Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 6/8 kr. 13-15
  • Agyanom a Woguan Gyaw Wɔn Mma—So Wobetumi Aguan Ampa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Agyanom a Woguan Gyaw Wɔn Mma—So Wobetumi Aguan Ampa?
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Guan a Woguan—Ɛnyɛ Mmerɛw Koraa
  • Sɛnea Epira Mmofra
  • Den a Ɛyɛ sɛ Wɔde Mmoa Bɛma
  • Ɛbɛyɛ Dɛn na Mmofra a Wɔawowo a Wonni Kununom Adi Wɔn Tebea ho Dwuma?
    Nyan!—1994
  • Agyanom—Nea Enti a Wɔn Ho Ayɛ Na
    Nyan!—2000
  • Abawo—So Ɛma Ɔbarima Di Mu?
    Nyan!—2000
  • Mperewawoɔ Ho Haw Ano a Wobegyina
    Nyan!—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 6/8 kr. 13-15

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Agyanom a Woguan Gyaw Wɔn Mma—So Wobetumi Aguan Ampa?

“Bere a ɔbea no ka kyerɛɛ me sɛ ‘Merebɛwo wo ba no,’ me yam hyee me. Hena na ɔbɛhwɛ abofra no? Ná ɛnyɛ ade a metumi ahwɛ abusua. Metee nka sɛ ɛsɛ sɛ miguan.”—Jim.a

AMANNƐEBƆ a efi Alan Guttmacher Asuae ka sɛ: “Mmeawa a wonnii mfe aduonu bɛyɛ ɔpepem 1 . . . nyinsɛn afe biara. Mma a mmofra a wonnii mfe aduonu wo wɔn no mu ɔha mu 78 yɛ mpena mma.”

Mmere a atwam no, na mmarima te nka sɛ wobedi mma a wɔwo wɔn no ho asɛyɛde ho dwuma. Nanso sɛnea Teenage Fathers nhoma no ka no, “wɔn a wonyinsɛn a wɔnyɛ awarefo no ho nyɛ aniwu ne animguase bio sɛnea na ɛte [kan] no.” Ebia mmerante a wɔte aman bi mu bebu abawo mpo sɛ ade a ɛkyerɛ obi gyinabea! Nanso, mmerante kakraa bi na wɔhwɛ wɔn mma a wɔwo wɔn no bere tenten. Awiei koraa no pii kɔ—anaa woguan—gyaw wɔn.b

Nanso, so aberante betumi akwati nea efi ɔbrasɛe mu ba no koraa? Bible no kyerɛ sɛ ɛnte saa. Ɛbɔ kɔkɔ sɛ: “Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wonsi no atwetwe; efisɛ nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Galatifo 6:7) Sɛnea yebehu no, nna ho ɔbrasɛe taa ma mmeawa ne mmarimaa nyinaa hyia ɔhaw wɔn nkwa nna nyinaa. Mmofra betumi akwati saa haw yi denam tie a wobetie Bible mu afotu a emu da hɔ a ese yɛnkwati nna ho ɔbrasɛe no.

Guan a Woguan—Ɛnyɛ Mmerɛw Koraa

Sɛ́ wobɛhwɛ abofra no hwehwɛ sɛ wode wo bere, wo sika, ne w’ahofadi bɔ afɔre kɛse. Young Unwed Fathers nhoma no ka sɛ: “Mmerante binom ani nnye ho sɛ ‘wɔbɛhwɛ obi foforo,’ bere a ɛmma wonnya sika nhwɛ wɔn ankasa ho no.” Nanso pii tua ka kɛse esiane wɔn pɛsɛminkominya no nti. Ade biako ne sɛ asɛnnibea ne mmarahyɛfo a wɔwɔ aman pii so no de wɔn ani asi mmarima a wɔnhwɛ wɔn mma no so. Sɛ mmara nya kyerɛ sɛ mmofra no yɛ mmarimaa yi mma a, wobetumi ama wɔatua wɔn ho ka mfe pii—na ɛfata sɛ wotua. Wɔhyɛ mmofra pii ma wogyae sukuu anaa wɔkɔyɛ nnwuma a akatua no sua na ama wɔadi saa asɛyɛde yi ho dwuma. School-Age Pregnancy and Parenthood nhoma no ka sɛ: “Dodow a obi yɛ ɔwofo a onnyinii no, dodow no ara na ɔnkɔ sukuu nnu akyiri.” Na sɛ obi antua sika no amfa ammoa a, ɛma otumi de ka kɛse.

Nokwarem no, ɛnyɛ mmerante nyinaa na wɔn tirim yɛ den wɔ wɔn mma ho. Pii de adwempa fi ase. Sɛnea nhwehwɛmu bi kyerɛ no, agyanom a wonnii mfe aduonu no ɔha mu 75 kɔsraa wɔn mma no wɔ ayaresabea. Nanso, ɛnkyɛ na abofra no hwɛ ho asɛyɛde abunkam mmarimaa a wɔawo yi mu dodow no ara so.

Pii hu sɛ wonni nimdeɛ ne osuahu biara a ɛbɛma wanya adwuma pa ayɛ. Esiane sɛ sika fam mmoa a wontumi mfa mma no yɛ wɔn aniwu nti, ɛnkyɛ na wɔapo wɔn asɛyɛde no. Nanso aberante betumi adi yaw mfe pii. Abarimaa bi a wawo ka sɛ: “Ɛtɔ da bi a midwennwen nea ayɛ me ba no ho. . . . M’ani nnye sɛ miguan gyaw [no], nanso seesei de minhu no. Ebia obehu me da koro bi.”

Sɛnea Epira Mmofra

Ebia agyanom a wɔaguan agyaw wɔn mma no begyina aniwu nka a wɔte—pira a obi pira ɔno ankasa ba ho aniwu no—ano. Nanso sɛnea Bible no kyerɛ no, abofra hia ɛnã ne agya. (Exodus 20:12; Mmebusɛm 1:8, 9) Sɛ ɔbarima guan gyaw ne ba a, ɔma ne ba no hyia ɔhaw pii. U. S. Asoɛe a Ɛhwɛ Akwahosan ne Nnipa Ho Dwumadi So amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Mmofra nkumaa a wɔwɔ ɛnanom a wonni ahokafo mmusua mu no ntaa mmɔ mmɔden wɔ kasa sua ne nkontaabu ho sɔhwɛ mu. Mmofra a wɔadi fi mfe 7 kosi 10 a awofo a wonni ahokafo na ɛtetee wɔn no ntaa mmɔ mmɔden wɔ sɔhwɛ mu, wɔtaa haw adwene, na wonya nipadua ne adwene mu nyarewa a enni sabea a ɛdɔɔso. Ɔhaw a ɛto mmerante ne mmabaa a wɔtete wɔn wɔ ɛnanom a wonni ahokafo mmusua mu ne sɛ wɔn mu pii nnu mpanyin mfe so na wɔawo, wogyae ntoaso sukuukɔ, wɔda afiase, wonnya adwuma na wonnye wɔn wɔ sukuu nso.”

Atlantic Monthly nsɛmma nhoma no de ba awiei sɛ: “Sɛnea adanse pii a asetra ho animdefo ne nyansahufo de ma kyerɛ no, mmusua a emu mpaapae mu mmofra di yiye wɔ nneɛma pii mu sen mmusua a awaregyae asɛe no na mpena mma wom no. Tumi a mmofra a wɔwɔ mmusua a wonni ahokafo mu betumi adi hia no yɛ mmɔho asia. Na wobetumi akɔ so adi hia nso.”

Ma ɛntra w’adwene mu sɛ saa haw yi gyina akontaabu a ɛfa nnipakuw ho so na ɛnyɛ ankorankoro ankasa. Etumi si mmofra pii yiye, ma wɔbɛyɛ mpanyimfo a wɔkari pɛ ɛmfa ho sɛ wofi abusua a wɔn ho kyere wɔn mu. Saa mpo no, aberante a waguan agyaw ne ba no betumi ate afobu nka kɛse. Agya bi a onni yere ka sɛ: “Ɛhaw me sɛ [masɛe] n’asetra korakora.”—Teenage Fathers.

Den a Ɛyɛ sɛ Wɔde Mmoa Bɛma

Ɛnyɛ mmarimaa a wɔawo nyinaa na woguan gyaw wɔn mma. Mmerante binom te nka yiye sɛ wɔn na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔhwɛ wɔn mma na wɔwɔ ɔpɛ paa sɛ wɔbɛboa ma wɔatete wɔn. Nanso mpɛn pii no, ne ka nyɛ kana. Ade biako ne sɛ, ebia agya a wanware abofra no maame no nni mmara kwan so hokwan pii ma enti ɔbea no ne n’awofo na wɔkyerɛ mpɛn dodow—a ɛsɛ sɛ ɔbɛsra ne ba no. Jim a yɛafa n’asɛm aka mfitiase no ka sɛ: “Bere nyinaa wobɔ mmɔden sɛ wubenya gyinabea bi a ɛbɛma woatumi asi gyinae bi wɔ abofra no ho.” Ebia wobetumi asi gyinae bi ma abarimaa bi a wawo no bɛkasa atia denneennen—sɛ́ ebia wɔde abofra no bɛma obi anaasɛ wɔbɛsɛe nyinsɛn no mpo.c Abarimaa bi a wawo ka sɛ: “Ɛyɛ den ma me sɛ mɛma wɔde no ama ɔhɔho bi, nanso ɛyɛ me sɛ mintumi nyɛ ho hwee.”

Mmerante binom ka sɛ wɔbɛware wɔn ba no maame.d Nokwarem no, aware beyi aniwu kakra afi ɔbea no so na ama awofo baanu atete abofra no. Ebia na awarefo nkumaa yi abrabɔ bɔne nyinaa akyi no, wɔda so ara dɔ wɔn ho mpo. Nanso, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ abarimaa bi atumi awo ba no nkyerɛ sɛ wanyin sɛnea ɛsɛ wɔ adwene ne nkate fam a ɔbɛyɛ okunu ne agya. Saa ara nso na ɛnkyerɛ sɛ ɔwɔ sika a obetumi de ahwɛ ɔyere ne ɔba. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ aware a nyinsɛn na ɛhyɛ obi ma ɔware no taa gu ntɛm. Enti ɛnyɛ bere nyinaa na pere a obi bɛpere ne ho aware no yɛ ano aduru a nyansa wom.

Mmerante pii ka sɛ wɔbɛboa wɔn mma wɔ sika fam. Sɛnea yɛadi kan aka dedaw no, egye mmɔdenbɔ ankasa na abarimaa bi a wawo atumi de saa mmoa yi ama bere tenten—ebia mfe 18 anaa nea ɛboro saa! Nanso mmoa a wode bɛma saa kwan no so bere nyinaa no betumi asiw ohia asetra a ɛnã ne ɔba no bɛkɔ mu no ano.

Na abofra no ntetee ankasa a wobenya mu kyɛfa no nso ɛ? Eyi nso betumi ayɛ nsɛnnennen. Ɛtɔ da bi a, saa nnipa baanu yi awofo suro sɛ ebia wɔbɛsan ne wɔn ho ada ma enti wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wobebu wɔn baanu no abam—anaasɛ wɔbɛbra wɔn mpo—sɛ mma obiara nnkɔ ne yɔnko nkyɛn. Ebia abeawa no ankasa besi gyinae sɛ ɔmpɛ sɛ ne ba no de ne “werɛ hyɛ” obi a ɔnyɛ ne kunu mu. Sɛnea ɛte biara no, sɛ wɔma agya no kwan ma ɔbɛhwɛ ne ba no daa a, ɛsɛ sɛ mmusua fi nyansa mu hwɛ hu sɛ wɔbɛhwɛ saa nsrahwɛ yi yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnsan mmu brabɔne bio.

Esiane ɔpɛ a agyanom a wonni yere wɔ sɛ wɔbɛbɛn wɔn mma nti, ebinom asua sɛnea wɔyɛ awofo nnwuma titiriw bi, te sɛ wɔn mma no a wobeguare wɔn, ama wɔn aduan, anaa sɛnea wɔkenkan ade kyerɛ wɔn. Ebia aberante a wanya Bible mu gyinapɛn ho anisɔ bi no bɛbɔ mmɔden mpo sɛ ɔbɛkyerɛ ne ba no Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm horow bi. (Efesofo 6:4) Akyinnye biara nni ho sɛ ɔdɔ kakra a agya no benya ama abofra no ye sen sɛ ɔrenyi bi adi nkyerɛ no koraa de, nanso ɛnte sɛ nea obenya agya a ɔwɔ ne nkyɛn da biara. Na sɛ abofra no maame ware bere bi a, ebia agya no rentumi nka hwee bere a ɔbarima foforo na ɔde ntetee ma ne ba no.

Ɛnde ɛda adi pefee sɛ mpena ba a ɔbarima wo no—ma abofra no ne awofo no nyinaa hu amane pii. Saa ahiasɛm yi akyi no, asiane wom sɛ wobɛhwere Yehowa Nyankopɔn anim dom, nea ɔbra ɔbrasɛe no. (1 Tesalonikafo 4:3) Ɛwom sɛ ebia obi betumi agyina tebea bɔne te sɛ mpɛrewa nyinsɛn ano de, nanso ɛda adi sɛ ɛyɛ papa sɛ ɔbɛkwati ɔbrasɛe mmom. Abarimaa bi a wawo gye tom sɛ: “Sɛ wunya wo mpena ba pɛ a, w’asetra renyɛ sɛ nea na ɛte kan no da.” Nokwarem no, ebia na ɛsɛ sɛ abarimaa bi a wawo tra nea afi ne mfomso mu aba no mu ne nkwa nna a aka nyinaa. (Galatifo 6:8) Bio nso nyansa wɔ Bible afotu no mu bere a ɛka sɛ: “Munguan aguamammɔ” no.—1 Korintofo 6:18.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesa din no bi.

b Hwɛ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Abawo—So Ɛma Ɔbarima Di Mũ?” a ɛbaa May 8, 2000 Nyan! mu no. Sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu ɔhaw a ɛnanom a wɔyɛ mmabaa a wonni kununom hyia ho nsɛm no, hwɛ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Ɛna a Onni Kunu—So Ebetumi Aba Saa Wɔ Me Fam?” a ɛbaa Engiresi Nyan! July 22, 1985 de mu no.

c Hwɛ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Nyinsɛn a Wotu Gu—So Ɛno Ne Ano Aduru?” a ɛbaa March 8, 1995, Engiresi Nyan! mu no.

d Ná Mose Mmara no hwehwɛ sɛ ɔbarima bi a wadaadaa ɔbaabun ne no ada no ware no. (Deuteronomium 22:28, 29) Nanso, na ɛnkyerɛ sɛ ɔkwan biara so no, ɔbɛware no, efisɛ abeawa no agya betumi akyerɛ sɛ ɔrempene so. (Exodus 22:16, 17) Ɛwom sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nni Mmara no ase de, nanso eyi si sɛnea nna a edi aware anim yɛ bɔne a anibere wom no so dua.—Hwɛ Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛbaa Engiresi Ɔwɛn-Aban, November 15, 1989 mu no.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Ɛyɛ papa sɛ wobɛtwe wo ho afi ɔbrasɛe ho wɔ mfiase pɛɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena