Mmofra a Wɔyɛ Wɔn Basabasa Bɛba Awiei Nnansa Yi Ara!
HOKWAN a Mmofra Wɔ Ho Apam no kaa wɔ nnianim asɛm no mu sɛ: “Wɔaka wɔ Amanaman Nkabom Amansan Nyinaa Mpaemuka a ɛfa Hokwan a Nnipa Wɔ Ho no mu sɛ, ɛfata sɛ wɔhwɛ mmofra yiye titiriw na wɔboa wɔn.” Ɛdefa hia a abusua ho hia ho no, ɛde ka ho sɛ: “Nea ɛbɛyɛ na abofra anyin yiye no, ɛsɛ sɛ wɔtete no wɔ abusua mu, wɔ tebea a anigye, ne ɔdɔ ne ntease wom mu.” Nanso, wɔmmɛnee nsusuwii yi ho koraa.
Wiase a eye ma mmofra a wɔbɛka ho asɛm ara kɛkɛ no nnɔɔso. Ɔbrasɛe abu so, na nnipa pii susuw sɛ asɛm biara nni ho. Mmara a wɔbɛhyɛ no rentumi nsiw ahohwibra ne adifudepɛ a abu so no ano. Sɛ anka awofo bɛda ɔdɔ adi akyerɛ wɔn mma na wɔabɔ wɔn ho ban mpo no, wɔka ho bi na mpɛn pii no ɛma obiara yɛ nea ɔpɛ no. Ɛnde na anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ mmofra tuutuusi bɛba awiei?
Ɛwom sɛ nhyehyɛe a aporɔw yi ntumi mmaa mmofra nyinaa nnyaa afie a ɔdɔ wom ne daakye a ahobammɔ wom de, nanso ɛrenkyɛ yɛn Bɔfo no beyi ɔbrasɛe ne adaapade, a mmofra tuutuusi ka ho no afi hɔ. Ɛrenkyɛ, Yehowa Nyankopɔn nam N’ahenni no so de ne ho begye adesamma nsɛm mu ma wiase no ho adwiriw wɔn. Wɔn a wɔhyɛ afoforo ma wɔde wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe mu ne wɔn a wɔyɛ afoforo basabasa no remfa wɔn ho nni wɔ Onyankopɔn atemmu mu. Nnipa a wɔdɔ wɔn yɔnko nnipa nkutoo na wobenya wɔn ti adidi mu akɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. “Tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so na wɔatu nkontompofo afi so.”—Mmebusɛm 2:21, 22.
Susuw ahotɔ a ɛbɛba bere a mmofra ne mpanyimfo nyinaa betumi atra ase a wommu obiara animtiaa na wɔnto obiara mmonnaa no ho hwɛ! Nkate fam ne honam fam ɔhaw mpo a nsisi ne basabasayɛ de ba bɛyɛ nneɛma a atwam. Wɔn a wɔtoo wɔn mmonnaa kan no betumi atra ase a wɔrenkae tebea a wɔfaa mu no na akyi nsɛm no renkɔ so nhaw wɔn. “Na wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio.”—Yesaia 65:17.
Saa bere no, wɔrenwo abofra biara mma wɔnyɛ no ayayade anaa wɔnto no mmonnaa. Anigye, ɔdɔ, ne ntease renyɛ adaeso ara kwa. Ɛdefa wɔn a wɔbɛtra Onyankopɔn wiase foforo no mu ho no, Yesaia 11:9 ka sɛ: “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio.”
Nokwarem no, hwɛ anigye a ɛbɛyɛ bere a ohia, nnubɔnenom, mmusua a anigye nnim, ne ɔbrasɛe atwam no! Asomdwoe, adetreneeyɛ ne ahotɔ na ɛbɛkɔ so. “Me man bɛtra asomdwoe fi, ne ahotɔ trabea, ne kommyɛ homebea.”—Yesaia 32:18.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]
Awofo Mmoa Betumi Ama Abusua Agyina
● “M’awofo hyɛɛ me nkuran sɛ memmɔ me ho mmɔden wɔ sukuu na minsua adwuma bi. Wɔammɔ mmɔden sɛ wɔde nea wɔpɛ bɛhyɛ me so, na mmom wɔboaa me ma mepaw sukuu a wɔkyerɛ nneɛma a na mihia no.”—Tais.
● “Sɛ me ne me nuabea kɔtotɔ nneɛma a, na yɛn maame ka ho ne yɛn kɔ. Bere a na ɔboa yɛn sɛnea yɛrensɛe sika pii no, na ɔsan boa yɛn ma yɛkwati ntade a ɛyɛ kyenkyenenn anaa nea ɛbɛma yɛn ho agu hɔ.”—Bianca.
● “Sɛ yɛkɔ apontow ase a, na yɛn awofo bisa wɔn a wɔbɛba ase, nnwom ko a wɔbɛbɔ, ne bere a apontow no befi ase ne bere a ɛbɛba awiei no ho asɛm bere nyinaa. Na yɛn nyinaa taa bom kɔ apontow dodow no ase sɛ abusua.”—Priscila.
● “Me ne m’awofo nyaa nkitahodi pa bere nyinaa wɔ me mmofraase ne me mpanyin afe so. Obi a me ne no kɔ sukuu hyɛɛ no nsow na ɔkae sɛ: ‘M’ani bere sɛnea wutumi fi wo pɛ mu ka biribiara ho asɛm kyerɛ w’awofo no. Ɛnyɛ mmerɛw mma me sɛ me ne me maame mpo bɛkasa, na mpɛn pii no sɛ mepɛ biribi asua a, misua fi nnipa afoforo nkyɛn.’”—Samara.
● “Na meyɛ ababaa a mewɔ anigye. Na migye obiara di na bere biara na mereserew. Na mitumi ne me nnamfo bɔ a biribiara nhaw me, na na m’ani gye sɛ me ne wɔn beyi aseresɛm. M’awofo tee ase sɛ saa na me nipasu te, na wɔammɔ mmɔden sɛ wɔbɛsesa me su. Nanso wofi ayamye mu boaa me ma metee ase sɛ ɛsɛ sɛ mehwɛ me ho so yiye na midi me ho ni wɔ me ne wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu nkitahodi mu.”—Tais.
● “Sɛnea ɛte wɔ wɔn a wɔadu mpanyin afe so pii fam no, m’ani begyee wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu no ho. M’agya kyerɛɛ me mfe a sɛ midi a metumi ne obi ayɛ aware nhyehyɛe. Eyi anhaw me. Mmom no, mihui sɛ m’awofo dwen me ho na wɔpɛ sɛ wɔbɔ me ho ban na ɔhaw bi anto me daakye.”—Bianca.
● “Mihuu aware sɛ biribi a ɛyɛ anigye, esiane titiriw no, m’awofo nhwɛso no nti. Na wɔwɔ abusuabɔ pa bere biara na wɔmaa nkitahodi pa traa wɔn ntam. Mekae sɛ bere a mede me ho hyɛɛ nantew a edi aware anim mu no, me maame maa me afotu wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ meyɛ m’ade wɔ tebea ahorow bi mu na ɔkyerɛkyerɛɛ sɛnea eyi bɛka m’aware mu kyerɛɛ me.”—Priscila.
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, wɔrenyɛ abofra biara aninyanne