Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 9/8 kr. 12-15
  • Mmɔden a Mebɔe Sɛ Mesi Gyinae a Nyansa Wom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmɔden a Mebɔe Sɛ Mesi Gyinae a Nyansa Wom
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Me Gyinaesi Ahorow
  • Asɛnkɛse a Minyae Wɔ Asɛnnibea
  • Migyina Hokwan a Ɔyarefo Wɔ Akyi
  • Yɛn Abusua a Yɛbɛhwɛ Wɔn
  • Wo Mma ho Ban a Wobɛbɔ na Wɔamfa Mogya Anni Dwuma Ɔkwammɔne So
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • So Woasisise Wo Ho Sɛ Wubegyina Aduruyɛ Mu Tebea A Ɛsɔ Gyidi Hwɛ Ano?
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Ɛwom Sɛ Na M’ani Afura De, Nanso Mitumi Huu Ade!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nnuruyɛfo ne Yehowa Adansefo Yɛ Biako
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 9/8 kr. 12-15

Mmɔden a Mebɔe Sɛ Mesi Gyinae a Nyansa Wom

SƐNEA GUSTAVO SISSON KA KYERƐE

Ɛwom sɛ bere a midii mfe 12 no, mede me ho hyɛɛ asuguare mu denneennen de, nanso misii gyinae sɛ mɛyɛ oduruyɛfo. Saa bere no ara nso, mifii ase suaa Bible no, na ɛno nti mepɛe sɛ meyɛ ɔsomfo. Nanso dɛn na ɛbaa me botae ahorow ne nneɛma a m’ani gye ho yi so? So na abirabɔ nnim?

WƆ 1961 mu no, Olive Springate, Yehowa Dansefo sɛmpatrɛwfo a na ɔwɔ Brazil fii ase ne Maame ne me suaa Bible no. Esiane ɔsɔretia a Paapa a na ɔyɛ oduruyɛfo a wobu no wɔ Pôrto Alegre de baa yɛn so nti, yegyaee adesua no. Nanso Olive kɔɔ so ne yɛn dii nkitaho, na bere bi akyi no, mihui sɛ nea masua no yɛ nokware. Nanso saa bere no na asuguare a mede me ho ahyem no atwe me afi honhom fam nneɛma ho.

Bere a midii mfe 19 no, mihyiaa ababaa hoɔfɛfo bi a wɔfrɛ no Vera Lúcia wɔ beae a na miguare no, na yefii ase pue boom kogyee yɛn ani. Maame kaa yɛn gyidi ho asɛm kyerɛɛ no, na n’ani gyee ho. Enti mikohuu Olive, na ɔne yɛn fii ase suaa Bible no ɛmfa ho sɛ Vera Lúcia papa sɔre tiae no.

Vera Lúcia toaa adesua no so, na onyaa nkɔso wɔ Bible mu nimdeɛ mu. Ofii ase ne adwumayɛfo a wɔwɔ beae a na mikoguare no mpo suaa Bible no. Bere koro no ara mu no, mede m’adwene sii ɔman asuguare akansi a na ɛreba no ho ntetee so.

Bere a yesuaa ade na yɛkɔɔ Kristofo nhyiam ahorow bɛboro afe no, Vera Lúcia papa fii ase hui sɛ biribi rekɔ so. Da koro bi a yefi asafo nhyiam baa fie no, na ɔte hɔ retwɛn yɛn pɛ sɛ ohu faako a yɛkɔe. Memaa mmuae sɛ yɛkɔɔ Kristofo nhyiam na ɛwom sɛ ebia nyamesom ho nhia no de, nanso yɛn fam de ɛyɛ owu ne nkwa asɛm. Oguu ahome kae sɛ: “Wiɛ, sɛ ɛyɛ owu ne nkwa asɛm de a, ɛnde ɛsɛ sɛ migye nsɛm no tom.” Efi saa da no ɔsakraa ne suban, na ɛwom sɛ wammɛyɛ Yehowa Dansefo da de, nanso ɔbɛyɛɛ yɛn adamfo ne ɔyɔnko paa wɔ ahohia bere mu.

Me Gyinaesi Ahorow

Ná masi gyinae sɛ megyae asuguare akansi no bere a yɛawie ɔman akansi no, nanso nkonim abien a midii ne me mmɔdenbɔ a ɛsen Brazilni biara de wɔ mita 400 ne 1,500 asuguare no mu no ma wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ Amerikafo Nyinaa Agumadi no bi wɔ Cali, Colombia, wɔ 1970 mu. Ɛwom sɛ na Vera Lúcia mpene so sɛ mekɔ de, nanso mifii agumadi no ho ntetee ase.

Bere a mitumi guaree yiye wɔ Cali no, wɔn a wɔkyerɛ asuguare no bisaa me sɛ ebia mɛpɛ sɛ wɔtete me ma Olimpik agumadi no anaa. Misusuw m’aduruyɛ adesua a na minwiei ne nokware ahorow a ɛfa Yehowa atirimpɔw ho a ɛyɛ anigye a misuae no ho na miyii asuguare a mede bɛyɛ m’adwuma ho nsusuwii nyinaa fii m’adwenem. Efi saa bere no, minyaa honhom fam nkɔso ntɛmntɛm. Wɔ 1972 a wɔyɛɛ Olimpik agumadi no wɔ Munich, Germany no, me ne Vera Lúcia de nsu mu asubɔ yɛɛ yɛn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Eyi hyɛɛ Maame nkuran ma ɔsan fii ne Bible adesua no ase, na bere bi akyi no ɔno nso bɔɔ asu.

Bere a Maame bɔɔ asu akyi no, Paapa sɔretia no mu yɛɛ den. Awiei koraa no yɛn abusua no mu tetewee, na esiane sɛ na meda so ara kɔ sukuupɔn nti, na ɛsɛ sɛ yɛde maame pɛnhyɛn sika ketewaa no ne sika a yenya fii yɛn fie a yɛtɔnee mu no hwɛ yɛn ho. Ne saa nti me ne Vera tuu yɛn ayeforohyia no hyɛɛ da. Nokwarem no, nneɛma pa a misua fii Paapa hɔ no boaa me ma mitumi sisii me gyinae horow no. Ná ɔtaa ka sɛ: “Nsuro sɛ wobɛtom” na “Ɛnyɛ bere nyinaa na nea nnipa dodow no ara ka no teɛ.” Ná ne nsɛm a ɔpɛ paa no mu biako ne sɛ, “Ade a onipa de ma afoforo no na wɔde hu n’anuonyam.”

Sɛ́ Yehowa Adansefo no mu biako no matumi de Paapa afotu a ɛkyɛn so no adi dwuma. Ná migyina ne mpa ho bere a owui wɔ 1986 mu no. Yɛyɛɛ nnamfo bio na yɛkyerɛɛ obu maa yɛn ho yɛn ho. Migye di sɛ na n’ani gye me ho efisɛ mebɛyɛɛ oduruyɛfo te sɛ ɔno.

Saa bere no na mawie m’aduruyɛ adesua no wɔ 1974 mu. Misii gyinae sɛ mɛyɛ oduruyɛfo a ɔhwɛ yare biara, nanso akyiri yi bere a misusuw asɛm no ho mpɛn pii no, misii gyinae sɛ, sɛ meyɛ oduruyɛfo a ɔyɛ oprehyɛn a, metumi aboa me nuanom Kristofo pii. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Enti meyɛɛ saa na mikogyee ntetee a na ɛbɛma mayɛ oprehyɛn wɔ mfe abiɛsa a edi hɔ no mu.

Asɛnkɛse a Minyae Wɔ Asɛnnibea

Awerɛhosɛm kɛse bi a esii a na me ho wom bi ne Ɔdansefo abeawa bi a wadi mfe 15 a na mogya nwini gu ne mu no. Ná ne mogya so atew ama wayɛ hoyaa nanso na n’ani so da hɔ na wasi gyinae pintinn sɛ onnye mogya. Bere a memaa ne mogya kɔɔ soro, na mede afiri hwɛɛ ne yam de aduru nkyenenkyene a ɛyɛ nwini hohoroo beae a mogya no fi ba no, etwae. Mfiase no ne ho tɔɔ no kakra, nanso nnɔnhwerew 36 akyi, bere a ɔda beae a wɔhwɛ yare a emu yɛ den paa no, mogya fii ase tuu no mpofirim bio. Oduruyɛfo a na ɔreyɛ adwuma saa bere no mmɔdenbɔ nyinaa akyi no, wantumi amma mogya no antwa na abeawa no wui.

Bere a ɛbaa saa no, aduruyɛ mu mmara boayikuw no ma migyaee adwumayɛ na wɔde m’asɛm no maa ɔmantam aduruyɛ baguafo. Wɔbɔɔ me sobo sɛ mabu aduruyɛ mu mmara mu abiɛsa so, na eyi maa m’aduruyɛ tumi krataa ne m’adwuma ho baa asɛm.

Baguafo no maa me nnafua 30 a na mede bɛkyerɛw asɛm a mede beyi me ho ano. Me mmaranimfo kyerɛw nsɛm a mede beyi me ho ano wɔ mmara mu, na hɔnom Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw (HLC), Yehowa Adansefo kuw bi a ɛhwɛ ma biakoyɛ ba ayaresafo ne ayarefo ntam no nso boaa me ma mekyerɛw aduruyɛ mu anoyi a egyina nyansahu so. Bere a wɔredi m’asɛm no, nhwehwɛmu boayikuw no bisaa me nsɛm faa me gyinabea sɛ oduruyɛfo ne Yehowa Adansefo no mu biako no ho titiriw. Nanso, na m’anoyi no gyina aduruyɛ ne nyansahu mu nsɛm ne amanneɛbɔ ahorow a nnuruyɛfo a wɔyɛ oprehyɛn a wobu wɔn de ama no so titiriw.

Adanse a wɔde mae no foaa so sɛ ɔyarefo no poe sɛ obegye mogya na manyɛ hwee anhyɛ no sɛ onsi saa gyinae no. Ɛbɛdaa adi wɔ asɛnnii no mu nso sɛ wɔ nnuruyɛfo baanan a wɔhwɛɛ ɔyarefo no mu no, me nkutoo na mifii ayaresa bi a ɔyarefo no hwehwɛ wɔ ne yare ho no ase.

Wɔde m’asɛm no kɔmaa boayikuw bi a wɔbɛkyerɛ wɔn adwene wɔ asɛm no ho bere a wɔn nyinaa ahyiam no. Mede simma du kasae de yii me ho ano, de me nsɛm no gyinaa aduruyɛ nsɛm so nkutoo sɛnea na madi kan ayɛ wɔ nea mekyerɛw de yii me ho ano no mu no. Bere a wotiee m’asɛm no wiei no, boayifo no mu baanu kae sɛ ɛwom sɛ mamfa mogya anni dwuma de, nanso nnuru a mede dii dwuma no wɔ nnyinaso pa wɔ aduruyɛ mu. Oduruyɛfo foforo sii so dua sɛ ayaresa a mogya nka ho no tu mpɔn na ɛntaa mma nnipa nwu. Boayifo no mu nea ɔkasa twaa to no kae sɛ ɛnyɛ asɛm no ne sɛ ebia mogya a wɔde ma yɛ aduru pa anaasɛ ɛnyɛ aduru pa. Ná asɛm no ne sɛ ebia oduruyɛfo betumi de ayaresa bi a ɔyarefo no mpɛ ama no, na baguani no ansusuw sɛ oduruyɛfo bi wɔ saa hokwan no. Enti baguafo no mu 12 kae sɛ wɔmmɔ sobo no nyinaa ngu, na wogyaee me, wɔn mu baanu na wɔampene so.

Migyina Hokwan a Ɔyarefo Wɔ Akyi

Aduruyɛ mu mpanyimfo binom kogye tumi krataa fi asɛnnibea sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyɛ ayarefo a wɔyɛ Adansefo ma wɔagye mogya, na ɛtɔ mmere bi a mede adanse kɔma wɔ asɛnnibea ma wɔbɔ saa ahyɛde yi gu. Ná emu biako yɛ Ɔdansefo bi a na ne menewa ahon, ɔyare a etumi ma obi yam tu mogya. Bere a wɔde no kɔtoo ayaresabea no, na ne mogya so atew dedaw—ɛso atew akodu 4.7.a Mfiase no wɔanhyɛ no sɛ onnye mogya, na mmom wɔmaa no nnuru a ɛremma ɔnte ɛyaw nka nkutoo.

Bere a wada ayaresabea hɔ dapɛn biako akyi no, ɔyarefo no ho dwiriw no bere a asɛnnii dwumayɛni bi bɛsraa no a okura tumi krataa a ɛkyerɛ sɛ wɔmma no mogya no. Saa bere no na ne mogya akɔ soro akodu 6.4, ma ne ho ye. Ɛte sɛ nea na ɔtemmufo no de gyinaesi no agyina mogya no ho amanneɛbɔ a edi kan no so na ɛnyɛ nea ɛto so abien a na akɔ soro no so.

Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw kae sɛ wɔbɛboa. Ɔyarefo no kae sɛ menhwɛ no yare. Meyɛɛ saa na akyiri yi mede no kɔtoo ayaresabea a na wobetumi asa no yare a wɔmfa mogya nka ho. Saa bere no ara na ne mmaranimfo no sɔre tiaa asɛnnibea tumi krataa a ese wɔmma no mogya no.

Wɔfrɛɛ me sɛ mimmehu ɔtemmufo no, na obisaa me sɛnea ɔyarefo no tebea te. Bere a na wɔredi asɛm no, ɔmaa me kwan sɛ menkɔ so nhwɛ ɔyarefo no bere a na wɔresusuw fata a asɛnnibea tumi krataa no fata anaasɛ ɛmfata ho no. Bere a wɔsan frɛɛ asɛm no, na ɔyarefo no ho ayɛ no den ma wɔayi no afi ayaresabea hɔ dedaw. Bere a wɔfrɛɛ me sɛ mimmedi adanse bio no, ayaresabea no mmaranimfo ne me twee sɛ menkyerɛ sɛ ayaresa a mekamfo kyerɛe no wɔ nyansahu mu nnyinaso. Mede nsɛmma nhoma mu asɛm bi a ayaresabea a ogyina wɔn ananmu no ara na etintimii a ɛkamfo saa ayaresa no kyerɛ no kyerɛe ma n’ani wui!

Bere a wobuu atɛn no, yɛn ani gyei sɛ yɛtee sɛ ɛnyɛ mfomso sɛ yɛde yɛn ho too aduruyɛ a mogya nka ho so. Wɔhyɛɛ ayaresabea no sɛ wontua ka a yɛabɔ no nyinaa, a asɛnnii no ho ka nso ka ho. Ɛwom sɛ ayaresabea no san de asɛm no kɔɔ asɛnnibea foforo de, nanso wodii fɔ bio.

Yɛn Abusua a Yɛbɛhwɛ Wɔn

Efi bere a mebɛyɛɛ Ɔdansefo no, Vera Lúcia aboa me sɛ ɔhokafo a ɔwɔ ahofama ne ɔyere mmɔdenbɔfo ne ɛna a ɔyɛ nhwɛso pa ma yɛn mma no. Ɔkwan bɛn so na watumi agyina nsɛnnennen no nyinaa ano, ahwɛ yɛn fie so na waboa ahwɛ mmofra no, a nnɛ wɔyɛ mmerantewa a wɔwɔ anigye no? Nea ama atumi ayɛ yiye ne ɔdɔ kɛse a ɔwɔ ma Yehowa ne Kristofo som adwuma no.

Sɛ́ awofo no, yɛde Bible nkyerɛkyerɛ ne nnyinasosɛm ahorow akyerɛkyerɛ yɛn mma fi wɔn mmofraberem pɛɛ. Ɛmfa ho sɛ yenni adagyew wɔ yɛn asetra mu no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde asram krakra bɛyɛ bere nyinaa som adwuma no bi afe biara. Na yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi bere nhyehyɛe so, de akenkan Bible no daa, asusuw Bible mu kyerɛwsɛm bi ho da biara, na yɛaka yɛn gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo wɔ Kristofo som adwuma no mu. Nnansa yi yɛn abusua no ne nnipa a wɔnyɛ Adansefo yɛ Bible adesua 12 dapɛn biara.

Me ne Vera Lúcia bɔ mmɔden nso sɛ yɛbɛma yɛn mma no de wɔn ho ahyɛ yɛn dwumadi ahorow mu, na bere koro no ara mu no yɛkyerɛ obu ma nea wɔn ankasa pɛ. Yegye di sɛ nneɛma atitiriw abiɛsa ho hia na ama awofo ahwɛ wɔn abusua yiye. Nea edi kan ne nkyerɛkyerɛ pa a egyina Onyankopɔn Asɛm Bible no so. Nea ɛto so abien ne wɔn nhwɛso pa, a ɛma mmofra no nya adanse pefee sɛ wɔn awofo no wɔ Onyankopɔn ho suro pa. Na nea ɛto so abiɛsa ne fekubɔ pa a wɔne Kristofo a ɛsono mfe a wɔadi ne wɔn asetra benya, na wɔatumi de akyɛde ne wɔn mmɔdenbɔ anya abusua no mufo so nkɛntɛnso. Sɛ́ awarefo no, yɛde ayɛ yɛn botae sɛ yɛde saa nneɛma yi bɛma yɛn abusua no.

Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ yetwa yɛn ani hwɛ yɛn akyi wɔ mfe 30 a yɛde asom Yehowa no mu a, me ne me yere betumi aka sɛ wama yɛn nea ɛsen biara wɔ asetram, na wama yɛanya anigye ne nhyira pii. Ɛwom sɛ mamfa me ho anhyɛ Olimpik akansi no mu de, nanso miguare twa kilomita pii dapɛn biara. Nokwarem no, oduruyɛfo ne Yehowa Adansefo mu biako a meyɛ no ama minni adagyew koraa wɔ asetram de, nanso manya mmoa a mede ma me nuanom Kristofo mmarima ne mmea ma wɔkɔ so som Onyankopɔn wɔ sɔhwɛ mu no so akatua kɛse.

Mpɛn pii no wɔtaa bisa me sɛ, sɛ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo a ɔyare nnim bio no ba na mehwere m’adwuma a ɛbɛhaw me anaa. Mema mmuae sɛ me na medi kan adi ahurusi ‘bere a apakye huruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma to anigye dwom, na obiara nka sɛ: Meyare’ no.—Yesaia 33:24; 35:6.

[Ase hɔ asɛm]

a Ɔbarima panyin a ɔwɔ apɔwmuden mogya yɛ 15.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Mereyɛ ɔyarefo bi oprehyɛn

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Me ne Vera Lúcia, ne yɛn abusua adesua

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena