Nnyinasode no Ho a Wobedu
AMANAMAN ntam adɔeyɛ, onuayɛ, asomdwoe—hena na ɔnkamfo nnyinasosɛm pa a ɛte saa? Ɔdehye Pierre de Coubertin a ɔma wɔsan fii Olimpik ase no gye dii sɛ agumadi no bɛma aman ntam ntawntawdi agyae denam obu kɛse a wobenya ama akansifo no a wɔn mmusua, nyamesom, anaa bɔbeasu mfa ho no so. Ɔtee nka sɛ “nnipa pa nkutoo na wobetumi ama yɛanya wiase a ɛyɛ papa.” Nanso so agumadi betumi de wiase nyinaa asomdwoe aba ampa? Sɛ yɛhwɛ nea ayɛ wɔ bere a atwam no mu a, ɛsɛ sɛ yebua sɛ dabi.
Ɛwom sɛ agumadi wɔ nea etumi yɛ de, nanso Bible mu nkyerɛkyerɛ titiriw na ɛde nokware asomdwoe ba. Nokwarem no, Bible nnyinasosɛm betumi ama yɛanya “nnipa pa” sɛnea Coubertin kae no. Susuw kyerɛw nsɛm a ɛhyɛ asomdwoe ho nkuran wɔ nnipa a wɔde di dwuma mu a ɔman a wofi mu mfa ho no bi ho.
“Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:35.
“Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.”—Romafo 12:18.
“Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye.”—Galatifo 6:10.
“Munnnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛase adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛn mo ankasa mo ho.”—Filipifo 2:3.
“Ɔhonam mu mmɔdenbɔ so mfaso sua, na onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.”—1 Timoteo 4:8.
So nnyinasosɛm a wɔda no adi wɔ kyerɛw nsɛm yi mu no tumi yɛ adwuma ankasa? Susuw nea esii wɔ Munich, Germany, no ho. Wɔ 1974 mu, mfe abien pɛ akyi a amumɔyɛsɛm ne awudi sɛee Olimpik Agumadi a wɔyɛe wɔ saa kurow no mu no, Yehowa Adansefo yɛɛ amanaman ntam nhyiam wɔ Olimpik Agumadibea hɔ. Nnipakuw a wɔbae no bi fi Greece ne Turkey—aman a na ɔko rekɔ so wɔ wɔn ntam. Nokwarem no, ná Greek ne Turkey asraafo reko wɔ Cyprus supɔw no ho wɔ saa ahohuru bere no mu. So na eyi bɛka Kristofo a wɔrekɔ nhyiam no? Dabi! Hwɛ sɛnea ɛkaa koma sɛ bɛhwɛadefo hui sɛ Greekfo ne Turkeyfo yɛ wɔn ho wɔn ho atuu frɛ wɔn ho anuanom!
Wonim Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa sɛ nnipa a wotumi hyehyɛ abusuabɔ a asomdwoe wom a ɔman, ne abusua a wofi mu mfa ho. Nokwarem no, wɔnka sɛ wɔatumi adu nnyinasosɛm a ɛne wiase nyinaa biakoyɛ no ho pɛpɛɛpɛ. Na ɛsɛ sɛ wɔn nso yere wɔn ho sɛ wobedi Kristoni ɔsomafo Paulo afotu no akyi: “Munyi onipa dedaw no ne ne nneyɛe ngu, na monhyɛ onipa foforo” no so. (Kolosefo 3:9, 10) Nanso, wogye di yiye sɛ, Bible mu nnyinasosɛm a nkurɔfo bedi so no, betumi aboa wɔn ma ‘wɔahwehwɛ asomdwoe na wɔadi akyi.’—1 Petro 3:11.
Awerɛhosɛm ne sɛ—wɔ Olimpik no nnyinasosɛm pa nyinaa akyi no—ama nnipa pii ada suban a ɛmfata koraa adi. Nanso, Onyankopɔn Asɛm a tumi wom no ma su pa a ɛwɔ nnipa mu no da adi, na ɛde amanaman ntam adɔe ne asomdwoe aba.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24]
Olimpik agumadi no hyɛ asidi ho nkuran
[Asɛm Fibea]
Aus dem Fundus der MÜNCHNER OLYMPIAPARK GMBH, München
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]
Bible de asomdwoe ba