Dɛn na Ɛsɛ sɛ Ɛsesa?
“Ɛnyɛ aban no ne yɛn haw ano aduru; ɔhaw no mmom fi aban no ankasa.”—Ronald W. Reagan, bere a ɔrema ɔkasa a edi kan sɛ United States ɔmampanyin a ɔto so 40 no.
BƐBORO mfe aduasa ni a Ronald Reagan kaa saa asɛm no. Saa bere no na United States man no wɔ ahohia mu ankasa—Reagan kaa tebea no ho asɛm sɛ, ɛyɛ “sikasɛm mu ahokyere a ani soso.” Na ɔkyerɛɛ mu sɛ, “Yenhyiaa sikasɛm mu ahokyere a ɛte sɛɛ wɔ yɛn man yi mu da. Yɛaboaboa ɛka ano ma ɛremene yɛn, na sikasɛm mu ntotoe a yɛreyɛ no nnɛ no de nsunsuanso bɔne bɛbrɛ nkyirimma. Sɛ yɛansɔw tebea bɔne yi ano a, yɛrentumi nnyina nea ɛbɛba yɛn so daakye no ano.”
Ɛwom sɛ nsɛm a Reagan kae no nyɛ abodwoesɛm de, nanso na ɔwɔ anidaso. Ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ nnɛ na sikasɛm mu ahokyere yi reba yɛn so. Ebegye nna, adapɛn, anaa asram pii ansa na akɔ, nanso ɔkwan biara so, ɛbɛba awiei.”—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
Tebea no te dɛn nnɛ? Afe 2009 amanneɛbɔ bi a efi U.S. Asoɛe a Ɛhwɛ Adansi ne Nkurow Akɛse Mpɔntu so no kae sɛ: “Nnipa dodow no ara ntumi nnya nneɛma te sɛ karkwan, nsu, ne anyinam nkanea a ɛbɛso wɔn, na saa ara nso na wonnya afie ne ayaresabea ahorow a ɛsɛ, ma enti ɛyɛ den sɛ wobenya nkɔso. Nokwarem no, Amanaman Nkabom no adwumakuw a wɔfrɛ no UN-HABITAT hwɛ kwan sɛ mfe aduasa pɛ ntam no, nnipa baasa biara mu biako asetena begyigya—wɔrennya baabi pa nkɔ tiafi, wɔrennya nsu pa nnom, wim nsakrae bɛhaw wɔn, na ɛbɛma nyarewa ne nsanyare atrɛw.”
Wiase Nyinaa Ahiasɛm
Ɛmfa ho baabi a wote no, susuw nsɛmmisa a edidi so yi ho:
● So wote nka sɛ nnɛ wo sikasɛm ye sen mfe kakra a abɛsen kɔ no?
● So wugye di sɛ ayaresa a wunya no ye ma wo ne w’abusua?
● Wususuw sɛ baabi a wote no hɔ tew sɛnea ɛsɛ?
● So wohwɛ kwan sɛ nneɛma betumi ayɛ yiye wɔ mfe 10, 20, anaa 30 ntam?
Asɛyɛde a Ɛda Aban ne Ɔmanfo Nyinaa So
Aban ahorow no wɔ asɛyɛde bi a ɛda wɔne ɔmanfo ntam—ɛyɛ kyerɛwtohɔ anaa nhyehyɛe a ɛda sodifo ne ɔmanfo ntam a ɛkyerɛ obiara asɛyɛde ne hokwan ahorow a wɔwɔ. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ ɔmanfo di ɔman mmara so, wotua wɔn tow ahorow na wɔboa ma ɔman no mu asetena yɛ papa. Saa ara na sodifo no nso taa hyɛ bɔ sɛ wɔbɛhwɛ ma wɔanya ayaresa a edi mu, wɔrensisi obiara, na wɔn sikasɛm bɛyɛ yiye.
Dɛn na aban ahorow no atumi ayɛ wɔ nneɛma abiɛsa yi ho? Susuw adanse a ɛwɔ kratafa abiɛsa a edidi so no ho hwɛ.
Ayaresa a Edi Mu
Nea nkurɔfo bɛpɛ sɛ wohu: Ayarehwɛ a ne bo nyɛ den, ne ayaresa a edi mu.
Sɛnea tebea no te ankasa:
● Amanneɛbɔ a Wiase Nyinaa Sikakorabea de too gua kyerɛ sɛ “mmofra 6,000 wuwu da biara esiane efĩ, di a wonni wɔn ho ni, ne nsu pa a wonnya nnom nti. Anibu 20 biara mu no, ayamtu nkutoo tumi kum abofra biako.”
● Nhwehwɛmu titiriw bi a Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) no yɛe wɔ afe 2008 mu wɔ sɛnea wɔhwɛ akwahosan ho nsɛm so wɔ “aman a wodi yiye ne wɔn a wodi hia” mu no kae sɛ, “nneɛma nkɔ yiye koraa,” na “sɛnea ɔmanfo hwɛ kwan sɛ obiara betumi anya aduruyɛ a edi mu a ne bo nyɛ den, na ɛyɛ papa no, nni hɔ saa.”
Mfe abien akyi no, WHO hui sɛ “ɛyɛ den ma aban ahorow a wɔwɔ wiase sɛ wobetua wɔn manfo ayarehwɛ ho ka. Bere a nnipa dodow no ara nyin kyɛ, bere a nnipa pii nya nyarewa a wɔko a ɛnkɔ, na abɛɛfo akwan a wɔfa so sa nyarewa bo reyɛ den no, ɛma ayarehwɛ ho ka yɛ kɛse.”
● Nsakrae kɛse a ɛyɛ hu aba aduruyɛ mu: Nnuru a na wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ tatahwe no nyinaa ano betumi akum. Wɔde aduru a ekum ɔyare mmoawa a wofii ase de yɛɛ adwuma wɔ 1940 mu no sɔw nsanyare te sɛ kwata ne nsamanwaw a na ekunkum nnipa ɔpepem pii mmere bi a atwam no ano. Nanso seesei, sɛnea WHO amanneɛbɔ a wɔde too gua wɔ World Health Day 2011 kyerɛ no, “yare mmoawa a nnuru ntumi nkum wɔn no abu so. Nnuru pii a na anka eye paa no ntumi nko nyarewa bio. Nnuru tatahwe a wɔde sɔw nyarewa ano no ano redwo.”
Nea ɛsɛ sɛ ɛsesa: Yɛpɛ sɛ yehu Bible nkɔmhyɛ a ɛka sɛ bere bi bɛba a “ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare’” no mmamu.—Yesaia 33:24.
Atɛntrenee ne Nsisi a Enni Hɔ
Nea nkurɔfo bɛpɛ sɛ wohu: Sɛ́ mmusua nketewa a wosisi wɔn ne mmea a wɔteetee wɔn no to betwa; sɛ́ adefo ne wɔn a wodi hia buruburoo bɛyɛ pɛ.
Sɛnea tebea no te ankasa:
● Amanneɛbɔ bi a wɔde too gua kyerɛ sɛ: “Basabasayɛfo a wɔtow hyɛ ankorankoro, mmeae a wohyiam som, ne sukuu ahorow so esiane abusua a wofi mu, ɔsom a wɔwɔ mu, wɔn bɔbeasu anaa ɔman a wofi mu nti no redɔɔso paa, na ɛda so ara yɛ ɔhaw kɛse wɔ Amerika.”—Leadership Conference on Civil Rights Education Fund.
● Amanaman Nkabom amanneɛbɔ a wɔde mae kyerɛ sɛ, “Mmea ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa kɔ so hyia atɛnkyea, basabasayɛ ne nsisi wɔ wɔn afie, wɔn adwuma mu ne mmɔnten so.” (Progress of the World’s Women: In Pursuit of Justice) Sɛ nhwɛso no, wɔ Afghanistan no, sɛ mmea rekɔwo a, wɔn mu ɔha mu nkyem 85 nnya mmoa biara mfi ayaresabea. Wɔ Yemen no, wonni mmara biara a etia mmea a wɔyɛ wɔn basabasa wɔ afie mu. Wɔ Democratic Republic of the Congo no, sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, mmea a wɔto wɔn mmonnaa da biara da no boro apem.
● Wɔ October 2011 mu no, Amanaman Nkabom no Kyerɛwfo Panyin, Ban Ki-moon, kae sɛ: “Ɛyɛ den sɛ wobɛte nea ɛrekɔ so wɔ wiase no ase. Aduan abu so, nanso nnipa ɔpepepem biako di kɔm. Nnipa kakraa bi na wɔn asetena yɛ sɔɔsɔɔ, nanso nnipa dodow no ara di hia buruburoo. Wɔanya nkɔanim kɛse wɔ aduruyɛ mu, nanso mmea a wɔkɔ awo so pii hwere wɔn nkwa da biara da . . . Wɔsɛe sika pii wɔ akode ho de kunkum nnipa sen sɛ wɔbɛbɔ wɔn ho ban.”
Nea ɛsɛ sɛ ɛsesa: Ɛsɛ sɛ wɔne mmusua nketewa ne mmea di no yiye na ‘atɛntrenee a wohwim fi abrɛfo nsam’ no nso to twa.—Yesaia 10:1, 2.
Sikasɛm mu Yiyedi
Nea nkurɔfo bɛpɛ sɛ wohu: Obiara benya adwuma ayɛ; sikasɛm bɛyɛ yiye.
Sɛnea tebea no te ankasa:
● Kuw bi a wɔde wɔn ani di nsɛm a ɛkɔ so wɔ wiase akyi (Worldwatch Institute) bɔ amanneɛ sɛ: “Adwumayɛfo pii wɔ hɔ a wobetumi ayɛ adwuma ama wɔn man sikasɛm akɔ yiye, nanso nnwuma nni hɔ a wɔn nyinaa betumi anya bi ayɛ. Sikasɛm a ɛrekɔ fam no maa Amanaman Ntam Adwumayɛ Ahyehyɛde (ILO) no buu akontaa sɛ wɔ afe 2010 mu no, nnipa ɔpepem 205 na na wonni adwuma yɛ.”
● Sɛnea BBC amanneɛbɔ kyerɛ no, “ILO no de kɔkɔbɔ ama sɛ, wiase no sikasɛm adu mpempɛnso foforo bi a ɛremma wonnya nnwuma nyɛ koraa, na ebetumi akowie basabasayɛ mu. Sikasɛm a akɔ fam nnansa yi nti, nnwuma dodow a wohia no mu fã pɛ na wobetumi ahyehyɛ. . . . Ahyehyɛde [ILO] no san hwehwɛɛ sɛnea nkurɔfo bo afuw wɔ adwuma a wonnya nyɛ ne ebinom asɛyɛde a wɔabu wɔn ani agu so ma enti wɔmmɔ mmɔden sɛ wobedi sikasɛm mu ahokyere ho dwuma no mu. Ɛkae sɛ, aman pii betumi ahyia basabasayɛ a ɛte saa, ne titiriw no wɔ Europa ne Arabia mantam mu.”
● Nhoma bi a wotintimii wɔ 2009 mu, The Narcissism Epidemic no ka sɛ, wɔ United States no, “nnipa dodow no ara ka a wɔde wɔ adefiri kratasin so no boro $11,000, na ɛyɛ ɛka a na wɔde wɔ afe 1990 mu no mmɔho abiɛsa.” Akyerɛwfo no ka sɛ, nnipa pii bɛde ka esiane sɛ wɔpɛ sɛ afoforo hu sɛ wɔanya wɔn ho kɛkɛ nti. Nhoma no ka sɛ: “Sɛ Amerikafo hu sɛ obi kura kar a ɛyɛ fɛ na ɔhyɛ ntade a aba so a, wosusuw sɛ wanya ne ho. Nanso mpɛn pii no, adwene a ɛsɛ sɛ wonya ankasa ne sɛ, ɛyɛ ɛka nkutoo.”
Nea ɛsɛ sɛ ɛsesa: Ɛsɛ sɛ obiara nya adwuma yɛ na ɔhwɛ ne sikasɛm so yiye. Bible ka sɛ, ‘sika bɔ onipa ho ban’ nanso ɛsan bɔ kɔkɔ sɛ, “sikanibere yɛ bɔne nyinaa ntini.”—Ɔsɛnkafo 7:12; 1 Timoteo 6:10.
Sɛ wohwɛ nsɛm a ɛwɔ kratafa 4 kosi 8 no a, ɛte sɛ nea biribiara nni hɔ a ɛbɛma yɛanya daakye mu ahotoso. Nanso, anidaso nyinaa nsae. Wiase yi bɛsesa ayɛ papa—nanso ɛnyɛ nnipa nniso na ɛde bɛba.
[Adaka/Akontaabu pon wɔ kratafa 5]
Dɛn na mmabun ka sɛ wɔbɛsesa wɔ wiase no ho? Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Britain wɔ Intanɛt dwumadibea bi a wɔfrɛ no Web site 4children.org, kyerɛ no, mmofra 2,000 a wɔadi fi mfe 4 kosi 14 kae sɛ wɔbɛyɛ nea edidi so yi:
[Akontaabu pon]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
100%
WƆBƐMA ƆKƆM TO ATWA
WƆBƐMA AKODI AGYAE WOBETU
OHIA ASE
75%
WƆBƐHWƐ MA
WOBESIW WIM WƆRENSISI OBIARA
A ƐREYƐ HYEW ANO
50%
25%
0%
[Adaka/Akontaabu pon wɔ kratafa 5]
Nhwehwɛmu bi a Bertelsmann Foundation a ɛwɔ Germany yɛe wɔ afe 2009 mu no, maa nneɛma na ɛhaw mmabun bɛyɛ 500 a wɔadi fi mfe 14 kosi 18 paa no daa adi.
Nneɛma a na mmabun no mmu no sɛ ɛho hia pii no mu bi ne amumɔyɛsɛm ne nnipa a wɔredɔɔso. Wɔanka sikasɛm a ayɛ basaa no ho asɛm ahe biara mpo. Nkyerɛkyerɛmu a Bertelsmann Foundation de mae ne sɛ, ebia na mmabun a wobisabisaa wɔn nsɛm no nnya nhyiaa ɔhaw ahorow yi bi ankasa wɔ wɔn asetena mu.
[Akontaabu pon]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
100%
75% POVERTY
WIM NSAKRAE NE
ADUANPA NE NSU ABƆDE A ATWA YƐN HO
PA A WONNYA AHYIA A WƆRESƐE NO
50% NSANYARE NE NYAREWA
A ADƆƆSO
25%
0%