Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 1/8 kr. 18-20
  • Medee Me Ho Fii Nitan Nkoayɛ Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Medee Me Ho Fii Nitan Nkoayɛ Mu
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aweredi Bɛyɛɛ Me Botae
  • Minya Ahofadi—Wɔ Afiase
  • Nsakrae Ho Nsɛnnennen
  • M’abusua Kyerɛ Anisɔ
  • Abusua a Ɛdɔɔ Me Nokwarem
    Nyan!—1995
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Minyaa M’ahofadi Wɔ Afiase!
    Nyan!—1988
  • Agyanom Baanu a na Ɛsɛ sɛ Mepaw Biako
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 1/8 kr. 18-20

Medee Me Ho Fii Nitan Nkoayɛ Mu

SƐNEA JOSÉ GOMEZ KA KYERƐE

WƆWOO me September 8, 1964, wɔ Rognac, kurow ketewaa bi a ɛwɔ France anafo fam mu. Na m’awofo ne me nananom yɛ Andalusia Indiafo Atubrafo, a wɔwoo wɔn wɔ Algeria ne Morocco, wɔ Afrika Atifi fam. Sɛnea ɛte wɔ Indiafo Atubrafo amammerɛ mu no, na yɛn abusua no yɛ abusua santen no bi.

Na m’agya yɛ basabasa, na nneɛma a mekae wɔ me mmofraase a ɛfa ne ho no bi ne nneɛma a na ɔyɛ de pira me maame no. Bere kɔɔ so no, me maame sii gyinae sɛ obegyae no aware—biribi a ɛntaa nsi wɔ Indiafo Atubrafo mu. Me maame faa me ne me nuabarima, ne me nuabea, de yɛn kɔɔ Belgium kɔtraa hɔ asomdwoe mu mfe awotwe a edi hɔ no.

Nanso, nneɛma sesae. Ná yɛn mmofra no pɛ sɛ yehu yɛn papa, enti Maame de yɛn kɔɔ France san ne yɛn papa kɔboom. Yɛn papa a yɛsan ne no kɔtrae no ma mihyiaa nsɛnnennen. Wɔ Belgium no, na yɛne Maame kɔ baabiara. Nanso, wɔ me papa abusuafo fam no, na ɛsɛ sɛ mmarima ne mmarima na ɛbɔ. Wɔn adwene a ɛda nsisi adi ne sɛ mmarima wɔ hokwan ahorow nyinaa na mmea na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnwuma nyinaa. Sɛ nhwɛso no, da bi a mepɛe sɛ mɛboa me sewaa ma yɛahohoro nneɛma a yedidii mu anwummere no mu no, me wɔfa bɔɔ me sobo sɛ me ne nnipa a wɔne me kura bɔbeasu koro da. Wɔ n’abusua mu no, na nneɛma mu hohoro yɛ mmea nkutoo adwuma. Awiei koraa no, saa adwene a ɛnteɛ yi nyaa me so nkɛntɛnso.

Ankyɛ koraa na m’agya de subammɔne a na ɛma ɔyɛ basabasa no baa me maame so bio. Mpɛn pii no, sɛ me ne me nuabarima bɔ mmɔden sɛ yɛbɛpata a, na ɛsɛ sɛ yeguan fa mfɛnsere mu na Paapa akuturuku no anka yɛn. Me nuabea no nso amfa ne ho anni. Ɛno nti, na mentaa ntra fie koraa. Bere a midii mfe 15 no, na minni asetra mu akwankyerɛ biara.

Bere kɔɔ so no, wobehuu me sɛ obi a ɔfa abufuw na ɔyɛ basabasa. Na m’ani gye sɛ mesisi afoforo. Ɛtɔ mmere bi a mehyɛ da yi mmerante afoforo ahi, nanso na wɔn mu kakraa bi na wobua me—ne titiriw esiane sɛ na mpɛn pii no sekan anaa nkɔnsɔnkɔnsɔn hyɛ me ho nti. Ankyɛ na mifii ase wiawiaa kar tɔnee. Ɛtɔ mmere bi a, na mede ogya to kar no mu, na bere a merehwɛ odumgyafo sɛ wɔredum no no, na m’ani agye. Akyiri no, mifii ase bubuu sotɔɔ ne adekora adan ani kowiaa ade. Wɔkyeree me mpɛn dodow bi. Na bere biara a wɔbɛkyere me no mebɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa me!

Yiw, na migye Onyankopɔn di. Bere a yɛwɔ Belgium no, mekɔɔ nyamesom sukuu bi. Enti, na minim sɛ nea mereyɛ no yɛ bɔne. Nanso, me gyidi a na mewɔ wɔ Onyankopɔn mu no annya nkɛntɛnso biara wɔ m’abrabɔ mu. Misusuwii sɛ nea ɛsɛ sɛ meyɛ ara ne sɛ mesrɛ bɔne fafiri na Onyankopɔn de me bɔne afiri me.

Wɔ 1984 mu no, miwiaa ade ma wɔde me too afiase asram 11. Wɔde me kɔtoo Baumettes Afiase, wɔ Marseilles. Bere a na mewɔ hɔ no, mikurukyerɛw me nipadua afã horow pii. Nsɛm a mekyerɛw guu me ho no biako kenkan sɛ “ɔtan ne aweredi.” Sɛ anka mɛsesa no, memaa afiase a mekɔe no miaa nitan a mewɔ wɔ tumidi ne ɔmanfo ho no mu. Woyii me akyi, wɔ bere a masom asram abiɛsa pɛ wɔ afiase hɔ no, nitan a emu yɛ den sen biara hyɛɛ me so. Afei, asiane bi a esii sakraa m’asetra.

Aweredi Bɛyɛɛ Me Botae

Akasakasa bi sɔree wɔ m’abusuafo ne Indiafo Atubrafo abusua foforo ntam. Me ne me wɔfanom sii gyinae sɛ yebehyia wɔn na yɛasiesie asɛm no. Ná akode hyehyɛ abusua abien no nyinaa ho. Wɔ akyinnyegye a ɛsɔree no mu no, wɔbɔɔ me wɔfa Pierre ne me papa nua tuo kum wɔn. M’adwene tu frae araa ma migyinaa ɔkwan mu, na bere a na mikura tuo no, mede abufuw teɛteɛɛm. Akyiri yi no, me wɔfa biako de ahoɔden gyee otuo no fii me nsam.

Wɔfa Pierre a na mibu no sɛ agya a mehweree no no maa awerɛhow hyɛɛ me so. Meyɛɛ n’ayi sɛnea Indiafo Atubrafo amanne kyerɛ. Wɔ nna pii mu no, manyi m’abogyesɛ na manni mogyanam biara. Manhwɛ television na mantie dwom. Mekaa ntam sɛ medi me wɔfa wu no so were, nanso m’abusuafo amma me nsa anka tuo.

Wɔ August 1984 mu no, wɔde me hyɛɛ sraadi mu. Bere a midii mfe 20 no, mede me ho hyɛɛ Amanaman Nkabom asraafo a wɔhwɛ ma asomdwoe ba wɔ Lebanon no mu. Migyee asiane a ɛyɛ sɛ mekum afoforo anaa wobekum me no toom. Saa bere no, na menom wii paa. Bere a na nnubɔne no ma mete nka sɛ biribiara nhaw me no, na ɛsan ma mete nka sɛ biribiara ntumi mpira me.

Na ɛyɛ mmerɛw sɛ obi benya akode wɔ Lebanon, enti misii gyinae sɛ mede akode bɛmena akɔ France na mede adi me tirim a mabɔ sɛ medi me wɔfa wu so were no ho dwuma. Metɔɔ atuo abien ne mmoba fii mpɔtam hɔfo hɔ. Mitutuu atuo no de hintaw radio abien mu, na mede menaa fie.

Aka adapɛn abien pɛ na me sraadi bere no aba awiei no, me ne m’ayɔnkofo baasa fii yɛn adwumayɛbea a yɛammisa kwan. Yɛsan baa asraafo atrae hɔ no, wɔde yɛn too ban mu. Bere a mewɔ afiase no, me bo fuwii na metow hyɛɛ ɔwɛmfo bi so. Na mente ase sɛ payo—obi a ɔnyɛ Indiani Tubrafo—bebu me animtiaa. Ade kyee no, mesan ne ɔpanyin bi de sii ani. Wɔde me kɔɔ Montluc Afiase, wɔ Lyons, kodii m’asraadi mmere a aka no wɔ hɔ.

Minya Ahofadi—Wɔ Afiase

Da a edi kan wɔ Montluc Afiase hɔ no, aberante bi a ne ho dwo kyiaa me. Mibehui sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo, na na ɔne afoforo a wɔne no kura gyidi biako no da afiase esiane sɛ wɔrenkɔ sraadi nti. Ná ɛkyere m’adwene. Na mepɛ sɛ misua nneɛma pii.

Mihui sɛ Yehowa Adansefo wɔ nokware dɔ ma Onyankopɔn, na m’ani sɔɔ wɔn abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn no. Nanso, na mewɔ nsɛmmisa pii. Ne titiriw no, na mepɛ sɛ mihu sɛ awufo betumi ne ateasefo adi nkitaho denam dae mu anaa—biribi a Indiafo Atubrafo pii gye di no. Ɔdansefo bi a ne din de Jean-Paul kae sɛ ɔne me besua Bible no, na ɔde Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no na ebedi dwuma.a

Mede anigye kenkan nhoma no mu nsɛm nyinaa anadwo biako, na nea mekenkanee no maa me koma tɔɔ me yam. Minyaa nokware ahofadi wɔ afiase ha! Bere a akyiri yi koraa woyii me fii afiase no, mefaa keteke kɔɔ fie a na mikura bag a Bible ho nhoma ahorow ayɛ mu ma.

Nea ɛbɛyɛ na me ne Adansefo a ɛwɔ me mpɔtam hɔ bedi nkitaho no, mekɔɔ Ahenni Asa a ɛwɔ Martigues no so. Saa bere yi de, ɛdenam bere nyinaa somfo kumaa bi a wɔfrɛ no Eric mmoa so no, metoaa Bible adesua no so. Wɔ nna kakraa bi mu no, migyaee sigaretnom, na metwee me ho fii me kan nnamfo a na me ne wɔn di nsɛmmɔne no ho. Ná masi me bo sɛ mɛyɛ m’ade ma ɛne asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 27:11 no ahyia: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.” Mahu sɛ Yehowa yɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ, na mepɛ sɛ mesɔ n’ani.

Nsakrae Ho Nsɛnnennen

Na ɛnyɛ mmerɛw sɛ mede Kristofo nnyinasosɛm bedi dwuma. Sɛ nhwɛso no, mesan de nnubɔne dii dwuma bio adapɛn dodow bi ansa na meretumi agyae. Nanso, nea na ɛyɛ den paa ma me ne sɛ meyi aweredi ho adwene no afi me mu. Na mede tuo hyɛ me ho bere nyinaa a ná Eric nnim, na na meda so ara rebɔ pɔw denneennen sɛ medi wɔn a wokum me wɔfa no so were. Ná mede anadwo mũ nyinaa bɔ mmɔden hwehwɛ wɔn.

Bere a mekaa eyi ho asɛm kyerɛɛ Eric no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ me sɛ merentumi ne Onyankopɔn nnya abusuabɔ pa bere a mede akode di dwuma na mepɛ sɛ medi were no. Na ɛsɛ sɛ misi gyinae. Midwennwen ɔsomafo Paulo afotu a ɛwɔ Romafo 12:19 a ɛka sɛ: “Adɔfo, munnnidi mo ho were, na mmom munnyaw mma [Onyankopɔn] abufuw” no ho kɔɔ akyiri. Eyi a meyɛe ne mpae a mifi komam bɔe no boaa me ma midii me ho so. (Dwom 55:22) Awiei koraa no, metow m’akode no gui. Misuaa Bible no afe biako akyi no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn ho sɛnkyerɛnne wɔ December 26, 1986 mu.

M’abusua Kyerɛ Anisɔ

Nsakrae a na mayɛ wɔ m’abrabɔ mu no hyɛɛ m’awofo nkuran ma wosuaa Bible no. Wɔsan waree bio, na me maame bɔɔ asu wɔ July 1989 mu. Bere kɔɔ so no, m’abusuafo no mu dodow no ara gyee Bible nkrasɛm no toom na wɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo.

Wɔ August 1988 mu no, misii gyinae sɛ mɛyɛ bere nyinaa somfo. Afei mihuu onuawa kumaa bi a medɔ no wɔ m’asafo mu a wɔfrɛ no Katia. Yɛwaree wɔ June 10, 1989 mu. Na yɛn afe a edi kan wɔ aware mu no nna fam, esiane sɛ na meda so ara wɔ nsakrae ahorow a ɛsɛ sɛ mɛyɛ wɔ me su a na mewɔ wɔ mmea ho no nti. Na ɛyɛ den ma me sɛ mede nsɛm a ɛwɔ 1 Petro 3:7 a ɛhyɛ okununom nkuran sɛ wɔmfa nidi mma wɔn yerenom no bedi dwuma. Na ɛsɛ sɛ mebɔ mpae mpɛn pii de hwehwɛ ahoɔden a mede bɛka m’ahantan su no ahyɛ na masesa sɛnea misusuw nneɛma ho no. Nsakrae no fii ase tuu mpɔn nkakrankakra.

Na me wɔfa wu no da so ara haw me yiye ma enti ɛtɔ mmere bi na ne ho adwene besi me tirim a, nusu gu me a mintumi nyɛ ho hwee. Sɛ mekae kum a wokum no no a, ɛma midi yaw kɛse. Mebɔɔ asu mfe pii akyi mpo no, na misuro sɛ mehyia abusua a bere bi a atwam no, na ɔtan da yɛne wɔn ntam no mufo mpofirim. Sɛ wɔtow hyɛ me so a, na dɛn na mɛyɛ? Mɛyɛ m’ade dɛn? So me nipasu dedaw no bedi nim?

Da koro bi, mekɔmaa baguam ɔkasa wɔ asafo a na ɛbɛn yɛn no mu. Ɛnna mihuu Pepa, a ɔyɛ mmarima a wokum me wɔfa no busuani. Mɛka nokware sɛ, hu a mihuu no no sɔɔ me Kristoni nipasu ankasa hwɛe. Nanso, mede me nkate too nkyɛn. Akyiri yi, da a Pepa gyee asubɔ no, meyɛɛ no atuu maa no amo wɔ gyinae a osii sɛ ɔbɛsom Yehowa no ho. Ɛmfa ho nea na asi nyinaa no, migyee no toom sɛ me honhom fam nuabea.

Meda Yehowa ase da biara sɛ ɔboaa me ma mitumi dee me ho fii nitan nkoayɛ mu. Ɛhefa na sɛ ɛnyɛ Yehowa mmɔborohunu a anka mewɔ nnɛ? Yehowa nti, manya abusua asetra a anigye wom. Mewɔ daakye ho anidaso nso—wiase foforo bi a ɔtan ne basabasayɛ nnim. Yiw, mewɔ ahotoso koraa sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ bɛbam: “Wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo [Yehowa, NW] ano na aka.”—Mika 4:4.

[Ase hɔ asɛm]

a Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Wɔde me ka UN asraafo a wɔhwɛ ma asomdwoe ba wɔ Lebanon no ho, 1985

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Me ne Katia ne me mmabarima Timeo ne Pierre

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena