Sɛnea Bible no Betumi Aboa Wɔn a Wɔyare Asikreyare
AHOSODI ne adwempa ho hia titiriw na ama wɔn a wɔyare asikreyare anya akwahosan pa na wɔadi yiye. Nanso sɛ wɔn a wɔyare asikreyare betumi anya su a ɛtete saa a, ehia sɛ wɔkɔ so boa wɔn. Enti ɛnsɛ sɛ abusuafo ne nnamfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma obi a ɔyare asikreyare adi nnuan a enye mma no, denam ebia ka a wɔbɛka sɛ, ‘Da koro pɛ yi de ɛnyɛ wo hwee’ no so. Harry a ɔyare komayare ne asikreyare a wɔfrɛ no Type 2 no ka sɛ: “Minyaa mmoa a edi mu fii me yere hɔ. Ná ɔmfa nnuan a minni mma fie. Nanso nnipa binom nte ase, na wonnim sɛnea ɛtɔ da bi a ɛyɛ den sɛ wɔn a wɔyare asikreyare bɛkwati nnuan a ɛnsɛ sɛ wodi no.”
Sɛ wo ne obi a ɔyare asikreyare na ɛte daa a, ma nnyinasosɛm abien a edi mu a ɛwɔ Bible mu no ntra w’adwene mu: “Obiara nnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, na mmom ɔnhwehwɛ nea ɛyɛ ne yɔnko de,” ne “Ɔdɔ . . . ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de.”—1 Korintofo 10:24; 13:4, 5.
Ehia sɛ wɔn a wɔn akwahosan ho hia wɔn nyinaa—sɛ wɔyare asikreyare anaasɛ wɔnyare bi no—da ahosodi adi wɔ adidi ho. Bible no boa yɛn wɔ eyi fam, efisɛ ɛma yehu sɛnea ehia sɛ yɛn mu biara da ahosodi adi. So woabɔ wo tirim sɛ wobɛda saa su yi adi wɔ w’asetra mu? (Galatifo 5:22, 23) Yebetumi anya mmoa foforo nso afi Bible mu nhwɛso ahorow mu, te sɛ Kristoni ɔsomafo Paulo de no. Obi a ɔyare asikreyare ka sɛ: “Na ɔwɔ ɔhonam mu nsɔe a ɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye de, nanso ɔde nokwaredi som Onyankopɔn kosii ase. Me nso metumi ayɛ saa!”
Yiw, Paulo penee tebea a na ontumi nsesa no no so na onyaa nkɔso kɛse sɛ ɔsɛmpatrɛwfo. (2 Korintofo 12:7-9) Dustin, a wadi mfe 18 no yɛ onifuraefo fi awo mu, na wanya asikreyare fi bere a odii mfe 12. Ɔkyerɛw sɛ: “Minim sɛ obiara nni wiase yi mu a wanya biribiara sɛnea ɔpɛ. Mehwɛ kwan sɛ bere bi bɛba wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu a m’asikreyare no befi hɔ. Me fam no, ɛyɛ bere tiaa mu ade. Ɛbɛkyɛ asen ɔpakum anaa influensa de, nanso awiei koraa no ɛto betwa.”
Bere a Dustin reka saa asɛm no, na Bible mu anidaso a ɛfa akwahosan a ɛyɛ pɛ a wobenya wɔ paradise asase so wɔ Onyankopɔn Ahenni ase ho no wɔ n’adwenem. (Adiyisɛm 21:3, 4) Onyankopɔn Asɛm hyɛ bɔ sɛ, wɔ ɔsoro nniso a ɛte saa ase no, “ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’” (Yesaia 33:24, NW; Mateo 6:9, 10) So w’ani begye ho sɛ wubesua Bible mu bɔhyɛ yi ho ade? Ɛnde hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ faako a wote no, anaa fa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata kyerɛw kɔma wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi.
[Mfonini wɔ kratafa 12]
Ahosodi ne adwempa ho hia