Efi Olympia Kɔ Sydney
NNIPA pii bu Olimpik Agumadi no sɛ wiase no agumadi mu akansi a ɛho hia sen biara. The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Agumadi foforo biara nni hɔ a nnipa kyerɛ ho anigye saa. Nnipa ɔpepem pii kɔhwɛ agumadi no, na ɔpepehaha pii hwɛ wɔ television so wɔ wiase nyinaa.”
Ɛho Abakɔsɛm Tiawa
Olimpik Agumadi no fii ase mfe mpempem pii a atwam ni. Esiane sɛ na tete Helafo gye di sɛ awufo ahonhom ani gye agumadi ho nti, na wɔyɛ ɔman afahyɛ a agumadi ne nyamesom adi afra wom. Nea na ɛka eyi ho ne Isthmia, Nemea, Olimpik, ne Pithia agumadi. Nea na ehia wɔn sen biara ne Olimpik de no, efisɛ na ɛhyɛ Seus a na Helafo bu no sɛ ɔne anyame mu hene no anuonyam.
Ɛda adi sɛ na tete Olimpik no yɛ akansi biako pɛ, nantew akansi. Nanso akyiri yi wɔde akansi foforo te sɛ nteaseɛnam mmirikatu, ne nea ɛma wohu sɛnea obi ahoɔden te kaa ho. Na nnipa fi mmaa nyinaa kɔhwɛ bi. Nea ɛbɛyɛ na wɔabɔ wɔn ho ban no, na wɔyɛ apam de gyae akodi wɔ bere bi mu ansa na wɔafi agumadi no ase na sɛ wowie nso a saa.
Bere a Roma bedii tumi no, wofii ase gyaee Olimpik no. Nokwarem no, na Romafo pii bu agumadi animtiaa wɔ ɔkwan bi so. Nea wanyɛ saa ne Ɔhempɔn Nero. Ɔde ne ho hyɛɛ agumadi no mu wɔ 67 Y.B. mu, na odii nkonim wɔ emu akansi no mu biara a ɔde ne ho hyɛɛ mu no mu. Na ɛte sɛ nea wɔn a wɔne no sii akan no nim sɛ ɛbɛyɛ ahobammɔ ama wɔn sɛ wɔbɛma wadi nkonim! Sɛnea ɛte biara no, ebeduu 394 Y.B. no, na wɔagyae Olimpik no.
Wɔsan Fi Olimpik no Ase
Bɛyɛ mfeha 15 akyi no, nneɛma a Germanfo a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu tutui wɔ tete Olympia asasetaw so no ma wɔsan kyerɛɛ agumadi no ho anigye bio. Afei Ɔdehye Pierre de Coubertin, Franceni bi a na wadi mfe 29 no kae sɛ wɔnsan mfi agumadi no ase. Enti, wɔ 1896 mu no, wɔyɛɛ nnɛyi Olimpik Agumadi a edi kan no wɔ Athens. Efi saa afe no reba no, wɔyɛ Olimpik no mfe anan biara, gye mmere bi pɛ na wɔnyɛ.
Ɛnnɛ nnipa pii de ahopere hwɛ agumadi no kwan. Afe yi, ɛbɛkɔ so wɔ Sydney, Australia, fi September 15 akosi October 1. Nea wɔbɛyɛ no bi ne agumadi ahorow 28, dwumadi a wobesi ho akan 292, ne akansi ho nhyiam 636, na akansifo bɛboro 10,300 na wɔde wɔn ho bɛhyem.
Nanso, mfe kakra ni, akasakasa pii asɔre wɔ Olimpik no ho. Nnipa pii ka sɛ Olimpik nnyinasode no ho aba asɛm. Sɛ yɛhwehwɛ mu a yebehu nokwasɛm ahorow a ɛsan haw adwene nso.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 19]
Scala/Art Resource, NY