Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 3/8 kr. 19-21
  • So Ɛsɛ sɛ Mehwɛ Nnwom Ho Video?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ sɛ Mehwɛ Nnwom Ho Video?
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmeae a Asiane Wɔ
  • Wo Ho Ban a Wobɛbɔ
  • Nnwom Ho Video—Mɛyɛ Dɛn Atumi Apaw Nea Eye?
    Nyan!—2003
  • So Nnwom Betumi Apira Me Ankasa?
    Nyan!—1993
  • Tumi a Nnwom Wɔ
    Nyan!—1999
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Fa Video Kyerɛkyerɛ
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 3/8 kr. 19-21

Mmofra Bisa Sɛ . . .

So Ɛsɛ sɛ Mehwɛ Nnwom Ho Video?

“Video so nnwom ye paa. Emu bi te sɛ sini ntiantia. Ɛka biribi kyerɛ wo, na m’ani gye asa ho nhyehyɛe a ɛwom no ho.”—Casey.

“Ɛyɛ ɔkwan pa a yɛfa so hu nnwom a aba so. Ɛma wuhu nnwom pii sen nnwom 40 a agye din paa no. Afei nso, video so nnwom ma wunya nsɛm a wobedi ho nkɔmmɔ.”—Josh.

“Video no so biribiara hia me—nea ɔreto dwom no, n’ahosiesie, ne sɛnea ɔyɛ n’ade. Eyinom nyinaa bom ma wote dwom no mu nsɛm ase.”—Kimberly.

“Mepɛ sɛ mihu nea nnwontofo akuw a m’ani gye wɔn ho no rebɛyɛ saa bere yi. M’ani gye mfonini a ɛka ho no ho paa. Video no mu bi nso yɛ serew. Nanso ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye.”—Sam.

EBIA wo nso, w’ani gye video so nnwom hwɛ ho. Bere a ɛbaa television so foforo no, na ɛnkyere so biara. Nanso bere a ɛbɛdaa adi sɛ video so nnwom no bɛtra hɔ akyɛ, na enyaa mpaawa dodow a wɔtɔ so nkɛntɛnso no, ntɛm ara na wɔyɛ maa emu mfonini ne ɛho nneɛma dii mu. Ɛnnɛ, abɛyɛ ade titiriw wɔ nnwom a wɔbɔ no wiase mu, na mmabun agye atom yiye. Wɔ aman bi so no, video so nnwom nkutoo na TV so adwumayɛbea horow bi yi!

Nanso dɛn nti na mmabun te sɛ Sam, a yɛaka ne ho asɛm wɔ ha no, ka sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye? So ebetumi aba sɛ video so nnwom bi benya wo so nkɛntɛnso bɔne—ma ebia asɛe wo nsusuwii ne wo suban, anaasɛ mpo asɛe wo ne wo Bɔfo no ntam abusuabɔ? Ɛte sɛ nea asɛmmisa a ɛte saa kɔ akyiri dodo. Nanso susuw ho hwɛ, fa no sɛ na worekɔ asuguare wɔ ɔtare bi mu anaa wɔ po mu na wuhui sɛ wɔakyerɛw abɔ mmeae bi sɛ ɛnsɛ sɛ woguare wɔ hɔ, so ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wubebu w’ani agu kɔkɔbɔ no so? Dabi da. Ɛnde, ɛbɛyɛ papa sɛ wubesusuw kɔkɔbɔ ahorow bi a ɛfa video so nnwom ho.

Mmeae a Asiane Wɔ

Nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wogye tom ne sɛ, nea wuhu na wote no betumi anya wo so nkɛntɛnso! Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Israel hene a odi kan, Saul, de nnwom dii dwuma yiye—de dwudwoo ne nkate ano. (1 Samuel 16:14-23 ) So nnwom betumi anya wo so nkɛntɛnso bɔne nso? Rock and Roll—Its History and Stylistic Development nhoma no ka eyi sɛ: “Obiara ntumi nnye afã abien no nyinaa ntom. Sɛ yegye tom sɛ rock dwom anya nkɛntɛnso pa (sɛnea ɛte no) a, saa ara na ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu gye tom sɛ anya nkɛntɛnso bɔne nso (sɛnea ɛte no). Onipa a osi ne bo ka sɛ ‘Dwom no ara kɛkɛ na mitie, ennya me so nkɛntɛnso biara’ no, nnim nea ɔreka anaa wɔadaadaa no.”

Bible si nkɛntɛnso a yɛn ani nya wɔ yɛn nsusuwii ne yɛn nkate so no so dua mpɛn pii. (Mmebusɛm 27:20; 1 Yohane 2:16) Enti ɛdenam nneɛma a wɔhwɛ a ɛkanyan nkate a wɔde aka nnwom ho so no, wɔn a wɔyɛ video no akanyan nkɛntɛnso a enya wɔ wɔn a wotie nnwom no so kɛse. Nneɛma a ɛkanyan nkate bɛn na wɔtaa de di dwuma?

Sɛnea nhwehwɛmu bi kyerɛ no, rock nnwom a wɔbɔ no video so no mu bɛyɛ ɔha mu 57 fa basabasayɛ ho. Bɛyɛ ɔha mu 76 fa ɔbarima ne ɔbea ntam nna ho. Nhwehwɛmu foforo a wɔyɛɛ no nnansa yi daa no adi sɛ nguamansɛm wɔ video mu nsɛm horow ɔha mu 75 so, na wɔyɛ mmea basabasa wɔ emu fã dodow no ara mu. Afei, so video horow yi a wobɛhwɛ no betumi apira w’ankasa? Nsɛmma nhoma bi ka sɛ “nhwehwɛmu 37 bi a wɔyɛe daa no adi sɛ video so nnwom a mmofra a wɔadu mpanyin afe so hwɛ no betumi anya wɔn so nkɛntɛnso ma wɔde wɔn ho ahyɛ ɔbarima ne ɔbea ntam nna anaa emu nneɛma a asiane wom mu ntɛm.” Akyinnye biara nni ho sɛ bere a nnwontofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ biribi a ɛyɛ soronko asen wɔn adikanfo anaa atipɛnfo no, nneɛma a ɛmfata a woyi wɔ video so nnwom mu no kɔ ara na ɛrekɔ anim.

Nhomasua ho nimdefo bi hyɛɛ no nsow sɛ: “Nnipa pii ka sɛ nea wotie—na wohu denam video so nnwom so no—nni nkɛntɛnso soronko biara nsen sɛnea nnwom nyaa awo ntoatoaso a atwam so nkɛntɛnso no. Nanso ɛte sɛ nea nnɛyi nnwontofo gye ahuhusɛm ne nsɛnhunu tom sɛ ɔkwampa a wɔnam so benya gua.” Na Chicago nsɛmma nhoma ka wɔn a wɔhwɛ video so nnwom bi no ho asɛm sɛ: “Nea wonya fi mu ne nguamansɛm a ɛkanyan nkate a woyi no ntoatoaso de puapua wɔn no.”

Chicago nsɛmma nhoma no san ka video so nnwom bi a “aberante bi te pon a wɔtɔn ade wɔ so ho wɔ adidibea na ɔto ne ti kɔ n’akyi kakra ho asɛm. Biribi twa ne kɔn ma ne ti tew fi so.” Wɔ video foforo bi mu no, wɔkyerɛ sɛ woyii ɔbarima bi a na ɔreyi n’atade a mogya akeka mu na afei nso ɔretwitwa ne honam ayiyi ne ntini kyerɛe. Woyii nneɛma afoforo a ɛyɛ ahodwiriw nso kyerɛe.

Ebia afoforo bɛbɔ nokwasɛm yi agu na wɔaka sɛ wɔagugu video horow a wɔaka ho asɛm wɔ ha yi mu, ne sɛ dodow no ara nyɛ hu. Ebinom mpo bɛka sɛ wɔn de, wonhu nea ɛyɛ ahodwiriwde anaa abofono titiriw biara wɔ video so nnwom mu. Nanso so eyi nkyerɛ sɛ video a ɛte saa a ankorankoro a wɔte saa akɔ so ahwɛ no ama wonni tema bio? Casey, aberantewa a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no gye tom sɛ: “Sɛ woantew nea wohwɛ no so a, awiei koraa no, wubegye ade a na anka ɛyɛ wo ahodwiriw no atom. Bere a w’ani nna wo ho so no, wobɛhwɛ ade foforo kwan na woabu w’ani agu ade a na anka wuhu sɛ ɛyɛ abofono no so.”

Dɛn na ebetumi afi mu aba? Ebetumi asɛe adwempa a wutumi de si gyinae horow no. Esiane sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛsɛe yɛn adwene nti, Bible no de afotu ma yɛn sɛ “yɛmfa nyansa ne adwempa nsie.” (Mmebusɛm 3:21; 5:2) Ade foforo a ebetumi afi mu aba ne sɛ, ebetumi asɛe wo ne Yehowa Nyankopɔn ntam ayɔnkofa. So eyi nyɛ ade a ɛsom bo ma wo sen biara? Enti ɛsɛ sɛ wobɔ ayɔnkofa a ɛte saa no ho ban denam akwan a wobɛfa so akwati anigyede biara a enye so. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

Wo Ho Ban a Wobɛbɔ

Nea edi kan no, yɛsrɛ sɛ gye tom sɛ enye sɛ wobɛhwɛ biribi a Bible kasa tia pefee. (Dwom 11:5; Galatifo 5:19-21; Adiyisɛm 21:8) Sɛ video bi hyɛ nneɛma a ‘ɛnsɛ ahotefo’ ho nkuran a, ɛsɛ sɛ wusi wo bo sɛ wubegyae hwɛ. (Efesofo 5:3, 4) Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛsesa nea worehwɛ—anaasɛ wubedum TV no—bere a wɔreyi video bi a ɛyɛ fɛ no. Enti ɛsɛ sɛ wobɔ mpae sɛnea ɔdwontofo a ɔkyerɛw eyi no yɛe no: “Ma m’ani ntwa adehunu hwɛ ho.”—Dwom 119:37.

Ebia wubefi wo pɛ mu atwe wo ho afi video horow a ɛyɛ ahodwiriw te sɛ nea yɛadi kan aka ho asɛm no ho. Nanso, ɛte sɛ nea video bi wɔ hɔ a wɔde anifere na ayɛ no. Ɔbarima ne ɔbea nna ho mfonini a woyi betumi ayɛ tiawa. Wobetumi ahyehyɛ emu nsɛm ne mfonini no ma ayɛ fɛ de akanyan nsusuwii bɔne bi bere a wɔnka asɛm bi anaa wonyi biribi pɔtee nkyerɛ no. Nanso sɛ w’ahonim bu wo fɔ kakra sɛ woahwɛ video bi a, ɛda adi sɛ ɔkwan bi so no na enye anaa ɛmfata mma Kristoni. Ɛnde wobɛyɛ dɛn atumi asi nea ɛsɛ sɛ wohwɛ ne nea ɛnsɛ sɛ wohwɛ ho gyinae bere a nneɛma mu nna hɔ yiye no?

Nokwarem no, sɛ́ ebia wobɛhwɛ video so nnwom anaasɛ worenhwɛ koraa no yɛ w’ankasa ne w’awofo a ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wosi nea wubetumi ahwɛ ne nea worentumi nhwɛ ho gyinae ma wo no asɛm. (Efesofo 6:1, 2) Nanso sɛ w’awofo ma wo kwan ma wohwɛ video so nnwom a, ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye wɔ nea wote nka sɛ eye ma wo no ho. Hebrifo 5:14 hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛntete yɛn nkatede na akokwaw papa ne bɔne yiyi mu.’ Yebetumi atete yɛn nkatede denam sua a yebesua Bible nnyinasosɛm a ɛno na ɛkyerɛ yɛn nea eye ne nea enye wɔ Yehowa ani so no. Sɛ wususuw Bible nnyinasosɛm a ɛtete saa ho a, wubetumi ahu nea ebetumi de wo honhom fam yiyedi ato asiane mu, bere mpo a Bible mu mmara pɔtee biara nni hɔ a ɛbɛkyerɛ wo kwan no.

Ɛnde, Bible nnyinasosɛm bɛn na ebetumi de akwankyerɛ ama wo wɔ video so nnwom ho? Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a ɛbɛba daakye no mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]

“Onipa a osi ne bo ka sɛ ‘Dwom no ara kɛkɛ na mitie, ennya me so nkɛntɛnso biara’ no, nnim nea ɔreka anaa wɔadaadaa no”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]

So wubetumi ahwɛ biribi a enye nanso ennya wo so nkɛntɛnso?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena