Kɔntenten—Wɔwoware, Wɔn Nan Yɛ Atenten, na Wɔn Ho Yɛ Fɛ
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ KENYA HƆ
OBOSU fɔw abotan nsõnso a ɛho apaapae no anɔpa biara. Na yegyina abotan akɛse yi akyi renom tii bere a na yɛagyen yɛn ani rehwɛ Afrika asasetam a ɛwɔ ase hɔ no.a Yenyaa yɛn boasetɔ no so akatua. Bere a na anim retetew nkakrankakra no, yehuu kɔntenten kuw bi—wɔwoware, wɔn nan yɛ atenten, na wɔn ho yɛ fɛ—sɛ wɔabom resen wɔ asasetam no so. Bere a wogyina wɔn nan atenten no so na wɔredi akɔneaba no, wuhu wɔn kɔn tenten a emu akoa kakra no sɛ adu dua a mframa rebɔ no no mu. Na yenhu nea yɛnyɛ. Yehuu yɛn ani so ade a ɛyɛ fɛ yiye!
Ɛmfa ho sɛ na yɛwɔ hɔ no, wɔn nyinaa man faa beae a na ɔkanto nnua pii wɔ no, na na wɔn tenten ne nnubaa no yɛ pɛ. Mmoa atenten yi de wɔn tɛkrɛma atenten no dannan nwura momono no. Wɔ beae yi a ɛware yiye no, wɔde wɔn ti piaa ankyem mmerebuw a ɛwɔ hɔ no na wofii ase wee wura no a na hwee mfa wɔn ho. Nnomaa no suu denneennen guu kɔntenten yi so. Ɛnam sɛ na nnomaa no su no haw mmoa no nti, wɔdan wɔn ho brɛoo kɔɔ nnua foforo so.
Wɔn Ho Yɛ Hare Ne Anika
Ɛbɛyɛ den sɛ obi a wɔahu saa mmoa yi bi sɛ wɔn ti tɛw ɔdan a wɔda mu mpomma mu wɔ mmoa yɛmmea no betumi ahu sɛnea wɔn ho yɛ fɛ na wɔn ho yɛ anika bere a wɔnenam Afrika asasetam so a obiara nka wɔn so no. Sɛ kɔntenten bom yuu rekɔ a, ɛyɛ anika. Sɛ wɔretu mmirika wɔ asasetam no so a, sɛnea ɛyɛ bɔkɔɔ fa no ma ɛyɛ te sɛ wɔn ho ka biribiara a wɔbɛhwe ase. Nanso, kɔntenten nini kɛse a ne mu duru yɛ kilogram 1, 300 no tumi tu mmirika ahoɔhare so a ɔnhwe ase na otumi de dɔnhwerew biako twa kilomita 60.
Afrika nkutoo na wohu aboa nwonwaso yi. Dwo a odwo na ɔnyɛ basabasa no ma ne ho yɛ anika. Kɔntenten anim da nsow koraa na ɛyɛ fɛ, na ɔwɔ aso atenten abien ne mmɛn nketewa abien ne nhwi tuntum fɛfɛɛfɛ wɔ ne ti ho. Ɔwɔ aniwa tuntum pɔtwepɔtwee a anisoatɛtɛw atenten bɔ ho ban. Sɛ kɔntenten to n’ani hwɛ akyirikyiri a, ɛyɛ te sɛ nea onhu hwee.
Tete no, na wobu kɔntenten sɛ aboa a ɔsom bo paa esiane sɛ ne ho yɛ fɛ, ɔfɛre ade, odwo, na ɔnyɛ keka nti. Na wɔde kɔntenten mma kyɛ atumfo ne ahemfo de yɛ aman ntam asomdwoe ne ayamye ho nsɛnkyerɛnne. Ɛnnɛ, kɔntenten mfonini a ne kɔla asesa da so ara wowɔ abotan a ɛwowɔ Afrika no ho.
Ɔware Paa
Kɔntenten ware sen aboa biara. Kɔntenten a wanyin tenten tumi yɛ mita 5.5 fi ne ti kɔpem ne nan ase. Wɔ tete Misrifo nkyerɛwee mu no, na kɔntenten na wɔde gyina hɔ ma adeyɛ asɛm “hyɛ nkɔm” anaa “ka to hɔ,” a ɛkyerɛ sɛ ɔware na otumi hu ade wɔ akyirikyiri.
Sɛ kɔntenten gyina sare so afurum, sohori, adowa, ne Afrika asasetam so mmoa ahorow no mu a, ɔte sɛ abantenten. Ware a ɔware ne hu a otumi hu ade yiye no ma otumi hu asiane biara a ɛreba no ntɛm ara. Enti, ɛda adi sɛ ware a ɔware no yɛ ahobammɔ ma mmoa foforo a ogyina wɔn ntam no.
Wɔyɛɛ No Anwonwakwan So
Wɔyɛɛ kɔntenten wɔ ɔkwan soronko so na ama watumi awe nnua a ɛware so nhaban, nea ɔsono nkutoo na obedu hɔ no. Sɛnea n’ano yɛ soronko na otumi dannan ne tɛkrɛma no ma otumi we nnua a nsɔe wɔ ho ahaban mpo.
Kɔntenten betumi awe wura kilogram 34 da biara. Ɛwom sɛ wotumi we nhaban pii de, nanso wɔpɛ ɔkanto nnua a nsɔe wɔ ho a ɛwɔ Afrika asasetam so no paa. Kɔntenten nini tumi twe ne tɛkrɛma ma edu sɛntimita 42 de kɔfa aduan. Ne kɔn mu gow paa. Eyi ma otumi dannan ne kɔn wɔ ɔkwan bi so we wura a ɛwɔ nnua nkɔnmu no.
Ɛnyɛ den koraa sɛ kɔntenten bɛwe biribi wɔ soro, nanso sɛ ɔrenom nsu a, ɛyɛ asɛnkɛse. Sɛ kɔntenten renom nsu a, ɔyɛ bɔkɔɔ bae ne nan abien a ɛwɔ anim no mu na afei obu ɔtwe mu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi anom nsu no. Wɔ tebea a ɛyɛ den yi mu no, kɔntenten twe ne kɔn mu paa ansa na watumi anom nsu no. Anigyesɛm ne sɛ kɔntenten ntaa nnom nsu efisɛ mpɛn pii no, onya nsu fi nhaban momono a ɔwe no mu.
Kɔla fitaa fɛfɛ bi sensan kɔntenten kɔn ne ne nkyɛn mu a ɛte sɛ ahaban so nsensanee. Wɔwɔ kɔla te sɛ akokɔsrade, nnodowee, ne tuntum mpo. Bere a kɔntenten renyin no, na ne kɔla no ani redum.
Wɔn Asetra
Kɔntenten yɛ mmoa a wɔn ani ka wɔn ho, na wɔnantew akuwakuw a ekuw biara dodow yɛ 2 kosi 50. Wonyinsɛn nnafua 420 kosi 468 ansa na wɔawo ɔba a ne tenten yɛ anammɔn asia. Bere a wɔrewo no, akokoaa no sian bɛyɛ anammɔn asia de ne ti di kan! Nanso, sɛ edi simma 15 a, akokoaa a hwee nyɛɛ no no gyina ne nan so fi ase num ne maame nufu. Wɔ nnawɔtwe abien anaa abiɛsa akyi no, akokoaa no fi ase we ɔkanto ahaban a ɛnyɛ den pii no na akyiri yi onya ahoɔden tumi nnantew ntɛmntɛm te sɛ ne maame.
Kɔntenten ba te sɛ n’awofo mmofraberem pɛpɛɛpɛ. Ne tenten nnu kɔntenten a wanyin de, nanso ɔware sen nnipa pii. Sɛ akokoaa ɔsɛmpɛfo a onsuro hwee yi gyina ne maame nkyɛn a, ɛyɛ anika ankasa.
Sɛ wɔwo kɔntenten yi foforo a, wɔbom tra faako na wogye wɔn ahome, di agoru, na wokyinkyin faako a wɔte no. Kɔntenten ba nyin ntɛmntɛm. Wɔ asram asia pɛ mu no, akokoaa no tenten tumi du anammɔn abiɛsa, na ne tenten tumi yɛ anammɔn asia wɔ afe mu. Dapɛn biako pɛ mu no, ne tenten tumi du sɛntimita 23! Kɔntenten baatan hwɛ ne ba yiye, na ɛwom sɛ ɔma ne ba no kwan ma otumi nantew kɔ baabiara a ɔpɛ de, nanso otumi de n’ani a ehu ade kɔ akyiri no di n’akyi.
Esiane sɛ kɔntenten yɛ kɛse ankasa, ne ho yɛ hare, na n’ani hu ade yiye nti, mmoa kakraa bi na osuro wɔn ka gyata ho. Nanso, nnipa akunkum mmoa a wɔn ho yɛ fɛ yi pii. Esiane sɛ wɔn ani gye ne nhoma fɛfɛ, ne nam a ɛyɛ dɛ, ne ne dua tuntum a nhwi pii wɔ ho—a ebinom susuw sɛ tumi bi wom—no ho nti, mmoa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm yi ase betumi atɔre nnansa yi ara. Kɔntenten a bere bi na wɔyɛ bebree wɔ Afrika mmeae pii no, ɛkame ayɛ sɛ wɔwɔ mmoa yɛmmea ne mmea a wɔbɔ wɔn ho ban nkutoo seesei.
Ɛnnɛ, wɔn a wɔkɔsra Afrika mmoa yɛmmea no ani gye sɛ wohu kɔntenten a wɔredi akɔneaba wɔ asasetam kɛse so no. Wotumi hu wɔn wɔ hɔ sɛ wɔrewe ɔkanto nnua a nsɔe wɔ ho no nhaban anaasɛ wohu wɔn sɛ wɔabɔ kyenku rehwɛ akyirikyiri. Nokwarem no, aboa a ne ho yɛ fɛ a ɔda nsow na odwo yi yɛ abɔde a ne ho yɛ nwonwa—adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn, Yehowa, a ɔbɔɔ ade no, ho yɛ hu.—Dwom 104:24.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔfrɛ nkoko nketewa a ahwete wɔ Afrika asasetam no so no kopjes.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 18]
KƆN TENTEN A ƐYƐ NWONWA NO
Ebia obi besusuw sɛ sɛnea kɔntenten te na ɔsõ paa no de nsɛnnennen ba—anaasɛ ebetumi de nsɛnnennen aba. Esiane sɛ kɔntenten ware paa na ne kɔn nso ware nti, ɛte sɛ nea entumi nyɛ yiye sɛ mogya betumi abɔ akɔ ne mu baabiara. Sɛ nhwɛso no, sɛ kɔntenten si ne ti ase a, ɛsɛ sɛ tumi a ɛtwe nneɛma ba fam no ma mogya bɔ fa ne tirim ma ɛkɔ n’amemene mu baabiara. Sɛ kɔntenten ma ne ti so a, ɛsɛ sɛ mogya no nyinaa san ba ne koma mu, na ɛma n’ani so biri no ma otwa hwe. Nanso ɛmma saa. Dɛn ntia?
Sɛnea kɔntenten mogya nkwaadɔm te no yɛ nwonwa, ɛte saa wɔ aboa a ɔda nsow na ɔsõ yi nkutoo fam. Koma no ankasa sõ ma enti etumi bɔ mogya pii kɔ amemene a atew ne ho mita 3 kosi mita 3.5 no mu. Esiane sɛ koma no tumi bɔ mpɛn 170 simma biako nti, ɛma koma no ho nam piprii no ka dwom ma ɛbɛyɛ sɛnea nnipa de yɛ no mprɛnsa. Esiane sɛ mogya a ɛrebɔ no kura ahoɔden a ɛte saa nti, ɛsɛ sɛ ntini a mogya fa mu kɔ amemene no mu ne nea mogya nam mu ba koma no mu no nyinaa yɛ nea ɛsõ. Nokwarem no, ntini a mogya nam mu yi kɛse boro nsateakwaa biako na nam a ɛwɔ ho no ma emu gow ma mu yɛ den nso.
Kɔntenten wɔ nkataanim bi wɔ ne kɔn mu ntini ahorow no mu a ɛmma mogya nnye bum nkɔ amemene mu bere a osi ne ti ase no. Ntini foforo nwonwaso bi bata mogya ntini kɛse a ɛwɔ koma no ase no ho. Afei mogya a sɛ osi ne ti ase a anka ebegye bum akɔ amemene no mu no kɔ nkakrankakra. Sɛ kɔntenten si ne ti ase a, ntini nketenkete yi mu bue na sɛ ɔma ne ti so a, ahoɔden a mogya no de sen no so tew paa, ɛmma ɔntɔ piti.
Sɛnea kɔntenten kɔn te no nso yɛ nwonwa. Nyansahufo ho dwiriw wɔn sɛ wohui sɛ kɔntenten kɔn mu nnompe dodow ne akura ne nufuboa dodow no ara de yɛ pɛ! Nanso, esiane sɛ kɔntenten kɔn mu nnompe nte sɛ nufuboa pii de nti, ɛyɛ nkurukuruwa wɔ ɔkwan soronko so ma enti etumi yɛ mmerɛw sɛ obetwa ne kɔn. Enti, kɔntenten tumi si ne ti ase anaa ɔkyea ne kɔn hwehwɛ ne ho anaasɛ otumi teɛ ne kɔn we nnua nhaban.