Fango—Ɛyɛ Ɔdomfo Kumfo?
AMAN a wɔanya nkɔso no dan fango ne nneɛma a wɔde yɛ no kodu he? Fango—ne gas—ho hia wɔn, na sɛnea Daniel Yergin kae wɔ ne nhoma The Prize mu no, eyi ama “Nnipa Nyinaa De Fango Di Dwuma.” Wo de susuw ngo, nkũ, asphalt ne nneɛma a wonya fi fango mu a wɔde yɛ nneɛma horow—wimhyɛn, kar, ahyɛmma, nnuru a wɔde sɔw nneɛma, mfoninnuru, polyester ntaadetam, mpaboa, agode, nnuru a wɔde hyɛ ade, aspirin, ahuamhuanne, nneɛma a yɛde siesie honam ani, mpaawa, kɔmputa, TV ne telefon—ho hwɛ. Nnipa pii de nneɛma bɛboro 4,000 a wonya fi fango mu anaa nneɛma a ɛwɔ nkɛntɛnso kɛse wɔ nnɛyi asetra mu no di dwuma da biara da. Na ɔhaw a ɛde aba nnipa asetra so fi bere a wɔhyɛɛ fango tu ase no nso ɛ?
Ɔhene a “Odi Tumi Atirimɔden So”
Bere a na Romania ne Hungary ko no repenpɛn so wɔ 1940 awiei no, Nasi katabaako sodifo Adolf Hitler yɛɛ ne ho ɔtemmufo de ne ho gyee nsɛm mu ntɛm. So na okura adwempa? Nea na Hitler pɛ sɛ ɔbɔ ho ban ankasa ne Romania fango mmura a na ɔmpɛ sɛ ɛbɛkɔ Soviet Union aban nsam no. Fango ka ho bi titiriw nti na Iraq kɔtow hyɛɛ Kuwait so wɔ 1990 mu, na ɛno na ɛmaa aman afoforo kaa wɔn ti pam ho ko tiaa Iraq no. Ɛnyɛ eyinom nkutoo ne nsɛm a asisi. Mpɛn pii na mmɔden a wɔbɔ sɛ wobedi aman a wotu fango so no akowie akodi ne amanehunu mu.
Ɛnyɛ hia nko na fango ho hia ma nnɛyi asetra na mmom agye ntini kɛse wɔ amammuisɛm mu, na nnipa kakra a wɔwɔ tumi no nso kyerɛ ho anigye kɛse. Sɛnea Aman a Wɔtɔn Fango Amannɔne Ahyehyɛde (OPEC) kae nnansa yi ara no, fango nyɛ ade biara kɛkɛ na mmom ɛyɛ “agyapade a ɛka amammuisɛm.” Wɔnam amanaman ntam fango aguadi mu anohyeto so adi aman bi so. Bio nso, amumɔyɛfo de wɔn ani asi fango mmura, mmeae a wɔsɔn fango so ne po so ahyɛn akɛse a wɔde fa fango so—ma mpɛn pii no, wɔsɛe abɔde mu nneɛma pii.
Wɔabɔ nnwumakuw a wɔyɛ fango no sobo sɛ wɔasɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no denam mframa a wɔfrɛ no carbon dioxide a wopuw gu wim a ebetumi ama wiase nyinaa wim tebea asesa no so. Sɛnea amanneɛbɔ bi a efi PEMEX (Mexico Fango Adwumayɛbea), fango adwuma a ɛsõ sen biara wɔ wiase no mu biako, kyerɛ no, wopuw efĩ gu mframa mu bere a wɔresɔn fango so no. Ɛwom sɛ seesei pɛtro mu tew na empuw wusiw a ɛsɛe mframa kɛse de—nanso bere a wɔyɛɛ Kyoto Apam a aman 161 hyiae hwehwɛɛ akwan a wɔbɛfa so atew wiase nyinaa wim a ebetumi ayɛ hyew no so akyi mfe asia no—nnipa pii te nka sɛ nsakrae mmae ahe biara. Nanso, OPEC ka sɛ “fango na ama nnɛ aman pii anya wɔn ho na wodi yiye no.” Nanso, saa na ɛte bere nyinaa?
Nnipa binom bɛka nneɛma a fango a wotu ne fam a wotutu de fango nnorobɛn hyɛ ama asɛe no ho asɛm. Ebia afoforo nso bɛka nnipa a wonnya adwuma nyɛ a wɔredɔɔso wɔ Saudi Arabia, ɔman a fango wom kɛse no ho asɛm. Alí Rodríguez Araque, a ɔyɛ OPEC titrani no ka sɛ: “Aman a wɔanya nkɔso mu amampanyin nam adwumaden a wɔn a wotu fango, wɔn a wɔsɔn so ne wɔn a wɔde yɛ nnwuma reyɛ no so renya wɔn ho kɛse.”
CorpWatch, ahyehyɛde bi a ɛde nsɛm bi te sɛ abɔde mu nneɛma a wɔsɛe no ho asodi to nnwumakuw ahorow bi so no ka sɛ: “Fango da so ara di Hene. Nanso odi tumi atirimɔden so.”
Dɛn na daakye ɛbɛba fango so?