Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 9/14 kr. 14-15
  • Spainfo Pamoo Moriscofo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Spainfo Pamoo Moriscofo
  • Nyan!—2014
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • WƆHYƐƐ WƆN MA WƆSESAA WƆN SOM
  • “WƆNYƐ KRISTOFO PAPA, WƆYƐ AMAMMƆFO”
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2014
  • Nea Ɛyɛe a Tete Mmere Mu no, Spainfo Nyaa Bible
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Sɛnea Spania Bible No Ko Dii Nkonim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Spania Atirimɔden Asenni No​—Ɛyɛɛ Dɛn Na Etumi Bae?
    Nyan!—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2014
g 9/14 kr. 14-15
Moriscofo a yɛretu wɔn afi Spain

TETEFO MFONINI

Spainfo Pamoo Moriscofo

Nkurɔfo kyerɛ sɛ asɔre no na ɛpiapiaa Spainfo maa wɔyɛɛ awerɛhosɛm a yɛrebɛka ho asɛm yi. Ɛsɛ sɛ obiara kan bi.

SPAIN mpanyimfo yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛma ɔman no mufo nyinaa ayɛ Kristofo na wɔn nyinaa adi mmara baako so. Wɔnyaa adwene bi sɛ ɛsono Moriscofo no gyidi, enti te a wɔte ɔman no mu no yɛ bɔne kɛse wɔ Nyankopɔn anim. Ɛduruu baabi no, ɔman no mpanyimfo sii gyinae. Ɛne sɛn? Wɔsii gyinae sɛ wɔbɛpam wɔn afi ɔman no mu!a

WƆHYƐƐ WƆN MA WƆSESAA WƆN SOM

Nkramofo kakra a na wɔwɔ Spain anaa Moorfo no, na wɔsan frɛ wɔn Mudéjarfo. Baabi a na Katolekfo di tumi no, saa Nkramofo yi tenaa hɔ mfe pii a obiara anhaw wɔn. Baabi mpo wɔ hɔ a, mmara maa wɔn kwan maa wɔde wɔn ankasa mmara ne wɔn amammerɛ yɛɛ adwuma, na wɔkɔɔ wɔn ankasa asɔre.

Nanso afe 1492 mu no, Katolek ahemfo a yɛfrɛ wɔn Ferdinand II ne Isabella ko faa Granada dii so; ɛno ne kurow a na aka a Nkramofo di so wɔ Iberia. Nkramofo a wɔwɔ hɔ no ne ahemfo no kɔɔ apam, enti ahyɛase no, na wɔwɔ ahofadi te sɛ Mudéjarfo no. Nanso ankyɛ na Katolek asɔfo tuu wɔn ani sii Nkramofo kakra a wɔhyɛ wɔn ase no so, na wɔdii wɔn ani yayaaya hyɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ Katolekfo. Moorfo no ampene amma Katolekfo no ammu nhyehyɛe a wɔne wɔn yɛe no so. Enti nea ɛbae ne sɛ afe 1499 no, wɔtee Katolekfo so atua. Aban no maa asraafo siw atuatew no ano. Ɛno akyi no, wɔde nneɛma mmienu sii Nkramofo a wɔwɔ ɔman no mu anim: Ɛne sɛ wɔbɛgyaa wɔn som abɛyɛ Katolekfo anaa wɔbɛtu afi ɔman no mu. Wɔn a wɔgyaa Nkramo bɛyɛɛ Katolekfo na wɔkɔɔ so tenaa Spain no, Spainfo frɛɛ wɔn Moriscofo.

“WƆNYƐ KRISTOFO PAPA, WƆYƐ AMAMMƆFO”

Ɛduu afe 1526 no, na Spainfo abara Nkramosom wɔ ɔman no mu baabiara, nanso na Moriscofo bebree wia wɔn ho kɔ Nkramo. Yɛka ne nyinaa bom a, Mariscofo dodow no ara ansesa wɔn amammerɛ.

Mfiase no, na Moriscofo mfa Katoleksom mmɔ wɔn bra, nanso Katolekfo annwoodwoo wɔn. Adeɛ yi na ɔman no nya wɔn so mfaso​—na wɔyɛ nsaanodwuma de wɔn ahoɔden boa ɔman no, na na wɔtua tow nso. Nanso Katoleksom a wɔamfa ammɔ bra nti, na wɔn ho yɛ ahi. Wei nti, na aban ne te-man-mufo nyinaa nni wɔn ho adwempa. Ɛbɛyɛ sɛ nea ɛtwaa Spainfo awoɔ koraa ne hu a wɔhuu sɛ Moriscofo no koma nni Katoleksom mu no.

Afei deɛ na wɔn abotare asa, enti ná ato nhyɛ. Afe 1567 no, Ɔhene Philip II hyɛɛ mmara sɛ obiara nnka Moriscofo kasa, na obiara nnhyɛ wɔn ataade, na wɔn amammerɛ ne wɔn amanneɛ nso, wɔngu no wɔ ɔman no mu. Saa mmara yi kɔfaa atuatew ne mogyahwiegu baa ɔman no mu.

Wode w’ani fa mu a, Moriscofo bɛyɛ 300,000 na wɔpam wɔn fii Spain; wɔankɔ no ahogono so koraa

Wɔn a wɔkyerɛw abakɔsɛm ka sɛ Spain ahemfo huu paa sɛ ‘Moriscofo nyɛ Kristofo papa, na mmom wɔyɛ amammɔfo.’ Wei nti ɔman no bɔɔ wɔn sobo sɛ wɔne Spain atamfo ayɛ baako sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtow ahyɛ Spainfo so. Atamfo yi bi ne Franse Protestantfo, Turkifo, ne aturuturafo a wɔwɔ Afrika atifi fam mpoano. Ná Spainfo no nni Moriscofo ho adwempa, afei nso na wɔsuro sɛ anhwɛ a na Moriscofo no atwa wɔn ho ne wɔn ako. Ne nyinaa ka ho bi na Philip III pamoo Moriscofo fii Spain afe 1609 no.b Ɛduruu baabi no, wo a wɔde wɔn ani bɛbu sɛ woyɛ Morisconi biara deɛ, wɔbɛtan w’ani. Spainfo dii wɔn koko so asɛm maa ɔman no bɛdanee Katolekfo man.

a Moriscofo no, Spainfo frɛ wɔn “Moorfo Nketewa.” Sɛ wɔn a wɔkyerɛw abakɔsɛm ka “Moorfo” a, ɛnyɛ atɛnnidi; ɛkyerɛ Nkramofo a wɔbɛyɛɛ Katolekfo. Saafo no kɔɔ so tenaa Spain ne Portugal mpɔtam bere a Nkramofo aban a ɛtwa to gui wɔ hɔ afe 1492 no.

b Wɔn a wɔkyerɛw abakɔsɛm adwene yɛ wɔn sɛ Spain ahemfo no bi de nneɛma a wɔgye fii Moriscofo hɔ no nyaa wɔn ho.

WƆN HO NSƐM TIAWA

  • Bɛyɛ mfe 1,250 ni na Afrika Atifi famfo ne Arabia Nkramofo ko faa Iberian Peninsula; ɛhɔ na ɛnnɛ yɛfrɛ no Spain ne Portugal no.

  • Katolek asraafo hyɛɛ ase ko dii Moorfo so nkakrankakra kɔsii 1492; saa bere no na wɔdii Moorfo a na wɔtete Granada no so.

  • Afe 1492 mu, Ɔhene Ferdinand ne Ɔhemmaa Isabella pamoo Yudafo a wɔammɛyɛ Katolekfo no fii ɔman no mu. Afe 1500 mu hɔ baabi nso, Nkramofo a wɔbɛyɛɛ Katolekfo ne wɔn asefo nyinaa, wɔtan wɔn ani tuu wɔn kɔtenaa baabi. Ɛfiri afe 1609 kɔsi afe 1614 deɛ, wɔpamoo Moriscofo, kyerɛ sɛ, Nkramofo a wɔabɛyɛ Kristofo no fii hɔ koraa.

  • Nkurɔfo kyerɛ sɛ Moriscofo a wɔpam wɔn fii Spain no dodow nenam 300,000, na wɔamfi hɔ ahogono so koraa. Ebinom yɛɛ wɔn asɛm denneennen sɛ wɔrenkɔ, na wɔn mu bɛyɛ 10,000 wuwui.

Ɔman no Mufo Nyinaa Yɛ Katolekfo “Amapa!”

Juan de Ribera yɛ sɔfopanyin wɔ Valencia; ɔka ho bi paa na wɔpamoo Moriscofo

Juan de Ribera yɛ sɔfopanyin wɔ Valencia; ɔka ho bi paa na wɔpamoo Moriscofo

Moriscofo adwumayɛfo a wɔfii ɔman no mu nti, ɔman no sikasɛm kɔɔ fam, nanso saa nkurɔfo a wɔfirii hɔ no nti anigye kɛse baa ɔman no mu. Abakɔsɛm nhoma bi kae sɛ, ɛsiane sɛ Moriscofo no som nyɛ som pa nti, ná “wɔn ho ayɛ Spainfo bebree ahometew akyɛ, na na ayɛ animguase ama ɔman no.” Seesei ahometesɛm no afi hɔ. Ɔman no mpanyimfo, ɔmanfo no, ne asɔre no nyinaa dii ahurusi sɛ afei deɛ, ɔman no mufo nyinaa abɛyɛ Katolekfo “amapa.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena