Samina—“Aduru a Wubetumi De Asiw Nyarewa Ano”
THE Economist nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛnyɛ atiridiinini, anaa nsamanwaw, anaa AIDS ne yare a ɛto so abien a ekunkum mmofra paa. Ɛyɛ . . . ayamtu.” Nanso, sɛ anka saa mmofra a wɔawuwu yi ne wɔn abusuafo de samina hohoroo wɔn nsa daa a, anka wɔn mu dodow no ara te ase nnɛ.
The Economist ka sɛ, nhwehwɛmufo bi a wɔwɔ London School of Hygiene and Tropical Medicine behui sɛ sɛ nkurɔfo “hohoro wɔn nsa yiye a, etumi tew nyarewa a ɛde ayamtu ba so ɔha mu 43.” “Ɛbɛsan atumi atew ɔhome mu nkwaadɔm mu nyarewa a ekunkum mmofra sen yare biara no nso so korakora. Nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri bi a wɔyɛ maa Amerika asraafo no daa no adi sɛ bere a asraafo no hohoroo wɔn nsa mpɛn anum da koro no, wɔn hwene a wopiapia ne ɛwaw a na wɔbɔ no so tewee ɔha mu 45.” Wɔ aman a ennyaa nkɔso pii mpo so no, mmusua pii betumi atɔ samina. Enti, ɛfata sɛ wɔfrɛ no “aduru a wubetumi de asiw nyarewa ano.” Na mpo ɛnyɛ yaw te sɛ paane!
Bible no nso hyɛ ahotew ho nkuran. Korintofo nhoma a ɛto so abien ti 7, nkyekyɛm 1 ka sɛ: “Momma . . . yɛnhohoro yɛn ho mfi biribiara a ebetumi agu yɛn ho fi wɔ honam ne honhom mu nyinaa ho.” (The New English Bible) Ɛwom sɛ yɛn honhom fam ahotew ne ade titiriw a ɛho hia Onyankopɔn de, nanso osusuw yɛn honam fam ahotew nso ho. (Leviticus ti 12-15) Nokwarem, ɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ ade atra so. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ bere biara a yebefi agyananbea aba, yɛbɛhoro ade, anaa yɛbɛsesã abofra ho no, yɛbɛhohoro yɛn nsa ansa na yɛanoa aduan anaa yɛadidi, na saa ara na bere foforo biara a yehu sɛ yebetumi ama afoforo anya ɔyare mmoawa no, yɛbɛhohoro yɛn nsa. Sɛ yɛhohoro yɛn nsa bere nyinaa a, yɛde da Kristofo dɔ adi kyerɛ yɛn abusuafo ne obiara a yɛne no bɔ no.—Marko 12:31.