Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 12/8 kr. 19-21
  • Mmofra Agumadi—Basabasayɛ Foforo a Ɛretrɛw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra Agumadi—Basabasayɛ Foforo a Ɛretrɛw
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Di Nkonim Wɔ Ɔkwan Biara So
  • Nea Awofo Betumi Ayɛ
  • Ɛsɛ sɛ Mede Me Ho Hyɛ Agumadi Kuw Bi Mu?
    Nyan!—1996
  • Agodi Mu Nsɛnnennen Nnɛ
    Nyan!—1991
  • Agodi a Yɛde Bɛto Ne Beae a Ɛfata
    Nyan!—1991
  • Agumadi Ne Abusua No—Adwene A Ɛkari Pɛ
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 12/8 kr. 19-21

Mmofra Agumadi—Basabasayɛ Foforo a Ɛretrɛw

◼ Ntoaso sukuu adesuafo kuw bi ahyia a wɔrebɔ bɔɔl. Agumadi no kowie ntɔkwaw gyegyeegye mu, a awofo bɛboro 100, agumadi akyerɛfo, ne agumadifo reteɛteɛm bobɔ wɔn ho akuturuku esiane sɛ ɔfã biako nte ne ho ase sɛ wɔahyɛ no wɔ bere a wɔsan de kaa agoru no bere ankasa ho mu nti.

◼ Mmofra nketewa a wonnuu mpanyin afe so abom rebɔ bɔɔl a mmarima ne mmea bɔ. Bere a agumadifo no biako a wadi mfe du antumi ansɔw bɔɔl a ne yɔnko tow maa no no, nea ɔkyerɛ no agumadi no de no hwee fam ma ne nsa abien mu bui.

◼ Agumadi kyerɛfo bi a ɔkyerɛ mmofra nkumaa baseball bɔ yi agumadifo a wɔwɔ ne kuw mu no biako tra nkyɛn. Abarimaa no papa hunahuna agumadi kyerɛfo no sɛ obekum no ma enti wɔde no kɔtoo afiase nnafua 45.

◼ Wɔ mmofra nkumaa hɔki a wɔbɔ wɔ nsukyenee so agodi bi mu no, akasakasa baa agyanom baanu ntam fa agoru no mmara horow a ɛsɛ sɛ wodi so ho. Agya biako boro ɔfoforo no kum no wɔ ne mma baasa anim.

YƐTAA te amanneɛbɔ a ɛyɛ hu te sɛ eyinom. Wɔ agoprama ahorow, basketball agodibea, nsukyenee prama, ne agodibea horow so no, ɛte sɛ nea basabasayɛ foforo bi retrɛw. Ɛyɛ basabasayɛ a awofo ne agumadi akyerɛfo a wɔpɛ sɛ wɔbɛko ntɔkwaw mmom sen sɛ wobedi nkogu no de ba. Jeffrey Leslie, a ɔne Jupiter-Tequesta (Florida) Mmirikatu Kuw titrani no ka sɛ: “Mahu awofo a wɔteɛm gu wɔn mma nkumaa so, hyɛ wɔn denneennen sɛ wonni nkonim; mmofra a wɔko wɔ agodi mu, a wɔn awofo na ɛkanyan wɔn ma wɔyɛ saa; mmofra nkumaa a wɔresu wɔ baseball agoprama so esiane sɛ wɔn awofo hyɛɛ wɔn . . . aniwu nti.” Ɔde ka ho sɛ: “Biribiara nni hɔ a etumi ma awofo da suban a ɛmfata adi te sɛ mmofra agumadi.” Nea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ mmofra ho ban afi basabasayɛ a ɛte saa ho no, aman bi afa ɔkwan a anibere wom so abara awofo binom sɛ wɔnnkɔ agumadi a wɔn mma ka ho ase.

Dɛn na afi abufuw a wontumi nsiw ano a ɛretrɛw yi mu aba? Fred Engh, a ɔhyehyɛɛ Ɔman Mmabun Agumadi Apam a ɛwɔ Florida na ɔno ara ne titirani no ka sɛ: “Saa animguase nneyɛe a mpanyimfo dodow no ara da no adi no resɛe mmabun agumadi, ɛresɛe anigye a ɛwom no, na ɛde nneɛma bɔne rehyɛ mmofra ɔpepem pii adwenem.”

Di Nkonim Wɔ Ɔkwan Biara So

Ɛda adi sɛ nea ɛde ɔhaw yi aba ne sɛ, awofo binom pɛ sɛ wɔn mma bɔ mmɔden sen mmofra afoforo na wodi nkonim ɔkwan biara so. Asoɛe a ɛhwɛ Mmofra a wɔyɛ wɔn Ayayade ho nsɛm so wɔ Canada, nanmusifo bi kae sɛ: “Sɛ tebea no bɛyɛ sɛ nkonimdi ne ade a ɛho hia sen biara, na tumi ne ade nyinaa a, wɔn a wɔyɛ mmerɛw no ba ahokyere mu. Wɔ agumadi horow yi mu no, mmofra ne wɔn a wɔyɛ mmerɛw.” Ɔpanyin bi a ɔwɔ Ontario (Canada) Nipadua ne Akwahosan Ho Ntetee Kuw mu ka sɛ mmofra a wɔma wɔn ba nhyɛso a ɛte saa mu no “betumi anya adwenemhaw bere a wosusua no. Na sɛ wonyin a, ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wobegyina huammɔdi ano.”

Ɛnyɛ nwonwa sɛ, mpɛn pii no abufuhyew a awofo ne agumadi akyerɛfo da no adi no taa hyɛn agumadifo a wosusua no mu. Wɔ mmabaa volibɔɔl agumadi bi mu no, agumadifo no tow hyɛɛ wɔn a wɔhwɛ agumadi no so no so mpɛn ason. Abeawa bi a woyii no fii tɛnis agumadi bi mu no sɛee nea ɔhwɛ agumadi no so no kar de tuaa ka. Bere a nea ɔhwɛ atentam agumadi so wɔ ntoaso sukuu bi mu bɔɔ n’abɛn tiaa agumadifo no biako sɛ wabu agumadi no mmara so no, ɔde ne moma bɔɔ nea ɔhwɛ agumadi no so de mu ma ɔtɔɔ mum. Darrell Burnett, a ɔyɛ mmofra adwene ne nneyɛe ho nimdefo ne mmabun agumadi ho fotufo ka sɛ: “Ná anka mmabun agumadi da nsow sɛ agumadi a ɛyɛ anigye na basabasayɛ biara nnim. Ɛnte saa bio. Ɛnyɛ agumadi a mmabun de gye wɔn ani kɛkɛ bio.”

Nea Awofo Betumi Ayɛ

Ɛsɛ sɛ awofo kae sɛ anigye ne apɔw-mu-teɛteɛ nti na mmofra ani gye agumadi horow ho. Mmofra agumadi a wɔbɛma adan dwumadi a ɛde adwennwen brɛ mmofra ne atɛnnidi a wɔdan gu wɔn so no sɛe agumadi no atirimpɔw—ɛnkyerɛ ɔdɔ. Bible no ka sɛ: “Awofo, monnhyɛ mo mma abufuw.”—Efesofo 6:4, The Jerusalem Bible.

Dɛn na ɛbɛboa ɔwofo bi ma wakari pɛ wɔ eyi mu? Nea edi kan koraa no, sɛ woma ɛtra w’adwenem sɛ saa na na ɛte wɔ wo fam bere a na wusua no a, ebetumi aboa. So na wobɔ mmɔden wɔ agumadi mu te sɛ wɔn a wɔn ho akokwaw? So ntease wom sɛ wobɛhwɛ kwan sɛ wo babarima anaa wo babea betumi ayɛ saa? Sɛnea ɛte biara no, ‘mmofra yɛ mmerɛw.’ (Genesis 33:13) Afei nso, bɔ mmɔden sɛ wubenya adwempa wɔ nkonimdi ne nkogudi ho. Bible no ka ninkuntwe a anohyeto nnim ho asɛm sɛ ɛyɛ “ahuhude ne ɔdadwen hunu.”—Ɔsɛnkafo 4:4.

Anigyesɛm ne sɛ, obi a kan no na ɔbɔ baseball agumadi kunini bi hyɛ awofo nkuran sɛ wɔnna nhumu adi wɔ nkonimdi ne nkogudi ho, ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn bo fuw sɛ abofra bi mmɔ mmɔden wɔ agumadi no mu a, na saa nso na ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye dodo bere a abofra bi di nkonim no. Sɛ anka wɔde wɔn adwene nyinaa besi nkonimdi so no, ɛsɛ sɛ awofo de wɔn adwene si anigye a mmofra no nya ne apɔwmuden so mfaso a mmofra no nya so.

Eyi ama awofo binom asusuw sɛ mmofra agumadi kanyan akansi honhom a ɛmfata. Nanso, eyi nso nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn mma ne afoforo di agoru de gye wɔn ani. Sɛ nhwɛso no, Kristofo awofo pii ahu sɛ wɔn mma ani gye sɛ wɔne wɔn mfɛfo gyidifo bedi agoru wɔ mfikyiri anaa mmofra agodibea a ɛwɔ mpɔtam hɔ. Wɔ saa kwan yi so no, awofo no tumi de anohyeto ma wɔ wɔn mma fekubɔ ho. Bɔ a abusua no bom pue nso betumi abue hokwan ama agodi a ɛyɛ papa nso. Nokwarem no, anigye a wonya wɔ mfikyiri agodi mu no renyɛ te sɛ woka kuw a ɛredi nkonim wɔ agodi bi mu ho. Nanso, mma wo werɛ mfi da sɛ “ɔhonam mu mmɔdenbɔ so mfaso sua, na onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu.” (1 Timoteo 4:8) Sɛ wukura agumadi ho adwene a ɛkari pɛ yi mu a, wubetumi abɔ wo ba ho ban afi basabasayɛ foforo a ɛretrɛw yi ho.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]

Ɛsɛ sɛ agumadi yɛ nea ɛde anigye ba, ɛnyɛ nea ɛde ntawtawdi ba

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena