Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g19 nɔma 2 kr. 12-13
  • Wohia Mpanyimfo Akwankyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wohia Mpanyimfo Akwankyerɛ
  • Nyan!—2019
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • HENANOM NA ƐSƐ SƐ WƆDE AKWANKYERƐ MA?
  • ADƐN NTI NA MMOFRA HIA MPANYIMFO AKWANKYERƐ?
  • SƐNEA WODE AKWANKYERƐ BƐMA WO MMA
  • Sɛnea Awofo Bɛtete Wɔn Mma
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Mmabunbere—Sɛnea Wosiesie Wɔn ho ma Mpanyinbere
    Nyan!—2012
  • Afotu Pa a Wɔde Tete Mmofra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Sua a Wubesua sɛ Wobɛma Wo Mma Afi Wo Nkyɛn
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2019
g19 nɔma 2 kr. 12-13
Maame bi de ne mfoni dedaw rekyerɛ abofra bi

ADESUA 5

Wohia Mpanyimfo Akwankyerɛ

HENANOM NA ƐSƐ SƐ WƆDE AKWANKYERƐ MA?

Mmofra hia mpanyimfo akwankyerɛ ne wɔn afotu. Sɛ woyɛ ɔwofo a, wo na ɛsɛ sɛ wode akwankyerɛ ne afotu ma wo mma. Nanso, mpanyimfo afoforo betumi atu mmofra no fo na wɔaboa wɔn.

ADƐN NTI NA MMOFRA HIA MPANYIMFO AKWANKYERƐ?

Aman pii so no, mmofra ne mpanyimfo ntaa mmɔ. Susuw wei ho hwɛ:

  • Da biara, mmofra de bere pii tena sukuu mu; ɛhɔ nso de, sukuufo dɔɔso koraa sen akyerɛkyerɛfo ne mpanyimfo afoforo.

  • Mmofra binom wɔ hɔ a, wɔbɛpɔn sukuu abedu fie no, na obiara nni fie; wɔn papa ne wɔn maame nyinaa wɔ adwumam.

  • Nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ, wokɔ United States a, mmofra a wɔadi fi mfe 8 kosi 12 no, sɛ yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, da biara nnɔnhwerew bɛyɛ nsia na wɔde hwɛ TV, tie nnwom, anaa wɔde bɔ video game.a

Nhoma bi ka sɛ: “Ɛnnɛ, sɛ mmabun repɛ afotu ne akwankyerɛ a, sɛ anka wobebisa wɔn awofo anaa wɔn akyerɛkyerɛfo anaa mpanyimfo afoforo no, wokobisa . . . wɔn atipɛnfo mmom.”​—Hold On to Your Kids.

SƐNEA WODE AKWANKYERƐ BƐMA WO MMA

Nya wo mma no ho adagyew.

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Tete abofra wɔ ɔkwan a ɛfata so; sɛ onyin a, ɔremfi ho.”​—Mmebusɛm 22:6.

Sɛ mmofra hia akwankyerɛ ne mmoa bi a, ɛyɛ a wɔhwɛ kwan sɛ wɔn awofo de bɛma wɔn. Nea ɛte ne sɛ, abenfo ka sɛ mmabun ani gye wɔn awofo afotu ho sen wɔn atipɛnfo de. Ɔbenfo Laurence Steinberg kaa wɔ nhoma bi mu sɛ: “Sɛ mmofra renyin a, wɔn awofo na wotumi nya wɔn nneyɛe ne wɔn suban so nkɛntɛnso sen obiara.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ mmabun nnye nea wɔn awofo ka ntom, anaa wɔne wɔn adwene nhyia wɔ asɛm bi ho mpo a, wɔbɛpɛ sɛ wohu wɔn awofo no adwene na wotie nea wɔwɔ ka.”​—You and Your Adolescent.

Esiane sɛ mmofra ani gye ho sɛ wobetie wɔn awofo asɛm nti, yɛ nea wubetumi biara fa akwankyerɛ ma wɔn. Nya bere ma wo mma, na ma wonhu w’adwene wɔ nneɛma ho, sɛnea wote nka wɔ nneɛma ho, nea ɛho hia wo, ne nneɛma a woasua wɔ abrabɔ mu.

Ma onnya ɔpanyin bi a obesuasua no.

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.”​—Mmebusɛm 13:20.

Wunim ɔpanyin bi a wobɛpɛ sɛ wo ba suasua no anaa? Sɛ saa a, yɛ nhyehyɛe ma ɔne wo ba no mmɔ. Nanso wei nkyerɛ sɛ wubegyaw w’asɛde nyinaa agu no so. Ɔpanyin a wunim sɛ ɔne wo ba bɔ a ɔrensɛe no no, obetumi aboa wo ma woatete wo ba no. Bible ma yehu sɛ bere a na Timoteo anyin awie mpo no, ɔne ɔsomafo Paul bɔe, na wɔn baanu nyinaa nyaa saa adamfofa no so mfaso.​—Filipifo 2:20, 22.

Kan no, na mmusua taa bom tena faako, nanso nnɛ ɛnte saa. Wobɛhwɛ na nananom, wɔfanom, sewaanom, ne abusuafo afoforo atu akɔtena baabi foforo. Sɛ saa na ɛte wɔ w’abusua mu a, bɔ mmɔden yɛ nhyehyɛe ma wo mma ne mpanyimfo a wɔn suban yɛ wo fɛ mmɔ.

a Saa nhwehwɛmu no ma ɛbɛdaa adi sɛ, yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, da biara nnɔnhwerew bɛyɛ nkron na mmabun de hwɛ TV, tie nnwom, anaa wɔde bɔ video game. Akontaabu a ɛfa mmofra ne mmabun ho yi, bere a wɔde sua ade wɔ intanɛt so wɔ sukuu mu anaa fie no nka ho.

Maame bi de ne mfoni dedaw rekyerɛ abofra bi

FI ASE WƆ NE MMOFRAASE PƐƐ

Abofra a ogye akwankyerɛ fi mpanyimfo hɔ no, ɛda adi sɛ obenyin abɛyɛ onyansafo ne ɔpanyin pa daakye

Ma Wo Ba Nhwɛ Wo Nsua Wo

  • Mewɔ suban pa a me mma betumi ahwɛ asua?

  • Ɛyɛ a me mma hu sɛ me nso mekɔ wɔn a wɔwɔ suahu pii no nkyɛn kɔhwehwɛ mmoa anaa?

  • Ɛyɛ a minya me mma ho adagyew de kyerɛ sɛ wɔn ho hia me anaa?

Nea Yɛyɛe Ni . . . 

“Ɛtɔ da na sɛ m’ani abere reyɛ ade a, wobɛhwɛ na me babea no aba sɛ ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ me. Nanso mebɔ mmɔden sɛ bere biara metie no. Ebi wɔ hɔ a, meka kyerɛ no sɛ ɔntwɛn simma kakraa bi, sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ayɛ aso atie no yiye. Me ne me yere bɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nneɛma pa ama yɛn ba no asuasua. Wei ma me ba no hu sɛ, nneɛma a yɛkyerɛkyerɛ no no, yɛn ankasa de bɔ yɛn bra.”​—David.

“Bere a mewoo me babea no, me ne me kunu sii gyinae sɛ megyae adwuma a na mereyɛ no, na matena fie ahwɛ abofra no. Nea meyɛe yi, minnuu me ho. Ɛho hia pa ara sɛ yenya bere ma yɛn mma bere a wosusua no. Wei bɛma mmofra no anya mmoa ne akwankyerɛ a ɛfata, na nea ɛsen saa no, wobehu sɛ wudwen wɔn ho.”​—Lisa.

MA WO MMA NE MPANYIMFO MMƆ

“Bere a me mma no renyin no, wɔne mpanyimfo pii bɔe. Saafo yi, na ɛsono mfe a wɔadi ne nneɛma a wɔn mu biara ani gye ho. Enti me mma no suaa nneɛma pii fii wɔn hɔ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere bi, me nanabea ka kyerɛɛ me mma no sɛ, bere a na ɔyɛ abaayewa no, wɔn abusua no na wodii kan nyaa anyinam kanea wɔ wɔn fie. Ɔka kyerɛɛ me mma no sɛ saa bere no, na nnipa a wɔwɔ mpɔtam hɔ no hyɛ da ba wɔn fie begyina wɔn gyaade hɔ bɛhwɛ sɛnea wɔsɔ kanea no na wodum no no. Saa asɛm no maa me mma no huu sɛnea kan no na asetena te. Nsɛm a ɛte saa a wɔn nanankansowa ka kyerɛɛ wɔn no boaa wɔn pa ara, efisɛ ɛma wonyaa obu kɛse maa ɔno ne nnipa afoforo a wɔn mfe akɔ anim no. Sɛ mmofra ansɛe wɔn adagyew nyinaa wɔ wɔn atipɛnfo ho na mmom wonya bere ne mpanyimfo nso bɔ a, wobesua nneɛma pii afi wɔn hɔ.”​—Maranda.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena