Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 3/8 kr. 24-27
  • Migyae Owu Adwuma Bedi Asomdwoe Akyi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Migyae Owu Adwuma Bedi Asomdwoe Akyi
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kamikaze Ntua Dɔm Titiriw
  • Ohka—Ɔdesani Topae
  • Ɔko no Nna a Etwa To
  • Asomdwoe Akyi a Mibedii
  • Gyinae a Misii sɛ Mɛsom Asomdwoe Nyankopɔn No
  • ”Na Yɛn Adwuma Ne Sɛ Yebedi Yɛn Ho Dɔm”
    Nyan!—1991
  • So Nokware Asomdwoe Bɛba Da Bi?
    Nyan!—1982
  • “Henanom Afã Na Onyankopɔn Wɔ?”
    Nyan!—1986
  • Migyae Ɔhempɔn Som Ba Nokware Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 3/8 kr. 24-27

Migyae Owu Adwuma Bedi Asomdwoe Akyi

SƐNEA TOSHIAKI NIWA KA KYERƐE

Japanni bi a na kan no ɔka wimhyɛn, a wɔtetee no sɛ kamikaze ntua muni sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtow ahyɛ Amerika po so akohyɛn bi so wɔ Wiase Ko II mu no ka sɛnea na ɔte nka bere a na ɔretwɛn akɔyɛ saa owu adwuma no ho asɛm.

BERE a Japanfo dii nkogu koraa wɔ Midway Ɔko no mu wɔ June 1942 no, nsase a na wɔreko afa wɔ Pacific mantam mu no baa awiei. Efi saa bere no reba no, Japanfo dii nkogu wɔ ɔko ahorow a wɔne United States ne n’apamfo dii no mu ntoatoaso bere a wofii ase san gyee nsase a na Japan ako afa nyinaa fii wɔn nsam no.

Wɔ September 1943 mu no, Japan aban de too gua sɛ afei de wɔrefa wɔn a wɔkɔ sukuupɔn a na wɔmma wɔnkɔ sraadi no wɔ sraadi mu. Wɔ December mu, bere a na madi mfe 20 no, migyaee sukuu kɔdɔm po so asraafo. Ɔsram biako akyi no, mebɛyɛɛ po so akohyɛn ho suani. Wɔ December 1944 mu no, wɔkyerɛɛ me sɛnea wɔka akohyɛn bi a wɔfrɛ no Zero.

Kamikaze Ntua Dɔm Titiriw

Ná Japan redi nkogu. Eduu February 1945 mu no, na atopae a wim akohyɛn B-29 totow fi wim gu Japan so no mu ayɛ den. Bere koro no ara, na U.S. po so asraafo no abɛn Japan ma enti na wimhyɛn ahorow totow atopae gu wɔn so.

Asram kakra a edi ɛno anim no, na Japan asraafo mpanyimfo asi gyinae sɛ wɔde atopae a nnipa hyehyɛm bedi dwuma de awie ɔko no. Ɛwom sɛ ebeduu saa bere no na ɛda adi pefee sɛ Japan renni nkonim wɔ ɔko no mu de, nanso saa gyinaesi no twentwɛnee ɔko no ase, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛmaa nnipa mpempem pii bio hweree wɔn nkwa.

Saa kwan no so na ɛnam ma Kamikaze Ntua Dɔm Titiriw no bae. Wonyaa edin no fii kamikaze, a ɛyɛ mframa nyame bi din no mu, na sɛnea atetesɛm kyerɛ no, mframa no yɛ ahum bi a ɛbɔɔ Mongolia ntuafo ahyɛmma gui wɔ afeha a ɛto so 13 no mu. Wɔ kamikaze ntua a edi kan mu no, wɔde atopae a emu biara mu duru yɛ kilogram 250 na ɛhyehyɛɛ Zero akohyɛn anum a onipa hyɛ ebiara mu a na wɔbɛtow abɔ po so hyɛn a wɔde ani asi so no mu.

Wɔde ahyɛde maa Yatabe Wimhyɛn Dɔm Titiriw a na meyɛ emuni no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛboaboa wim akofo kuw titiriw a wɔde wɔn hyehyɛ akohyɛn mu ano. Wɔmaa yɛn nyinaa krataa bi a na ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ nsɛm bi wɔ so de kyerɛ sɛ ebia yebetu yɛn ho ama ayɛ ntua dɔm titiriw a na wɔde emufo hyɛ atopae mu kodi ako no mufo.

Ná mete nka sɛ ɛsɛ sɛ mede me nkwa bɔ afɔre ma me man. Nanso sɛ na mede me ho ma kɔhyɛ wim akohyɛn a topae wom no mu a, ebetumi aba sɛ ansa na medu me botae ho no, na wɔatow me tuo dedaw, na na mewu a mfaso biara mma so. So me maame ani begye ho sɛ mɛhwere me nkwa a manni m’abusua mu asɛyɛde horow ho dwuma? Na ɛyɛ den sɛ megye adi sɛ me ho a metu ama ayɛ adwuma a ɛbɛma mede me nkwa atwa so no ne ɔkwan pa a ɛsen biara a metumi de me nkwa adi dwuma. Ne nyinaa akyi no, mituu me ho mae.

Wɔhyehyɛɛ Yatabe Ntua Dɔm Titiriw a edi kan no wɔ March 1945 mu. Ɛwom sɛ wɔpaw me mfɛfo no mu 29 de, nanso wɔampaw me. Bere a wɔmaa wɔn ntetee soronko akyi no, wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wobefi Kanoya wimhyɛn gyinabea a ɛwɔ Kagoshima no akɔyɛ owu adwuma no wɔ April mu. Ansa na wɔreyi wɔn akɔ Kanoya no, mekɔsraa me nnamfo yi, na na mepɛ sɛ mihu sɛnea wɔte nka bere a na owu adwuma a ɛte saa da wɔn anim no.

Wɔn mu biako kaa no brɛoo sɛ, “yebewuwu, nanso mpere wo ho nkowu. Sɛ yɛn mu biara nya ne ti didi mu a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ afoforo sɛnea asomdwoe som bo fa ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden de hwehwɛ.”

Wɔ April 14, 1945 no, m’ayɔnkofo yi sii mu. Nnɔnhwerew bi akyi no, yɛn nyinaa tiee kaseɛbɔ bi pɛe sɛ yɛte nea asi. Nea ɔde kaseɛbɔ no mae no kae sɛ: “Kamikaze Ntua Dɔm Titiriw no mu Showa Akofo a Wodi Kan no kɔtow hyɛɛ atamfo dɔm a wɔwɔ Kikai Shima apuei fam wɔ po so no so. Wɔn nyinaa wui akono.”

Ohka—Ɔdesani Topae

Asram abien akyi no, woyii me kɔɔ Jinrai Ntua Dɔm Titiriw a ɛwɔ Konoike Wimhyɛn Dɔm Titiriw no mu. Jinrai kyerɛ “aprannaa nyame.” Ná akofo kuw no kura wimhyɛn ahorow a ɛfa asase kesee so (a wɔfrɛ no Attackers), a na edi wim akohyɛn ne akohyɛn a ɛtotow atopae ahorow akyi no.

Ná Ohka, a ɛkyerɛ “aba a egu nhwiren” no sensɛn wimhyɛn “kɛse”—Attacker a ɛwɔ engine abien—no so. Na egyina hɔ ma wim ahyɛnkafo a wonyinii a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔde wɔn nkwa bɛbɔ afɔre no. Ná Ohka yɛ wimhyɛn a emu akongua yɛ biako pɛ, na ne ntaban no tenten yɛ mita 5, na emu duru yɛ kilogram 440. Na wɔde topae a emu duru bɛyɛ tɔn biako ahyɛ anim.

Bere a wimhyɛn kɛse no bɛnee faako a ɛrekɔ no, obi a ɔka wimhyɛn kɔtra Ohka a saa bere no afi wimhyɛn kɛse no mu no mu. Sɛ ɔsraman abiɛsa a emu biara di bɛyɛ anibu du no ma etu a, ɛkɔbɔ beae a wɔpɛ sɛ ɛbɔ no. Wobetumi afrɛ eyi ɔdesani topae ma afata. Sɛ wɔtow a, ɛnsan n’akyi bio!

Sɛ obi a ɔka Ohka rebɔ nsra de asiesie ne ho a, ɔtra Zero akohyɛn mu tu kɔ soro bɛyɛ mita 6,000 de n’ani kyerɛ baabi a ɔpɛ sɛ ɛkɔtɔ no. Mihuu wɔn a wɔka wimhyɛn no pii a wɔhweree wɔn nkwa wɔ nsrabɔ a ɛte saa mu.

Ansa na wɔde me rekɔka akofo kuw no ho no, na kuw a edi kan no kɔ dedaw. Na ɛyɛ Attacker wimhyɛn ahorow 18 a Ohka hyehyɛm, na wim akohyɛn ahorow 19 di akyi. Ná Attacker wimhyɛn ahorow no mu yɛ duru, na na entumi nkɔ ntɛm. Wɔn mu biara annu ne botae ho. U.S. akofo no tew Attacker wimhyɛn ahorow no ne wimhyɛn a na edidi akyi no nyinaa guu fam.

Esiane sɛ na wimhyɛn a ebedi Jinrai Akofo Kuw no akyi nyinaa asa nti, akyiri yi, wɔkɔɔ akodi ahorow no a na ebi nka wɔn ho. Wɔn a wɔkɔe akyiri yi no ansan amma bio. Wɔn nyinaa wuwui wɔ Okinawa akono.

Ɔko no Nna a Etwa To

Wɔ August 1945 mu no, woyii me kɔɔ Otsu Wimhyɛn Dɔm Titiriw. Ná nsra a wɔde me kɔɔ hɔ no wɔ bepɔw Hiei-zan a ɛbɛn Kyoto kurow no, ase. Bere a na wɔrehwɛ kwan sɛ U.S. asraafo bɛba Japan asase so no, wɔyɛɛ nhyehyɛe a wɔde bɛtow Ohka afi bepɔw no so agu U.S. po so ahyɛn no so. Wɔhyehyɛɛ nnade a wɔde wimhyɛn no besi so atow ahyɛ wɔn so no wɔ bepɔw no so.

Yɛtwɛnee sɛ wɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ yentu. Nanso saa ahyɛde no amma da. Bere a atɔm ɔtopae no sɛee Hiroshima ne Nagasaki wɔ August 6 ne 9 no, Japanfo de wɔn ho hyɛɛ United States ne n’apamfo no ase koraa wɔ August 15. Awiei koraa no, ɔko no baa awiei. Ɛkaa ketekete na anka mehweree me nkwa.

Eduu August awiei no, mesan kɔɔ me kurom wɔ Yokohama, nanso na B-29 atopae no ahyew me fie dwerɛbee. Ná m’abusuafo anidaso nyinaa asa. Ná ogya no ahyew me nuabea ne me wɔfase akum wɔn. Nanso, me nuabarima kumaa a otumi fii akono baa fie no maa yenyaa awerɛkyekye.

Nneɛma a na asɛe ne aduankɔm a ɛbae nyinaa akyi no, mesan kowiee m’adesua wɔ sukuupɔn mu. Misuaa ade afe wiei no, miwiee m’adesua na minyaa adwuma. Wɔ 1953 mu no, mewaree Michiko, na bere bi akyi no, mewoo mmabarima baanu.

Asomdwoe Akyi a Mibedii

Wɔ 1974 mu no, Michiko fii ase ne Yehowa Dansefo bi suaa Bible no. Ankyɛ na ofii ase kɔɔ wɔn nhyiam ahorow na ɔde ne ho hyɛɛ wɔn asɛnka adwuma no mu. Ná m’ani nnye pue a ɔtaa pue no ho. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Kristofo som adwuma no boa ma wonya nokware asomdwoe ne anigye. Mekaa no me tirim sɛ, sɛ saa na ɛte a, ɛnde na ɛnsɛ sɛ mesɔre tia no. Ɛsɛ sɛ meboa no mmom.

Saa bere no ara mu no, mefaa Adansefo mmerante bi maa wɔn adwuma sɛ anadwo awɛmfo. Bere a Adansefo mmerante no bae no, mibisaa wɔn wɔn ahyehyɛde no ne asɛnka adwuma no ho asɛm. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mihui sɛ, na wɔnte sɛ mmabun a aka no, na mmom na wɔwɔ atirimpɔw ne atuhoama honhom. Ná wɔasua saa su horow no afi Bible mu. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa no nyɛ mmusua mu nyiyim, na wodi Bible ahyɛde a ɛne sɛ wɔnnɔ Onyankopɔn ne wɔn mfɛfo no akyi denneennen. (Mateo 22:36-40) Wobuu wɔn mfɛfo sɛ wɔn nuanom mmarima ne mmea, ɛmfa ho ɔman a wofi mu.—Yohane 13:35; 1 Petro 2:17.

Mekaa no me tirim sɛ, ‘eyi yɛ nsusuwii hunu ara kwa.’ Esiane sɛ na Kristoman asɔre ahorow no ne wɔn ho wɔn ho redi ako nti, na ɛyɛ den ma me sɛ megye adi sɛ Yehowa Adansefo no nka ɔko no ho.

Mekaa sɛnea na m’adwenem yɛ me naa wɔ wɔn ho no kyerɛɛ wɔn. Adansefo mmerante no de Yearbook of Jehovah’s Witnesses kyerɛɛ me ma mihui sɛ wɔde Adansefo a wɔwɔ Germany no guu afiase na mpo wokunkum wɔn esiane ɔfã biara a na wonni wɔ Hitler aban no mu nti. Mibegye dii sɛ Yehowa Adansefo ne nokware Kristofo.

Saa bere no, me yere de nsu mu asubɔ yɛɛ n’ahosohyira ma Onyankopɔn ho sɛnkyerɛnne wɔ December 1975 mu. Wɔne me yɛɛ Bible adesua ho nhyehyɛe saa bere no. Nanso bere a misusuw me sikasɛm, te sɛ me mmabarima no sukuu ho ka, ne yɛn fie ho ka a na ɛsɛ sɛ mitua ho no, mantumi ansi ho gyinae. Ná mmarima awarefo a wɔwɔ asafo no mu no reyɛ wɔn honam fam adwuma mu nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere pii ama wɔn ho. Misusuwii sɛ saa ara na wɔbɛhwɛ kwan sɛ mɛyɛ. Nanso akyiri yi a wɔkyerɛɛ me sɛnea Kristoni betumi ama n’asetra ne honam fam adwuma akari pɛ mu no, misii gyinae afei sɛ me ne Yehowa Adansefo besua Bible no.

Gyinae a Misii sɛ Mɛsom Asomdwoe Nyankopɔn No

Bere a misuaa ade mfe abien akyi no, nea ɔne me sua Bible no bisaa me sɛ ebia masusuw ho sɛ mehyira me nkwa so ama Onyankopɔn anaa. Nanso na mintumi ntu saa anammɔn no, na na ɛhaw me.

Da bi, na midi mmirika resian atrapoe a ɛwɔ m’adwumam no. Misunti hwee ase, na m’atikɔ bɔɔ fam ma metɔɔ mum. Bere a m’ani so tetew me no, na me ti pae me paa ma enti wɔde afiri a wɔde fa ayarefo faa me kɔɔ ayaresabea. Ɛwom sɛ na m’atikɔ ahon paa de, nanso me dompe biara ammu, na mogya annyina me tirim.

Hwɛ sɛnea medaa Yehowa ase sɛ me nkwa amfi me nsa! Efi saa bere no, misii me bo sɛ mede me nkwa bɛyɛ Yehowa apɛde, na mihyiraa me nkwa so maa no. Wɔbɔɔ me asu wɔ July 1977 mu, bere a na madi mfe 53. Me babarima panyin, Yasuyuki nso suaa Bible no ma wɔbɔɔ no asu bɛyɛ mfe abien akyi.

Mebɔɔ asu bɛyɛ mfe du akyi no, migyaee honam fam adwuma a na meyɛ no. Saa mfe no mu no, mede me ho hyɛɛ Kristofo som adwuma no mu, na mede ɛno kaa me honam fam adwuma ho. Mprempren, manya hokwan som sɛ asafo mu panyin wɔ Yokohama, na mede bere pii yɛ Kristofo som adwuma no. Me babarima panyin resom sɛ asafo mu panyin ne bere nyinaa somfo wɔ asafo bi a ɛbɛn mu.

Bere a manya me ti adidi mu afi ntua dɔm titiriw ne owu adwuma a na meyɛ mu no, ɛyɛ me anigye sɛ mete ase, na mibu “ahenni ho asɛmpa” a merenya mu kyɛfa no sɛ hokwan a manya. (Mateo 24:14) Migye di paa sɛ asetra kwan a eye sen biara ne sɛ mɛbɔ me bra sɛ Onyankopɔn nkurɔfo mu biako. (Dwom 144:15) Wɔ wiase foforo a ɛbɛba nnansa yi ara mu no, nnipa renhu akodi bio, efisɛ “ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:4.

Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛpɛ sɛ mehu wɔn a minim wɔn a wowuwui wɔ ɔko no mu a wobenya owusɔre no. Ɛbɛyɛ anigye sɛ mɛka asetra a asomdwoe wom a wobetumi anya wɔ asase so wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no trenee nniso ase no ho asɛm akyerɛ wɔn!—Mateo 6:9, 10; Asomafo no Nnwuma 24:15; 1 Timoteo 6:19.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Bere a na medɔm wim akohyɛn asraafo no

[Mfonini wɔ kratafa 24, 25]

“Ohka”—Ɔdesani Topae

[Asɛm Fibea]

© CORBIS

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Me ne me mfɛfo asraafo ansa na wɔrekowu no. Me na metɔ so abien fi benkum so no, na me nkutoo na mifii mu kae

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Me ne me yere, Michiko, ne me babarima panyin, Yasuyuki

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]

U.S. National Archives photo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena