So Ɛsɛ sɛ Wugye Di?
SO WUGYE Baasakoro no di? Kristoman mufo pii gye di. Anyɛ yiye koraa no, ayɛ asɔreasɔre no kyerɛkyerɛ titiriw mfehaha pii.
Esiane eyi nti, ebia wubesusuw sɛ ɛyɛ nea asɛm biara nni ho. Nanso asɛm wɔ ho, na nnansa yi, n’akyigyinafo no mu binom mpo ama akyinnyegye no mu ayɛ den.
Dɛn nti na ɛsɛ sɛ asɛm te sɛ eyi yɛ nea ɛsen asɛm bi a wɔma etwam ara kwa? Efisɛ Yesu ankasa kae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” Enti yɛn daakye nyinaa gyina hu a yebehu Onyankopɔn su ankasa no so, na ɛno kyerɛ sɛ yɛbɛhwehwɛ Baasakoro ho akyinnyegye no mfiase ankasa. Enti, dɛn nti na woankasa wompɛɛpɛe mu?—Yohane 17:3.
Baasakorofo adwene ahorow ahorow na ɛwɔ hɔ. Nanso titiriw no Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ne sɛ nnipa baasa, Agya, Ɔba, ne Honhom Kronkron na wɔwɔ Onyamesu no mu; nanso, sɛ wɔka bom a wɔyɛ Onyankopɔn biako pɛ. Ɔkyerɛkyerɛ no se baasa no nyinaa yɛ pɛ, wɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ, wɔammɔ wɔn, na wɔatra Onyamesu no mu daa.
Nanso, afoforo ka sɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no yɛ atoro, sɛ Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no nkutoo na ɔwɔ hɔ sɛ obi a watew ne ho, ɔte hɔ daa, na odi nneɛma nyinaa so tumi. Wɔka sɛ Yesu asetra ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani mu no, na ɔte sɛ abɔfo no, honhom mu onipa bi a watew ne ho a Onyankopɔn bɔɔ no, na eyi nti ɛsɛ sɛ onya mfiase. Wɔkyerɛkyerɛ sɛ Yesu ne Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn nyɛɛ pɛ da wɔ ntease biara mu; wahyɛ Onyankopɔn ase bere nyinaa na ɔda so hyɛ n’ase. Wogye di nso sɛ honhom kronkron nyɛ onipa na mmom Onyankopɔn honhom, n’adeyɛ tumi.
Baasakoro no akyigyinafo ka sɛ ɛnyɛ nyamesom mu atetesɛm so nkutoo na egyina na mmom egyina Bible so nso. Wɔn a wɔkasa tia ɔkyerɛkyerɛ no ka sɛ ɛnyɛ Bible kyerɛkyerɛ, na abakɔsɛm nhoma bi mpo ka sɛ: “[Baasakoro] no ase fi abosonsom mu koraa.”—The Paganism in Our Christianity.
Sɛ Baasakoro no yɛ nokware a, ɛnde na ɛbrɛ Yesu ase sɛ wɔbɛka sɛ ɔne Onyankopɔn nyɛɛ pɛ da sɛ Onyamesu bi fã. Nanso sɛ Baasakoro no yɛ atoro a, na ɛbrɛ Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ase sɛ wɔbɛka sɛ obi ne no sɛ, nea enye koraa ne sɛ wɔbɛfrɛ Maria sɛ “Onyankopɔn Na.” Sɛ Baasakoro no yɛ atoro a, na egu Onyankopɔn anim ase sɛ wɔbɛka sɛnea wɔkyerɛ wɔ nhoma Catholicism mu no: “Sɛ [nkurɔfo] ankura Gyidi yi mu sɛ ɛyɛ nea edi mũ ne nea ɛho nguu fi a, akyinnye biara nni ho sɛ [wɔn] ase bɛhyew koraa. Na Katolekfo Gyidi ni: yɛsom Onyankopɔn biako a ɔyɛ Baasakoro.”
Ɛnde, ntease pa wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wopɛ sɛ wubehu nokware a ɛfa Baasakoro ho no. Nanso ansa na yɛbɛhwehwɛ ne mfiase ne nea wɔka sɛ ɛyɛ nokware no mu no, ɛbɛboa sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ ɔkyerɛkyerɛ yi mu pɔtee yiye. Dɛn ne Baasakoro no pɔtee? Wɔn a wogyina akyi no kyerɛkyerɛ mu dɛn?
Kyerɛwnsɛm ahorow a ɛwɔ nhomawa yi mu no fi Twi Bible foforo no mu, gye sɛ ebia wɔakyerɛ sɛ efi nkyerɛase foforo bi mu.
[Kratafa 2 mfonini ahorow]
Benkum so: Afepem a ɛto so abien (A.Y.B.) no mu Misrifo ɔbo honi Amon-Ra, Ramses II, ne Mut Baasakoro. Nifa so: Afeha a ɛto so dunnan (Y.B.) no mu Yesu Kristo, Agya no, ne honhom kronkron Baasakoro ɔbo honi. Hyɛ no nsow sɛ wɔyɛ nnipa baasa nanso wɔn anan yɛ anan pɛ.