Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 1/8 kr. 12-14
  • Wo Nyinsɛn a Wobɛhwɛ no Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wo Nyinsɛn a Wobɛhwɛ no Yiye
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwahosan Sohwɛ Ansa na Nyinsɛn Aba
  • Akwahosan Sohwɛ Wɔ Nyinsɛn Mu
  • Awogye a Asiane Nnim
  • So Woyɛ Nea Wɔnwoo No No Adamfo?
    Nyan!—1982
  • Mperewa Nyinsɛn—Wiase Nyinaa Haw
    Nyan!—2005
  • Mmofra​—Agyapade Anaasɛ Adesoa?
    Nyan!—1993
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 1/8 kr. 12-14

Wo Nyinsɛn a Wobɛhwɛ no Yiye

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ MEXICO HƆ

SƐNEA Amanaman Nkabom no Ɔmanfo Dodow Ho Foto kyerɛ no, mmea a wɔboro ɔpepem fã na ɔhaw a nyinsɛn de ba kunkum wɔn afe biara. Bio nso, Amanaman Nkabom Mmofra Ho Foto (UNICEF) bɔ amanneɛ sɛ mmea bɛboro ɔpepem 60 na wonya nyinsɛn mu ɔhaw ahorow afe biara, na eyi mu nkyem abiɛsa na wopira anaa wonya yare a ɛka wɔn so wɔn nkwa nna nyinaa. Wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu no, mmea pii nyinsɛn ntoatoa so, wo ntoatoaso, wɔnhwɛ wɔn ho so yiye, na ɛma wɔyɛ mmerɛw na wɔyare. Yiw, nyinsɛn betumi apira—na adi awu mpo. So biribi wɔ hɔ a ɔbea betumi ayɛ de ahwɛ ne nyinsɛn yiye?

Akwahosan Sohwɛ Ansa na Nyinsɛn Aba

Nhyehyɛe. Ebia ebehia sɛ okununom ne wɔn yerenom besusuw mmofra dodow a ɛsɛ sɛ wɔwo ho. Wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu no, ade a wɔtaa hu ne mmea a wokura mmofra nketewa, wɔma nkokoaa nufu, na bere koro no ara, wonyinsɛn foforo. Nhyehyɛe pa ne afoforo ho a wosusuw betumi ama bere abɛda abofra biako awo ne nea odi hɔ no ntam, na ama ɔbea no ho atɔ no, na ne ho asan ayɛ no den wɔ awo no akyi.

Nnuan a ɛma ahoɔden. Sɛnea Fekuw a Wɔboa Ma Nneɛma Pa Fi Nyinsɛn Mu Ba kyerɛ no, ansa na ɔbea benyinsɛn no, anyɛ yiye koraa no ohia asram anan a ɔde bɛsa ne ho yare afi nnuru ne nneɛma a ebia apira ne nipadua no ho, na wadi aduan a ɛbɛma wanya ahoɔden de atwɛn abofra a obenyin wɔ yafunum no. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔpemfo no nom folic acid a, ɛremma abofra no nnya spina bifida (yare a ɛmma abofra no akyi berɛmo nhyehyɛ yiye), a efi ehon ntini kɛse no a emu siw mu no. Esiane sɛ ehon ntini kɛse no mu siw wɔ nnafua 24 kosi 28 ntam bere a abofra bi ayɛ mogyatɔw akyi—bere tenten a egye ansa na mmea pii behu sɛ wɔanyinsɛn—no nti, mmea binom a wɔresiesie wɔn ho ama nyinsɛn no nom folic acid.

Aduannuru foforo a ɛho hia ne iron. Nokwarem no, sɛ ɔbea nyinsɛn a, iron a ohia no bu bɔ ho abien. Sɛ iron a ɛwɔ ne mu nnɔɔso sɛnea ɛfata a,—sɛnea ɛte wɔ mmea pii a wɔwɔ aman a wonnyaa nkɔso pii ho no—ne mogya so betumi atew. Sɛ ɔbea nyinsɛn ntoatoa so a, tebea yi betumi asɛe esiane sɛ ebia ɔbea no nnya bere wɔ nyinsɛn no ntam mfa nya iron foforo mfa nsi nea wahwere no ananmu no nti.a

Mfe. Mmea dodow a wonnii mfe 16 a nyinsɛn betumi ama wɔawu no boro wɔn a wɔwɔ wɔn mfe 20 mu a nyinsɛn betumi ama wɔawu no so ɔha mu nkyem 60. Nea ɛne no bɔ abira no, ɛnyɛ den koraa sɛ mmea a wɔadi boro mfe 35 no bɛwo mmofra a wɔadi dɛm fi awo mu, te sɛ Down syndrome yare no. Ahonhon taa yɛ ɛnanom a wonnyinii koraa anaa wɔn a wɔwɔ wɔn awo mfe a etwa to mu no. Saa yare a ɛde mogya mmoroso ba wɔ nyinsɛn no mu nnawɔtwe a ɛto so 20 mu ne ahonhon ne aduan mu ahoɔdennuru a ɛfa dwensɔ mu no de mmofra ne ɛnanom nkwa to asiane mu kɛse.

Nsanyare. Dwensɔ, awode, ne nsono mu nsanyare mu betumi ayɛ den wɔ nyinsɛn mu na ebetumi ama ɔpɔn anaa mogya mmoroso ho asiane ayɛ kɛse. Wotumi sa nsanyare biara yiye ansa na nyinsɛn afi ase.

Akwahosan Sohwɛ Wɔ Nyinsɛn Mu

Ɔpemfo hwɛ. Oduruyɛfo a wɔbɛkɔ ne hɔ daa wɔ nyinsɛn bere nyinaa mu no tew asiane a ɛma ɛnanom hwere wɔn nkwa no so. Wɔ aman a adugyebea ne ayaresabea mpo nnɔɔso mu no, wobetumi anya awogyefo a wɔatete wɔn yiye.

Apemfo a wɔhwɛ wɔn no betumi ama wɔn a wɔwɔ ho ntetee no ahu tebea a ebehia sɛ wɔhwɛ no yiye no. Nea ɛka eyi ho ne ntaafo anaa nea ɛboro saa nyinsɛn, mogya mmoroso, koma ne asaabo mu ɔhaw ahorow, ne asikreyare. Wɔ aman bi mu no, wotumi ma ɔpemfo asensen aduru a wɔde siw asensen a ɛba nkokoaa so no ano. Wobetumi ayɛ ne mu nhwehwɛmu wɔ nnawɔtwe 26 ne 28 ntam ahwɛ sɛ wanya yare mmoawa a ɛne group B streptococcus no bi anaa. Sɛ saa mmoawa yi wɔ nsono kɛse no mu a, ebetumi aka akokoaa no wɔ awo bere mu.

Ɛsɛ sɛ nea ɔrebɛwo no siesie ne ho sɛ ɔde ne ho nsɛm ne n’akwahosan ho abakɔsɛm a ɔkae nyinaa bɛma akwahosan animdefo no. Afei nso ɛnsɛ sɛ osuro sɛ obebisa nsɛm biara. Sɛ mogya tu no, sɛ mpofirim ara n’anim honhon, sɛ ne ti pae no denneennen ntoatoa so, ne nsam yɛ no yaw, n’ani so biriw no anaa ɛyɛ wusiwusi prɛko pɛ, ne yam kekaw no denneennen, ɔtaa fe, awɔw de no anaa onya atiridii, sɛ akokoaa no keka ne ho pii, nsu gu no, sɛ ɔte yaw bere a ɔredwensɔ anaa ontumi nnwensɔ sɛnea ɛsɛ a, ɛsɛ sɛ ntɛm ara ɔhwehwɛ nnuruyɛfo akyi kwan.

Mmosa ne nnubɔne. Sɛ ɛna bi nom mmosa ne nnubɔne (a tawa ka ho) a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ abofra no benya adwenem yare, obedi dɛm, anaa ne suban bɛyɛ basaa. Mmofra a nnubɔnenom aka wɔn maamenom hɔ no binom ayɛ basaa a ɛkyerɛ sɛ anya wɔn so nkɛntɛnso. Ɛwom sɛ ebinom gye di sɛ bobesa kakraa bi a ɔpemfo bɛnom no bere ne bere mu no nsɛe hwee de, nanso animdefo taa hyɛ nyansa sɛ ɛnsɛ sɛ wɔnom koraa wɔ nyinsɛn bere mu. Ɛsɛ sɛ apemfo yɛ ahwɛyiye nso wɔ sigaret wusiw a obi puw gu wɔn so ho.

Nnuru. Ɛnsɛ sɛ wɔfa aduru biara gye nea oduruyɛfo a onim nyinsɛn no ho asɛm a wasusuw emu ɔhaw ahorow ho ahyɛ da akyerɛw ama no no. Aduannuru a wɔnom de si aduan ananmu betumi nso ayɛ asiane. Sɛ nhwɛso no, vitamin A aduannuru a wɔbɛnom no ntraso no betumi adi akokoaa no dɛm.

Kɛseyɛ. Ɛsɛ sɛ ɔpemfo kwati sɛ ɔbɛyɛ kɛse pii. Sɛnea Krause’s Food, Nutrition and Diet Therapy kyerɛ no, asiane a ɛyɛ sɛ akokoaa a ne mu nyɛ duru betumi awu no boro nea ne mu duru fata de so mpɛn 40. Nea ɛne no bɔ abira no, nnipa baanu aduan a ɔpemfo bedi no bɛma wayɛ kɛse mmoroso. Kɛse a ɔbɛyɛ sɛnea ɛfata—a ɛtaa da adi wɔ asram a ɛto so anan rekɔ no—kyerɛ sɛ ɔpemfo no redidi sɛnea ɛfata.b

Ahotew ne nneɛma foforo. Wobetumi aguare sɛnea wɔyɛ no da biara no, nanso ɛnsɛ sɛ wɔde nnuru hohoro wɔn ananmu. Ɛsɛ sɛ ɔpemfo kwati sɛ ɔne obiara a ɔwɔ nsanyare, te sɛ Germanfo ntoburo bedi nkitaho. Bio nso, nea ɛbɛyɛ na ayɛmmoa yare nsan no no, ɛsɛ sɛ ɔde ahwɛyiye kwati mogyanam a ammen yiye ne agyinamoa tiafi. Ahotew nketenkete te sɛ nsa a wɔhohoro ne nnuaba ho a wɔhohoro ho hia paa. Nna mu nkitahodi ntaa mfa ɔhaw mma, gye sɛ adapɛn a etwa to a ɔpemfo no rebɛwo anaa bere a mogya tu no, ne yam kekaw no, anaasɛ ɔbea no pɔnee ne nyinsɛn a etwa to no.

Awogye a Asiane Nnim

Ɔbea a ɔhwɛ ne ho so yiye wɔ ne nyinsɛn mu no renhyia nsɛnnennen pii wɔ n’awo mu. Sɛnea ɛte no, ebia na wayɛ baabi a ɔbɛwo, sɛ ebia fie anaa ayaresabea ho nhyehyɛe dedaw. Afei nso obedi kan ahu nea ɛsɛ sɛ ɔhwɛ kwan ne sɛnea ɛsɛ sɛ ɔne awogyefo anaa oduruyɛfo a ne ho akokwaw no yɛ biako. Saa nipa yi nso behu nea n’ani gye ho—faako a obi betumi akyerɛ nea ɔpɛ—wɔ nsɛm te sɛ sɛnea ɔbɛpɛ sɛ ɔyɛ ne ho ma wogye no awo, sɛ wɔbɛtew n’ase na aboa no wɔ awo no mu, ne sɛ wɔde nnwinnade a wɔde twe akokoaa bedi dwuma, nnuru a edwudwo ɔyaw ano, ne kɔmputa afiri a wɔde bɛto akokoaa no so ahwɛ no, bedi dwuma ho. Ɛsɛ sɛ wɔn adwene hyia wɔ nsɛm afoforo nso ho: Sɛ ɛkɔba sɛ awo dɛn no wɔ fie a, ayaresabea anaa adugyebea bɛn na wɔbɛkɔ? Sɛ mogya tu no mmoroso a, dɛn na ɔbɛyɛ? Esiane sɛ mogyatu ma apemfo pii wuwu nti, ɛsɛ sɛ apemfo a wɔrekɔwo a wonnye mogya no nya nnuru a wɔde si mogya ananmu gu hɔ. Afei nso, ɛsɛ sɛ wosusuw nea wɔbɛyɛ wɔ bere a ɛsɛ sɛ wɔyɛ oprehyɛn de yi abofra no fi yafunu mu no ho.

Bible ka sɛ mmofra yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ, wɔyɛ “agyapade.” (Dwom 127:3) Mpɛn dodow a ɔbea nya ne nyinsɛn ho nimdeɛ no, dodow no ara na ɛbɛboa no. Sɛ ɔbea hwɛ ne ho so yiye ansa na wanyinsɛn ne wɔ ne nyinsɛn mu, na odi kan susuw awo ho nsɛm ho sɛnea ɛfata a, ɛbɛboa no ma ne nyinsɛn no ayɛ dwoodwoo.

[Ase hɔ nsɛm]

a Nneɛma ahorow a yenya folic acid ne iron fi mu ne mmerɛbo, adua horow, afumduan nhaban a ɛyɛ bun, nkate, ne aburow nnuan a wɔde nnuannuru ahyɛ mu. Nea ɛbɛyɛ na woatumi atwe nnuan a iron pii wom mu nnuannuru no, ɛbɛyɛ papa sɛ wode nnuan a vitamin C wom, te sɛ nnuaba a wɔatew no foforo bɛka ho.

b Kɛse a wɔhyɛ ho nyansa sɛ ɛsɛ sɛ ɔbea a ɔte apɔw a wafi ase nyinsɛn yɛ kosi bere a ɔbɛwo no yɛ kilogram 9 kosi 12. Nanso, ɛsɛ sɛ mmea a wɔadu wɔn mpanyin afe so anaa mmea a wonni aduan pa mu yɛ duru fi kilogram 12 kosi 15, na wɔn a wɔso mmoroso no nya kilogram 7 kosi 9 pɛ.

[Adaka wɔ kratafa 14]

NYANSAHYƐ AHOROW MA APEMFO

● Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ ɔpemfo di nnuaba, mfunne, (titiriw no akutu bun ne nea abere), adua ahorow (te sɛ soya adua, ne asɛdua), aburow nnuan (a awi, aburow, ne atoko—sɛ ɛbɛyɛ yiye a, awi a wɔnsɔw ho anaa nea wɔde aduannuru ahyɛ no ma), nnuan a efi mmoa mu (apataa, akokɔ, nantwinam, nkesua, kyiis, ne nufusu, nea eye ne nea wɔapa ani srade no) ka aduan a odi daa no ho. Ɛbɛyɛ papa sɛ onni srade, asikre a wɔasɔn so, ne nkyene pii. Nom nsu pii. Kwati anonne a caffeine wom ne nnuan a wɔde nnuru ahyɛ ne nea wɔde nnuru (te sɛ kɔla ne ahuamhuamnne) afra. Setaakye, hyire, ne nneɛma a ɛnsɛ sɛ apemfo di betumi asɛe w’ahoɔden na adi wo awu.

● Hwɛ yiye wɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a ebetumi apira wo te sɛ X-ray a wubetwa no pii ne nnuru a edi awu ho. Tew nnuru a wɔde kum nkoekoemmoa ne nnuru afoforo a wɔde di dwuma wɔ fie no so. Ɛnsɛ sɛ wotra ɔhyew mu pii ma wo ho yɛ hyew anaasɛ woteɛteɛ w’apɔw mu ma ɛboro so. Kwati sɛ wubegyina hɔ akyɛ anaa wobɛyɛ ade abrɛ pii. Fa kar mu akongua bɛlt bɔ beae pa a ɛsɛ sɛ wode bɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena