.3 kosi 3.6). Nanso sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔka wim tebea ho asɛm ɔha mu 10 wɔ kaseɛbɔ biara mu. Nhwehwɛmufo no ka sɛ: “Obiara pɛ sɛ ɔka wim tebea ho asɛm, na TV so kaseɛbɔ nso ka ho asɛm.” Wɔde ka ho sɛ: “Wim tebea biara, sɛ́ ɛyɛ papa anaa bɔne, sɛ ɔhyew anaa awɔw wom, sɛ osu atɔ anaasɛ fam ayɛ wesee no, yɛ nea wotumi ka ho asɛm kɔ akyiri wɔ TV so kaseɛbɔ mu.”
Amanneɛbɔ no ka ma ɛfata sɛ sɛnkyerɛwfo ne TV hwɛfo pii hu hia a ehia sɛ wɔyɛ nsakrae. Nanso, nhwehwɛmu no gye tom sɛ ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛyɛ nsakrae a ɛte saa efisɛ “aguadi ne adifudepɛ betumi de nsɛm ho amanneɛbɔ a edi mũ ato asiane mu bere nyinaa.”
[Ase hɔ asɛm]
a Amanneɛbɔ a ɛne Not in the Public Interest—Local TV News in America no yɛ afe afe nhwehwɛmu a ɔman no yɛ de hu nneɛma a ɛwɔ kaseɛbɔ mu no nea ɛto so anan. Wɔn a wɔboaboaa nsɛm no ano ne Ɔbenfo Paul Klite, Ɔbenfo Robert A. Bardwell, ne Jason Salzman, a wɔwɔ Rocky Mountain Media Watch no.