Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 9/15 kr. 8-9
  • Kyɛwpa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kyɛwpa
  • Nyan!—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƆHAW NO
  • Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mepa Kyɛw?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Ehia Sɛ Wopa Kyɛw Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Kyɛwpa—Ade a Ɛde Asomdwoe Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Dɛn Nti na Ɛyɛ Den Yiye sɛ Yɛbɛpa Kyɛw?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 9/15 kr. 8-9
Ɔbarima bi ne ne yere rekasa, ɔbaa no bo afu na wayi n’ani ato nkyɛn

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWAREƐ

Kyɛwpa

ƆHAW NO

Wo ne wo kunu anaa wo yere anya akasakasa. Ɛnna wokaa no wo tirim sɛ, ‘Adeɛ yi asɛm no mfi me, adɛn nti na mempa no kyɛw?’

Woagyae akyiri di, nanso asɛm no konkɔn hɔ. Wohu sɛ ɛsɛ sɛ wopa kyɛw, nanso ɛyɛ den sɛ ɛbɛpue afi w’ano.

NEA NTI A ƐYƐ DEN

Ahantan. Ɔbarima bi a ɔde Charlesa ka sɛ, “Ɛtɔ mmere bi a, mefɛre sɛ mebue m’ano aka ‘mepa wo kyɛw.’” Ahomaso bɛtumi ama ayɛ den sɛ wobɛgye wo mfomso atom na woapa kyɛw.

W’adwene. Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ, sɛ mfomso no mfi wo a, ɛnneɛ ɛnhia sɛ wopa kyɛw. Ɔbaa warefo bi a ɔde Jill kaa sɛ: “Sɛ me ara mehu sɛ medi fɔ a, ɛnneɛ ɛnyɛ den koraa sɛ mɛpa kyɛw. Nanso sɛ me kunu kaa biribi na me nso metuu bi maa no a, ɛyɛ den sɛ mepa kyɛw. Adeɛ yi, yɛn mmienu nyinaa di fɔ, enti adɛn na me na ɛsɛ sɛ mepa kyɛw?”

Sɛ ɛyɛ wo sɛ mfomso no nyinaa fi wo hokafo a, ɛnneɛ ɛremma w’adwenem koraa sɛ pa kyɛw. Okunu bi a ɔde Joseph kaa sɛ, “Sɛ wonim paa sɛ wonnii mfomso biara na wopa kyɛw a, ɛbɛyɛ sɛ nea woregye atom sɛ wodi fɔ.”

Sɛnea yɛtetee wo. Ebia wosua no, na wontaa nte sɛ obi reka “mepa wo kyɛw” wɔ w’abusua mu. Enti wonyiniiɛ yi, wonnim kyɛwpa.

NEA WOBƐTUMI AYƐ

Obi ne ne yere redum gya

Kyɛwpa tumi dum fie gya

Dwene wo hokafo ho. Obi apa wo kyɛw da? Ɛkaa wo sɛn? Sɛ ɛmaa wo koma tɔɔ wo yam a, adɛn na wo nso womma wo hokafo koma ntɔ ne yam? Sɛ wote nka sɛ wonnii mfomso mpo a, wo deɛ pa kyɛw, efisɛ asɛm no aha no. Yɛreka yi, ebia woayɛ biribi a woanhyɛ da. Enti kyɛwpa no bɛma wo yere anaa wo kunu koma atɔ ne yam.​—Bible mu asɛm: Luka 6:31.

Dwene w’awareɛ ho. Mmu kyɛwpa sɛ animguaseɛ, mmom biribi a ɛbɛboa ma w’awareɛ agyina. Mmebusɛm 18:19 ka sɛ obi a yɛafom no “sene kuro a ɛyɛ den.” Sɛ wo hokafo bo nnwoe a, ɛbɛyɛ den sɛ mobɛka ama asomdwoe aba. Nanso wopa kyɛw a, ɛbɛma yie atoa yie na asomdwoe aba. Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wodwene w’awareɛ ho sen w’ankasa.​—Bible mu asɛm: Filipifoɔ 2:3.

Ɛnsɛ sɛ kyɛwpa yɛ wo den. Nokwasɛm ni, sɛ wonni fɔ a, ɛyɛ den sɛ wobɛpa kyɛw. Nanso sɛ wo hokafo koraa na adi mfomso a, ɛnkyerɛ sɛ yɛ nea wopɛ biara. Enti mma no nyɛ wo den sɛ wobɛpa kyɛw. Nka sɛ mframa fa so a, asɛm no ara bɛdwo. Sɛ wopa kyɛw a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo yere anaa wo kunu sɛ ɔno nso bɛpa wo kyɛw. Mode no saa, mobɛhu sɛ kyɛwpa abɛyɛ mo su.​—Bible mu asɛm: Mateo 5:25.

Ma ɔnhu sɛ ɛyɛ w’ahiasɛm. Anoyie nyɛ kyɛwpa. Saa ara nso na sɛ woka sɛ, “Mepa wo kyɛw oo, mennim sɛ wobɛma asɛm yi aha wo saa” a, ɛno nso nyɛ kyɛwpa. Sɛ ɛyɛ wo sɛ womfom wo hokafo mpo a, kae sɛ ebia woayɛ biribi ma aha no, enti gye tom na pa kyɛw.

Gye tom. Obiara nni hɔ a mfomso nni ne ho. Enti gye tom sɛ wobɛtumi afom! Sɛ wosusu sɛ wodi bem mpo a, ebia w’ani so na ɛyɛ wo saa. Bible ka sɛ: “Deɛ ɔdi kan bɔ ne nkuro yɛ ɔteneneeni, na ne yɔnko ba a, ɔbɛhwehwɛ ne mu.” (Mmebusɛm 18:17) Sɛ wogye tom sɛ woyɛ nipa nti wobɛtumi adi mfomso a, ɛnneɛ ɛrenyɛ den koraa sɛ wobɛpa kyɛw.

a Wɔasesa din no bi.

KYERƐWNSƐM ATITIRIW

  • “Sɛdeɛ mopɛ sɛ nnipa yɛ mo no, monyɛ wɔn saa ara.”—Luka 6:31.

  • “Momfiri ahobrɛaseɛ mu mmu afoforɔ sɛ wɔkyɛn mo.”—Filipifoɔ 2:3.

  • “Wo ne no nsiesie asɛm no ntɛm.”—Mateo 5:25.

Jason ne Alexandra

JASON NE ALEXANDRA

“Kyɛwpa bɛtumi ama w’awareɛ mu nsɛm a ayɛ sɛ mmepɔ no adane nkofie nketenkete. Kyɛwpa bɛma wo hokafo ahu sɛ wodɔ no.”

Kai ne Julia

KAI NE JULIA

“Nea nti a yɛpa kyɛw ne sɛ asomdwoe ne anigye bɛba fie. Ɛnyɛ nea ɔdi fɔ anaa nea ɔdi bem ne asɛm no. Sɛ biribi ha wo yere anaa wo kunu a, yɛ nea wobɛtumi biara ma ne koma ntɔ ne yam.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena