Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 2/8 kr. 18-20
  • Ahonhonsɛmdi Mu a Wode Wo Ho Bɛhyɛ—Asiane Bɛn na Ɛwom?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahonhonsɛmdi Mu a Wode Wo Ho Bɛhyɛ—Asiane Bɛn na Ɛwom?
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛma Obi Di Ahonhonsɛm
  • Onyankopɔn Adwene Wɔ Ahonhonsɛmdi Ho
  • Wo Ho a Wobɛde Afi Ahonhonsɛmdi Ho
  • Wo Nkutoo Nni Ako
  • Metumi De Ahonhonsɛmdi Agyigye M’ani Kɛkɛ Anaa?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • So Adaemone Wɔ Hɔ Ankasa?
    Nyan!—1998
  • So Ahobammɔ Ankasa wɔ Hɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Ahonhonsɛm Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 2/8 kr. 18-20

Mmofra Bisa Sɛ . . . 

Ahonhonsɛmdi Mu a Wode Wo Ho Bɛhyɛ—Asiane Bɛn na Ɛwom?

ƐYƐ ampa sɛ mmabun ani gye ahonhonsɛmdi ho? Nhwehwɛmufo kuw bi bɔɔ mmɔden sɛ wobehu eyi denam nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ adesuafo 115 a wɔwɔ mfinimfini ne ntoaso sukuu mu ho. Nhwehwɛmu no daa akontaabu yi adi: Nnipa a wobisabisaa wɔn nsɛm no bɛboro fã (ɔha mu 54) kae sɛ wɔn ani gye ahonhonsɛmdi ne anwonwade ho, na nkyem anan mu biako (ɔha mu 26) kae sɛ wɔn “ani gye ho paa.”

Nhwehwɛmufo a wɔwɔ Alaska Sukuupɔn a ɛwɔ Anchorage no kyerɛwee sɛ: “Atesɛm krataa ne nsɛmma nhoma mu nsɛm ahorow a ɛfa abonsansɛm ho . . . abu so nnansa yi mfe mu.” Animdefo kyerɛ sɛ adanse a edi mũ wɔ hɔ a ɛfoa ka a wɔka sɛ mmabun ani gye Satan som ho paa no so. Ɛno mpo no, akyinnye biara nni ho sɛ mmabun pii ani gye Satan som afoforo ho ɛmfa ho sɛ ebia adeyɛ a ɛte saa no yɛ bere tiaa mu no.

Ebia mmabun binom bebisa sɛ ‘asiane bɛn na ɛwom sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ ahonhonsɛm mu?’ Sɛ yɛbɛma ho mmuae a momma yensusuw akwan a mmabun nam so de wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu ho.

Nea Ɛma Obi Di Ahonhonsɛm

Asɛm bi a ɛwɔ U.S.News & World Report mu ka sɛ ɛnnɛ, “mmofra ne mmabun tumi hu nneɛma a ɛyɛ ahodwiriw​—a mpɛn pii no ɛhaw adwene​—nsɛm ne nneɛma pii a wotumi de wɔn adwene hu a wɔ mfe 20 a atwam no na ɛnte saa ankasa.” Asɛmpɛ ma mmabun pii kenkan nhoma ne nsɛmma nhoma horow, hwɛ video anaa wobue Intanɛt Afã a ɛka ahonhonsɛmdi ho nsɛm.

Sɛnea BBC fã a wɔde Kaseɛbɔ Ma, TV so dwumadi a agye din a ɛka adaemone ne nsamansɛm kyerɛ no, “ɛhyɛ mmofra nkuran ma wonya abayisɛm ho anigye.” Wɔka basabasayɛ anaa adaemone ho nsɛm wɔ nnwom a ano yɛ den bi mu. Sɛnkyerɛwfo Tom Harpur kyerɛwee wɔ Toronto atesɛm krataa The Sunday Star mu sɛ: “Ɛsɛ sɛ mede nea ɛrekɔ so [wɔ nnwonto mu] no ho kɔkɔbɔ a emu yɛ den ma. . . . Minhuu ahohwibra a ɛte saa da. Abɔdansɛm, ahonhonsɛm, adaemone nsɛm, mogyahwiegu, nnome, basabasayɛ ahorow nyinaa, ne mmonnaato, wɔn a wopirapira wɔn ho, awudi, ne wɔn a wodi wɔn ho dɛm, ahyɛ nnwom no mu ma. Owu ne ɔsɛe, atemmuda ho nkɔmhyɛ, adepa biara a wɔpo ne nneɛma bɔne nyinaa a wogye tom​—eyinom ne nsɛmti ahorow.”

Enti nnwom a ɛtete saa a obi tie no tumi ma ɔda subammɔne a ɛte saa adi ampa? Anyɛ yiye koraa no ɛho adanse biako wɔ hɔ​—abarimaa bi a wadi mfe 14 a ɔwɔ United States a ɔwɔɔ ne maame sekan kum no na afei okum ne ho no. Ná ɔde wɔn a wɔto nnwom a ano yɛ den mfonini abobɔ ne dan mu nyinaa. Akyiri yi, ne papa srɛe sɛ: “Monkasa nkyerɛ awofo sɛ wɔmma wɔn ani nku nnwom a wɔn mma tie ho.” Ɔkae sɛ, ɛrebɛka dapɛn ama abarimaa no akum ne maame no, na ɔto rock nnwom “a ɛka mogyasɛm ne kum a obi bekum ne maame” ho asɛm bere nyinaa.

Afei wɔwɔ agoru bi a wodi, a emu bi ma wɔn a wodi no kwan ma wɔyɛ asumansɛm ne ahonhonsɛm nneɛma. Agoru a ɛte saa no mu pii da abonsansɛm basabasayɛ adi.a

Nanso, nhwehwɛmu bi a Mediascope ahyehyɛde yɛe da no adi sɛ: “Nhwehwɛmu da no adi sɛ ebetumi aba sɛ nnwom a ano yɛ den a wotie no yɛ ankonamyɛ, nnubɔnenom, adwenemhaw, ahodɔmdi . . . anaa mmabunbere mu akakabensɛm a ɛyɛ hu ho sɛnkyerɛnne, nanso ɛnyɛ nnwom na ɛma wɔda su yi adi. Wosusuw sɛ mmabun a ebia wɔrehyia ɔhaw a ɛte saa dedaw no ani begye nnwom a ano yɛ den ho efisɛ emu nsɛm no fa wɔn ankasa haw no ho.”

Ebia ɛnyɛ nhwehwɛmufo no nyinaa na wogye asiane a ɛwɔ nnwom a abonsansɛm wom no tom. Nanso so video a ɛte saa, nnwom, anaa agoru a ɛhyɛ basabasayɛ ho nkuran anaa ɛma obi sɛe ne nipadua no nyɛ biribi a edi awu? Wɔ Kristofo fam no, hyɛ a obi de ne ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu no de no to asiane kɛse mpo mu.

Onyankopɔn Adwene Wɔ Ahonhonsɛmdi Ho

Ɔsomafo Paulo bɔ Kristofo kɔkɔ wɔ 1 Korintofo 10:20 sɛ: “Mempɛ sɛ mo ne ahonhommɔne fa ayɔnko.” Nanso henanom koraa ne ahonhommɔne no, na adɛn nti na ɛyɛ hu paa sɛ obi ne wɔn benya ayɔnkofa? Ne tiawa mu no, ahonhommɔne no ne abɔfo a bere bi wokodii Satan Ɔbonsam akyi no. Nea Satan kyerɛ ne “Ɔsɔretiafo” na Ɔbonsam kyerɛ “Otwirifo.” Sɛnea Bible kyerɛ no, Onyankopɔn ba a kan no na ɔyɛ ɔbɔfo no yɛɛ ne ho ɔsɔretiafo ne otwirifo denam te a ɔtew atua tiaa Onyankopɔn no so. Bere bi akyi no, ɔdaadaa abɔfo afoforo ma wɔbɛkaa ne ho wɔ n’atuatew no mu. Saa abɔfo yi bɛyɛɛ adaemone.​—Genesis 3:​1-​15; 6:​1-4; Yuda 6.

Yesu frɛ Satan “wi yi ase sodifo.” (Yohane 12:31) Satan ne n’adaemone no afa “abufuw kɛse” wɔ wɔn sɛe a ɛreba no ho. (Adiyisɛm 12:9-12) Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn a wɔde wɔn ho abɔ adaemone ho no abɛyɛ nsɛmmɔnedifo no. Ɔbea bi a ɔwɔ Suriname a onyinii wɔ abusua bi a na wodi ahonhonsɛm wɔ mu no huu sɛnea adaemone no “yɛ nkurɔfo a wɔmpɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase ma wɔn no ayayade” pefee.b Ahonhom abɔde atirimɔdenfo yi a obi ne wɔn benya ayɔnkofa wɔ ɔkwan biso no yɛ hu paa!

Eyi nti na Onyankopɔn hyɛɛ ne nkurɔfo a wɔtraa ase tete, Israelfo no, sɛ wɔnkwati ahonhonsɛmdi biara no. Deuteronomium 18:10-​12 bɔ kɔkɔ sɛ: ‘Yehowa akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa.’ Saa ara nso na wɔabɔ Kristofo kɔkɔ sɛ Onyankopɔn bɛsɛe ‘wɔn a wodi ahonhonsɛm’ no. (Adiyisɛm 21:8) Na Onyankopɔn kasa tia obi ho a ɔde hyɛ ahonhonsɛmdi mu no mpo. Bible no de ahyɛde ma sɛ: “Monnka nea ɛyɛ fi.”​—2 Korintofo 6:17.

Wo Ho a Wobɛde Afi Ahonhonsɛmdi Ho

So wode wo ho akɔhyɛ ahonhonsɛmdi mu? Ɛnde susuw nea esii wɔ afeha a edi kan Efeso kurow mu no ho hwɛ. Na nnipa a wɔwɔ hɔ no mu pii ‘di asumansɛm.’ Nanso, ahoɔdenne a honhom kronkron boaa ɔsomafo Paulo ma ɔyɛe no kanyan ebinom. Dɛn na efi mu bae? “Wɔn a wɔyɛ asumanne no mu bebree de wɔn nhoma bae bɛhyewee wɔ nnipa nyinaa anim; na wobuu ne bo ano hui sɛ esi nnwetɛbona ɔpeduonum. Sɛnea [Yehowa, NW] asɛm nam ahoɔden so nyinii na ɛyɛɛ den ne no.”​—Asomafo no Nnwuma 19:11-20.

Eyi kyerɛ yɛn dɛn? Sɛ obi pɛ sɛ ɔde ne ho fi adaemone nkɛntɛnso ase a, ɛsɛ sɛ onii no sɛe biribiara a ɛne Satan som wɔ abusuabɔ! Nea ɛka eyinom ho ne nhoma ahorow, nsɛmma nhoma, mfonini, aseresɛm nhoma, video, nsɛbɛ (nneɛma a wɔhyɛ de “bɔ wɔn ho ban”), Intanɛt so dwumadi a ɛfa abonsansɛm ho. (Deuteronomium 7:​25, 26) Tow biribiara a ɛne Satan som wɔ abusuabɔ a ebia wɔde di dwuma wɔ asumansɛm mu te sɛ ahwehwɛ bɔɔl anaa dua kurukuruwa bi a wɔde bisa ade gu. Afei nso, tow nnwom anaa video a Satan ho nsɛm wom no gu.

Egye akokoduru ne animia na woatumi ayɛ biribi a ɛte saa. Nanso, wubetumi anya mfaso kɛse. Kristoni bea bi a ne din de Jeanc tɔɔ kɔmputa so agoru bi a nea edi kan no na ɛte sɛ nea asiane biara nni ho. Bere a ɔkɔɔ so dii saa agoru no, ohui sɛ ahonhonsɛm frafra agoru no fã bi mu. Ankyɛ ofii ase sosoo adae basabasa a ɛyɛ hu! Jean ka sɛ: “Mesɔree dasu mu, na mesɛee CD a na agoru no wɔ so no.” Dɛn na efi mu bae? “Efi saa bere no, biribiara anhaw me bio.”

Sɛ woyere wo ho denneennen sɛ wobɛtwe wo ho afi ho a, wubetumi. Kae sɛnea Yesu gyinaa pintinn bere a Ɔbonsam bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa no ma wasom no no. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Fi me so, Satan! na wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre Yehowa, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no. Ɛnna Ɔbonsam gyaw no hɔ.’​—Mateo 4:8-11.

Wo Nkutoo Nni Ako

Ɔsomafo Paulo kae Kristofo nyinaa sɛ ‘yɛne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom’ na anya ɔko. (Efesofo 6:12) Nanso, mmɔ mmɔden sɛ wo nkutoo wobɛko atia Satan ne n’adaemone. Hwehwɛ mmoa fi w’awofo a wosuro Onyankopɔn ne mpanyimfo a wɔwɔ Kristofo asafo a ɛwɔ mo mpɔtam hɔ no hɔ. Ebia ɛbɛyɛ wo aniwu sɛ wobɛka wo ho a wode ahyɛ ahonhonsɛmdi mu ho asɛm, nanso ebetumi ama woanya mmoa pii a wuhia no.​—Yakobo 5:14, 15.

Kae nso sɛ, Bible ka sɛ: “Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn. Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:7, 8) Ampa, Yehowa Nyankopɔn taa w’akyi! Ɔbɛboa wo ma woade wo ho afi ahonhonsɛmdi nnaadaa ase.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Is There Any Danger in Role-Playing Games?” (So Asiane Bi Wɔ Agodie a Wosuasua Afoforo Nneyɛe Wom no Mu?), a ɛwɔ August 22, 1999, Engiresi Nyan! no mu.

b Hwɛ asɛm “Shaking Off the Yoke of Spiritism” (“Wo Ho a Wobɛde Afi Ahonhonsɛmdi Ho”) a ɛwɔ September 1, 1987, yɛn nsɛmma nhoma no hokafo Engiresi Ɔwɛn—Aban a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

c Wɔasesa din no.

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Tow nneɛma biara a ɛfa Satan som ho gu

Hwɛ yiye wɔ Intanɛt so dwumadi horow a ɛkanyan ahonhonsɛmdi ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena