Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 6/8 kr. 30
  • So Adannandi Nkyerɛkyerɛ no Fata?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Adannandi Nkyerɛkyerɛ no Fata?
  • Nyan!—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adannandi mu a Wɔhwehwɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Ananse Aniwa a Ɛyɛ Wusii
    Nyan!—2013
  • Ananse Ntontan a Ɛkyere Ade Ho Ahintasɛm
    Nyan!—2014
Nyan!—2000
g00 6/8 kr. 30

So Adannandi Nkyerɛkyerɛ no Fata?

ƐNNƐ, wɔn a wogye adannandi nkyerɛkyerɛ di no ka sɛ ɛyɛ nokware. Nanso, ntease bɛn na ɛwɔ nsɛm a wɔka daa no mu? Susuw nea edi so yi ho.

Sirikyi a ananse yɛ no yɛ nneɛma a wonim sɛ ɛyɛ den sen biara no biako. Sɛnea New Scientist kyerɛ no, “wobetumi atwe ntontan no mu ma ɔha mu 40 abɛka ne tenten ankasa ho na ebetumi atwe anyinam ahoɔden a ɛfa dade mu no bɛyɛ mpɛn ɔha a ɛrentew.” Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ sirikyi soronko yi? Encyclopædia Britannica kyerɛkyerɛ mu sɛ nsu bi a ɛte sɛ amane, a ɛyɛ aduannnuru, sen fa tokuru nketenkete bi a ɛwɔ ananse honamdua mu mu, na nnuannuru a ɛwɔ nsu no mu no boa ma ɛsesa bɛyɛ hama a ɛyɛ den.

New Scientist de ba awiei sɛ: “Ananse atumi anya nimdeɛ a ɛsen nea odufrafo a ne ho akokwaw sen biara mpo wɔ no.” So ntease wom sɛ yebesusuw sɛ ananse atumi anya nimdeɛ bi a edi mu sen nnipa de koraa a ɔde di adwinni bi?

Asɛm a Phillip E. Johnson, a ɔyɛ mmara ho kyerɛkyerɛfo wɔ California Sukuupɔn mu no kyerɛw wɔ The Wall Street Journal mu no ka sɛ, adannandi nkyerɛkyerɛ no nni nnyinaso biara, nanso wɔn a wogye di no kɔ so serew wɔn a wɔkasa tia no bere nyinaa. Krataa no ka sɛ: “Adanse biara nni hɔ a ɛfoa adannandi nkyerɛkyerɛ no so—nanso wɔn a wogye di no mpɛ sɛ obi begye ho kyim sɛnea ɛbɛyɛ na adwene a wiase no kura wɔ ho no ammrɛ ase.”

Nnua nso yɛ nhwɛso foforo a ɛkyerɛ sɛ adannandi nkyerɛkyerɛ no mfata. The Daily Telegraph a ɛwɔ London no ka sɛ, nyansahufo a wɔreyɛ nhwehwɛmu wɔ Morocco no ahu fagude ahorow 150 a efi dua bi a wɔfrɛ no archaeopteris, “dua a wonim sɛ akyɛ sen biara a nnɛyi nnua dodow no ara fi mu” no mu. Atesɛm krataa no samufo no ka sɛ dua yi “aboa nnɛ wiase yi kɛse denam nhaban ne mmaa a ɛyɛ ma ɛbae no so.” “Sɛ wubetumi ayɛ biribi a,” ɛsɛ sɛ “wodwen ho.” So ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ dua tumi dwen yɛ biribi?

Salomo, a ɔyɛ anyansafo a wɔsen biara no mu biako no tu yɛn fo sɛ ‘yɛnnwen adwempa,’ na yenya adwempa. Ɛnnɛ ne bere a ehia paa sɛ yɛyɛ saa.—Mmebusɛm 5:2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena