Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 3/8 kr. 31
  • “Nyan! Gyee Me Nkwa!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nyan! Gyee Me Nkwa!”
  • Nyan!—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible No a Yebesi So Dua Kɛse!
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Ɛho Nsɛnkyerɛnne no a Wobehu na Wɔadi Ho Dwuma
    Nyan!—1996
  • Ɛyaw Kõ A Ebefi Hɔ
    Nyan!—1994
  • Asɛmpa a Eye Kyɛn So Ho Dawuru a Wɔbɔ
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 3/8 kr. 31

“Nyan! Gyee Me Nkwa!”

Wɔn a wɔkyerɛw Nyan! nsa kaa krataa bi a ɛkyerɛ anisɔ fii Italy. Ne fa bi kenkan sɛ:

“Makenkan Nyan! mfirihyia 40 ni, na m’ani gye sɛnea emu nsɛm fa nneɛma pii a mfaso wɔ so no ho. Nnansa yi ara, na mewɔ adwumam na metee yaw a ano yɛ den wɔ me yafunum ne me koko. Misii gyinae sɛ mɛkɔ fie, nanso bere a yaw no san kaa ne ho bio no, mihuu nea na ɛreyɛ me no. Mekaee asɛm bi a ɛfa komayare nsɛnkyerɛnne ho a Nyan! kaa ho asɛm no pefee.a Misii gyinae sɛ mɛkɔ ayaresabea. Na meda so ara wɔ ɔdan a wɔtwɛn wɔ mu de kohu oduruyɛfo no mu na me ti tɔ kɔɔ afa na metɔɔ mum. Wɔkaa eyi kyerɛɛ me n’adekyee bere a na mewɔ ayaresabea dan a wɔde ayarefo a wɔn yare mu yɛ den gu mu no.

“Mete ase nnɛ esiane ahoɔhare a aduruyɛfo a wonim adwuma faa so saa me yare nti. Nanso, ɛsɛ sɛ mede nkamfo nso ma mo nsɛmma nhoma no a ɛde nsɛm mae na ɛboaa me ma misii gyinae a nyansa wom de kɔɔ ayaresabea no. Nyan! gyee me nkwa!”

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ nea ɛbae December 8, 1996, kratafa 6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena