Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g16 nɔma 4 kr. 6
  • 3. Mma W’abam Mmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 3. Mma W’abam Mmu
  • Nyan!—2016
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Botae a Wode Asisi W’ani So Wɔ Yehowa Som Mu No, Wubetumi Adu Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Su Bɔne A Wubesiw Kwan Na Amma Bio
    Nyan!—1991
  • Ma Suban Nni Mmoa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Sɛnea Wubenya Wo Nneyɛe Pa So Mfaso
    Nyan!—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2016
g16 nɔma 4 kr. 6
Ɔbaa bi resensan kalenda so

ASƐM A ƐDA SO | SƐNEA WUBENYA WO NNEYƐE PA SO MFASO

3 Mma W’abam Mmu

Kalenda a wɔasensan so

Ɔbenfo bi kaa sɛ egye nnafua 21 ansa na suban bi atumi aka obi hɔ. Nanso nhwehwɛmu ama ada adi sɛ ebinom wɔ hɔ a, ɛnkyɛ na wɔahu ade foforo yɛ. Ebinom nso deɛ, wohia mmere pii ansa na nneyɛe foforo bi agye ntini wɔ wɔn mu. Enti ɛsɛ sɛ wei ma w’abam bu anaa?

Wo deɛ, susuw wei ho hwɛ: Fa no sɛ wopɛ sɛ nnawɔtwe biara wotenetene w’apɔw mu mprɛnsa. Enti woayi nnafua mmiɛnsa asi hɔ a wode bɛyɛ saa.

  • Nnawɔtwe a edi kan, wutumi kɔɔ mprɛnsa no nyinaa.

  • Nnawɔtwe a ɛto so mmienu, woantumi ankɔ dakoro.

  • Nnawɔtwe a ɛto so mmiɛnsa, wokɔɔ ne nyinaa.

  • Nnawɔtwe a ɛtɔ so nnan no mu deɛ, wobrɛe ansa na worekɔ baako.

  • Nnawɔtwe a ɛto so nnum no, wutumi kɔɔ ne nyinaa bio, na efi hɔ no wantew anna bio.

Enti anyɛ mmerɛw, egyee nnawɔtwe nnum ansa na woretumi atenetene w’apɔw mu nnawɔtwe biara. Wobɛka sɛ ɛkyɛe, nanso sɛ wunya du wo botae ho a, w’ani begye paa sɛ woyɛɛ saa.

BIBLE MU ASƐM: “Sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason mpo a, ɔbɛsɔre.”​—Mmebusɛm 24:16.

Bible tu yɛn fo sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu. Awiei ne asɛm no. Bere dodow a yɛbɛhwe ase no deɛ, ɛho nhia na mmom bere biara a yɛbɛhwe ase no, ɛsɛ sɛ yɛsɔre bio.

Bere dodow a yɛbɛhwe ase no deɛ, ɛho nhia na mmom bere biara a yɛbɛhwe ase no, ɛsɛ sɛ yɛsɔre bio

NEA WUBETUMI AYƐ

  • Mfa ahwease nyɛ nna. Bere a worebɔ mmɔden sɛ wubedu wo botae ho no, hu sɛ ɛnyɛ da biara na ɛbɛkɔ yiye.

  • Fa w’adwene si bere a nneɛma kɔɔ yiye no so. Yɛmfa no sɛ wopɛ sɛ wohwɛ sɛnea ɛyɛ a, wo ne wo mma kasa no yiye. Sɛ saa a, bisa wo ho sɛ: ‘Da bɛn na anka mereyɛ ateateam agu me mma so nanso manyɛ? Dɛn na meyɛe mmom? Mɛyɛ dɛn ayɛ saa bio?’ Nsɛm a ɛte saa a wubebisa wo ho no bɛboa wo ma wode w’adwene asi mmɔden a worebɔ no so sen sɛ wode besi nea ankɔ yiye no so.

W’ani begye ho sɛ wubehu sɛnea Bible mu afotusɛm betumi aboa wo ma woagyina dadwen ano, anya abusua asetena a ɛyɛ anigye, na woanya akomatɔyam? Ɛnde sɛ wuhyia Yehowa Danseni biara a, wone no nkasa anaa kɔ yɛn wɛbsaet, jw.org.

BIBLE MU NSƐM A ƐKA HO

“Gyen w’ani hwɛ w’anim tẽẽ.”​—Mmebusɛm 4:25.

“Mema me werɛ fi nneɛma a ɛwɔ akyi no, na metwe me mu du nneɛma a ɛwɔ anim no ho, bere a mebɔ mmɔden sɛ medu botae no ho.”​—Filipifo 3:13, 14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena