Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 2/8 kr. 12-16
  • Mihyiaa Gyidi Ho Sɔhwɛ Wɔ Nasi Europa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mihyiaa Gyidi Ho Sɔhwɛ Wɔ Nasi Europa
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Mu Nokware a Misua
  • Honhom Fam Onyin
  • 1938—Asiane Afe
  • Me Nuabarima, Willi
  • Willi Gyinabea Wɔ Bible Mu Nokware Ho
  • Vinko Nokwaredi Kosi Owu Mu
  • Yenya Ahofadi Awiei Koraa!
  • Ɔboafo a Ɔwɔ Ɔdɔ
  • Onyankopɔn Dɔ Dɔɔso Ma Me
  • Nazini A Ɔyɛ Den Abɛyɛ Kristoni Ɔhwɛfo
    Nyan!—1986
  • Yɛamfa Yɛn ho Anhyɛ Hitler Akodi no Mu
    Nyan!—1994
  • Dɛn Na Metumi De Atua Yehowa Ka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Mede Me Ho Ato Yehowa Adɔe So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 2/8 kr. 12-16

Mihyiaa Gyidi Ho Sɔhwɛ Wɔ Nasi Europa

SƐNEA ANTON LETONJA KA KYERƐE

Wɔ March 12, 1938 no, Hitler asraafo dɔm twaa Austria ɔhye no. Aperententu nnwom ne amanyɔsɛm mu fene ahorow yɛɛ radio so ma. Ɔman ho dɔ mframa bɔ faa me kurow, Austria, mu nyinaa.

BERE a Hitler bedii tumi no, nkurɔfo dii ahurusi wɔ Austria. Nnipa pii susuwii sɛ ne “Mfirihyia Apem Nniso” no bɛma ohia ne adwuma a wonnya nyɛ to atwa. Ɔman ho dɔ a na abɔ ɔman mũ no nyinaa dam no kyeree Katolek asɔfo mpo, na wokyiaa Hitler nkyia.

Ɛwom sɛ na meyɛ abarimaa a madi mfe 19 pɛ de, nanso mamma ɛbɔ horow a Hitler hyehyɛe no annaadaa me. Ná minnye nni sɛ nnipa nniso bi betumi adi adesamma haw ahorow ho dwuma.

Bible Mu Nokware a Misua

Wɔwoo me April 19, 1919 mu, wɔ Donawitz, Austria, na na me na meto so abiɛsa a misua koraa wɔ yɛn abusua no mu. Ná Paapa yɛ mmɔdenbɔfo a otu biriw. Wɔ 1923 mu no, ɔde yɛn abusua no kɔɔ France, baabi a onyaa adwuma wɔ Liévin kurow bi a wotu biriw wom mu. Esiane gyidi a na ɔwɔ wɔ amammuisɛm mu nti, na ɔmpɛ nyamesom, nanso na Maame yɛ Katolekni mapa. Ɔtetee yɛn mmofra no ma yenyaa Onyankopɔn mu gyidi, na na ɔne yɛn bɔ mpae anadwo biara. Bere kɔɔ so no, Paapa ani a na ennye nyamesom ho no yɛɛ kɛse araa ma ɔbaraa Maame asɔrekɔ.

Wɔ 1920 mfe no awiei no, yehyiaa Vinzenz Platajs, a na yɛtaa frɛ no Vinko, aberantewaa bi a na ofi Yugoslavia. Ná ɔne Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no sua ade. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Bible Asuafo no biako fii ase sraa yɛn abusua no. Esiane sɛ na Paapa abara Maame asɔrekɔ nti, obisaa Vinko sɛ ebia wotumi som Onyankopɔn wɔ fie anaa. Ɔtwee adwene sii Asomafo no Nnwuma 17:24 so, nea ɛka sɛ Onyankopɔn ‘nte asɔredan a wɔde nsa ayɛ mu’ no, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ofie ne beae a ɛfata sɛ wɔsom no. N’ani gyei na ofii ase kɔɔ nhyiam a na wɔyɛ wɔ Bible Asuafo no afie mu no.

Paapa kae sɛ onnyae saa nkwaseasɛm no, sɛnea na ɛyɛ n’ani so no. Nea ɛbɛyɛ na wama yɛagyae yɛne Bible Asuafo no fekubɔ no, ɔhyɛe katee sɛ yɛn nyinaa nkɔ Mass Kwasida biara! Esiane sɛ Maame poe sɛ ɔbɛkɔ nti, Paapa hwɛe sɛ mɛsom sɛ afɔrepon ho somfo. Ɛwom sɛ Maame kyerɛɛ obu maa nea Paapa kae yi de, nanso ɔkɔɔ so de Bible mu nnyinasosɛm duaa me koma ne m’adwene mu na na ɔne me kɔ Bible Asuafo nhyiam horow.

Wɔ 1928 mu no, Vinko ne me nuabea Josephine—anaa Pepi, sɛnea na yɛtaa frɛ no no—de nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Akyiri yi wɔwaree. Afe a edi hɔ no, wɔwoo wɔn babea Fini, wɔ Liévin. Mfe abiɛsa akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔyɛ bere nyinaa som adwuma no wɔ Yugoslavia, baabi a na wɔde anohyeto ahorow ato Adansefo no adwuma so no. Ɛmfa ho ɔhaw pii a wohyiae no, anigye a na wɔwɔ ne nsi a na wɔyɛ wɔ Yehowa som adwuma mu no ammrɛ ase. Wɔn nhwɛso pa no ma minyaa ɔpɛ sɛ mɛyɛ bere nyinaa somfo.

Honhom Fam Onyin

Awerɛhosɛm ne sɛ, nsɛmnsɛm a na ɛwɔ yɛn awofo ntam no ma wogyaee aware wɔ 1932 mu. Me ne Maame san baa Austria, na me nuabarima panyin Wilhelm (Willi) de, ɔkaa France. Ɛno akyi no, na mentaa nte Paapa nka. Ɔkɔɔ so sɔre tiaa yɛn kosii sɛ owui.

Me ne Maame kɔtraa Gamlitz, akuraa bi a ɛwɔ Austria ase. Esiane sɛ na asafo biara mmɛn yɛn nti, ɔne me suaa Bible ho nhoma horow daa. Anigyesɛm ne sɛ, ná Eduard Wohinz de sakre fi Graz twa bɛyɛ kilomita 100 ba yɛn fie mprenu ɔsram biara bɛhyɛ yɛn nkuran wɔ honhom fam san kɔ!

Wɔ Hitler tumidi bere a ɛyɛ hu no mfiase wɔ 1938 mu no, wɔkyeree Onua Wohinz. Awerɛhow kɛse kaa yɛn bere a yɛtee sɛ wɔma ɔhomee mframa bɔne bi kosii sɛ owui a wante yaw wɔ beae bi a wokum nnipa a wɔmma wɔnte yaw wɔ Linz no. Ne gyidi a ɛda nsow no hyɛɛ yɛn den ma yɛkɔɔ so som Yehowa nokwaredi mu.

1938—Asiane Afe

Ná wɔabara Adansefo no adwuma wɔ Austria wɔ 1935 mu. Bere a Hitler asraafo dɔm kɔɔ Austria wɔ 1938 mu no, yɛn som adwuma no bɛyɛɛ hu yiye. Ná wɔn a yɛne wɔn te mpɔtam no nim sɛ me ne Maame yɛ Yehowa Adansefo, enti yesii gyinae sɛ yɛrenka yɛn ho nkɔ nnipa mu kɛse. Mifii ase mpo daa apata so anadwo sɛnea ɛbɛyɛ a Nasifo no nnya me nkyere me.

Wɔ 1938 mfiase no, na mawie me mfiase sukuu a mafi ase reyɛ adwuma wɔ baabi a wɔtõ paanoo. Esiane sɛ mepoe sɛ mɛka “Mo Hitler” anaasɛ mɛyɛ Hitler Mmabun ahyehyɛde no muni nti, woyii me adi fii adwumam. Nanso misii me bo sen bere biara sɛ mede nsu mu asubɔ bɛyɛ m’ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne.

Me ne Maame bɔɔ asu wɔ April 8, 1938 mu. Yɛne afoforo baason boom kɔɔ kwae bi mu baabi a ɛhɔ yɛ dinn anadwo bi. Wɔ asubɔ kasa no akyi no, simma du biara ntam no, na wɔma yɛn asubɔfo no sian fa ɔkwan hihiaa bi so a ɛkɔ baabi a wɔhoro nneɛma no mmiako mmiako. Ɛhɔ na wɔbɔɔ yɛn asu wɔ abura bi a wɔde kɔnkrit ayɛ mu.

Wɔ April 10, 1938 mu no, wɔtow nkontompo aba bi de pɛɛ afoforo adwene fa Austria a wɔde bɛka Germany ho no ho. Wɔde nkrataa a na wɔakyerɛw so “Tow Ma Hilter!” fonfam adan ho wɔ ɔman no mu nyinaa. Ná ɛnsɛ sɛ me ne Maame tow bi, esiane sɛ France a yɛkɔtrae bere tenten no maa ɛbɛyɛe sɛ nea yemfi ɔman biara mu nti—tebea a ɛma minyaa me ti didii mu akyiri yi. Ná Franz Ganster, a ofi Klagenfurt a ɛwɔ Austria kesee fam no, de Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no bi brɛ yɛn daa. Enti yenyaa honhom fam ahoɔden fii Onyankopɔn Asɛm mu ansa na Wiase Ko II no mu refi ase ayɛ den.

Me Nuabarima, Willi

Efi bere a yefii France bɛboro mfe akron a na atwam no, me ne Maame ante Willi, a na wanyin sen me mfe anan no nka. Ɛwom sɛ Maame de Bible no kyerɛkyerɛɛ no wɔ ne mmofraberem de, nanso wɔdaadaa no ma obegye dii sɛ Hitler amammui nhyehyɛe no na ɛde daakye a anigye wom bɛba. Wɔ May 1940 mu no, Francefo asɛnnibea bi buu Willi fɔ na wɔhyɛe sɛ wɔmfa no nto afiase mfe abien, esiane nneɛma bi a mmara mma kwan a ɔyɛe sɛ Nasini no nti. Nanso ankyɛ na woyii no, bere a German asraafo dɔm tuu France so sa no. Saa bere no ɔkyerɛw yɛn krataa fi Paris. Yɛn ani gyei sɛ ɔda so te ase nanso yɛn ho dwiriwii yɛn wɔ tebea a na waba mu no ho!

Wɔ ɔko bere no mu no ná Willi taa bɛsra yɛn esiane abusuabɔ pa a na ɔne SS (Schutzstaffel, Hitler abirɛmpɔn awɛmfo) no wɔ nti. N’ani gyee sraadi mu nkonim a na Hitler redi no ho kɛse. Ɛkame ayɛ sɛ mmuae a na ɔde ma wɔ mmɔden biara a mebɔe sɛ mɛtwe n’adwene asi Bible mu anidaso a yɛwɔ so no ne: “Nsɛnhunu ara kwa! Hwɛ sɛnea Hitler redi nkonim. Ɛnkyɛ Germanfo bedi wiase nyinaa so!”

Wɔ Willi adwuma mu akwamma bere biako mu, wɔ February 1942 mu no, memaa no nhoma Enemies, a Yehowa Adansefo tintimii no bi. Nea ɛyɛɛ me nwonwa ne sɛ ɔtraa faako kenkan nhoma no wiei ansa na ɔresɔre. Obehui sɛ Hitler nniso no bedi nkogu. Ná ɔde ne ho afam ahyehyɛde bi a atirimɔdensɛm ahyɛ mu ma ho na osii ne bo sɛ obesiesie mfomso no ansa na aka akyi.

Willi Gyinabea Wɔ Bible Mu Nokware Ho

Bere a Willi bɛsraa yɛn ɔsram a edi hɔ no, na wasesa koraa. Ɔkae sɛ: “Anton, mafa ɔkwammɔne so!”

Mekae sɛ: “Willi, wama aka akyi dodo sɛ afei na woahu eyi.”

Obuae sɛ: “Dabi, ɛnkaa akyi dodo! Bible no ka sɛ ‘bere a wote ase no na ɛsɛ sɛ woyɛ biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ,’ na meda Onyankopɔn ase sɛ meda so te ase!”—Ɔsɛnkafo 9:10.

Mibisae sɛ: “Dɛn pɔtee na wopɛ sɛ woyɛ?”

Obuae sɛ: “Wiɛ, mempɛ sɛ mɛkɔ so asom sɛ sraani bio. Me ne Nasifo no betwa abusuabɔ mu na mahwɛ nea ebesi.”

Osii mu ntɛm ara kɔɔ Zagreb, Yugoslavia, kɔsraa yɛn nuabea Pepi bio. Bere a ɔkɔɔ Adansefo no nhyiam horow a na wɔabara wɔ hɔ bere tiaa bi akyi no, wɔbɔɔ no asu wɔ sum ase. Awiei koraa no, ɔba hohwini no san bae!—Luka 15:11-24.

Nea ɛbɛyɛ na Willi akwati Nasifo no wɔ France no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obeguan afa France ɔhye so akɔ Switzerland. Nanso, German polisifo a akode hyehyɛ wɔn ho no kyeree no. Wodii n’asɛm wɔ Berlin, na wɔ July 27, 1942 mu no, wobuu no kumfɔ sɛ wagyaw wɔn. Wɔmaa me kwan ma mekɔsraa no wɔ Asraafo Afiase a ɛwɔ Berlin-Tegel no. Wɔde me kɔɔ ɔdan ketewaa bi mu, na ankyɛ na Willi bae a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no de asa ɔwɛmfo bi. Bere a mihuu no wɔ saa tebea no mu no nusu guu me. Wɔamma yɛn kwan amma yɛanyɛ yɛn ho atuu, na na yɛwɔ simma 20 pɛ a ɛsɛ sɛ yɛde di yɛn ho nkra.

Willi huu nusu a na ɛregu me no na ɔkae sɛ: “Anton, dɛn nti na woresu? Ɛsɛ sɛ woma w’ani gye! Meda Yehowa ase paa sɛ waboa me ma mahu nokware no bio! Sɛ miwu maa Hitler a, anka minni anidaso biara. Nanso Yehowa a merewu ama no no ma migye di sɛ menya owusɔre ma enti yebehyia bio!”

Wɔ Willi nkradi krataa a ɔkyerɛw brɛɛ yɛn mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛn Nyankopɔn a yɛdɔ no a mesom no no ma me biribiara a ehia me na akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛwowaw me akosi awiei, sɛnea ɛbɛyɛ a mekura me mudi mu na madi nkonim. Meka bio sɛ, munnya awerɛhyem sɛ minnuu me ho ma enti migyina pintinn wɔ Awurade mu!”

Da a edi hɔ, September 2, 1942 no, wokum Willi wɔ Brandenburg Afiase, a ɛbɛn Berlin. Ná wadi mfe 27. Nhwɛso a ɔyɛe no ma asɛm a ɛwɔ Filipifo 4:13 no yɛ nokware: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.”

Vinko Nokwaredi Kosi Owu Mu

German asraafo tuu aperenten baa Yugoslavia wɔ 1941 mu, na ɛmaa ɛho behiae sɛ Pepi ne ne kunu, Vinko, ne wɔn babea Fini, a na wadi mfe 12, san kɔ fie wɔ Austria. Saa bere no na wɔde Austria Adansefo no mu pii agu afiase anaa nneduaban ahorow mu. Esiane sɛ na wɔnyɛ ɔman mma—wɔ ɔkwan foforo so no, wɔnyɛ Germanfo nti—wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwumaden wɔ afuw bi a ɛwɔ Austria kesee fam, a na ɛbɛn yɛn fie mu.

Akyiri yi, wɔ August 26, 1943 mu no, Gestapofo (Nasi sum ase polisifo) kyeree Vinko. Bere a Fini bɔɔ mmɔden sɛ ɔne ne papa bedi nkra no, polisi panyin no bɔɔ no bɔtorɔ ma n’ani so kyinii no wɔ ɔdan no mu. Gestapofo no bisabisaa Vinko ano asɛm mpɛn pii, boroo no pasaa na wɔde no kɔɔ Stadelheim Afiase wɔ Munich.

Wɔ October 6, 1943 mu no, polisifo no kyeree me wɔ baabi a na meyɛ adwuma, na wɔde me nso kɔɔ Stadelheim Afiase, baabi a na Vinko wɔ no. Esiane sɛ na mitumi ka Franse kasa yiye nti, na wɔma mekyerɛ nsɛm ase kɔ Franse kasa mu kyerɛ ɔko mu nneduafo a wɔyɛ Francefo. Sɛ menenam afiase no adiwo a, na minya hokwan ne Vinko di nkitaho.

Awiei koraa no wobuu Vinko kumfɔ. Wɔbɔɔ no sobo sɛ ɔno na ɔkyekyɛ Bible ho nhoma ma Adansefo no na ɔde sika fam mmoa nso ma Adansefo mmea a wɔn kununom da nneduaban mu no. Woyii no kɔɔ afiase koro no ara a wokum Willi wɔ hɔ a ɛbɛn Berlin no mu. Ɛhɔ na wotwaa ne ti wɔ October 9, 1944.

Da a etwa to koraa a Vinko ne n’abusua hyiae no yɛ awerɛhow da. Wohui sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu ne nsa na wɔahwe no apirapira no, na na ɛyɛ den sɛ wɔbɛyɛ wɔn ho atuu esiane nkɔnsɔnkɔnsɔn a na wɔde agu no no nti. Bere a etwa to koraa a Fini huu ne papa no, na wadi mfe 14. Ɔda so ara kae nsɛm a etwa to a ne papa kae no: “Hwɛ wo maame yiye, Fini!”

Bere a Fini papa wui akyi no, wɔfaa no ɔhyɛ so fii ne maame nkyɛn de no kɔmaa abusua bi a na wɔyɛ Nasifo ma wɔbɔɔ mmɔden sɛ “wɔbɛsesa” no. Ná wɔtaa hwe no pirapira no. Bere a Russia asraafo baa Austria no, wɔde tuo kunkum German abusua a wɔyɛɛ Fini ayayade no. Wobuu abusua no sɛ Nasi abusua a agye dimmɔne.

Bere a ɔko no baa awiei no, me nuabea no toaa bere nyinaa som adwuma no so. Ɔne ne kunu a ɔto so abien Hans Förster, boom somee wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Switzerland no kosi sɛ owui wɔ 1998 mu. Fini dii n’awofo anammɔn akyi ma mprempren ɔsom nokware Nyankopɔn, Yehowa, wɔ Switzerland.

Yenya Ahofadi Awiei Koraa!

Ná afiase a yɛda wɔ Munich no ka adan a wɔtoo topae boom wɔ 1945 mfiase no ho. Wɔsɛee kuropɔn no pasaa. Na matwa asram 18 wɔ afiase dedaw ansa na awiei koraa no da a ɔtemmufo bi betie m’anom asɛm no durui. Ná aka adapɛn abien pɛ ma ɔko no aba awiei korakora wɔ May 8, 1945 mu. Bere a na wɔredi m’asɛm no, wobisaa me sɛ: “Woasiesie wo ho sɛ wobɛkɔ sraadi?”

Mibuae sɛ: “Obi a ɔda afiase nni hokwan sɛ ɔbɛhyɛ asraafo ataade anaasɛ obekyia ‘Hitler nkyia.’” Bere a wobisaa me sɛ ebia afei de mepɛ sɛ mesom wɔ German asraafo mu no, mekae sɛ: “Mesrɛ sɛ momfa krataa a ɛma wɔhyɛ obi ma ɔkɔ sraadi no mma me, na afei menka m’adwene nkyerɛ mo!”

Wɔ nna kakraa bi akyi no, ɔko no baa awiei, na wogyaee me sɛ menkɔ. Ɛno akyi bere tiaa bi no mitu kɔɔ Graz, baabi a na asafo ketewaa bi wɔ a Adansefo 35 na na wɔwom no. Mprempren asafo horow awotwe na ɛwɔ Graz mpɔtam hɔ.

Ɔboafo a Ɔwɔ Ɔdɔ

Ɔko no baa awiei akyi bere tiaa bi no, mihyiaa Helene Dunst, ɔkyerɛkyerɛfo kumaa bi a na anka ɔka Nasifo no ho. Ná Nasi nniso mu nneyɛe bɔne no agyaw no abasamtu. Wɔ nkɔmmɔ a edi kan a me ne no bɔe mu no, obisaa me sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na mo nkutoo na monim sɛ Onyankopɔn din de Yehowa na afoforo de wonnim?”

Mibuae sɛ: “Efisɛ nnipa dodow no ara nyɛ Bible no mu nhwehwɛmu.” Afei mekyerɛɛ no Onyankopɔn din wɔ Bible no mu.

Ɔkae sɛ: “Sɛ Bible no ka sɛ Onyankopɔn din de Yehowa de a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛka nokwasɛm yi kyerɛ obiara!” Helene fii ase kaa Bible mu nokware no kyerɛe na wɔ afe akyi no ɔde nsu mu asubɔ yɛɛ n’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Yɛwaree June 5, 1948 mu.

Wɔ April 1, 1953 no, yɛbɛyɛɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo. Awiei koraa no wɔtoo nsa frɛɛ yɛn ma yɛkɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a na ɛbɛn South Lansing, New York, no adesuakuw a ɛto so 31, no bi. Yɛne mfɛfo adesuafo a wofi aman ahorow 64 so baa sukuu no bi no nyaa fekubɔ a ɛyɛ anigye ankasa wɔ hɔ.

Bere a yewiee adesua no, wɔsan maa yɛn dwumadi wɔ Austria. Wɔ mfe kakraa mu de, na yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛsrasra asafo horow ahyɛ wɔn den wɔ honhom fam. Afei wɔtoo nsa frɛɛ yɛn ma yɛkɔsomee wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea wɔ Luxembourg. Akyiri yi wɔmaa yɛkɔɔ baa dwumadibea a ɛwɔ Austria, wɔ Vienna no. Wɔ 1972 mu, bere a na yɛresom wɔ Austria no, yefii ase suaa Serbiafo ne Croatiafo kasa sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi adi Yogoslavia atubrafo pii a na wɔyɛ adwuma wɔ Vienna no adanse. Mprempren asafo a wɔka Serbiafo ne Croatiafo kasa awotwe na ɛwɔ Vienna, a nnipa a wɔwom no fi Europa afã nyinaa!

Wɔ August 27, 2001 no, Helene wui. Mfe 53 a yɛde waree anigye mu no, ɔdaa ne ho adi sɛ ɔboafo ne yɔnko a wotumi de ho to ne so a ɔsom bo. Seesei owusɔre ho anidaso no ka me koma paa.

Onyankopɔn Dɔ Dɔɔso Ma Me

Wɔ tebea a ɛyɛ hu a mafa mu nyinaa akyi no, m’ani da so ara sɔ adwuma a meyɛ wɔ Austria baa dwumadibea no. Hokwan a minyaa no nnansa yi ara ne m’ankasa suahu a mekae wɔ dwumadi bi a wɔato ne din “Nasi Nniso no Mu Amanehunufo a Wɔnkae Wɔn” mu no. Efi 1997 no, wɔde saa dwumadi yi akɔ Austria nkuropɔn ne nkurow 70 so, na ama wɔn a wɔde wɔn ani huu nea ɛkɔɔ so wɔ Nasi afiase ne nneduaban ahorow mu a wɔda so te ase no anya hokwan aka gyidi ne akokoduru a nokware Kristofo daa no adi wɔ Nasi ɔtaa mu no ho asɛm.

Mibu no sɛ ɛyɛ hokwan a manya sɛ minim saa anokwafo no. Wɔde nokware a Romafo 8:38, 39 yɛ no ho adanse a emu yɛ den mae: “Owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa ahoɔden anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no mu.”

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Yɛn abusua wɔ 1930 mu (fi benkum kɔ nifa): me, Pepi, Paapa, Willi, Maame, ne Vinko

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Me nuabarima, Willi, bere tiaa bi ansa na wɔrekum no

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Me ne Vinko nyinaa daa Stadelheim Afiase, wɔ Munich

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Wɔde Vinko babea, Fini, kɔmaa Nasi abusua bi a na wɔn tiri mu yɛ den; wakɔ so adi nokware abesi nnɛ

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Na Helene yɛ ɔhokafo pa wɔ mfirihyia 53 a yɛde waree no mu

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Merekasa wɔ dwumadi a wɔato din “Nasi Nniso no Mu Amanehunufo a Wɔnkae Wɔn” ase

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena