Ɔfã a Edi Kan—Nkuro a Wɔbɔ Wɔ Asɛnnibea Kunini no Anim
DAA WƆHYƐE sɛ wobetie afanu no nkurobɔ wɔ Ɔtemmufo Panyin William Rehnquist ne n’atemmufo baawɔtwe a wɔka ne ho wɔ Asɛnnibea Kunini no anim no ne February 26, 2002. Mmaranimfo baanan na wobegyinaa Yehowa Adansefo no ananmu.
Nea odi Adansefo no mmaranimfo no anim no de nnianim asɛm a ɛtwetwe adwene na efii ne nkurobɔ no ase sɛ: “Ɛyɛ Memeneda anɔpa 11:00 wɔ Stratton Akuraa. [Afei ɔbɔɔ asɛnnibea kyeame pon no so mprɛnsa.] ‘Mema wo akye. Esiane nnansa yi nsɛm a esisi nti, mabɔ mmɔden titiriw sɛ mɛba wo fie ne wo abɛka nea Odiyifo Yesaia kaa ho asɛm sɛ asɛmpa no ho asɛm akyerɛ wo. Ɛno ne asɛmpa a Kristo Yesu kaa ho asɛm kyerɛe, Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no.’”
Ɔtoaa so sɛ: “Ɛyɛ bɔne sɛ wobɛkɔ afie afie wɔ Stratton Akuraa de saa nkrasɛm no akɔma gye sɛ wudi kan gye tumi krataa fi akuraa no ase mpanyimfo hɔ ansa.”
‘So Monsrɛ Sika?’
Ɔtemmufo Stephen G. Breyer bisaa Adansefo no ho nsɛm bi a ɛho hia. Obisae sɛ: “So ɛyɛ nokware sɛ wo nkurɔfo a wugyina wɔn ananmu yi nsrɛ sika biara, kaprɛ mpo, ne sɛ wɔntontɔn Bible, na wɔntɔn biribiara ka asɛm a wɔka sɛ, ‘Mepɛ sɛ meka ɔsom ho asɛm kyerɛ wo’ no ho?”
Mmaranimfo a ogyina Yehowa Adansefo no ananmu no buae sɛ: “Me Wura, adanse wɔ hɔ pefee sɛ, Yehowa Adansefo annye sika wɔ Stratton Akuraase hɔ. Wɔ mmeae afoforo no, adanse no da adi pefee sɛ ɛtɔ mmere bi a wɔka ntoboa a wofi ɔpɛ mu yi ho asɛm. . . . Ɛnyɛ sika na yɛrehwehwɛ. Nea yɛhwehwɛ ara ne sɛ yɛbɛka Bible no mu asɛm akyerɛ nkurɔfo.”
So Ehia sɛ Aban Ma Ho Kwan Ansa?
Ɔtemmufo Antonin Scalia de nhumu bisae sɛ: “So ɛnyɛ wo nsusuwii ne sɛ ɛnsɛ sɛ wokɔ kurow no sohwɛfo hɔ kogye tumi krataa ansa na woatumi aka asɛm bi a ɛyɛ anigye akyerɛ ofipamfo bi anaa?” Adansefo no mmaranimfo no buae sɛ: “Yennye nni sɛ ɛsɛ sɛ saa Asɛnnibea yi gye Aban a ne mmara hwehwɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔman ba bi gye tumi krataa ansa na wɔatumi ne ɔman ba foforo akɔkasa wɔ ne fie no tom.”
Nkurobɔ Foforo, Su a Ɛsakra
Afei na adu Akuraa no so sɛ wɔde wɔn asɛm bɛto gua. Nea odi Akuraa no mmaranimfo no anim no kyerɛkyerɛɛ Stratton mmara no mu, kae sɛ: “Stratton de tumi a ɛwɔ sɛ ɛbɔ ne manfo ho ban no redi dwuma de abɔ ne manfo no kokoam nsɛm ho ban, bere a ɛhwɛ sɛ ɛrenhyɛ nsɛmmɔnedi ho nkuran no. Mmara a ɛkyerɛ sɛ wonnni adanse anaa wommmisa ade wɔ nkurɔfo afie mu no hwehwɛ sɛ wobedi kan de wɔn din ahyɛ mmara ase na wɔakura tumi krataa wɔ wɔn afie afie dwumadi no mu ara kwa.”
Ɔtemmufo Scalia faa aba a ɛwɔ asɛm no mu ntɛmpa ara bisae sɛ: “So munim asɛm foforo bi a [Asɛnnibea Kunini] no adi a ɛte saa a ɛfa mmara yi mpo ho, a ɛfa hokwan a wobisa, sika a ɛnsɛ sɛ wɔsrɛ, ade a ɛnsɛ sɛ wɔtɔn ho, na mo ankasa munim sɛ wɔka sɛ, ‘Mepɛ sɛ meka Yesu Kristo ho asɛm,’ anaa ‘Mepɛ sɛ meka nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho ban a yɛbɛbɔ ho asɛm?’ So yɛadi asɛm bi a ɛte saa pɛn?”
Ɔtemmufo Scalia toa so sɛ: “Bɛboro mfe ahanu ni, minhuu asɛm a ɛte saa da.” Ɛno na Ɔtemmufo Panyin Rehnquist twaa n’ano kae sɛ: “Wobaa wiase nkyɛe saa.” Ɛno maa wɔn a wɔwɔ asɛnnibea hɔ nyinaa serewee. Ɔtemmufo Scalia toaa n’asɛm no so sɛ: “Eyi yɛ me asɛm foforo koraa.”
Nsusuwii a Eye Kyɛn So?
Ɔtemmufo Anthony M. Kennedy bisaa asɛm a emu da hɔ sɛ: “Wususuw sɛ ɛyɛ nsusuwii a eye kyɛn so sɛ mesrɛ Aban hɔ tumi ansa na mapue akogyina kwan ho, baabi a minnim nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa, [na] maka sɛ, mepɛ sɛ me ne wo kasa efisɛ nwura a wɔbɛsesaw ho asɛm hia me, efisɛ yɛn Mmarahyɛ Baguani ho asɛm hia me, anaa biribi a ɛte saa. So ɛsɛ sɛ mesrɛ Aban ansa na matumi ayɛ saa?” Ɔde kaa ho sɛ, “Ɛyɛ nwonwa.”
Afei, Ɔtemmufo Sandra Day O’Connor de n’ano too asɛm no mu bisae sɛ: “Na wɔn a wowura afie mu buronya bere hunahuna nkurɔfo gye aduan ne nsa kwa no nso ɛ? So ɛsɛ sɛ wogye tumi krataa? Atemmufo O’Connor ne Scalia nyinaa annyae nsusuwii yi mu. Ɔtemmufo O’Connor de asɛm foforo too gua: “Na sɛ wokɔ wo fipamfo hɔ kɔfɛm asikre kakra nso ɛ? So ɛsɛ sɛ migye tumi krataa ansa na makɔfɛm asikre kakra afi me fipamfo hɔ?”
So Adansefo no Yɛ Asotufo?
Ɔtemmufo David H. Souter bisae sɛ: “Dɛn nti na saa mmara yi fa Yehowa Adansefo ho? So wɔyɛ asotufo, wɔsrɛsrɛ ade, wɔtɔn ade, wosi konko, anaa wɔde wɔn nneɛma kyinkyin afoforo so tɔn ma wɔn? Wɔnyɛ eyinom mu biara, ɛnte saa?” Akuraa no mmaranimfo no kenkanee mmara no mu nsɛm pii na ɔde kaa ho sɛ ɔmansin no asɛnnibea no akyerɛ Yehowa Adansefo ase sɛ asotufo. Ɛfa eyi ho no, Ɔtemmufo Souter maa no mmuae sɛ: “Sɛ Yehowa Adansefo ka asotufo ho a, ɛnde na mowɔ ɛho nkyerɛase a ɛkɔ akyiri papa.”
Afei Ɔtemmufo Breyer faa nsɛm asekyerɛ nhoma nkyerɛase a ɛfa asotu ho de kyerɛe sɛ ɛmfa Yehowa Adansefo ho. Ɔde kaa ho sɛ: “Menkenkanee biribiara wɔ wo nsɛm no mu a ɛfa atirimpɔw nti a wɔhwehwɛ sɛ saa [Yehowa Adansefo] a wɔnhwehwɛ sika, wɔntɔn ade, wɔn ani nnye abatow ho mpo no kɔ baabi a ɔmanfo hyia de wɔn din kɔhyɛ aban nhoma mu. Dɛn ne kurow no atirimpɔw?”
“Hokwan” a Wɔde Da Nsusuwii Adi
Akuraa no mmaranimfo kae afei sɛ “kurow no atirimpɔw ne sɛ wɔbɛkwati abufuw a wɔbɛhyɛ ofiewuranom no.” Ɔsan kyerɛɛ mu sɛ wɔyɛe na ama wɔde abɔ ɔmanfo ho ban afi amimdi ne nsɛmmɔnedifo ho. Ɔtemmufo Scalia faa mmara no mu nsɛm kae de kyerɛe sɛ kurow sohwɛfo no betumi ahwehwɛ dinkyerɛw no ho nsɛm mu akɔ akyiri na ama “wɔatumi akyerɛ hokwan a ɔhwehwɛ no mu pɛpɛɛpɛ.” Ɔde kaa ho pefee sɛ: “Hokwan a obi wɔ sɛ ɔkɔ ne man mufo nkyɛn ne wɔn kosusuw biribi ho dan wɔn ti—minhu ntease a ɛwɔ eyi mu.”
Ɔtemmufo Scalia san bisae sɛ: “So ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ sɛ obiara a ɔbɔ obi pon mu no kɔ baabi a ɔmanfo hyia ma wɔhwɛ ne nsateaa ano nsensanee ansa na watumi abɔ ɔpon bi mu? Ne sɛ nsɛmmɔnedi a ɛntaa nsi yi nti na ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ pon bi mu no kogye tumi krataa fi beae a ɔmanfo hyia no? Nokwarem no, ɛnte saa.”
So Mmara no Bɔ Ɔmanfo Ho Ban?
Simma 20 a wɔde maa Akuraa no mmaranimfo no soe no, ɔdanee nkurobɔ no maa Ohio man no mmara mu kwankyerɛfo panyin no. Ɔkae sɛ mmara a ɛmma adesrɛ ho kwan no bɔ ɔmanfo no ho ban fi ahɔho ho, “a ɛda adi sɛ ɔyɛ obi a mentoo nsa mfrɛɛ no, [a] waba m’asase so . . . na misusuw sɛ akuraa no wɔ hokwan sɛ ɛka sɛ, ‘Dwumadi a ɛte saa ho asɛm haw yɛn.’”
Afei Ɔtemmufo Scalia kae sɛ: “Akuraa no reka sɛ, sɛ mpo nnipa a wogye Yehowa Adansefo yi te hɔ a wɔayɛ ankonam, na wɔbɛpɛ sɛ wɔne obi bɔ nkɔmmɔ fa biribiara ho a, ɛda so ara hia sɛ saa nkurɔfo [Yehowa Adansefo] yi kɔ kurow sohwɛfo no hɔ kogye tumi krataa ansa na wɔanya hokwan abɔ wɔn apon mu.”
“Anohyeto a Enni Mũ Ankasa”
Bere a wogu so rebisabisa nsɛm no, Ɔtemmufo Scalia kaa asɛm bi a tumi wom bere a ɔkae sɛ: “Yɛn nyinaa betumi agye atom sɛ aman a emu dwo wɔ wiase no yɛ nea ɛhyɛ katabaako nniso ase. Nsɛmmɔnedi nnɔɔso wɔ hɔ. Ɛyɛ nokwasɛm a wogye tom wɔ baabiara, na nea efi ahofadi mu ba no biako ne mmarato, na ɔsɛmpɔw a ɛma ɛsɔre ne sɛ ebia nea enti a wɔyɛɛ eyi no bɛbrɛ mmarato ase ma ɛne ahofadi a obi betumi de abɔ obi pon mu a wɔbɛhwere no ahyia.” Afei mmara mu kwankyerɛfo panyin no gyee so sɛ “ɛyɛ anohyeto a enni mũ ankasa.” Ɔtemmufo Scalia buae sɛ anohyeto no nni mũ ara ma “yentumi nhu asɛm biako mpo a ɛkyerɛ sɛ kurow bi ahyɛ mmara a ɛte saa pɛn. Minsusuw sɛ edi mu.”
Awiei koraa no, ɔtemmufo biako maa mmara mu kwankyerɛfo panyin no gye toom sɛ: “Ɛbɛyɛ den ama me sɛ mɛka sɛ obi betumi abara apon a wɔbom koraa.” Ɔkaa saa no, ne nkurobɔ no sii.
Bere a wɔredi anobaebae no, Adansefo no mmaranimfo no kae sɛ mmara no nni nnyinaso titiriw biara. “Metumi akɔ baabi a ɔmanfo hyia hɔ na maka sɛ, ‘Meyɛ [Asiamasi],’ na magye tumi krataa akɔ afie afie mu.” Ɔkae nso sɛ kurow sohwɛfo no wɔ tumi sɛ ɔremma obi a ɔka sɛ onni ahyehyɛde biara mu no tumi krataa. Ɔkae sɛ: “Yegye di sɛ eyi da tumi a ɔwɔ sɛ osi gyinae wɔ biribi ho no adi pefee,” na ɔde kaa ho sɛ: “Mifi obu mu reka sɛ yɛn [Yehowa Adansefo] dwumadi no yɛ nea nokwarem no, ɛyɛ ade titiriw wɔ Nsakrae a Edi Kan no mu.”
Eyi akyi bere tiaa bi no, Ɔtemmufo Panyin Rehnquist twaa nkurobɔ no so, na ɔkae sɛ: “Yɛde asɛm no rekɔ [Asɛnnibea Kunini].” Asɛnnii no nyinaa gyee bɛyɛ dɔnhwerew biako ne kakra. Yebehu sɛnea na saa dɔnhwerew no som bo wɔ atemmu a wɔkyerɛw de too gua wɔ June mu no mu.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 6]
Ɔtemmufo Panyin Rehnquist
Ɔtemmufo Breyer
Ɔtemmufo Scalia
[Nsɛm Fibea]
Rehnquist: Collection, The Supreme Court Historical Society/Dane Penland; Breyer: Collection, The Supreme Court Historical Society/Richard Strauss; Scalia: Collection, The Supreme Court Historical Society/Joseph Lavenburg
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]
Ɔtemmufo Kennedy
Ɔtemmufo O’Connor
Ɔtemmufo Souter
[Nsɛm Fibea]
Kennedy: Collection, The Supreme Court Historical Society/Robin Reid; O’Connor: Collection, The Supreme Court Historical Society/Richard Strauss; Souter: Collection, The Supreme Court Historical Society/Joseph Bailey
[Mfonini wɔ kratafa 8]
Asɛnnibea mpia mu
[Asɛm Fibea]
Photograph by Franz Jantzen, Collection of the Supreme Court of the United States