Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 9/8 kr. 31
  • Mmoa a Ɛbɛma Wɔagyae Mmofrabɔnesɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmoa a Ɛbɛma Wɔagyae Mmofrabɔnesɛm
  • Nyan!—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Nkuropɔn?
    Nyan!—2001
  • Dɛn Na Ɛma Mmofra Bra Sɛe?
    Nyan!—1981
  • Wobetumi Ayi Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nea Enti A Wɔde Wɔn Ho Hyɛ Atirimɔdensɛm Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 9/8 kr. 31

Mmoa a Ɛbɛma Wɔagyae Mmofrabɔnesɛm

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ FRANCE HƆ

NSƐM a esisi nnansa yi ada no adi sɛ wonni mmara so koraa wɔ France nkurow akɛse mu mmeae pii a wodi hia no. Franse nsɛmma nhoma L’Express kyerɛ sɛ “nkurow akɛse mu nsɛmmɔnedi abu abɔ ho mpɛn anum wɔ mfe asia mu.” Nea ɛka ho nso ne sɛ mmofra a wodi nsɛmmɔne no nso adɔɔso paa.

Wɔ adesɛe, nnubɔnenom, apoobɔ, agyapade a wɔhyew no, ne korɔnbɔ akyi no, nsɛmmɔnedifo de wɔn ani asi Ɔman ananmusifo so tee. Wɔtaa tow hyɛ polisifo, odumgyafo, ne ɔman kar ho adwumayɛfo, ne afoforo pii so daa yɛ wɔn basabasa.

Dɛn nti na basabasayɛ abu so saa? Nnipa asetra ho animdefo baanu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Abusua nhyehyɛe a asɛe no na ama wɔtew atua tia tumidi nyinaa no.” Wɔka nso sɛ “[mmofra] te nka sɛ atumfo apo wɔn” na wonni “daakye pa ho anidaso.”

Yehowa Adansefo ka Bible mu anidaso asɛm no daa wɔ mmeae a basabasayɛ abu so no. Wɔ nnansa yi Francefo television so dwumadi mu no, nsɛnkyerɛwfo bi kae sɛ: “Yehowa Adansefo di akɔneaba wɔ nkurow no mmorɔn so ne mmeae a wodi hia no—mmeae a ɛtɔ da bi a yiyedi ho adwumayɛfo, polisifo, ne aban no nkɔ hɔ no. Wɔkasa wɔ saa afie yi mu ne mmɔnten so ma wotie.” Wɔn adwuma no nya afoforo so nkɛntɛnso pa, sɛnea krataa a edi so a efi abofra bi a ɔkenkan Nyan! hɔ da no adi no.

“Mifi me koma nyinaa mu pɛ sɛ meda mo ase wɔ mo nhoma ahorow no ho. Ɛnyɛ boa nko na moaboa me na mmom moama abusuabɔ a ɛda me ne m’awofo ntam no nso ayɛ yiye. Madi mfe 16 pɛ na meyɛ Kramoni.

“Nea mepɛ sɛ meka ne sɛ moama matumi agyae mmofrabɔnesɛm. Ne saa nti, mekɔ m’asɔre yiye, na mekenkan Bible no nso. Meda mo ase, na meretoa me sukuu so nso. Bio nso, monam mo nsɛmma nhoma horow—a migye ɔsram biara no so aboa nnipa a wɔwɔ me mpɔtam hɔ no mu pii ma wɔagyae nsɛmmɔnedi. M’ani sɔ nea moayɛ no na meda mo ase.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena