Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 6/8 kr. 28-29
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Eye sɛ Yɛbɛhwehwɛ Wɔn”
  • So Wɔayɛ Ama Atra So?
  • Fie Nnwuma a Ɛsɛ sɛ Mmofra Yɛ
  • Mmofra ne Nsɛmmɔnedi
  • Sukuufo a Wɔyɛ Basabasa
  • “Ɔyare Mmoawa Soronko Bi”
  • Abɔkɔn a Ɛbɔ Nkwa Ho Ban
  • Akotokurodu a Wotue Nnua Mu
  • Indiafo “Haw a Asuma”
  • Asɔfo a Wonni Anigye?
  • So Wunim Bible No Yiye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1995
  • Nhoma a Mmabun Dodow no Ara Nkyerɛ Ho Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—2014
Nyan!—2000
g00 6/8 kr. 28-29

Wiase Nsɛm

“Eye sɛ Yɛbɛhwehwɛ Wɔn”

Ɔbenfo Anatoly P. Zilber, a ɔyɛ Dwumadibea a Edi Yare a Emu Yɛ Den Ho Dwuma no titrani wɔ Petrozavodsk Sukuupɔn ne Republican Ayaresabea a ɛwɔ Karelia, Russia, no kamfo Yehowa Adansefo sɛ: “Wɔmmow nsa, wɔnnom sigaret, wɔnyɛ sikanibere, wodi wɔn bɔhyɛ so, na wonni adansekurum . . . Wɔnyɛ sum ase kuw, na mmom, wɔyɛ ɔmamma a wodi mmara so.” Ɔde ka ho sɛ: “[Wɔyɛ] nnipa a wobu ade, wɔwɔ anigye, wɔn ani gye abakɔsɛm, nhoma, adwinni, ne asetra afã ahorow nyinaa ho.” Afei, bere a ɔbenfo no kaa sɛnea Adansefo no aboa kɛse wɔ oprehyɛn a wɔmfa mogya nka ho mu ho asɛm wiei no, ɔsan de kaa ho sɛ: “Sɛ yɛbɛyɛ nsakrae wɔ Voltaire nsɛm no mu a, yebetumi aka sɛ sɛ Yehowa Adansefo nni hɔ a, anka eye sɛ yɛbɛhwehwɛ wɔn.”

So Wɔayɛ Ama Atra So?

The Times a ɛwɔ London no ka sɛ, mpaboa tenten yɛ “ade a mmerante ne mmabaa a wɔpɛ biribiara a aba so foforo no ani gye ho kɛse,” na ɛma nnipa bɛyɛ 10,000 pirapira afe biara wɔ Britain. Steve Tyler a ɔyɛ Britania Asoɛe a Ɛhwɛ Nneɛma a Edi Mũ So kasamafo, no ka sɛ: “Asiane a ɛtaa ba ne nanweaa a efikyiriw ne anan a emu bu no, nanso saa mpaboa no tumi ma obi akyi yɛ no yaw, titiriw mmeawa a wogu so renyin no.” Wɔ Japan no, mpaboa tenten ama mmea baanu bi mpo awu nnansa yi ara. Wɔ asiane biako a esii mu no, ababaa bi a wadi mfe 25 a ɔyɛ adwuma wɔ nkokoaa sukuu bi mu a na ɔhyɛ mpaboa a ɛto tenten yɛ nsateakwaa anum no hwee ase maa ne ti kɔhwee fam ma owui. Ababaa bi nso wui bere a kar a ɔte mu retu kwan no kɔpem fasu bi a wɔde kɔnkrit ayɛ bere a ofirikafo no antumi ammɔ breeki yiye esiane sɛ na ɔhyɛ mpaboa a ɛto tenten yɛ nsateakwaa anum no nti. Nea ɛbɛyɛ na wɔamfa nnwuma a wɔyɛ mpaboa a ɛtete saa ankɔ asɛnnibea no, wɔn mu binom akyerɛw kɔkɔbɔ agu mpaboa a wɔyɛ ho.

Fie Nnwuma a Ɛsɛ sɛ Mmofra Yɛ

The Toronto Star bɔ amanneɛ sɛ: “Awofo a ɛnnɛ wonni adagyew no twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛma wɔn mma aboa wɔ ofie nnwuma mu.” Jane Nelson, a ɔkyerɛw Positive Discipline, no ka sɛ, ɛwom sɛ ɛnsɛ sɛ ofie nnwuma “bunkam mmofra so de,” nanso nnwuma a ɛte saa no ma “mmofra no nya wɔn ankasa ho mu ahotoso na wonya obu nso ma wɔn ho.” Sɛnea nhwehwɛmu bi a epuei wɔ Child nsɛmma nhoma mu kyerɛ no, ofie nnwuma a ɛyɛ mmerɛw a wobetumi de ama mmofra a wɔadi mfe abien kosi abiɛsa no bi ne agode a wɔde bɛtoto yiye ne ntade a ayɛ fĩ a wɔde begu kɛntɛn mu. Mmofra a wɔadi fi mfe abiɛsa kosi anum no betumi ato pon, aboaboa nkankyee a wɔrebɛhohoro mu no ano, na wɔasiesie mmeae a wodi agoru no. Wɔn a wɔadi mfe 5 kosi 9 no betumi ato wɔn ankasa mpa, asesaw nwura, atutu nwura a ɛrefifi, na wɔn a wɔadi mfe 9 kosi 12 no betumi ahohoro nkankyee mu apopa mu, akɔtow nwura agu, adɔw nsensan, na wɔaprapra fie. Nelson de ka ho sɛ “ɛyɛ papa sɛ wobɛkyerɛ bere a wɔmfa nwie adwuma no.”

Mmofra ne Nsɛmmɔnedi

Nhwehwɛmu bi a Scotland Mmarahyɛ Bagua bi yɛe no da no adi sɛ wɔ Scotland no, mmarimaa ɔha mu 85 ne mmeawa ɔha mu 67 a wɔadi mfe 14 kosi15 no na wɔka sɛ wɔde wɔn ho hyɛɛ nsɛmmɔnedi mu afe a etwaam no. Glasgow atesɛm krataa The Herald bɔ amanneɛ sɛ, wɔ sukuu mmofra 1,000 a wobisabisaa wɔn nsɛm wɔ sukuu ahorow asia mu no, ɔha mu 12 pɛ na wɔkae sɛ wɔanyɛ ade bɔne biara. Ɛdefa nsɛmmɔnedi yi ho no, mmarimaa ɔha mu 69 ne mmeawa ɔha mu 56 na wɔsɛee nkurɔfo agyapade. Mmarimaa bɛyɛ ɔha mu 66 ne mmeawa ɔha mu 53 na wowiaa ade wɔ adetɔnbea, na sukuufo no mu ɔha mu 50 na wowiaa biribi wɔ sukuu mu. Nsɛmmɔnedi no bi nso ne ogya a wɔde too nkurɔfo agyapade mu ne atuo a wɔde pirapiraa nkurɔfo. Mmofra a wɔadi mfe a yɛreka ho asɛm wɔ ha yi no kyerɛe sɛ atipɛnfo nhyɛso titiriw na ɛma wodii nsɛmmɔne a ɛtete saa no, na ade titiriw a ɛmaa wɔn a wɔadi boro 15 no dii nsɛmmɔne ne sɛ wobenya sika atɔ nnubɔne.

Sukuufo a Wɔyɛ Basabasa

Nokwarem no, Japan ne ɔman a mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so ntew atua wom kɛse. Nanso sukuu akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ Japan no bɔ amanneɛ seesei sɛ ayɛ den yiye sɛ wɔbɛma asomdwoe aba adesuadan mu esiane sukuufo a wontumi nyɛ dinn na wɔyɛ basabasa nti. Aban ananmusifo a wɔwɔ Tokyo kuropɔn mu no bisabisaa sukuufo a wɔadi mfe 9, 11, ne 14 no nsɛm de hwɛɛ sɛnea wɔte nka wɔ nnipa foforo ho. Sɛnea The Daily Yomiuri kyerɛ no, ɔha mu 65 na wɔkae sɛ wɔn bo fuw wɔn nnamfonom, ɔha mu 60 na wɔn bo fuw wɔn awofo, na ɔha mu 50 na wɔn bo fuw wɔn akyerɛkyerɛfo. Ɔha mu 40 na wɔkae sɛ ɛyɛ den sɛ wobedi wɔn abufuw so anaasɛ wontumi nni so koraa. Sukuufo 5 biara mu 1 kae sɛ sɛ ne bu fuw a ɔbobɔ ntoa.

“Ɔyare Mmoawa Soronko Bi”

New Scientist bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔahu ɔyare mmoawa soronko bi wɔ mogya a wɔtwe ma nkurɔfo wɔ wiase nyinaa no mu. Obiara ntumi nhu sɛ ebia ɔyare mmoawa a wɔfrɛ wɔn ‘TT’ yi ho yɛ hu, nanso wosuro sɛ mmoawa yi betumi ama obi anya mmerɛbo mu yare.” Wɔahu mmoawa a wɔfrɛ wɔn TT a ɛyɛ Japanni yarefo a wodii kan huu bi wɔ ne mogya mu no din a wɔatwa no tiaa no bi “wɔ wɔn a wɔtwe mogya ma ne wɔn a wɔwɔ mmerɛbo mu yare a wɔrema wɔn mogya no nyinaa mogya mu.” Nokwarem no, nhwehwɛmu ada no adi sɛ wohuu mmoawa no bi wɔ Californiafo 102 a wɔtwee wɔn mogya maa nkurɔfo, a na ɔyare mmoawa te sɛ HIV, hepatitis B ne C nni wɔn mogya mu no mu 8 mu. Wobu akontaa sɛ yare no tumi san nnipa ɔha mu 2 wɔ Britain, ɔha mu 4 kosi 6 wɔ France, ɔha mu 8 kosi 10 wɔ United States, ne ɔha mu 13 wɔ Japan. Asɛm no ka sɛ, ɛnyɛ sɛ nyansahufo a “wɔreyɛ TT ɔyare mmoawa no mu nhwehwɛmu wɔ wiase nyinaa no rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛka biribi de abɔ nkurɔfo hu,” na mmom wɔpɛ sɛ “wohu sɛ ebia ɔyare mmoawa no betumi ama obi akwahosan ho aba asɛm anaa.”

Abɔkɔn a Ɛbɔ Nkwa Ho Ban

Wɔ South Africa mmeae bi no, na asakraman kyekye nyɛmmoa a wɔawo wɔn foforo no ɔha mu 40 we. Ɛnyɛ ɛka nko na wɔn a wɔyɛn mmoa no bobɔe, na mmom ɛmaa asakraman dɔɔso nso. Mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛtɔre asakraman ase no antumi anyɛ yiye, na mmom ɛmaa wuram mmoa afoforo nkwa ho baa asɛm. Nanso, wɔanya nyansakwan bi a wɔde bedi ɔhaw no ho dwuma nnansa yi. Ɛyɛ abɔkɔn bi a emu nyɛ den a wotumi de bɔ nguan kɔn mu bere nyinaa a ɛnyɛ akwanside mma nguan no anaasɛ empira sakraman no. Nea ɛyɛ ara ne sɛ esiw sakraman no kwan na wanka aboa bi ankum no. Sɛnea Natal Witness atesɛm krataa kyerɛ no, mmoa yɛmfo a wɔde saa abɔkɔn no di dwuma no “abɔ amanneɛ sɛ sakraman ntumi nkum nyɛmmoa no bio.” Na esiane sɛ nkoekoemmoa, nkura, ne mmoa funu nkutoo na asakraman we nti, wɔn so retew.

Akotokurodu a Wotue Nnua Mu

National Geographic bɔ amanneɛ sɛ, kotokurodu wɔ akwaa bi a “ɛyɛ den te sɛ dadebo a ɔde tue nnua mu tow nkesua gu mu.” Kotokurodu de saa adwinnade a ɛte sɛ dade no tu nnutan mu tokuru tow kesua gu nkoekoemmoa a wɔawuwu gu nnua mu no so. Donald Quicle a ɔwɔ Britania Imperial College no ka sɛ: “Ebinom tumi tu tokuru a ne tenten yɛ nsateakwaa abiɛsa wɔ dua a ɛyɛ den mu.” Sɛ akotokurodu kesua no pae a, wodi nkoekoemmoa a wɔawuwu gu dua no mu no, na afei wɔde wɔn ano a nkoekoemmoa a wɔadi mu ahoɔdennuru ama ayɛ den no san tue dua no mu pue.

Indiafo “Haw a Asuma”

The Times of India bɔ amanneɛ sɛ, “ɛmfa ho mpɔntu a wɔanya wɔ akwahosan ne nnipa yiyedi mu wɔ mfe kakra a abɛsen kɔ mu no, aduan pa a wonnya nni da so ara yɛ ‘ɔhaw a asuma’ wɔ India.” Aduan pa a wonnya nni ma Indiafo sɛe bɛboro dɔla ɔpepem 230 wɔ ayaresa ne nnwuma ho. Sɛnea amanneɛbɔ no kyerɛ no, India mmofra a wonnii mfe anan no mu bɛboro ɔha mu 50 na wonnya aduan pa nni, nkokoaa a wɔwo wɔn foforo no mu ɔha mu 30 na “wɔn mu nyɛ duru koraa,” na mmea ɔha biara mu 60 na wɔn mogya so tew. Asetra mu mpɔntu ho ɔbenfo panyin, Meera Chatterjee, a ɔwɔ Wiase Nyinaa Sikakorabea hɔ no ka sɛ “ɛnyɛ ankorankoro ne mmusua a wonnya aduan pa nni no asetra nko na egyigya, na mmom, esiw nhomasua kwan, na ɛmma nnipa ntam abusuabɔ ne sikasɛm ntumi nnya nkɔso papa.”

Asɔfo a Wonni Anigye?

Mfe asia a atwam no, wɔyɛɛ nhwehwɛmu mprɛnsa de huu adwene a nkurɔfo kura wɔ asɔfo a wɔwɔ France man mu no ho. Sɛnea wotintimii wɔ Katolek atesɛm krataa La Croix mu no, nhwehwɛmu a wɔayɛ no nnansa yi ara da no adi sɛ Fransefo ɔha mu 45 na wommu asɔfo sɛ nnipa a wɔwɔ anigye ne abotɔyam. Ɛkame ayɛ sɛ nnipa nyinaa da so ara bu ɔsɔfo sɛ obi a afoforo tumi bɛn no na ɔyɛ asõ ma wɔn. Nanso, krataa no ka sɛ “Fransefo kakraa bi na wobu no sɛ ne ho hia ma ɔman no,” na nnipa ɔha mu 56 pɛ na wobu no sɛ “Onyankopɔn dansefo a ɔwɔ asase so.” Ɔman no mu nnipa a wɔn dodow nnu 3 mu 1, ne wɔn a wɔkɔ asɔre daa no mu ɔha mu 51 pɛ na wɔbɛhyɛ wɔn mma nkuran ma wɔayɛ asɔfo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena