Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g19 nɔma 2 kr. 14-15
  • Ehia Sɛ Wɔbɔ Bra Pa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ehia Sɛ Wɔbɔ Bra Pa
  • Nyan!—2019
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • DƐN NE ƆBRA PA?
  • ADƐN NTI NA EHIA SƐ MMOFRA BƆ BRA PA?
  • SƐNEA WOBƐKYERƐKYERƐ WO MMA ABRABƆ PA
  • 7 Ma Wo Ba Nnya Suban Pa
    Nyan!—2018
  • Yɛte Wiase Bi a Ne Gyinapɛn Resesa Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Abrabɔ Gyinapɛn Ahorow A Ɛresakra Wɔ Abakɔsɛm Mu
    Nyan!—1991
  • Abrabɔ Gyinapɛn a Mfaso Wɔ So Ankasa
    Nyan!—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2019
g19 nɔma 2 kr. 14-15
Maame bi sika bɔtɔ atɔ fam, ɛnna ɔbea bi afa de rema no. Ɔbea no babea gyina hɔ rehwɛ no

ADESUA 6

Ehia Sɛ Wɔbɔ Bra Pa

DƐN NE ƆBRA PA?

Nnipa a wɔbɔ bra pa no, wonim nea ɛyɛ papa, ɛnna wonim nea ɛyɛ bɔne. Enti sɛ wohyia tebea bi a, ɛmfa ho sɛnea wɔte nka biara no, nea wonim sɛ ɛyɛ papa no na wɔyɛ. Sɛ obiara nni hɔ mpo a, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea ɛfata nko ara.

ADƐN NTI NA EHIA SƐ MMOFRA BƆ BRA PA?

Baabi a mmofra bɛfa biara, nkurɔfo de nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho nsɛm puapua wɔn, nanso emu dodow no ara nyɛ nokware. Wɔte saa nsɛm no bi fi wɔn sukuufo hɔ, wɔte bi nso fi nnwom mu, sini mu, ne TV so dwumadi ahorow mu. Sɛ mmofra yi de nsɛm a ɛte saa toto afotu pa a wɔde akyerɛkyerɛ wɔn no ho a, ɛyɛ a wontumi nhu nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne.

Wei yɛ ɔhaw kɛse bere a mmofra anyin abɛyɛ mmabun no. Nhoma bi ka sɛ: “Saa bere no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ nnipa pii bɛhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nneɛma a ɛbɛma afoforo apɛ wɔn asɛm. Nanso ɛsɛ sɛ wosua sɛ wɔbɛyɛ nea wonim sɛ ɛteɛ bere mpo a wɔn nnamfo ani rennye ho no.” Ne saa nti ɛsɛ sɛ awofo fi ase kyerɛkyerɛ wɔn mma nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho ade ansa na wɔanyin abɛyɛ mmabun.​—Beyond the Big Talk.

SƐNEA WOBƐKYERƐKYERƐ WO MMA ABRABƆ PA

Ma wonhu nsonsonoe a ɛda papa ne bɔne ntam pefee.

BIBLE MU AFOTUSƐM: ‘Wɔn a wɔn ho akokwaw no atete wɔn adwene ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.’​—Hebrifo 5:14.

  • Fa nsɛm bi a ɛbɛma wɔahu sɛ biribi yɛ papa anaa bɔne no di dwuma. Nneɛma a ɛkɔ so wɔ abrabɔ mu da biara no, fa yɛ nhwɛso kyerɛ wo ba no ma onhu sɛ wei yɛ papa, wei yɛ bɔne. Wubetumi de nhwɛso ahorow akyerɛ wo ba no sɛ: “Obi yɛ sei a, ɔyɛ ɔnokwafo; obi yɛ sei a, ɔnyɛ ɔnokwafo.” “Obi yɛ sei a, ɛkyerɛ sɛ ne yam ye; obi yɛ sei a, ɛkyerɛ sɛ ne tirim yɛ den.” Sɛ wokyerɛkyerɛ wo ba no saa a, ebedu baabi no, ɔno ankasa behu nneɛma a ɛfata sɛ ɔyɛ, ne nea ɛnsɛ sɛ ɔyɛ.

  • Ma wo mma no nhu nea enti a biribi yɛ papa anaa bɔne. Wubetumi abisa wo mma no nsɛm bi te sɛ: Adɛn nti na eye pa ara sɛ yebedi nokware? Ɔkwan bɛn so na atorodi betumi asɛe nnamfo ntam? Adɛn nti na korɔn nye? Sɛ wotɔ wo bo ase ne wo ba no susuw nsɛm ho saa a, ɛbɛboa no ma wahu sɛnea obesisi papa ne bɔne ho gyinae.

  • Ma wo ba no nhu mfaso a ɛwɔ abrabɔ pa so. Wubetumi aka akyerɛ no sɛ: “Sɛ wudi nokware a, nkurɔfo begye wo adi,” anaa “Sɛ wo yam ye a, obiara ani begye ho sɛ ɔbɛbɛn wo.”

Ma wo mma nhu sɛ mo abusua no de, suban ahorow bi wɔ hɔ a monsosɔ so.

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Monkɔ so mpɛɛpɛɛ mo mu nhwɛ.”​—2 Korintofo 13:5.

  • Ɛsɛ sɛ w’abusua mufo nyinaa da suban pa adi, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi asi mo bo aka sɛ:

    • “Yɛn fie ha de, yenni atoro.”

    • “Yɛnko ntɔkwaw.”

    • “Yɛnka kasafĩ.”

Wo mma behu sɛ, ɛnyɛ mmara bi kɛkɛ na woahyehyɛ ama wɔn, mmom ɛyɛ suban pa a obiara de nim mo abusua no.

  • Suban a mo abusua no gye tom sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no, ɛsɛ sɛ wotaa ne wo mma no bɔ ho nkɔmmɔ. Fa nneɛma a esisi da biara yɛ nhwɛso fa kyerɛkyerɛ wo mma. Suban ahorow a mo abusua no gye tom no, fa toto nea nkurɔfo ka wɔ TV so anaa nea wɔn sukuufo ka no ho. Afei bisa wo mma no nsɛm bi te sɛ, “Ɛyɛ wo a, anka wobɛyɛ dɛn?” “Sɛ asɛm yi sii wɔ yɛn abusua mu a, dɛn na anka yɛbɛyɛ?”

Boa wɔn ma wɔmmɔ bra pa.

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Munkura ahonim pa mu.”​—1 Petro 3:16.

  • Sɛ wo ba yɛ adepa a, kamfo no. Bere biara a wo ba bɛyɛ adepa no, kamfo no, na kyerɛ no nea enti a ɔfata nkamfo. Wubetumi aka biribi te sɛ: “Wudii nokware. Mete wo so a, masɔre.” Sɛ wo ba di mfomso bi na ɔba bɛka nea wayɛ kyerɛ wo a, fi wo komam kamfo no sɛ wadi nokware. Ɛno akyi no, wubetumi de afotu anaa nteɛso ama no.

  • Sɛ wo ba di mfomso a, teɛ no so. Sɛ wo ba di mfomso bi a, boa no ma onnye ntom sɛ wanyɛ no yiye. Ɛsɛ sɛ ohu dekode pɔtee a wanyɛ no yiye no. Afei ɛsɛ sɛ ohu sɛ, nea ɔyɛe no, ɛnyɛ saa na mo abusua no suban te. Awofo binom wɔ hɔ a, sɛ wɔn mma di mfomso a wontumi nka, efisɛ wosuro sɛ wɔka a, ɛbɛhaw mmofra no. Nanso sɛ wo ba yɛ bɔne na woka ho asɛm a, ɛbɛboa no ma watete n’ahonim wɔ papa ne bɔne ho.

Sɛ wopɛ sɛ wuhu nsɛm pii fa sɛnea wobɛtete wo ba ho a, kɔ jw.org/tw, anaa skaane ahyɛnsode yi.

Maame bi sika bɔtɔ atɔ fam, ɛnna ɔbea bi afa de rema no. Ɔbea no babea gyina hɔ rehwɛ no

FI ASE WƆ NE MMOFRAASE PƐƐ

Sɛ mmofra hu sɛ wɔn awofo yɛ anokwafo a, ɛboa wɔn ma wɔn nso wodi nokware bere mpo a obiara nhwɛ wɔn no

Ma Wo Ba Nhwɛ Wo Nsua Wo

  • Me kasa ne me nneyɛe ma me mma hu sɛ suban pa a m’abusua no kura no ara bi na mede bɔ me bra anaa?

  • Me ne me yere adwene hyia wɔ nea ɛyɛ papa ne bɔne ho anaa?

  • Ɛtɔ da na mibu mmara so a meka nsɛm bi de yi me ho ano sɛ, “Wei de, mmofra mmom na ɛsɛ sɛ wodi so” anaa?

Nea Yɛyɛe Ni . . . 

“Sɛ yehu sɛ obi abɔ ne bra yiye ama aboa no a, yɛka ne ho asɛm kyerɛ yɛn mma no. Saa ara nso na sɛ obi ammɔ ne bra yiye na otwa so aba bɔne a, yɛka ɛno nso ho asɛm kyerɛ mmofra no. Sɛ yɛn mma no ka wɔn atipɛnfo bi a wɔanyɛ wɔn ade yiye ho asɛm kyerɛ yɛn a, yɛne wɔn susuw ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkɔyɛ ade koro no ara bi.”​—Nicole.

“Bere a yɛn babea no yɛ abofra no, yɛka kyerɛɛ no sɛ gyinae biara a obesi no, sɛ anyɛ papa a, ɛbɛyɛ bɔne. Afei yɛma ohuu nea ebefi gyinae biara a obesi mu aba. Wei boaa no ma osisii ne gyinae ahorow. Nea yɛkyerɛɛ no no, na ɛho hia pa ara efisɛ biribiara a yɛbɛyɛ wɔ abrabɔ mu no, sɛ́ ebia yɛyɛ mmofra anaa yɛanyin no, yɛn ara na yebesi ho gyinae.”​—Yolanda.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena