Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • hf ɔfã 6 afã 1-3
  • Abawo Ma Nsakrae Ba Aware Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abawo Ma Nsakrae Ba Aware Mu
  • W’abusua Betumi Anya Anigye
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1 HU SƐNEA ABOFRA BETUMI AMA NNEƐMA ASESA
  • 2 MONHYƐ MO DƆ MU DEN
  • 3 MONTETE MO BA NO
  • “Johnny, Mesrɛ Wo Yɛ Komm!”
    Nyan!—1983
  • Nufu A Wɔma—Ɛnã “Afɔrebɔ” A Efi Ɔdɔ Mu
    Nyan!—1984
  • Nea Mmofra Hia ne Nea Wɔpɛ
    Nyan!—2004
  • Ma Wo Ba Nnum Wo Nufu!
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
W’abusua Betumi Anya Anigye
hf ɔfã 6 afã 1-3
Nɛɛse bi de abofra a wɔawo no foforo rebrɛ n’awofo

ƆFÃ 6

Abawo Ma Nsakrae Ba Aware Mu

“Mma yɛ agyapade a efi Yehowa hɔ.”—Dwom 127:3

Awarefo wo a ɛde anigye ba fie, nanso ebetumi ama wɔahyia nsɛnnennen. Sɛ abofra nya ba mo asetenam a, nea mubehu ara ne sɛ abofra no hwɛ agye mo bere ne mo ahoɔden nyinaa. Abofra no hwɛ betumi asɛe mo nna, na nsakrae a aba no betumi de abufuw ne ɔhaw aba mo aware no mu. Ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe a ebetumi ama moahwɛ mo ba no, na ɔdɔ nso akɔ so atena mo ntam. Ɔkwan bɛn so na Bible afotu betumi aboa ama moadi ɔhaw a abawo de ba no ho dwuma?

1 HU SƐNEA ABOFRA BETUMI AMA NNEƐMA ASESA

NEA BIBLE NO KA: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre na ne yam ye.” Bio nso, “ɛnhwehwɛ nea n’ankasa hia, ne bo nhaw no.” (1 Korintofo 13:4, 5) Woyɛ ɔyere na wowo foforo a, abofra no hwɛ betumi agye w’adwene nyinaa, na anhwɛ a wo kunu bɛte nka sɛ wonnwen ne ho bio. Enti mma wo werɛ mfi sɛ wobɛhwɛ ɔno nso. Sɛ wunya ne ho abotare, na wo ne no di no yiye a, obehu sɛ wudwen ne ho na ɔbɛboa wo wɔ abofra no hwɛ mu.

Papa no rema ne ba aduane, na anadwo nso wasɔre rehwɛ no

“Mo okununom, monkɔ so ne wɔn ntena . . . wɔ nimdeɛ mu.” (1 Petro 3:7) Hu sɛ abofra no hwɛ begye wo yere bere ne n’ahoɔden nyinaa. Seesei, wanya adwuma foforo aka ho, na ɛbɛma wabrɛ; ebia ɛbɛma ne werɛ ahow mpo. Ɛtɔ da a wo yere bo betumi afuw wo, nanso nya ne ho abotare, efisɛ “nea ne bo kyɛ fuw no ye sen dɔmmarima.” (Mmebusɛm 16:32) Fa nhumu yɛ adwuma, na boa no wɔ biribiara mu.​—Mmebusɛm 14:29.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Agyanom: Awia oo, anadwo oo, boa wo yere ma ɔnhwɛ mo ba no. Tew bere a wode yɛ nneɛma foforo no so, na nya bere ma wo yere ne wo ba no

  • Ɛnanom: Sɛ wo kunu ka sɛ ɔbɛboa wo ma woagyigye abofra no a, mpopo wo ti. Sɛ woka sɛ ɔnyɛ biribi na wanhu yɛ mpo a, nkasa n’anim, mmom nya ne ho abotare na kyerɛ no

2 MONHYƐ MO DƆ MU DEN

NEA BIBLE NO KA: “Wɔayɛ ɔhonam koro.” (Genesis 2:24) Ɛwom sɛ obi foforo abɛka w’abusua no ho de, nanso moda so ara yɛ “ɔhonam koro.” Yɛ nea wubetumi biara ma aware no nsɔ.

Woyɛ ɔyere a, kyerɛ mmoa a wo kunu de ma wo no ho anisɔ. Sɛ woka asɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛ no a, ebetumi ‘asa no yare’ anaa ahyɛ no nkuran. (Mmebusɛm 12:18) Woyɛ okunu? Ɛnde, ma wo yere nhu sɛ wodɔ no, na ne ho hia wo paa. Kae sɛ ɔno na ɔhwɛ fie, enti ɛyɛ a kamfo no.​—Mmebusɛm 31:10, 28.

“Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ne nko, na mmom ne yɔnko nso de.” (1 Korintofo 10:24) Hwɛ nea wo kunu anaa wo yere pɛ, na yɛ ma no. Moyɛ awarefo, enti munnye bere ntena ase mmɔ nkɔmmɔ nkamfo mo ho, na obiara mma ne yɔnko asɛm nhia no. Ɛba ɔbaa ne ɔbarima nna fam nso a, obiara nnwen ne yɔnko ho. Bɔ mmɔden sɛ wobɛte wo hokafo no ase. Bible ka sɛ: “Mommfa mo ho nnkame mo ho, gye sɛ mo baanu nyinaa pene so.” (1 Korintofo 7:3-5) Enti mo mu biara mma ne yɔnko nhu sɛnea ɔte nka. Sɛ munya abotare na moda ntease adi a, ɛbɛma mo aware no asɔ paa.

Abofra no ada, na awarefo no rebɔ nkɔmmɔ

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Ɛyɛ a mo mmienu nko ara nnye bere nni mo ho nkɔmmɔ

  • Wubetumi ayɛ nneɛma nketenkete bi a ɛbɛma wo yere anaa wo kunu ahu sɛ wodɔ no; wubetumi akyerɛw ɔdɔ nsɛm bi ama no, anaa woatɔ biribi akyɛ no

3 MONTETE MO BA NO

Maame no rekenkan ade akyerɛ ne ba

NEA BIBLE NO KA: “Wufi wo mmofraase nso nim nkyerɛwee kronkron no, na ɛno na ebetumi ama woahu nyansa akɔ nkwagye mu.” (2 Timoteo 3:15) Monyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma moatumi akyerɛkyerɛ mo ba no. Bere a ɔhyɛ yafunum no, ade a obetumi asua no bɛyɛ mo nwonwa. Wonnya nwoo no mpo no, otumi te wo nne, na biribiara a woyɛ no ka no. Enti ɔbɛtɔ hɔ ara pɛ a, mumfi ase nkenkan ade nkyerɛ no. Saa bere yi de, nea worekenkan akyerɛ no no, ebia ɔrente ase, nanso sɛ onyin a ɛbɛboa ma n’ani agye akenkan ho.

Ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ wo ba no sua dodo nti woka Onyankopɔn ho asɛm kyerɛ no a, ɔrente ase. Worebɔ Yehowa mpae a, bɔ no den ma ɔnte. (Deuteronomium 11:19) Sɛ wo ne no redi agorɔ a, ka Onyankopɔn abɔde ho asɛm kyerɛ no. (Dwom 78:3, 4) Woyɛ saa a, bere a wo ba no renyin no, obehu sɛ wodɔ Yehowa, na ɛbɛma ɔno nso adɔ no.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Srɛ Yehowa na ɔmma wo nyansa a wode bɛtete wo ba no

  • Nneɛma a wopɛ sɛ wo ba no sua no, ɛyɛ a ka ho asɛm kyerɛ no, na wafi ase asua no ntɛm

ABAWO BETUMI AMA AWAREFO ANYA SUBAN PA

Ebedu baabi no, wubehu sɛ mo mmienu nyinaa ahu adwuma no ani so, na moayɛ awofo mapa. Abatete betumi ama moanya ɔdɔ, abotare ne ayamye. Sɛ mobom tete mo ba no a, mubehu sɛ abawo ama mo aware no asɔ. Mubehu sɛ asɛm a ɛwɔ Dwom 127:3 no yɛ nokware. Ɛhɔ ka sɛ: “Ɔyafunu mu aba yɛ akatua.”

BISA WO HO SƐ . . .

  • Dɛn na meyɛe wɔ nnawɔtwe a etwaam no de kyerɛɛ me kunu anaa me yere sɛ m’ani sɔ nea ɔyɛ de boa abusua no?

  • Bere bɛn na me ne me kunu anaa me yere dii yɛn ho nkɔmmɔ a yɛamfa yɛn ba no ho asɛm ammetwa mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena