Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 3/8 kr. 16-19
  • Masaifo—Nnipa a Wɔda Nsow na Wɔn Ho Yɛ Fɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Masaifo—Nnipa a Wɔda Nsow na Wɔn Ho Yɛ Fɛ
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Masai Mantam Ma Wo Akwaaba
  • Nnipa a Wɔwɔ Anantwi
  • Wɔn Ho Yɛ Fɛ na Wɔda Nsow
  • Masaifo Abusua Asetra
  • Masaifo Mmofraberem
  • Bere a Wɔredu Mpanyin Afe So
  • Masaifo no ne Wɔn Daakye Nso Ɛ?
  • Kenya Ɔbodan Mu Trafo A Wɔda Nsow
    Nyan!—1991
  • Nsakrae A Wɔyɛ Wɔ Nneɛma A Ɛsom Bo Mu Wɔ Nnɛ Mfe Mu
    Nyan!—1981
  • Ɔtɛn—Ɛyɛ Afrika Nnome?
    Nyan!—1996
Nyan!—2002
g02 3/8 kr. 16-19

Masaifo—Nnipa a Wɔda Nsow na Wɔn Ho Yɛ Fɛ

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ KENYA HƆ

MASAINI (Maasai) aberantewaa bi dwom a ɛyɛ dɛ gyigye kɔɔ akyiri wɔ obon no mu nyinaa, wɔ ahemadakye a obosu atɔ kɛse no mu. Bere a owia a ɛrepue no ano reyɛ den no, aberantewaa no nne kɔɔ soro, te sɛ anomaa a osũ denneennen bere a owia fi ase pue no.

Na meretie bere a owia no puei na mihuu aberantewaa no sɛ ogyina ne papa anantwi mu no. Ɔhyɛ atade kɔkɔɔ bi a atetew gyina ne nan biako so sɛ asukɔnkɔn, de ne nsa ato ne peaw no so a ɔreto dwom akyerɛ ne mmoa a ɔhwɛ wɔn no. Ma menka Masaifo a wɔda nsow yi ho asɛm nkyerɛ wo.

Masai Mantam Ma Wo Akwaaba

Masaifo yɛ nnipa a wɔn ho yɛ fɛ a wɔhwɛ anantwi, na wɔte baabi a ɛhɔ sõ wɔ Afrika Apuei fam Obon Kɛse no mu. Masaifo no bɛn Kenya ne Tanzania, na wɔtraa ase fi bere tenten a atwam ni, na wɔyɛ wɔn ade te sɛ wɔn nananom a wɔawuwu no. Wɔmfa bere nyɛ hwee, na wɔn asetra gyina sɛnea owia pue na ɛtɔ ne wim tebea a ɛkɔ so sakra no ara so.

Nneɛma a Masaifo tumi yɛ no bi ne sɛ wobegyina tebea a emu yɛ den ne Obon Kɛse no mu abonkyiabonkyi no ano. Wɔde anammɔn tenten a wotu no twa kwan kɔ akyirikyiri kɔhwehwɛ nwura frɔmfrɔm ne nsu ma wɔn anantwi. Mmoa te sɛ torɔm, sare so afurum, kɔntenten, ne mmoa afoforo nso wɔ baabi a wɔhwɛ wɔn anantwi no.

Nnipa a Wɔwɔ Anantwi

Masaifo gye di sɛ anantwi a ɛwɔ asase so nyinaa yɛ wɔn de. Wonyaa saa gyidi yi fii atetesɛm a ɛne sɛ mfiase no na Onyankopɔn wɔ mmabarima baasa a ɔmaa wɔn mu biara akyɛde. Abakan no nyaa bɛmma a ɔde bɛkɔ ahayɔ, nea ɔto so abien no nyaa asɔw a ɔde bɛyɛ afuw, na nea ɔto so abiɛsa no nso nyaa abaa a ɔde bɛka anantwi. Wɔkyerɛ sɛ ɔba a ɔto so abiɛsa yi na ɔbɛyɛɛ Masai man no agya. Ɛwom sɛ mmusua foforo nso wowɔ anantwi no bi de, nanso Masaifo no gye di sɛ saa mmoa yi nyinaa yɛ wɔn de.

Wɔ Masai man mu no, anantwi dodow ne mma dodow a obi wɔ no na ɛkyerɛ ne gyinabea ne mũ a odi. Nokwasɛm ni, sɛ obi anantwi nnu 50 a wobu no hiani. Sɛ Masaini yerenom ne ne mma bebree no boa no a, ɔde nkakrankakra nya anantwi pii a wɔn dodow tumi du apem.

Masai abusua no mufo ne wɔn anantwi no di wɔ ɔdɔ mu. Aboa biara wɔ ɛnne ne su soronko bi a abusua no mufo de nim no. Wɔtaa hyehye anantwi no ho de yɛ nsensanee atenten a ɛyɛ fɛ de ma mmoa no ho yɛ fɛ. Wɔtaa to nnwom de kyerɛ sɛnea nantwi no binom ho yɛ fɛ fa ne ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn. Anantwinini a wɔwɔ mmɛn akɛse a akɔntɔn no taa wɔ bo, na wɔka anantwi mma nketewa no brɛbrɛ yɛ wɔn te sɛ abofra a afei na wɔawo no.

Mmea no na wosi Masai afie ahorow no na wɔnwene dubaa ne sare bom de si dan no na wɔde nantwi bin atetare ho asiw ntokuru a ɛdeda ho no. Adan no yɛ nkuruwankuruwa akɛse, a wosisi toatoa so ma ɛyɛ te sɛ hankare na ɛbɔ mmoa a wɔwɔ afie hɔ a wɔda hɔ anadwo no ho ban. Wɔde nnubaa a nsɔe wowɔ ho gye ban de twa afie no ho hyia, na ɛbɔ Masaifo no ne wɔn anantwi no ho ban fi mpataku, asebɔ, ne agyata a wokyinkyin hwehwɛ mmoa we wɔn no ho.

Masaifo no asetram yiyedi gyina apɔwmuden ne ahoɔden a mmoa no wɔ so. Wɔde mmoa no nufusu yɛ nnuan ahorow di, na wɔde wɔn bin kata wɔn adan so de bi sisiw ho ntokuru. Masaifo no ntaa nkum wɔn anantwi nwe; nguan ne mpɔnkye na wokum di. Nanso sɛ wokum nantwi bi a, wɔde ne baabiara yɛ biribi. Wɔde mmɛn no yɛ ade a wɔde nneɛma gu mu; wɔde ne tɔte ne nnompe no yɛ agude a wɔde siesie wɔn ho. Wɔde aboa nhoma no yɛ mpaboa, ntama, mpasotam, ne nhama.

Wɔn Ho Yɛ Fɛ na Wɔda Nsow

Masaifo yɛ nnipa bi a wɔn ho yɛ fɛ, wɔyɛ ntiantia ne atenten. Wɔn ntade yɛ fɛ yiye. Wɔde ntama a wɔde aduru bruu ne kɔkɔɔ ahyɛ na ɛkata wɔn nipadua fɛfɛ no ho. Mmea no taa de nhene bi a wɔayɛ no nkuruwankuruwa a ɛte sɛ prɛte ne dukuu a wɔde kɔla pii ayɛ na esiesie wɔn ho. Wɔde kɔbere yɛ nkawa toto wɔn abasa ne wɔn nannweaa. Mmea ne mmarima nyinaa de nhene a emu yɛ duru hyehyɛ wɔn asom ma ɛyɛ tenten. Wɔyam dɔte kɔkɔɔ bi a wotu de nantwi srade fra mu de sra wɔn ho.

Da koro anwummere bi, ogya a wɔasɔ hann ma mihuu sɛ Masaifo kuw bi a wɔahyiam rebɛsaw. Bere a wɔabɔ kyenku no, wɔto dwom dannan wɔn ho. Bere a asaw no mu yɛ den no, nhene a emu yɛ duru a egu mmeawa no kɔn mu no keka bobɔ ho kɔ soro ba fam wɔ wɔn kɔn mu ma egyigye. Afei, Masai akofofo no ba mmiako mmiako begyina mfinimfini, na wohuruw denneennen kɔ soro. Wotumi saw anadwo mũ nyinaa ko si sɛ wɔbɛbrɛ.

Masaifo Abusua Asetra

Me ne Masaifo mmea no traa okanto dua bi onwini ase awiabere no nyinaa hwɛɛ sɛnea wɔnwene nhene wɔ mmoa nhoma so. Bere a wɔserew na wodi nkɔmmɔ no. Wɔn adwene nkɔ nkyem a wɔyɛ dede wɔ wɔn atifi a wɔde sare a awo renwene wɔn buw no so. Bere a ade resa no, mmea no kɔ asu ne nnyina, siesie wɔn afie, hwɛ wɔn mma nkumaa a adagyew nnim koraa.

Sɛ owia no rekɔtɔ a, anantwikafo no fi ase ka wɔn anantwi no ba fie. Mmoa no nantew bɔkɔɔ de wɔn ani kyerɛ fie kwan, wɔn ntɔte no bɔ mfutuma kɔkɔɔ fa wim kumɔmm ma owia hann a ɛrebrɛ ase no ma no hyerɛn. Sɛ mmea no hu mfutuma no wɔ akyirikyiri a, wogyae biribiara a wɔyɛ ntɛm ara kɔyɛ ahoboa ma mmoa a wɔreba no.

Sɛ mmoa no nya wura wɔn buw mu a, wɔn ahwɛfo no nantew wɔn mu, de wɔn nsa fofa anantwinini no mmɛn ho de hwɛ wɔn ahoɔfɛ. Abarimaa bi komia nantwi nufusu gu n’anum ma ne maame tẽa no ntɛm ara. Mmeawa a wodi mmoa no mu ahyɛmfiri no de ahokokwaw twe anantwi no nufusu de gu wɔn toa atenten no mu ma ebu so.

Sɛ ade sa a, yɛn nyinaa bɔ kyenku wɔ gya a ɛpam awɔw no ho tow. Yɛte wusiw ne nam a wɔahow ne anantwi a wɔbɛn hɔ no pampan. Ɔpanyin biako tra ase ka Masaifo abakɔsɛm ne mmaninsɛm a wɔn akofofo adi ho nsɛm. Gye sɛ ɔte sɛ gyata bi rebobom wɔ akyirikyiri ansa na wahome, afei ɔtoa so ka n’asɛm no ma n’atiefo no ani gye bere a gyata mmubom no mfa ne ho. Afei, obiara sɔre mmiako mmiako fa sum mu kɔhyɛ ne dɔte dan mu kɔda. Esum ne nwura kata babiara ma ade a wote ara ne anantwi a wɔadeda no home.

Masaifo Mmofraberem

Sɛ owia pue a dwumadi ahorow pii kɔ so wɔ akuraa no ase. Mmofra nketewa a nhene gu wɔn asen ne wɔn kɔn mu di agoru wɔ anɔpawɔw no mu. Wɔn serew no yɛ Masaifo a wɔdɔ wɔn mma, a wɔn daakye anidaso gyina wɔn mma no daakye so no ahomeka.

Abayɛn yɛ kurow mũ no nyinaa asɛyɛde—ɔpanyin biara a ɔwɔ kurow no mu no betumi ateɛ abofra a n’aso yɛ den no so aka n’anim. Wɔakyerɛkyerɛ mmofra no sɛ wommu wɔn mpanyimfo, na ɛnkyɛ na mmofra no asuasua sɛnea Masaifo abusua bɔ wɔn bra. Sɛ wosusua a, wɔnyɛ hwee, nanso bere a wɔrenyin no, wɔkyerɛ mmeawa no fie adeyɛ, na wɔkyerɛ mmerantewa no nso sɛnea wɔhwɛ nyɛmmoa bɔ wɔn ho ban. Awofo no de nimdeɛ a wɔwɔ wɔ nhabannuru mu ne amammerɛ a ɛfa wɔn asetra kwan biara ho no kyerɛkyerɛ wɔn mma.

Bere a Wɔredu Mpanyin Afe So

Bere a mmofra no renyin no, wosua amanne ne guasodeyɛ ahorow a wɔyɛ ma wɔn bere a wɔrefi wɔn mmofraberem akɔ wɔn mpanyin afe so no ho ade. Amanne ahorow a wosua no bi ne nea ɛfa ayaresa, akraye bɔne, aware, ne owu ho no. Masaifo no gye di sɛ, sɛ wɔanni saa guasodeyɛ ahorow yi so a, nnome bɛba wɔn so.

Masaini ɔwofo tumi yɛ ne babea aware ho nhyehyɛe ma no bere a ɔda so ara yɛ akokoaa no. Wɔde abeawa no hyɛ ɔbarima a ɔwɔ anantwi pii a ɔde betua tiade a abofra no agya begye no bɔ. Mpɛn pii no, ɔbɛware ɔbarima a wanyin sen no pii, na wakɔka ɔbarima no yerenom dedaw no ho wɔ ne fie.

Bere a mmarimaa a wɔwɔ Masai kurom hɔ nyinyin no, wɔne mmabun a wɔyɛ wɔn atipɛnfo no bɔ fekuw denneennen. Anigye a wonya wɔ abusuabɔ soronko a ɛda wɔne wɔn atipɛnfo yi mu tumi kyɛ yiye. Wɔn nyinaa bom nyin kosi sɛ mmarimaa a wonni suahu biara no bɛyɛ akofofo. Sɛ́ akofofo no, wogye asɛyɛde biara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ de bɔ wɔn afuw ne wɔn nsase ho ban na wɔhwɛ wɔn nsu a ɛwɔ kurom hɔ so, na wɔbɔ wɔn nyɛmmoa ho ban fi nkeka mmoa ne awifo ho no tom. Sɛnea wonim Masaifo sɛ wɔn ho yɛ den na wɔwɔ akokoduru no, worenhu wɔn a wonkura peaw a ano yɛ nnam.

Sɛ akofofo no nyin du bɛyɛ mfe 30 anaa nea ɛte saa a, na wɔabɛn bere a wobebu wɔn sɛ wɔanyinyin. Wɔyɛ guasodeyɛ ahorow a ɛyɛ anigye de da wɔn adi sɛ wɔadu wɔn mpanyin afe so; afei wɔbɛma wɔn hokwan sɛ wɔnware. Bere a wɔanya gyinabea a obu wom yi no, wɔma wɔn adwene kɔ aware so ne wɔn anantwi a wɔbɛma adɔɔso so na wɔhwɛ kwan nso sɛ wobetu fo na wɔapata ntɔkwaw.

Masaifo no ne Wɔn Daakye Nso Ɛ?

Ɛnnɛ Masaifo amanne ne wɔn amammerɛ a ɛda nsow no reyera ntɛmntɛm. Wɔ mmeae bi no Masaifo ntumi mfa wɔn anantwi nkɔnantenantew baabiara sɛnea wɔpɛ nkɔhwehwɛ nwura mma wɔn. Seesei wɔde wɔn mmusua nsase akɛse no nyinaa reyɛ beae a wɔbɔ mmoa ho ban, resisi adan, de reyɛ mfuw ama nnipa a wɔredɔɔso wɔ hɔ no. Ɔpɛ a esi wɔ hɔ ne asetra a emu ayɛ den nti, pii no ara retɔn wɔn anantwi a wɔdɔ wɔn no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atra ase. Sɛ wɔkɔ nkurow akɛse mu a, wohyia nsɛnnennen koro no ara a ɛto obiara wɔ aman a atwa wɔn ho ahyia mu no bi.

Ɛnnɛ Yehowa Adansefo som adwuma no adu Masai mansin a ɛwɔ Afrika Apue fam no nyinaa mu. Wɔatintim Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! nhomawa no 6,000 wɔ Masai kasa mu. Enti wɔreboa Masaifo ma wɔahu nsonsonoe a ɛda gyidihunu a enni nnyinaso ne Bible mu nokwasɛm ntam. Nokwarem no, ɛka koma sɛ yebehu sɛ yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, ama saa nnipa soronko a wɔn ho yɛ fɛ yi hokwan sɛ wɔmmɛka nnipa a wofi “aman ne mmusua ne nkurɔfo ne kasa” mu a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ ɔsɛe a ɛreba wɔ saa wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu no ho.—Adiyisɛm 7:9.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Masaifo fie

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Masaifo ahyiam rebɛsaw

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Masai Adansefo baanu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena