Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 10/8 kr. 12-15
  • Atopae Totow no Akyi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Atopae Totow no Akyi
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmoa a Wɔyɛɛ Wɔn a Wɔn Ho Kaa Mu No
  • Wɔde Nkate Fam Mmoa Ma
  • Ɔdɔ a Wɔda no Adi Wɔ Ahokyere Mu
    Nyan!—2003
  • Mmoa a Wɔde Ma Bere a Nneɛma Asɛe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ogye Nnwuma a Yehowa Reyɛ ‘Mprempren
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Biribi a Ahum Biara Antumi Antwe Ankɔ
    Nyan!—2003
Nyan!—2003
g03 10/8 kr. 12-15

Atopae Totow no Akyi

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ ECUADOR HƆ

N A November 20, 2002 yɛ ahomeka da wɔ Ecuador kuropɔn Riobamba mu. Na wim ayɛ bruu, na na amununkum fitaa a emu yɛ hare akata wim. Na ogya mmepɔw a atwa hɔ ahyia a sukyerɛma ayɛ so ma no yɛ biribi a ɛyɛ fɛ a wobetumi atwa ho mfonini de amena. Na nnipa 124,000 a wɔte kurow no mu wɔ Andes Mmepɔw a ne sorokɔ bɛyɛ mita 2,700 so no gu wɔn da biara da nnwuma so a na wonnim sɛ wɔn dwoodwoo asetra no rebehyia ɔhaw a ɛyɛ hu. Bere a wim atɛm dinn awia no, ɔtopae bi paee denneennen mpofirim ara! Mfɛnsere ne fam fi ase wosowee. Osuwusiw pii fii ase yɛɛ wim tumm ntɛm ara.

Wɔ simma du ntam no, ɔtopae a ɛto so abien towee, na ano yɛɛ den yiye ma mfɛnsere ne apon tutu gui. Ogya ne wusiw kumɔnn—nea ɛboro kan de no—puei. Afei atopae no totowee ntoatoaso na na ogya di akyi.

Na José ne ne yere Ana—a wɔn baanu yɛ Yehowa Adansefo no—yɛ awarefo a wɔwɔ wɔn mfe 60 mu a wɔte beae a efi hɔ kɔ baabi a atopae no paapae no bɛyɛ mita 400. Ɔtopae a ɛtowee no ahoɔden maa wɔtetew hwee. Ná Ana gyina anim hɔ pon no nkyɛn bere a etu kodwiraa akyiri hɔ fasu no ho. Bere a awarefo a wɔabɔ hu yi guan kɔɔ wɔn fi akyi no, ɔdan no nsɛmso no fii ase dwiriw guu wɔn so. Wɔbɔɔ mmɔden kogyinaa ɔdan no abobow ketewa bi a ɛwɔ akyi hɔ ho so, na wɔbam wɔn ho fii ase bɔɔ mpae. Anigyesɛm ne sɛ, simma 15 akyi no wɔn ba barima de kar bɛfaa wɔn de bɔɔ wɔn ho ban.

Ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔampira. Ehu kaa wɔn wɔ adepae no akyi. Nnipa pii guanee. Bere a wɔretu mmirika yɛ dede teɛteɛm no, ebinom mpo watiriw hwee ahwehwɛ a abobɔ apete kwankyɛn so. Kar akɛse ne nketewa de mmirika a ano yɛ den yiye fii kurow no mu, ebinom bɔɔ nsanho wɔ akwan a wɔmmɔ nsanho wɔ so mpo so! Bɛyɛ nnɔnhwerew 24 no, na nnipa pii a woguan fii sukuu ne nnwuma mu no nhuu tebea a wɔn abusuafo wom anaa beae a wɔwɔ.

Dɛn na ɛde saa basabasa yi nyinaa bae? Ogya bi na ɛtɔɔ akode a wɔde asie fam wɔ beae a ɛbɛn asraafo atrae hɔ ma atopae nketewa, ntwitwiridii, ne aprɛm a ɛwɔ hɔ nyinaa paapaee mu. Bere a atopae no kɔ so paapae no, na polisifo nso de wɔn kar a akasam sisi so rebɔ ɔmanfo amaneɛ sɛ wonguan mfi kurow no mu nkɔ anyɛ yiye koraa no kilomita 15 ntam.

Ankyɛ koraa na Riobamba daa mpan. Kurow no mu nnipa mpempem pii hyɛɛ kwantempɔn a ɛda kuro no akyi no so ma, bɔɔ kyenku wɔ awɔw mu anadwo no—a na wɔn mu pii nhyɛ ntaade a wɔde ko awɔw. Bere a atopae no de nnɔnhwerew pii paapaee akyi no, awiei koraa no efii ase brɛɛ ase. Wim tebea a na ɛreyɛ nwini kɛse no hyɛɛ ɔmanfo no ma wɔde ahwɛyiye san kɔɔ kurow no mu. Ade kyee na wim tetewee no, wɔn mu pii hui sɛ mfɛnsere, apon, suhyɛ, nsɛmso, ne afasu a ɛwowɔ wɔn afie no asɛe pasaa. Abusua bi huu ahwehwɛ bi a ɛte sɛ sekamma sɛ akɔhyɛ wɔn pikyi a ɛwɔ wɔn piam no mu. Afoforo nso huu atopae mporoporowa wɔ wɔn afie mu ne ɛho.

Amanneɛbɔ a wɔn nsa kaa no mfiase no daa no adi sɛ bɛyɛ nnipa 7 na awu, 538 apirapira, na afie 18,000 asɛe. Yehowa Adansefo 950 a wɔte hɔ no mu biara anhwere ne nkwa, ɛwom sɛ baanu piraa kɛse a na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn.

Mmoa a Wɔyɛɛ Wɔn a Wɔn Ho Kaa Mu No

Ade kyee anɔpa wɔ atopae a ɛtotowee no akyi no, Yehowa Adansefo asafo ahorow mu mpanyimfo no fii ase srasraa wɔn nuanom Kristofo hwɛɛ sɛnea wɔn ho te. Ɛrekɔ anwummere no, Yehowa Adansefo hwɛfo kwantufo bi hyiaa asafo mpanyimfo a wofi asafo ahorow 13 a ɛwɔ kurow no mu ne nea ɛbemmɛn hɔ no mu ne wɔn susuw nneɛma a asɛe ne wɔn a wɔapirapira no ho. Ɔhyɛɛ mpanyimfo no nkuran sɛ wonni wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu no nkate ne wɔn honhom fam ahiade ho dwuma. Ná Kristofo nhyiam ahorow a wɔbɛkɔ wɔ saa tebea a emu yɛ den no mu mpo yɛ biribi a ɛho hia paa! (Hebrifo 10:24, 25) Enti, asafo ahorow a ɛwɔ hɔ no yɛɛ wɔn nhyiam ahorow a wɔyɛ daa no anwummere a edi asiane no akyi no.

Wɔ Yawda ne Fida no, wɔkyerɛwee amanneɛbɔ a edi mu a ɛfa Adansefo no afie a asɛe ho de menaa Yehowa Adansefo baa dwumadibea no wɔ Guayaquil. Amanneɛbɔ no ma wohuu ntɛmpɛ a egye sɛ wɔde ade kata mfɛnsere pii a abubu no ano de bɔ wɔn a wɔda hɔ no ho ban fi awɔw ho. Wɔ nnɔnhwerew kakraa bi mu no, na baa dwumadibea no atotɔ rɔba fitaa pii, ade a amane wɔ so a wɔde bɛtetare rɔba no, ne nnadewa a wotumi de bɔ kɔnkrit mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asiesie baabi ama wɔatra ansa.

Kar kɛse bi a nneɛma ayɛ no ma fi baa dwumadibea hɔ beduu Riobamba Memeneda anɔpa 9:00. Ná Adansefo mmarima ne mmea bi afi ase dedaw reboa wɔn mfɛfo Adansefo aprapra nhwehwɛ a abobɔ agu wɔn afie mu no na ama wɔatumi afi ase de rɔba no afonfam hɔ. Ná Ahenni Asa bi a na ɛwɔ hɔ mu na wofi yɛ adwuma no ho nhyehyɛe. Wɔyɛɛ nsensanee wɔ fam hɔ na ama wɔasusuw rɔba no ntɛmtɛm. Wɔde nneɛma a wɔde susuw ade a wɔn a wɔaba hɔ rebɛboa wɔn de bae no dii dwuma de twitwaa rɔba no sɛnea ɛsɛ de maa kuw a wɔretwɛn de afomfam hɔ no.

José a yedii kan kaa ne ho asɛm no ka sɛ: “Bere a yeduu fie awia wɔ ɔtopae a ɛtowee no akyi no, na anuanom wɔ hɔ afi ase reprapra mmubui no dedaw. Obi a ne dan toa me de so baa me nkyɛn Memeneda bɛkamfoo adwuma soronko a wɔayɛ de rɔba afonfam me dan no ho no na obisaa me sɛ, ‘Ka ahe na wobɔɔ wɔ eyinom nyinaa ho?’” Hwɛ sɛnea ɛyɛɛ me fipamfo no nwonwa sɛ ohui sɛ wɔyɛɛ ne nyinaa kyɛɛ me kwa!

Eduu Memeneda anwummere no, na atuhoamafo bɛyɛ 200 a wofi asafo ahorow mu no atuatua Adansefo no adan 91 mfɛnsere awie. Wɔboaa wɔn a wɔnyɛ Adansefo pii nso. Ɛhɔnom atesɛm krataa bi de afie a Adansefo no ayɛ ho adwuma no mfonini kyerɛe kae sɛ nnipa baawɔtwe a wɔte fie hɔ no mu biako pɛ na ɔyɛ Yehowa Dansefo.

Wɔde Nkate Fam Mmoa Ma

Adepae no maa wohyiaa nkate fam ahohia a emu yɛ den. Nea ɛbɛyɛ na wɔakyekye Adansefo a wɔwɔ hɔ no werɛ no, wɔyɛɛ nhyiam titiriw bi wɔ November 25, Dwoda, anwummere 5:00. Wotuu anuanom bi fii baa dwumadibea hɔ ma wɔkɔhwɛɛ so. Esiane sɛ na anyinam kanea nni hɔ nti, na wɔrentumi nyɛ nhyiam no anadwo paa. Esiane sɛ ɛte sɛ nea bere no nye mma wɔn nti, na wɔhwɛ kwan sɛ nnipa bɛyɛ 600 na wɔbɛba. Nanso, nnipa 1,421, a afipamfo a wɔnyɛ Adansefo ka ho, bɛhyɛɛ Riobamba Nhyiam Asa no so ma! Kyerɛwsɛm a wɔde dwumadi no gyinaa so titiriw ne Dwom 4:8: “Asomdwoe mu na mɛkɔ makɔda, na mada prɛko; na wo [Yehowa, NW], nko na woma metra hɔ dwoodwoo.” Wɔn a wohyiaa hɔ nyinaa kyerɛɛ anisɔ kɛse wɔ honhom fam dwumadi a ɛma awerɛkyekye no ho.

Wɔ dwumadi no awiei no, wɔkyekyɛɛ Engeresi Nyan! a ekura asɛmti “Natural Disasters—Helping Your Child to Cope” [Atoyerɛnkyɛm—Sɛnea Wobɛboa Wo Ba Ma Wagyina Ano] (June 22, 1996) pii maa awofo no a wɔannye wɔn hwee. Asɛm no nkyekyɛm bi ka sɛ:

“U.S. Aban Asoɛe a Edi Tebea a Egye Ntɛmpɛ Ho Dwuma (FEMA) no ka sɛ, sɛ asiane si pɛ a, mmofra bɔ hu ankasa sɛ (1) ɛbɛka wɔn nkutoo, (2) wɔne wɔn abusuafo ntam bɛtetew, (3) asiane no bɛsan asi bio, na (4) obi bepira anaa obewu.” Wogyinaa asɛm yi so tuu awofo fo sɛ:

1. Wɔmmɔ mmɔden nka abusua no mmom.

2. Wonye bere mfa nkyerɛkyerɛ tebea no mu bɔkɔɔ.

3. Wɔnhyɛ mmofra no nkuran mma wɔnkasa.

4. Wɔmma mmofra no nyɛ ɛhɔ asiesie adwuma no bi.

Akyiri yi, wɔkyekyɛɛ Nyan! a ɛkae no maa afipamfo ne Bible asuafo no.

Bere a atopae no totowee akyi adapɛn abiɛsa no, wɔtotɔɔ nneɛma de siesiee adan no koraa, a nea ɛka ho ne mfɛnsere foforo, nsɛmso foforo, ne suhyɛ foforo a wɔhyehyɛe. Wɔ adapɛn abiɛsa foforo ntam no, na wɔawie nnwuma no nyinaa a Ahenni Asa abien a wosiesiei ka ho. Wɔkaa nsɛm pii de kyerɛɛ anisɔ kɛse wɔ mmoa a efi ɔdɔ mu yi ho.

Atoyerɛnkyɛm a egu ahorow abu so wɔ saa “nna a edi akyiri” yi mu. (2 Timoteo 3:1-5) Nanso, mmoa a Yehowa Adansefo de ma wɔn ho wɔn ho ne wɔn afipamfo no di tumi a nokware Kristosom wɔ no ho adanse. José ka ma ɛfatae sɛ: “Yehowa ahyehyɛde no ntwentwɛn ne nan ase sɛ ɛde mmoa bɛma bere a yehia no.”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Adansefo bɛyɛ 200 na wotuu wɔn ho maa ɛhɔ asiesie no. Wosusuw mfɛnsere foforo, twitwae, de hyehyɛe. Wɔbɔɔ dan no so foforo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena