Ɛho Hia sɛ Woda Ma Ɛso Wo!
So obi begye asɛm a wɔka sɛ anadwo nna pa yɛ ade titiriw a ɛma yenya akwahosan pa no ho kyim? Ɛda adi sɛ obiara rennye ho kyim. Nanso, wɔ nnipa pii fam no, nna ho nhia wɔn kɛse. Shawn Currie a ɔyɛ adwene ne nneyɛe ho nimdefo ne ɔbenfo wɔ Calgary Sukuupɔn a ɛwɔ Canada mu no ka sɛ: “Nanso sɛ ade kye a wuhu ho amane.” Sɛ wo nna anso wo a, ɛda adi sɛ wo bo bɛtaa afuw na ɛtɔ mmere bi mpo a w’abotow.
Atesɛm krataa Calgary Herald ka sɛ: “Nyansahufo ka sɛ nna di dwuma bi ma amemene no de nsɛm sie, ma enti yɛkɔ so sua ade wɔ bere a yɛada no.” Ɔbenfo Currie ka sɛ: “Bere a woada anadwo no na nneɛma a woakyere agu wo tirim no hyehyɛ yiye, enti anadwo na wokora biribiara a wusuae awia no so yiye wɔ amemene no mu. Nokwarem no, sɛ woantumi anna yiye a wuntumi nsua ade yiye.” Afei nso, ɔka sɛ “sɛ wo nna so wo a, ebetumi aba sɛ wɔ ɔkwan bi so no, ɛboa ma wutumi di wo nkate horow so.”
Ɛnde, nnɔnhwerew ahe na ɛsɛ sɛ yɛde da? Bere a animdefo pii ka sɛ nnɔnhwerew awotwe no, Currie ka sɛ: “Ɛsono nnɔnhwerew dodow a ɛsɛ sɛ obiara de da.” Ne saa nti, ɔhyɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden nya nna pa. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi ayɛ yiye, titiriw wɔ wɔn a wɔyare kɔdaanna fam no? Nyansahyɛ ahorow bi ni:
◼ Fa nsuɔhyew guare anaasɛ fa hohoro wo ho ansa na woakɔda.
◼ Teɛteɛ w’apɔw mu mpɛn pii dapɛn biara; nanso nyɛ no pii ansa na woakɔda.
◼ Ma wo pia mu nyɛ dinn, ɛhɔ nyɛ sum, na ɛnyɛ nwini kakra.
◼ Bɔ mmɔden sɛ wobɛsɔre bere koro mu anɔpa biara sɛnea ɛbɛyɛ a bere a wode da ne bere a wode sɔre daa no bɛyɛ pɛ.
Esiane akwahosan ho mfaso horow a wontumi nnye ho kyim yi nti, ma w’ani nna hɔ na fa nna ka nneɛma a ɛho hia wo paa no ho.