Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 8/15 kr. 16
  • Agyaakwaa Haterewa Hankrase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Agyaakwaa Haterewa Hankrase
  • Nyan!—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2015
  • Yɛ Nkitahodifo!
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Wubetumi Ayɛ Ɔkenkanfo Pa!
    Nyan!—1985
  • Pɔnkɔ Nan
    Nyan!—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 8/15 kr. 16
Agyaakwaa haterewa

WƆBƆE ANAA?

Agyaakwaa Haterewa Hankrase

Hankrase no a wɔayɛ no kɛse

ƐFI tete nyinaa na yɛsusu sɛ nipa na ɔdii kan yɛɛ hankrase (gear). Nanso abɛda adi sɛ asɛm yi nyɛ nokware! Nyansahufo ahu sɛ hankrase yi bi wɔ agyaakwaa haterewa nnan ntam. Aboa yi te sɛ abɛbɛ, na wɔnyɛ nna wɔ Europe nyinaa; wɔtaa sisi mfuyɛ so.a

Wobɛkata w’ani ate no, na agyaakwaa haterewa ahuri bɛyɛ nea ɛwɔ hɔ. Enti w’ani bɔɔ ne so ara na wayera, na sɛ ne nnan no ka bɔ ho saa a, ɔhuri a ɔnte ntɔ fam! Sɛ aboa yi bɛtumi ahurihuri saa a, gye sɛ ɔtu ne nnan mmienu a ɛwɔ n’akyi no nyinaa bom wɔ bere koro mu. Dɛn na ɛboa no ma ɔtumi tu ne nnan no nyinaa prɛko pɛ saa?

Susu ho: Nyansahufo kyerɛ sɛ hankrase mmienu wɔ aboa no asen mu a ɛka si anim. Sɛ aboa no huri a, hankrase no boa ma ne nnan mmienu no nyinaa kɔ bere koro mu. Anyɛ saa na ɔhuri a, ne nnan bɛtwa ne ho!

Sɛ mmoa akɛse huri a, wɔn amemene na ɛboa wɔn ma wɔn nnan mmienu nyinaa kɔ bere koro mu. Nanso agyaakwaa haterewa amemene nyɛ adwuma ntɛm saa. Ɛha na ne hankrase no di boa no. Ɔbenfo Gregory Sutton ka sɛ: “Sɛ yɛka hankrase a, nea ɛba yɛn adwenem ara ne mfidie a nnipa ayɛ.” Dɛn ntia? Ɔtoaa so sɛ: “Nwomanimfoɔ de wɔn ani kyerɛɛ faako pɛ.”

Wosusu ho sɛn? Agyaakwaa haterewa hankrase nam adannandi so na ɛbae anaa obi na ɔbɔe?

a Sɛ agyaakwaa haterewa nyini nya ntaban a, na ne hankrase no atutu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena