Akontaahyɛde Mu Nnaadaasɛm
SUSUW wiase bi a akontaahyɛde nnim ho hwɛ. Anka sika remma hɔ. Anka ɔkwan a wɔbɛfa so adi gua ara ne sɛ wɔde aguade bedi nsesa. Na agumadi nso ɛ? Sɛ akontaahyɛde nni hɔ a, ɛnyɛ sɛ anka yentumi nyɛ nkonim a wodi ho kyerɛwtohɔ nko, na mmom anka yentumi nhu agumadifo dodow a ɛsɛ sɛ wɔkɔ ɔfã biara!
Nanso, sɛ mfaso a ɛwɔ akontaahyɛde so no da nkyɛn a, ebinom ka sɛ ahintasɛm bi nso wom. Nea enti a eyi te saa ne sɛ enni nipasu. Wuntumi nhu, wuntumi nso mu, na wuntumi nte akontaahyɛde nka. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Aprɛ yɛ aduaba bi a ne kɔla, nneɛma a ɛwom, ne kɛse, ne yɛbea, ne hua, ne ne dɛ yɛ soronko. Nneɛma a yɛabobɔ din yi so na wubetumi agyina ahu sɛ ade bi yɛ aprɛ, ankama, bɔɔl, anaa biribi foforo. Nanso, akontaahyɛde nte saa. Sɛ woboaboa nneɛma ason ano gu baabi, na wosan boaboa ason foforo ano gu baabi a, abusuabɔ biara nni saa nneɛma yi mu—gye wɔn “dodow a ɛyɛ ason” no nkutoo. Enti, sɛ́ yebehu nea akontaahyɛde bi kyerɛ—sɛ nhwɛso no, sɛ yebehu nsonsonoe a ɛda asia ne ason mu no—kyerɛ sɛ yɛrepɛɛpɛɛ biribi a enni su biara mu. Na ɛha yi na ɛma akontaahyɛde ho ahintasɛm ba asɛm no mu no.
Efi Pythagoras So Kosi Nyansahu So
Ná nkyerɛase titiriw a wɔde bata akontaahyɛde ho no yɛ biribi a abu so wɔ tete mmere mu. Pythagoras, Helani nyansapɛfo ne ɔkontaabufo a ɔtraa ase afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu no kyerɛkyerɛe sɛ yebetumi agyina akontaahyɛde so ahu nea ade biara kyerɛ. Ɔne n’akyidifo susuwii sɛ amansan no nyinaa yɛ sɛnea ɛsɛ sɛ nneɛma kɔ so pɛpɛɛpɛ na biribi nsen biribi foforo no ho nhwɛso. Ɛnde, so entumi mma sɛ akontaabu betumi ama wɔahu nea nneɛma a aniwa hu nyinaa kyerɛ?
Efi Pythagoras bere so no, wɔde akontaahyɛde adi dwuma de ahyɛ nkɔm akyerɛkyerɛ dae ase na wɔde adi dwuma nso sɛ biribi a ɛboa ma wɔkaakae nneɛma. Helafo, Nkramofo, ne Kristoman mufo de adi dwuma. Bere a wɔde akontaahyɛde mu nhyehyɛe bi a wɔfrɛ no gematria redi dwuma no, Yudafo Ahintasɛm Ho Nkyerɛkyerɛmufo no kyerɛe sɛ Hebri nkyerɛwde 22 no mu biara wɔ akontaahyɛde titiriw bi, na wɔkyerɛ sɛ wɔnam so ahu Hebri Kyerɛwnsɛm no ntease bi a ahintaw.
Saa ara na nnɛyi akontaahyɛde adesua nso te. Mpɛn pii no, wo din ne da a wɔwoo wo na wɔde fi ase. Wɔde akontaahyɛde bi gyina hɔ ma nkyerɛwde a ɛwɔ wo din no mu biara mu. Sɛ akontaahyɛde ho nimdefo bi keka eyi—ne ɔsram ne da a wɔde woo wo no akontaahyɛde ahorow no—bom a, otumi nya w’akontaahyɛde atitiriw no. Afei ɔkyerɛkyerɛ nea akontaahyɛde ahorow yi kyerɛ mu wɔ ɔkwan titiriw bi so, a ɔte nka sɛ ɛma wohu sɛnea wo nipaban te ankasa—a nea ɛka ho ne wo nipasu, nneɛma w’ani gye ho a wunnim, ne wo hyɛbrɛ.
Ebia ade pɔtee a ɛma wɔkyerɛ akontaahyɛde adesua ho anigye ne nokwasɛm bi a ɛte sɛ nea ɛwɔ nhwehwɛmu a wogyina so yɛ mu no. Edward Albertson kyerɛw wɔ ne nhoma Prophecy for the Millions mu sɛ: “Nnipa pii akyerɛ akontaahyɛde mu gyidi esiane hu a wohui sɛ akontaahyɛde no fa nnipa a wogyinaa wɔn so paw saa akontaahyɛde no suban ho pɛpɛɛpɛ nti.” Nanso, wɔaka akontaahyɛde ho adesua ho asɛm nso sɛ ɛyɛ biribi a wogye tom wɔ nyansahu mu. Dɛn ntia? So ntease bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wugye nea wɔka no di?
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 21]
SO AHINTASƐM BI WƆ BIBLE MU?
Wɔ ne nhoma The Bible Code mu no, sɛnkyerɛwfo Michael Drosnin kyerɛ sɛ wahu nsɛm bi a ahintaw denam kɔmputa so a ɔnam yɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nhwehwɛmu so. Sɛnea Drosnin kyerɛ no, “mmara” no maa onyaa nsɛm “onipakumfo a obekum obi” ne edin Yitzhak Rabin—na ohuu eyi afe ansa na wɔrekum Israel Ɔman Soafo Panyin Rabin.
Sɛnea yɛhwɛ kwan no, The Bible Code no maa akyinnye bi sɔree. Dave Thomas, a ɔyɛ ɔkontaabufo ne abɔde mu nneɛma ho nimdefo no, kyerɛe sɛ kyerɛwsɛm mu nhwehwɛmu biara a wɔde kɔmputa bɛyɛ no bɛma wɔanya nsɛm a ɛyɛ ahintasɛm. Bere a Thomas reyɛ Drosnin ankasa asɛm no mu nhwehwɛmu no, onya nsɛm “mmara,” “mmerɛwyɛ,” ne “nnaadaa.” Thomas ka sɛ: “Yebetumi ahu nsɛm a ahintaw no wɔ baabiara, sɛ wunya ɔpɛ sɛ wo de wo bere ne w’ahoɔden bɛyɛ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri saa a.”
Esiane sɛ kɔmputa tumi yɛ nneɛma a enni ano ho akontaabu nti, akyinnye biara nni ho sɛ ebetumi anya nkyerɛwde bi a ɛbom a wobetumi de adi dwuma de ahyɛ nkɔm. Nanso eyi yɛ asɛnhyia ara kwa na ɛnkyerɛ sɛ ahintasɛm bi wɔ Bible no mu.a
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ April 1, 2000, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 29-31.
[Mfonini wɔ kratafa 20]
Pythagoras kyerɛkyerɛe sɛ yebetumi agyina akontaahyɛde so ahu nea ade biara kyerɛ
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 20]
Courtesy National Library of Medicine