Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 3/8 kr. 13-14
  • Ɔdɔ a Wɔda no Adi Wɔ Ahokyere Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔdɔ a Wɔda no Adi Wɔ Ahokyere Mu
  • Nyan!—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Atopae Totow no Akyi
    Nyan!—2003
  • Ɔsom Adwuma a Yɛde Boa Afoforo
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Ogye Nnwuma a Yehowa Reyɛ ‘Mprempren
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Atoyerɛnkyɛm Bere Mu Mmoa Wɔ Afe 2021 Mu—Yennyaa Yɛn Nuanom Mu
    Sɛnea Yɛde Ntoboa a Wuyi No Di Dwuma
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 3/8 kr. 13-14

Ɔdɔ a Wɔda no Adi Wɔ Ahokyere Mu

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ NIGERIA HƆ

WƆFRƐƐ Kwasida, January 27, 2002, sɛ Kwasida Dabɔne wɔ Lagos, Nigeria. Atopae totoe wɔ beae a wɔde asie wɔ fam no maa kurow no nyinaa wosowee denneennen na ɛmaa wim haran anwummere no. Atopae no kɔɔ so totoe nnɔnhwerew pii na mporoporowa no tu petee kɔɔ akyiri bɛboro kilomita abiɛsa, na ɛmaa ehu kaa kurow no mufo.

Atesɛm a enni nnyinaso maa ehu no mu yɛɛ den. Nnipa a wɔn bo atu yi sii akwan so, a wonnim dekode a wɔreguan anaa baabi a wɔrekɔ. Wɔ anwummere dasu mu no, nnipa ɔhaha pii a mmofra a ehu akyekyere wɔn ka ho, tuu mmirika koguu suka bi a dontori ahyɛ mu ma mu ma ɛfaa wɔn. Afie, sukuu adan, ne nnwuma akuw nyinaa sɛee anaa n’afa sɛee kɛse maa nnipa mpempem pii hweree wɔn afie ne wɔn nnwuma. Wobuu akontaa sɛ nnipa 1,000 na wɔhweree wɔn nkwa wɔ asiane no mu. Akontaabu a wɔde mae akyiri yi no kɔɔ soro sen saa.

Akyiri yi wɔkɔsesaw atopae, asraman, ne atopae nketewa a wɔde nsa na ɛtow bɛyɛ 1,350 a antumi antow fii mmeae a nkurɔfo tete a ɛbɛmmɛn asraafo adwuma a atopae no paapae wɔ hɔ no mu. Ɔbarima bi huu biribi a wɔde dade ayɛ wɔ n’asa so. Bere a na onnim sɛ ɛyɛ ɔtopae no, ɔmaa so de too ne kar to de kɔmaa atumfoɔ no.

Bere a Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Nigeria tee atopae a atotow no ho asɛm no, wɔne ɔpanyin bi a ɔwɔ Lagos dii nkitaho ntɛmpa ara na wɔde akwankyerɛ maa ahwɛfo akwantufo 16 a wɔwɔ mpɔtam hɔ no sɛ wɔnkɔhwɛ Adansefo a wɔwɔ Lagos a wɔn dodow yɛ 36,000 no tebea na wonsi ho gyinae. Baa dwumadibea no de naira ɔpepem biako (bɛyɛ U.S. dɔla 10,000) kɔmae a akwankyerɛ a wɔde bɛpaw boayikuw a wɔde mmoa ma, ma wɔde nneɛma akɔkyekyɛ ka ho.

Wɔ Adansefo no mu no, ɔtopae a apae nnade nketewa piraa ɔbarima biako; nea ɛyɛ awerɛhow no, mmabaa baanu hweree wɔn nkwa; na Ahenni Asa abien ne mmusua 45 afie sɛesɛee.

Wɔ akode a ɛtotow no akyi nnansia, February 2, 2002 no, mmusuakuw ntam ntɔkwaw pae gui wɔ beae foforo wɔ kurow no mu. Sɛnea Red Cross kyerɛ no, ntɔkwaw no maa nnipa 100 wuwui, 430 pirapirae, na ɛhyɛɛ 3,000 ma woguan fii wɔn afie mu, na wɔhyew afie 50 nso. Boayikuw a wɔde mmoa ma wɔn a “Kwasida Dabɔne” too wɔn yi ahiade ho dwuma no hwehwɛɛ wɔn Kristofo anuanom a wɔwɔ saa beae yi ntɛmntɛm.

Adansefo no mu biara anhwere ne nkwa wɔ saa ntɔkwaw no mu efisɛ saa bere a efii ase no, na wɔn mu pii akɔ ɔmansin nhyiam bi ase. Nanso, na asafo anum a ɛwɔ beae hɔ no mufo pii afie asɛe koraa. Ntɛm ara na wɔn Kristofo anuanom maa wɔn baabi trae. Ɔdansefo biako a ɔyɛ oduruyɛfo ne ne yere maa wɔn a wɔaguan afi wɔn afie no mu 27 baabi trae.

Adansefo a wɔwɔ Lagos a atopae ne mmusuakuw ntam ntɔkwaw no anka wɔn no fi wɔn komam de nnuan, ntade, ne fie nneɛma mae. Kuropɔn sohwɛfo no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nneɛma a anuanom a wɔwɔ Lagos mpɔtam hɔ de rema no dɔɔso sen nea wɔn a asɛm ato wɔn no hia.” Na ɛsɛ sɛ baa dwumadibea no kyerɛw kɔma asafo horow no sɛ mma wɔmmfa nneɛma mmɛboa bio. Wɔde nneɛma a ɛkae hyehyɛɛ lɔre abiɛsa mu kɔɔ baa dwumadibea hɔ kɔ koraa so.

Asafo no mu mpanyimfo kɔsrasraa wɔn a asɛm ato wɔn no mu pii ne wɔn a wowuwui no abusuafo. Wɔbɔɔ mmɔden fii Kyerɛwnsɛm mu kyekyee wɔn werɛ. Boayikuw a wɔde mmoa ma no yɛɛ afie a na asɛesɛe no asiesie ho nhyehyɛe. Wɔde fie nneɛma, ntade, ne nnuan kɔmaa wɔn a atoyerɛnkyɛm ahorow no too wɔn no nyinaa, na wɔboaa wɔn a wɔaguan afi wɔn afie mu no ma wonyaa dabere. Sɛ wɔka bom a, mmusua 90 ne ankorankoro na boayikuw no boaa wɔn.

Wɔn a asiane too wɔn no mu pii ho dwiriw wɔn wɔ mmoa a wɔn nsa kae no ho. Ɔdansefo biako teɛɛm kyerɛɛ boayikuw a wɔde mmoa ma no sɛ: “Mete ase yi, mede Yehowa bɛyɛ me ‘guankɔbea ne m’ahoɔden’!”—Dwom 46:1, 2.

Wɔn a wɔnyɛ Adansefo no huu ɔkwan a Yehowa Adansefo faa so hwɛɛ wɔn ho wɔn ho wɔ saa amanehunu yi mu no. Adansefo a wowuwui no mu biako wɔfa ka kyerɛɛ n’asafo a na ɔwom mpanyimfo no sɛ: “Mɛsan aba abɛda mo ase yiye na mabesua pii.” Ɔka kyerɛɛ n’abusuafo nso sɛ: “Nea mihui wɔ Lagos no yɛ nwonwa. Abusuafo mpo anyɛ nea saa nkurɔfo yi yɛe no.”

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Lɔre a nneɛma a wɔde boa wom

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Wɔn a wɔboaa wɔn no mu bi

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Saa awarefo yi maa wɔn a wɔaguan afi wɔn afie mu no 27 baabi trae

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Adansefo a wɔreyɛ fie bi a asɛe ho adwuma

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 13]

Atifi: Sam Olusegun – The Guardian

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena