“Mma Wo Werɛ Mmfi Wo Kyinii No!”
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ BRITAIN HƆ
NNIPA dodow no ara na daa wokura kyinii wɔ Britain. Wuntumi nhu sɛ ebia osu bɛtɔ anaasɛ ɛrentɔ. Sɛ yɛrefi fie a, yɛkae yɛn ho yɛn ho sɛ: “Mma wo werɛ mmfi wo kyinii no!”—ɛno akyi no, yɛn werɛ tumi fi gyaw no bɔs anaa keteke anaa sotɔɔ mu.a Yiw, esiane sɛ yetumi tɔ bi bere biara nti, ɛte sɛ nea yɛtaa bu yɛn ani gu yɛn kyinii so no. Nanso kyinii nyɛ ade a wɔabu ani agu so bere nyinaa.
Ɛho Abakɔsɛm a Ɛda Nsow
Ɛda adi sɛ kyinii a wodii kan yɛe no ne osutɔ nni hwee yɛ. Ná kyinii yɛ dibea anaa nidi ho sɛnkyerɛnne a nnipa atitiriw nkutoo na na wokura. Yehu asomfo a wokurakura akatawia a wɔde asi atumfoɔ so sɛnea ɛbɛyɛ a owia remmɔ wɔn wɔ tete adwini ne mfonini ahorow a adi mfe mpempem pii a efi Asiria, Misraim, Persia ne India mu. Wɔ Asiria no, na ɔhene nkutoo na ɔwɔ hokwan sɛ onya akatawia.
Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, kyinii da so ara gyina hɔ ma tumi, titiriw wɔ Asia. Kyinii dodow a sodifo bi wɔ no na na ɛkyerɛ ne dibea, sɛnea yehu wɔ Burmafo hene a na wɔfrɛ no Kyinii Aduonu Anan Wura ho no. Ɛtɔ mmere bi nso a, na mpɛn dodow a kyinii no bubu gu so no ho hia. Na Ɔhempɔn a ɔwɔ China no kyinii bubu gu so mpɛn anan, ɛnna Siam hene kyinii bubu gu so mpɛn ason anaa akron. Kyinii da so ara yɛ tumidi ho nsɛnkyerɛnne nnɛ wɔ Apuei fam ne Afrika aman binom so mpo.
Kyinii Ahorow a Wɔde Di Dwuma Wɔ Ɔsom Mu
Kyinii abakɔsɛm mfiase pɛɛ na ɛne ɔsom nyaa abusuabɔ. Ná tete Misrifo susuw sɛ nyamewa Nut de ne honam nyinaa akata asase so te sɛ kyinii ara pɛ. Enti nkurɔfo de wɔn ankasa “suhyɛ” nketewa a wɔayeyɛ si wɔn so na ama wɔanya n’ahobammɔ. Wɔ India ne China no, na nkurɔfo gye di sɛ kyinii a wɔabue mu yɛ ɔsoro ntrɛwmu ho sɛnkyerɛnne. Tete Buddhafo no de yɛɛ Buddha ho agyiraehyɛde, na mpɛn pii no, wɔde kyinii ahorow sisi wɔn nkaedum so. Wɔde kyinii di dwuma wɔ Hindusom mu nso.
Ebeduu 500 A.Y.B. mu no, na kyinii atrɛw adu Hela, baabi a na wɔde kyinii si anyame ne anyamewa ahoni so wɔ ɔsom mu afahyɛ ahorow ase. Ná Atene mmea ma asomfo de akatawia si wɔn so, nanso na mmarima kakraa bi pɛ na wobekura ade a ɛte saa. Amammerɛ no mu trɛw fi Hela koduu Roma.
Roma Katolek Asɔre no de kyinii kaa nneɛma a na wɔde di dwuma wɔ afahyɛ ase no ho. Wofii ase de kyinii a kɔla kɔkɔɔ ne akokɔsrade nsensanee wom a wɔde sirikyi ayɛ sii pope no so, na na asɔfopɔn ne asɔfo mpanyin no kyinii kɔla yɛ afasebiri anaa ahabammono. Ɛde besi nnɛ mpo no, pope wɔ agua bi a esi asɔredan akɛse mu a ombrellone anaa kyinii a wɔde pope kyinii kɔla ayɛ si so. Na ɔsɔfopɔn a ɔtra agua so bere a pope awu de kosi sɛ wɔbɛtow aba ayi pope foforo no nso wɔ ombrellone a ɛyɛ n’agyiraehyɛde wɔ saa bere no mu.
Dwuma a Wɔde Di Sakra
Ɛnnɛ, yɛkyerɛ nsonsonoe a ɛda kyinii a wɔhyɛ ase bere a osu retɔ ne akatawia a ɛbɔ yɛn ho ban fi owia ho no ntam, nanso mfiase no na asɛmfua no mu biara ne osutɔ nni abusuabɔ biara. Engiresi asɛmfua “umbrella” fi Latin asɛmfua umbra, a nea ɛkyerɛ ne “onwini” anaa “sunsuma” mu, na asɛmfua “parasol” (akatawia) fi nsɛmfua a ɛkyerɛ “bɔ ho ban” ne “owia” mu. Ɛbɛyɛ sɛ Chinafo anaa mmea a na wɔwɔ tete Roma no na wofii ase de ngo srasraa wɔn kyinii ho sɛnea ɛbɛyɛ a nsu ntumi nwini mfa mu. Nanso, adwene a na wokura wɔ bɔ a na ɛbɔ wɔn ho ban fi owia anaa osutɔ ho no yera fii Europa kosii afeha a ɛto so 16 mu bere a Italiafo ne akyiri yi Fransefo, fii ase de dii dwuma bio no.
Eduu afeha a ɛto so 18 mu no, mmea a wɔwɔ Britain no fii ase kuraa kyinii, nanso na mmarima no mpɛ sɛ wokura nea na wobu no mmea ade no. Wɔn a na wɔde kyinii di dwuma ne wɔn a wɔtɔn kɔfe, a wohuu mfaso a na ɛwɔ kyinii a wobenya ato hɔ na wɔde ama adetɔfo bere a wɔrefi adi akɔforo wɔn teaseɛnam a apɔnkɔ twe bere a wim tebea nye no. Sɛ ɛba sɛ asɔfo reyɛ awufo som wɔ asɔre adiwo bere a osu retɔ a, wɔn nso wonya so mfaso.
Ɔkwantufo ne adɔeyɛfo Jonas Hanway na ɔsesaa kyinii ho abakɔsɛm wɔ England. Wɔka sɛ ɔne ɔbarima a odii kan nyaa akokoduru kuraa kyinii wɔ baguam wɔ London. Bere a ohuu sɛ mmarima de kyinii di dwuma wɔ n’akwantu ahorow mu wɔ amannɔne no, osii ne bo sɛ obedi afirikafo a na wodi ne ho fɛw na wɔhyɛ da bɔ atɛkyɛ gu ne so no so. Hanway de mfe 30 kuraa ne kyinii wɔ baguam daa, na bere a owui wɔ 1786 mu no, na mmarima ne mmea nyinaa de anigye kura kyinii.
Ná ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ obi bekura kyinii bere a osu retɔ saa bere no mu. Na kyinii a ɛte saa no so, na emu yɛ duru, na na ɛnyɛ fɛ. Na sirikyi anaa ntama nnuraho a wɔde ngo asra ho ne nnade nteantea a esuso mu ne kyinii nsa a wɔde dua anaa bonsu dompe ayɛ no ma ɛyɛ den sɛ wobebue mu bere a afɔw no, na na enwini. Nanso kyinii begyee din kɛse, esiane sɛ na ɛnyɛ den sɛ wɔbɛtɔ kyinii sen sɛ wɔbɛfa teaseɛnam atua ho ka bere a osu tɔ no. Wɔn a wɔyɛ kyinii ne mmeae a wɔtɔn no dɔɔso, na ɛmaa wɔn a wɔyɛ kyinii no de wɔn adwene sii yɛ a na wɔbɛyɛ ama atu mpɔn no so. Wɔ afeha a ɛto so 19 mfinimfini mu hɔ no, Samuel Fox yɛɛ Kyinii bi a na ɛda nsow koraa, a na dade a ɔde ayɛ no yɛ den nanso na emu nyɛ duru. Ɔde ntama a ɛyɛ hare te sɛ sirikyi, asaawa ne nwera sii ntama dedaw a na emu yɛ duru no ananmu. Saa bere no na wofii ase yɛɛ nnɛyi kyinii.
Nneɛma a Ɛma Ɛyɛ Fɛ
Afei, akatawia bɛyɛɛ ade a aba so a na mmea a wɔwɔ England de ka wɔn ahosiesie ho. Esiane sɛ na wɔde nneɛma bobɔ ho ma ɛne ahosiesie a aba so hyia nti, akatawia a na sirikyi ne ntama kɔla horow a ɛyɛ fɛ bobɔ ho no bɛyɛɛ kɛse. Mpɛn pii no, na ɛne atade a wɔhyɛ hyia, na na wɔayɛ ano nnwow, de ntamabamma a wɔabɔ no pɔw ne ntakra mpo ahyehyɛ ho fɛfɛɛfɛ. Ɛde besi afeha a ɛto so 20 mu no, ɔbea biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ɔhwɛ ne honam ani hwɛbea so yiye a obepue a onkura n’akatawia.
Wɔ 1920 mfe no mu no, were a owia ahyew no ma ayɛ nnodowee baa so, na ɛkame ayɛ sɛ ɛmaa akatawia yerae koraa. Ɛno akyi na Engiresi mmarima a wɔpɛ mmerantesɛm nso baa so a na wɔhyɛ kyɛw akɛse na wokura kyinii tuntum a wɔabobɔw no sɛ poma a ɛbɔ ho abien.
Wiase ko a ɛto so abien akyi no, mfiridwuma ho nimdeɛ foforo de kyinii ahorow a wɔayɛ ma atu mpɔn, te sɛ kyinii a wotumi bobɔw ma ɛyɛ ketewa, ne nnuraho a wɔde nylon, polyester, ne rɔba ayɛ baa gua so. Nnwumayɛkuw a wotumi yɛ kyinii a edi mu na ɛyɛ fɛ da so ara wɔ hɔ. Nanso nnansa yi, wɔayɛ kyinii a ne bo nyɛ den a ne kɔla ne ne kɛse gu ahorow pii, fi kyinii akɛse paa a wotumi de si adidipon ho wɔ abɔnten kosi nea wotumi bobɔw de hyɛ bag mu a ne tenten yɛ sɛntimita 15 so.
Ɛwom sɛ bere bi na wobu kyinii sɛ afɛfɛde ne dibea ho agyiraehyɛde de, nanso ɛnnɛ ne bo nyɛ den, na ɛka nneɛma a ɛtaa yera paa no ho. Ɛyɛ ade a ɛho wɔ mfaso paa a wotumi de gyina wim tebea ano wɔ wiase baabiara, na wɔ nsase bi so no, wɔasan de redi dwuma sɛ akatawia, bere a wɔkɔ so de asiane a ɛwɔ owia ano hyew mu ma no. Enti ebia sɛ worefi fie nnɛ a, wo nso wobɛte sɛ wɔrekae wo sɛ: “Mma wo werɛ mmfi wo kyinii no!”
[Ase hɔ asɛm]
a Edin a wɔde ato kyinii wɔ Britain ne “brolly.” Nea Amerikafo frɛ kyinii nanso wɔntaa mfa nni dwuma ne “bumbershoot.”
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 18]
Kyinii a Wobɛtɔ ne Sɛnea Wobɛhwɛ So Yiye
Paw nea ne kura renyɛ wo den na ɛwɔ ahoɔden. Nnade kakraa bi na ɛda adi sɛ ɛhyehyɛ nea ne bo nyɛ den a wubetumi de ahyɛ kotoku kɛse mu nanso entumi nnyina mframa a ano yɛ den ano. Nanso kyinii atenten a wontumi mfa nhyɛ kotoku mu no bo betumi ayɛ den nanso etumi gyina wim tebea ano na ɛkyɛ nso. Nokwarem no, kyinii a ɛyɛ papa betumi adi mfe pii. Emu biara a wopaw no, bɔ ho ban na efĩ ne nkannare ankeka mu denam bue a wobebue mu ama awo koraa ansa na woabobɔ bio so. Sɛ wode hyɛ ne nnuraho no mu a, ɛbɛma ɛho atew na mfutuma renka no.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]
Ɔsomfo bi de kyinii asi Asiriafo hene so
Ɔbea bi a ɔwɔ tete Hela a okura kyinii
[Asɛm Fibea]
Mfonini: The Complete Encyclopedia of Illustration/J. G. Heck
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Akatawia, bɛyɛ 1900 mu
[Asɛm Fibea]
Culver Pictures