Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 6/8 kr. 3
  • Bere a Yare a Enni Sabea Ka Abusua Muni Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Yare a Enni Sabea Ka Abusua Muni Bi
  • Nyan!—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Mmusua Gyina Yare a Enni Sabea Ano
    Nyan!—2000
  • Yare a Enni Sabea—Abusua no Nyinaa Haw
    Nyan!—2000
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2000
  • Mewɔ Yareɛ Koankorɔ Bi—Bible Bɛtumi Aboa Me Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 6/8 kr. 3

Bere a Yare a Enni Sabea Ka Abusua Muni Bi

NA Du Toit abusua no wɔ anigye kɛse. Na obiara ani gye ɔdɔ a emu yɛ hyew a emufo wɔ no ho. Sɛ wuhyia wɔn a, wunsusuw da sɛ wɔahyia ɔhaw bi a emu yɛ den pɛn.

Nea edi kan no, bere a wɔn ba panyin Michelle dii mfe abien no, Braam ne Ann hui sɛ wanya yare a ɛma obi honam taa yɛ no yaw afi awo mu.

Ne maame Ann kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Prɛko pɛ ɛsɛ sɛ wusua sɛnea wubegyina yare a emu yɛ den ho nsɛnnennen ano. Wuhu sɛ abusua no asetra renyɛ sɛnea na ɛte no.”

Nanso bere a wɔwoo ɔbabea ne ɔbabarima foforo no, abusua no san hyiaa ɔhaw foforo. Da bi, bere a na mmofra baasa no redi agoru wɔ abɔnten no, mmeawa baanu no de mmirika baa fie. Wɔde su bɛkae sɛ: “Maame! Maame! Bra ntɛm. Biribi reyɛ Neil!”

Bere a Ann de mmirika kɔɔ hɔ no, okohuu sɛ Neil kɔn da n’akyi a ontumi nyɛ ne ho hwee. Na ontumi mma ne ti so.

Ann ka sɛ: “Me yam hyee me kɛse, na mihuu nea asi no ntɛm ara. Bere a mihuu sɛ abarimaa a ɔwɔ ahoɔden yi anya ntini mu yare koro no ara a na ne nuabea panyin wɔ bi no, me koma tui.”

Braam, a ɔyɛ agya no ka sɛ: “Ankyɛ koraa na ɔhaw a na emu yɛ den sen biara bunkam anigye a na abusua no wɔ so.”

Awiei koraa no, ɛmfa ho sɛ Michelle nyaa ayaresa a edi mu wɔ ayaresabea no, ne yare no mu yɛɛ den ma owui. Saa bere no, na wadi mfe 14 pɛ. Yare no akɔ so ahaw Neil de besi nnɛ.

Eyi ma asɛmmisa yi sɔre sɛ, Ɛbɛyɛ dɛn na mmusua a emuni bi wɔ yare a enni sabea te sɛ Du Toits abusua no agyina ɛho nsɛnnennen no ano? Ansa na yebebua saa asɛm yi no, momma yensusuw sɛnea yare a enni sabea no ka mmusua binom ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena