So Ɛsɛ sɛ Akontaahyɛde Kyerɛ Wo Kwan?
SO AKONTAAHYƐDE ho adesua yɛ biribi a wogye tom bere a wogyina nyansahu ne ntease horow so yɛ mu nhwehwɛmu no? So akontaahyɛde ne ɔkwan a yɛnam so betumi ahu yɛn nkrabea? So ɛsɛ sɛ wode wo daakye gyina akontaahyɛde ho adesua ne nkɔmhyɛ so?
Ɔhaw biako a akontaahyɛde ho animdefo ntumi nnii so ne kalenda soronko a aman ahorow de di dwuma no. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi te baabi a wɔde Chinafo kalenda di dwuma ɛ? Susuw ɛda a wɔbɔɔ din wɔ asɛm a edi kan mu—September 11, 2001—no ho hwɛ. Sɛnea Chinafo kalenda kyerɛ no, na ɛno yɛ mfe kyinhyia 78 no afe a ɛto so 18 no Ɔsram a ɛto so 7 no da a ɛto so 24. Wɔ Julian kalenda so no, na ɛda no yɛ August 29, 2001. Wɔ Nkramofo kalenda so no, na ɛyɛ 22 Jumada II 1422, na na ɛyɛ 23 Elul 5761 wɔ Hebrifo kalenda so. Ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi de akontaahyɛde abata ɛda bi ho wɔ akwan pii so saa? Ade foforo ni: Wɔ kasa ahorow mu no, wɔtaa wɔ akwan soronko a wɔfa so kyerɛw din. Sɛ nhwɛso no, nkyerɛwde a ɛwɔ Engiresi din John mu no kura akontaahyɛde 2, nanso nkyerɛwde a ɛwɔ din koro no ara mu wɔ Spania kasa mu—Juan—no kura akontaahyɛde 1.
Ɛyɛ ade biako sɛ wubehu sɛ wobetumi agyina akontaabu mu nhyehyɛe so akyerɛkyerɛ amansan no ho nneɛma pii mu. Wobetumi asɔ saa nhyehyɛe yi ahwɛ na wɔde adi dwuma. Nanso ɛyɛ ade foforo koraa nso sɛ wobɛkyerɛ sɛ wodii kan hui sɛ wo din ne da a wɔde woo wo no behyia na wɔde abata akontaahyɛde ahorow bi ho sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ahu wo daakye.
Esiane sɛ akontaahyɛde ho nkyerɛkyerɛmu gyina nneɛma a egu ahorow pii so te sɛ kalenda ne kasa so nti; ntease nnim sɛ yebegye adi sɛ nkyerɛkyerɛmu yi betumi ayɛ nokware.
“Ɛbere ne asiane”
Ebinom kyerɛ akontaahyɛde ho adesua ho anigye esiane sɛ wɔpɛ sɛ wohu nea ɛbɛto wɔn daakye nti. Nanso, Bible no ma emu da hɔ pefee sɛ yɛrentumi nni kan nhu biribiara a esi wɔ nnipa asetram no nsie. Yɛkenkan sɛ: ‘Ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ammirikatu, na ɛnyɛ nnɔmmarima de ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafo de ne aduan, na ɛnyɛ nhumufo de ne ahonya, nanso ɛnyɛ animdefo de ne anuonyam, na ɛbere ne asiane to wɔn nyinaa.’ (Ɔsɛnkafo 9:11) Yiw, nneɛma pii sisi a yɛnhwɛ kwan. Nneɛma a esisi saa a yɛnhwɛ kwan no ma mmɔden biara a obi bɔ sɛ obegyina awoda anaa din ho akontaahyɛde bi so ahu nea ɛbɛba no yɛ ɔkwa.
Susuw nhwɛso foforo ho hwɛ: Bere a Bible no rehyɛ ayamye ho nkuran no, ɛka sɛ: ‘Tow w’abodoo gu nsu ani, na daakye bi wubehu. Kyɛ mu ma nnipa baason ne baawɔtwe nso, na wunnim bɔne ko a ɛbɛba asase so.’ (Ɔsɛnkafo 11:1, 2) Amanehunu yɛ nneɛma a nkurɔfo nni kan nhu—nokwarem no, wontumi nhu—gye tebea kakraa bi mu. Enti, akontaabu ho ɔbenfo Underwood Dudley kyerɛw fa akontaahyɛde ho animdefo ho sɛ: “Wonnye ntom sɛ biribi betumi asi a wɔnhwɛ kwan. Nneɛma a ɛyɛ nwonwa betumi asisi bere biara.”
Ɛyɛ nokware sɛ akontaahyɛde ho animdefo betumi ahyɛ nkɔm bi ma abam de. Dɛn na ɛma etumi ba saa? Wɔ nsɛm no bi mu no, nea esi no yɛ asɛnhyia ara kwa. Afei nso, ɛtɔ mmere bi a nsɛmfua a akontaahyɛde ho animdefo de di dwuma no kyerɛ nneɛma pii araa ma enti ebetumi afa nneɛma pii ho. Nanso biribi wɔ hɔ a ɛyɛ hu yiye a ɛsɛ sɛ yesusuw ho.
So Ɛyɛ Abosonkɔm?
Bible no mmɔ akontaahyɛde ho adesua din. Nanso ɛka Haman, Amalekni bi a ɔbɔɔ pɔw sɛ ɔbɛtɔre Yudafo a wɔwɔ Persia no ase wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu no ho asɛm. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Haman hyɛe sɛ wɔmmɔ ntonto (‘purim,’ sɛnea na wɔka no no) mfa nhu da pɔtee ne ɔsram a wɔde bedi ne pɔw a wabɔ ho dwuma. Wosii gyinae sɛ wobedi pɔw no ho dwuma wɔ ɔsram a ɛto so dumien, a ɛne ɔsram Adar, no da a ɛto so dumiɛnsa no.”—Ester 3:7, Today’s English Version.
Wɔ tete mmere mu no, na ntontobɔ yɛ ɔkwan titiriw a wɔnam so siesie ntawntawdi.a (Mmebusɛm 18:18) Nanso na ntonto a Haman bɔ no yɛ abosonkɔm—biribi a Bible kasa tia. Deuteronomium 18:10-12 ka sɛ Onyankopɔn kyi ‘obi a ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifo ne ɔdebisafo ne ntafoayifo, ne kaberɛkyerefo ne samanfrɛfo ne osumanni ne nea obisa afunu. Yehowa kyi wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa.’
Bible no de abosonkɔm bata anifere kwan so tumi a ɛwɔ ahonhonsɛmdi mu no ho. Ahonhommɔne betumi adi nsɛm ho dwuma ma ɛne wɔn atirimpɔw ahyia. Sɛ́ eyi te saa wɔ asɛm pɔtee bi mu anaasɛ ɛnte saa no, ade biako na ɛda adi: Onyankopɔn kasa tia ahonhonsɛmdi, na ebetumi de obi aba ahonhommɔne nkɛntɛnso ase.—1 Samuel 15:23; Efesofo 6:12.
Akontaahyɛde ho adesua yɛ biribi a ntease nnim a wɔde gyina nyansahu so, na ɛdan biribi a mfaso nni so bere a wogyina ntease pa so yɛ mu nhwehwɛmu no. Nea ehia sen saa no, esiane sɛ akontaahyɛde ho adesua yɛ abosonkɔm nti, ɛne Bible nkyerɛkyerɛ bɔ abira. Ne saa nti, akontaahyɛde ho adesua nyɛ ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wofa so hu nneɛma wɔ w’asetram anaasɛ wugyina so susuw wo daakye ho.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wɔrebɔ ntonto a, na wɔde nneɛma nketewa—te sɛ abo nketewa nkuruwankuruwa anaa nnua nketenkete—gu ntama a wɔabobɔ anaa kuruwa mu. Ɛno akyi no, wɔwosow. Nea na wɔbɛpaw n’abo ne obi a ntonto no asi ne so.
[Adaka wɔ kratafa 22]
KALENDA A EGU AHOROW NO MA AKONTAAHYƐDE HO ADESUA YƐ DEN
GREGORIAN September 11, 2001
CHINAFO Mfe kyinhyia 78 no afe a ɛto so 18 no ɔsram a ɛto so 7 no da a ɛto so 24
JULIAN August 29, 2001
NKRAMOFO 22 Jumada II 1422
HEBRIFO 23 Elul 5761
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 23]
SO YEBETUMI DE YƐN HO ATO NSOROMMA MU HWƐ SO?
“Ɛtɔ da a wobɛn afoforo, na ɛtɔ da nso a, wommɛn afoforo. Wuhu sɛ nyansa nnim sɛ wobɛda wo ho adi pii akyerɛ ahɔho. Woyɛ obi a ɔno nkutoo susuw nsɛm ho a ohia adanse ansa na wagye atom sɛ asɛm bi yɛ nokware. Wopɛ nneɛma ahorow pii wɔ asetram, na sɛ wɔhyehyɛ mmara ma wo a, w’ani nnye. Wowɔ ɔdom akyɛde titiriw bi a womfa nnii dwuma koraa. Woyɛ nsi wɔ nea wutumi yɛ ne wo dom akyɛde ahorow ho.”
So ɛte sɛ nea ɛno fa wo ho? Sɛ saa a ebia wubesusuw asɛm no ho akɔ akyiri sen sɛnea ɛte. Anyɛ yiye koraa no, nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no mu dodow no ara yɛ nokware wɔ nnipa pii fam. Enti, akenkanfo begye nsɛm a ɛte sɛ nea eye no atom na wɔapo nea enye no. Sɛnea Why Do Buses Come in Threes—The Hidden Mathematics of Everyday Life nhoma no kyerɛ no, “nhwehwɛmufo ahu sɛ, sɛ woyi sɛnkyerɛnne a ɛwɔ nsoromma mu hwɛ no fi ho a, nkurɔfo ntumi nhu nea wɔn ankasa sɛnkyerɛnne no kyerɛ, nanso sɛ wɔde sɛnkyerɛnne no ka ho a, wobegye adi sɛ wɔn ankasa nsoromma ne nea edi mũ sen biara.”
[Adaka wɔ kratafa 24]
SƐNKYERƐNNE KWAN SO AKONTAAHYƐDE A ƐWƆ BIBLE MU
Akontaahyɛde ahorow bi a wɔde di dwuma wɔ Bible mu no kura sɛnkyerɛnne kwan so nkyerɛase, nanso sɛnea wɔde saa Kyerɛwnsɛm no dii dwuma nkutoo so na saa nkyerɛase no gyina. Sɛ nhwɛso no, wɔde akontaahyɛde, anan, di dwuma de kyerɛ ade mu nyinaa. Adwene a ɛte saa da adi wɔ nsɛm te sɛ “asase ahin anan” ne “ɔsoro mframa anan” no mu. (Yesaia 11:12; Daniel 8:8) Ɛtɔ mmere bi a, wɔde akontaahyɛde, asia, gyina hɔ ma sintɔ. Anigyesɛm ne sɛ, akontaahyɛde a wɔde gyina hɔ ma Satan asase so amammui ahyehyɛde wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no yɛ ‘onipa akontaahyɛde’—666. (Adiyisɛm 13:18) Ɛha yi, wɔkyerɛw asia toa so abiɛsa, a esi sɛnea ahyehyɛde a ɛte sɛ aboa no tɔ sin fa no so dua. Sɛ wɔde akontaahyɛde ason di dwuma wɔ sɛnkyerɛnne kwan so a, ɛkyerɛ sɛ biribi di mũ koraa. (Leviticus 4:6; Hebrifo 9:24-26) Eyinom, ne sɛnkyerɛnne kwan so akontaahyɛde foforo a wɔde di dwuma wɔ Kyerɛwnsɛm mu no nya wɔn nkyerɛase fi nkɔmhyɛsɛm a ɛbata ho no mu.
Ɛwom sɛ Kyerɛwnsɛm no de adwene si hia a akontaahyɛde ahorow bi ho hia so de, nanso Bible no nhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa nsɛmfua bi mu nkyerɛwde mmata akontaahyɛde ho mfa nhu nokware bi a ahintaw.
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Haman nam abosonkɔm so paw da a ɔde bedi ne pɔw a ɔde bɛtɔre nkurɔfo ase no ho dwuma