Duaa a Ɛtew Ɛsẽ Ho
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ ZAMBIA HƆ
AFRIKA—asasepɔn a emu nnipa sẽ yɛ fɛ nanso wɔtɔn brɔhye a wɔde twitwiw sẽ kakraa bi! Ɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ yiye saa? Wɔ wɔn mu dodow no ara fam no, dua ketewaa bi—duaa a wɔwe—na ɛma wɔn sẽ yɛ fɛ!
Bere bi a atwam no, na Babilonfo we duaa, na akyiri yi Misrifo, Helafo, ne Romafo nso bɛwee bi. Ná saa nnuaa “brɔhye” a wɔde twitwiw sẽ yi abu so wɔ Arabia ansa na ɛrebɛyɛ Nkramofo man. Europafo gyaee duaa we bɛyɛ mfe 300 a atwam ni, nanso ɛda so ara wɔ Afrika, Asia ne Mediterranea Supɔw no afã bi.
Wɔ Mediterranea Supɔw so no, duaa a wɔtaa we paa ne saltbush. Wɔ Afrika Atɔe fam no, wɔwe ankaa anaa akutu duaa, na wɔ India asasetam no so no, neem duaa titiriw na wɔwe. Wɔ Afrika Apuei fam no, nnuaa ahorow bɛyɛ 300 na wɔwe. Ɔkwan bɛn so na wotumi de duaa twitwiw ɛsẽ?
Sɛ wɔwe duaa no a, ano yɛ mmerɛw, na ɛtae yɛ “brɔhye.” Kɔ a wɔkɔ so we no yiyi nneɛma a ɛhyehyɛ ɛsẽ ntam no na ɛboa ma mogya sen fa ɛsẽ akyi nam no mu. Duaa a wɔwe no ma ntasu pii ba nea ɔrewe no anum na ɛhohorow ɔyare mmoawa fi onii no anum ma mmoawa no ntumi ntra mu.a
Nanso ɛnyɛ ɛsẽ ara kwa na wɔde duaa a wɔwe twiw. Nnuru bi wɔ nnua binom baa ne ntini mu a ɛmma srade nna ɛsẽ so ntɛm. Ada adi sɛ nnua no bi tumi ko tia ɔyare mmoawa ahorow. Na mpo wotumi de dua a wɔde twiw ɛsẽ a yedii kan kaa ho asɛm no dubaa ko tia akisikuru. Wɔ Namibia no, dua bi a wɔfrɛ no muthala a wotwa we no tumi siw yare mmoawa a ɛde seporɔwee, ɛsẽ akyi kuru ne menem kuru ba no ano. Nnuru a wonya fi nnua mu yi betumi asiw ɛsẽ mu ntokuru na ama ɛsẽ ase ne ɛsẽ akyi nam anya ahoɔden. Seesei nnwumakuw binom a wɔyɛ nnuru a wɔde twitwiw sẽ no bi de aneneduru a wonya fi nnua a ɛte saa mu no fra mu.
Ɛwom, nnipa binom paw sɛ wɔde brɔhye ankasa betwitwiw wɔn sẽ. Sɛ́ ebia wobɛpaw sɛ wode brɔhye anaa duaa betwitwiw wo sẽ sɛnea na tetefo no yɛ no anaasɛ worenyɛ saa no, ade biako na yegye tom: Ɛsẽ a wodi no ni ho hia na ama obi anya akwahosan pa.
[Ase hɔ asɛm]
a Nokwarem no, aduandi nso ho hia. Nnipa a wɔte Afrika nkuraase no taa di nnuan a ntɛtɛ wom ne mfunne sen wɔn mfɛfo a wɔte nkurow akɛse mu no. Afei nso wɔntaa nni asikre pii, ne nnuan a egu ntoa mu, na wɔntaa nnom nnɔkɔnnɔkɔwade—nneɛma a ɛma ɛsẽ porɔw.
[Mfonini wɔ kratafa 21]
“Neem” dua nso yɛ duaa a wɔwe
[Asɛm Fibea]
William M. Ciesla, Forest Health Management International, www.forestryimages.org