Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 3/8 kr. 3-4
  • Akyerɛkyerɛfo—Dɛn Nti na Yehia Wɔn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akyerɛkyerɛfo—Dɛn Nti na Yehia Wɔn?
  • Nyan!—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mɛyɛ Dɛn Ne Me Kyerɛkyerɛfo Ntam Ayɛ Kama?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo?
    Nyan!—2002
  • Adekyerɛ—Emu Afɔrebɔ ne Ɔhaw Ahorow
    Nyan!—2002
  • Nigeriafo Sukuufo Mmofra Nya Nokwaredi so Nhyira
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 3/8 kr. 3-4

Akyerɛkyerɛfo—Dɛn Nti na Yehia Wɔn?

“Eye sɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa bɛkyerɛ wo ade da koro sen sɛ w’ankasa bɛyere wo ho asua ade nna apem.”—Japanfo bɛ.

SO WOKAE ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔmaa w’ani gyee ne ho paa wɔ sukuu mu? Anaasɛ, sɛ woda so yɛ sukuuni a, so wowɔ ɔkyerɛkyerɛfo bi a wopɛ n’asɛm? Sɛ ɛte saa a, dɛn ntia?

Ɔkyerɛkyerɛfo pa ma afoforo nya ahotoso, na ɔma adesua yɛ adwuma a ɛyɛ anigye. Obi a wadi mfirihyia 70 a ofi England de anigye kae ne kyerɛkyerɛfo a na ɔkyerɛ no Engiresi wɔ ne sukuu mu wɔ Birmingham no. “Owura Clewley maa mihuu ɔdom akyɛde ahorow a mewɔ a na minnim no. Ná mefɛre ade, na na mempɛ kasa, nanso ɔhyɛɛ me nkuran ma mede me ho hyɛɛ sukuu drama akansi mu. Wɔ me sukuu afe a etwa to mu no, me na minyaa drama akansi bo no. Sɛ ɛnyɛ ne nkuranhyɛ a, anka mintumi nyɛ. Ɛyɛ yaw sɛ mfe bi akyi no, manhu no bio anna no ase wɔ ahofama a na ɔwɔ ma ne sukuufo no ho.”

Margit, ɔbea bi a ne ho yɛ anika a ɔwɔ ne mfirihyia 50 mu a ofi Munich, Germany, ka sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo bi wɔ hɔ a na m’ani gye ne ho paa. Na ɔwɔ ɔkwampa a ɔfa so kyerɛkyerɛ nneɛma a asete yɛ den mu ma ɛyɛ mmerɛw. Ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yemmisa nsɛm bere a yɛnte biribi ase no. Ná ɔnyɛ anuonyampɛ, na mmom na ɔpɛ nnipa. Ɛno maa adesua yɛɛ anigye kɛse.”

Peter, a ɔyɛ Australiani, kae ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔkyerɛɛ no akontaabu, na sɛnea ɔkaa no no, “ɔnam nhwɛso ahorow a mfaso wɔ so a ɔde maa yɛn so boaa yɛn ma yehuu mfaso a ɛwɔ nea na yɛresua no so. Bere a na ɔrekyerɛ yɛn sɛnea wosusuw nneɛma a ɛwɔ afã abiɛsa no, ɔkyerɛɛ yɛn sɛnea yesusuw ɔdan sorokɔ a yɛamfa yɛn nsa mpo anka, na ɔnam nneɛma a wosusuw no afã abiɛsa ho nnyinasosɛm so na ɛyɛɛ saa. Mekae sɛ mekaa no me tirim sɛ, ‘Ɛyɛ nwonwa yiye!’”

Pauline a ofi England atifi fam no ka kyerɛɛ ne kyerɛkyerɛfo sɛ: “Akontaabu yɛ me den.” Obisae sɛ: “So wopɛ sɛ wobɔ mu mmɔden? Metumi aboa wo.” Pauline toaa so sɛ: “Asram kakra a edii hɔ no, onyaa bere pii maa me, kɔɔ so boaa me bere a na yɛapɔn sukuu mpo no. Mihui sɛ na ɔpɛ sɛ mihu—na odwen me ho. Eyi a mihui no maa me yeree me ho, na minyaa nkɔso.”

Angie a ofi Scotland, a mprempren ɔwɔ ne mfirihyia 30 mu no kae Owura Graham, ɔkyerɛkyerɛfo a na ɔkyerɛ no abakɔsɛm no. “Ɔkyerɛɛ abakɔsɛm ma ɛyɛɛ anigye! Ɔkaa nsɛm no te sɛ nea ɔreto anansesɛm, na na n’ani gye nsɛm no mu biara ho. Ɔma ɛyɛe sɛ nea na nsɛm no gu so resisi.” Angie de anigye kae Owurayere Hewitt a n’ani afi a na ɔyɛ ne sukuu afe a edi kan kyerɛkyerɛfo no nso. “Na ne yam ye, na na ɔpɛ nnipa. Da bi, bere a na yɛwɔ sukuu dan mu no, mikobisaa no asɛm bi. Ɔfaa me too ne nsa so. Ɔmaa metee nka sɛ odwen me ho ankasa.”

Timothy a ofi Greece anafo fam no kaa anisɔ a ɔwɔ ho asɛm. “Meda so kae ɔkyerɛkyerɛfo a na ɔkyerɛ me nyansahu no. Ɔsesaa adwene a anka menya wɔ nneɛma a ɛwɔ wiase ne asetra ho koraa. Ɔmaa nneɛma yɛɛ yɛn nwonwa wɔ sukuu dan mu. Ɔmaa yɛn ani gyee ho sɛ yebenya nimdeɛ ne ntease.”

Ramona a ofi California, U.S.A., no yɛ nhwɛso foforo. Ɔkyerɛwee sɛ: “Na me ntoaso sukuu kyerɛkyerɛfo no ani gye Engiresi ho. Na n’anigye no ka yɛn! Ɔmaa afã a ɛyɛ den no mpo yɛɛ mmerɛw.”

Jane a ofi Canada de anigye kaa ɔkyerɛkyerɛfo a na ɔkyerɛ apɔwmu-teɛteɛ ho asɛm sɛ “na ɔwɔ agodie ne adesua ho adwene pii. Ɔde yɛn pue kɔɔ nsukyenee so agodie ne mpataayi. Na yɛn ankasa sɔ gya tõ Indiafo paanoo bi. Sɛ́ abeawa a na mehyɛ fie sua ade bere nyinaa no, na m’ani gye eyinom nyinaa ho!”

Helen yɛ ɔbea a ɔfɛre ade a wɔwoo no wɔ Shanghai, na ɔkɔɔ sukuu wɔ Hong Kong. Ɔka sɛ: “Me sukuu afe a ɛto so anum mu no, minyaa ɔkyerɛkyerɛfo bi, Owura Chan, a ɔkyerɛɛ me apɔwmu-teɛteɛ ne mfoniniyɛ. Na meyɛ ateaa, na na minnim volibɔɔl ne baskɛtbɔɔl bɔ koraa. Wanhyɛ me aniwu. Ɔmaa mebɔɔ badminton, dii agoru foforo a na minim di no. Na ɔwɔ tema, na na ne yam ye.

“Saa ara na na minnim mfonini yɛ—na minnim nneɛma anaa nnipa mfonini yɛ. Enti na ɔma me yɛ nneɛma nsusuwso ne mfonini a wɔbɔ tirim yɛ a na mebɔ ho mmɔden no. Esiane sɛ na m’adesuakuw no mufo nyinaa anyin sen me nti, ɔkasa kyerɛɛ me ma migyinaa m’ananmu afe bio. Eyi na ɛyɛɛ nsakrae bere wɔ me sukuukɔ mu. Minyaa ahotoso, na minyaa nkɔso. Me were remfi no da.”

Akyerɛkyerɛfo bɛn na ɛte sɛ nea wɔyɛ mmoa sen biara? William Ayers bua wɔ ne nhoma To Teach​—The Journey of a Teacher no mu sɛ: “Nea adekyerɛ a etu mpɔn hwehwɛ nyinaa ne sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no befi ahofama mu de n’adwene asi n’asuafo no asetra so. . . . Adekyerɛ a etu mpɔn nyɛ akwan pɔtee a wɔfa so yɛ nneɛma bi, nhyehyɛe anaa nneyɛe a wɔda no adi. . . . Adekyerɛ yɛ ɔdɔ titiriw.” Enti hena ne ɔkyerɛkyerɛfo a ɔyɛ ade? Ɔka sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔkaa wo koma, ɔkyerɛkyerɛfo a ɔtee wo ase anaa osusuw wo ho ankasa, ɔkyerɛkyerɛfo a otumi maa biribi a n’ani gye ho—sɛ ebia nnwom, akontaabu, Latin, kite ahorow—kaa wo no, hyɛɛ wo nkuran yiye.”

Akyinnye biara nni ho sɛ, akyerɛkyerɛfo pii nsa aka nsɛm a ɛkyerɛ anisɔ afi wɔn sukuufo ne awofo mpo hɔ, na ahyɛ wɔn nkuran ma wɔakɔ so akyerɛ ade a akwanside ahorow mfa ho. Ade titiriw a ɛda adi wɔ saa nsɛm yi pii mu no fa nokware anigye ne ayamye a ɔkyerɛkyerɛfo no daa no adi kyerɛɛ osuani no ho.

Nokwarem no, ɛnyɛ akyerɛkyerɛfo nyinaa na wɔda su pa a ɛte saa adi. Afei nso, akyerɛkyerɛfo taa hyia ɔhaw pii a ɛmma wontumi nyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma wɔn asuafo no. Eyi de yɛn kɔ asɛmmisa a ɛne sɛ, Dɛn nti na nkurɔfo de wɔn ho kɔhyɛ adwuma a ɛyɛ den saa mu? no so.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

“Adekyerɛ yɛ ɔdɔ titiriw”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena