Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 2/1 kr. 18-21
  • W’abofra Adwenem Yɛ No Naa Wɔ Wo Gyidi Ho a, Wobɛyɛ Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • W’abofra Adwenem Yɛ No Naa Wɔ Wo Gyidi Ho a, Wobɛyɛ Dɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Nhumu Yɛ Adwuma
  • Mommɔ Ho Nkɔmmɔ
  • Ma W’abofra no Mfa ‘N’adwene’ Nyɛ Adwuma
  • Boa No Ma ‘Onnye Nni’
  • Mmabunbere—Sɛnea Wosiesie Wɔn ho ma Mpanyinbere
    Nyan!—2012
  • Mmabun a Yɛne Wɔn Bɛbɔ Nkɔmmɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Sɛnea Yɛbɛtete Mmabun ma Wɔabɛyɛ Mpanyimfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Wɔn a Wogyina Baabi a Ɛyɛ Toro
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 2/1 kr. 18-21

Nea Ɛma Abusua Nya Anigye

W’abofra Adwenem Yɛ No Naa Wɔ Wo Gyidi Ho a, Wobɛyɛ Dɛn?

Mmofra pii nyin begye wɔn awofo som tom. (2 Timoteo 3:14) Nanso ebinom nnye ntom. Sɛ wo ba a ɔrekɔ mpanyin mu adwenem yɛ no nãã wɔ wo gyidi ho a, dɛn na wubetumi ayɛ? Ɔfã yi bɛkyerɛ sɛnea Yehowa Adansefo di asɛm a ɛte saa ho dwuma.

“Mempɛ sɛ mekɔ m’awofo asɔre bio. Mepɛ sɛ migyae.”—Cora, wadi mfe 18.a

WO KOMAM no, wunim paa sɛ wo som kyerɛkyerɛ Onyankopɔn ho nokwasɛm. Wugye di nso sɛ obi de Bible no bɔ ne bra a, ɛno na ebesi no yiye. Ɛba saa a, ɛnyɛ obi na ɔbɛka akyerɛ wo sɛ fa nea wugye di no dua wo ba mu. (Deuteronomium 6:6, 7) Sɛ ɛkɔba sɛ wo ba no nyin kakra na sɛ n’ani nnye ɔsom no ho bio nso ɛ? Sɛ ofi ase ka nsɛm bi de kyerɛ sɛ nneɛma a ɔde anigye suae wɔ ne mmofraberem no, n’adwenem yɛ no nãã wɔ ho a, wobɛyɛ dɛn?—Galatifo 5:7.

Sɛ woyɛ Kristoni na sɛ wo ba te nka saa a, nka sɛ woanyɛ w’adwuma yiye. Akyiri yi, yebehu sɛ nneɛma pii na ɛma ɛba saa. Nanso, hyɛ biribi nsow: Sɛ wo ba a ɔrekɔ mpanyin mu adwenem yɛ no nãã wɔ wo som ho a, nea wobɛyɛ na ɛbɛkyerɛ sɛ n’ani begye ho anaa ɔbɛpo. Sɛ wode ahunahuna ba mu a, ɛnde ɛbɛkɔ akɔfa manso kɛse aba wo ne w’abofra no ntam, na anhwɛ a, wo nsa besi fam.—Kolosefo 3:21.

Nea ɛbɛboa paa ne sɛ wubetie ɔsomafo Paulo afotu no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛnsɛ sɛ Awurade akoa ko, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa, otumi kyerɛkyerɛ, ɔhyɛ ne ho so.” (2 Timoteo 2:24) Sɛ w’abofra adwenem yɛ no nãã wɔ wo gyidi ho a, wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ ‘wutumi kyerɛkyerɛ’?

Wɔadaadaa Wɔn Anaa?

Atosɛm: Awofo a wɔyɛ Yehowa Adansefo de wɔn gyidi hyɛ wɔn mma so.

Nokwasɛm: Awofo a wɔyɛ Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔde Onyankopɔn ho dɔ bedua wɔn mma mu sɛnea Bible ka sɛ wɔnyɛ no. (Efesofo 6:4) Nanso, wonim sɛ, sɛ abofra no nyin a, ɛsɛ sɛ ɔno ankasa si ne som ho gyinae.—Romafo 14:12; Galatifo 6:5.

Fa Nhumu Yɛ Adwuma

Nea edi kan no, bɔ mmɔden ara hwehwɛ nea ama w’abofra no adwenem ayɛ no nãã. Ɛho nhwɛso ni:

  • Ebetumi aba sɛ wayɛ ankonam na onni adamfo biara wɔ Kristofo asafo no mu anaa? “Nnamfo a na merepɛ nti, me ne me sukuufo bebree bɔe, na mfe pii twaam a mantumi ankɔ m’anim wɔ ɔsom no mu. Fekubɔne nti, na ɔsom no nhia me pii; nneɛma pii kɔɔ so a, sɛ mekae a na ɛyɛ me yaw.”—Lenore, wadi mfe 19.

  • Ebetumi aba sɛ onnye ne ho nni nti ontumi nka ne gyidi ho asɛm anaa? “Mewɔ sukuu no, na ɛyɛ den sɛ mɛka me gyidi ho asɛm akyerɛ sukuufo no. Ná misuro sɛ wobebu me animtiaa anaa wɔbɛka sɛ meyɛ me ho ‘Bible Bible’ dodo. Sɛ abofra bi da nsow a, sukuufo no ne no mmɔ, na na mempɛ sɛ wɔbɛyɛ me saa.”—Ramón, wadi mfe 23.

  • Ebetumi aba sɛ Kristofo mmara yɛ no den dodo anaa? “Mete nka sɛ daa nkwa bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no wɔ abansoro tenten bi so, na mintumi mmɛn ho koraa na kampɛsɛ me nsa aka. Misuro paa sɛ mɛforo abansoro no ma enti ɛyɛ me sɛ minnyaa me gyidi mu.”—Renee, wadi mfe 16.

Mommɔ Ho Nkɔmmɔ

Wo nso, dɛn na ɛhaw wo ba a ɔrekɔ mpanyin mu no? Sɛ wubehu a, gye sɛ wubisa no! Nanso, hwɛ na woamma nkɔmmɔ no annan akyinnyegye. Mmom no, fa afotu a ɛwɔ Yakobo 1:19 yi yɛ adwuma: “Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm, ɔnyɛ nyaa nkasa, na ɔnyɛ nyaa mfa abufuw.” Nya ne ho abotare. Fa “abodwokyɛre ne ɔkyerɛkyerɛ a etu mpɔn nyinaa” di dwuma sɛnea anka wobɛyɛ obi a onni w’abusua mu no.—2 Timoteo 4:2.

Enti sɛ wo ba a ɔrenyin mpɛ sɛ ɔbɛkɔ Kristofo nhyiam a, bɔ mmɔden hwɛ sɛ biribi foforo bi na ɛhaw no anaa. Nanso wo ne no nkasa abotare mu. Sɛ ɔwofo bi fa kwan a yɛrebɛka ho asɛm yi so di nneɛma ho dwuma a, biribi papa biara ntumi mma.

Abofra: Mempɛ sɛ mekɔ asafo nhyiam bio.

Agya: [ɔkasa abufuw so] Asɛm bɛn na woreka no?

Abofra: Me de, nhyiamkɔ afono me!

Agya: Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ Onyankopɔn ho afono wo? Onyankopɔn na ne ho afono wo no? Woboa koraa! Woda so te fie ha yi, wopɛ oo, wompɛ oo, wobɛkɔ nhyiam!

Onyankopɔn ahyɛ mmara sɛ awofo mfa n’Asɛm nkyerɛkyerɛ wɔn mma na mmofra nso ntie wɔn awofo. (Efesofo 6:1) Nanso, ɛnyɛ sɛ wopɛ sɛ wo ba bedi wo som akyi kɛkɛ a ɔnte ase, na saa ara nso na wompɛ sɛ ɔde amemenemfe bedi w’akyi akɔ Kristofo nhyiam. Nea wopɛ ne sɛ wo ba no befi ne komam asom.

Sɛ wode nhumu di dwuma na wuhu nea ɛhaw wo ba no a, ɛbɛboa ama abofra no afi ne komam ayɛ saa. Bere a eyi wɔ w’adwenem no, ma yɛnhwɛ ɔkwampa a wubetumi afa so adi nkɔmmɔ a yɛaka ho asɛm dedaw no ho dwuma.

Abofra: Mempɛ sɛ mekɔ asafo nhyiam bio.

Agya: [ɔkasa bɔkɔɔ] Dɛn na ɛma wote nka saa?

Abofra: Me de, nhyiamkɔ afono me!

Agya: Mmom ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi bɛtena faako dɔnhwerew biako anaa abien. Dɛn na ɛma ɛyɛ wo den paa?

Abofra: Mintumi nhu. Ɛhɔ nyɛ dɛ.

Agya: Saa na wo nnamfonom te nka anaa?

Abofra: Asɛm no na woabɔ so no! Minni adamfo biara; seesei minni bi. Efi bere a me yɔnko berɛbo no fii ha no, minnya obiara ne no mmɔ nkɔmmɔ! Obiara wɔ nea ɔne no bɔ ma n’ani gye. Me nko ara matɔ mu!

Ɔkwan a agya a yɛde no ayɛ mfatoho no faa so ne ne ba a ɔrenyin no bɔɔ nkɔmmɔ no ma ohui sɛ abofra no haw ne ankonamyɛ. Afei nso ɛbɛma abofra no anya ne mu ahotoso na bere foforo watumi ne no abɔ nkɔmmɔ.—Hwɛ adaka a wɔato din “Nya Abotare!” no.

Nya Abotare!

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Sɛ worekasa akyerɛ wo ba a ɔrekɔ mpanyin mu a, egye abotare paa. Nanso wobrɛ ho a eye, efisɛ mfaso wɔ so; ɛbɛma wo ba no anya wo mu ahotoso. Abeawa bi ka sɛ: “Anadwo bi a me ne me papa bɔɔ nkɔmmɔ no, meka kyerɛɛ no sɛ ɛyɛ a miwia me ho ne nkurɔfo di nkitaho wɔ Intanɛt so. Meka kyerɛɛ no nso sɛ me ne aberante bi hyehyɛ hɔ na anka mereguan afi fie mpo. Ɔtɔɔ ne bo ase ne me bɔɔ nkɔmmɔ kɔɔ akyiri. Minnim agya biara a sɛ ne babea ka kyerɛ no sɛ wafew aberante bi ano pɛn na da biara ɔkyerɛw nsɛm fa mobile fon so mane aberante no a, ɔrenkekaw mu ngu no so. Mihu sɛ metumi aka biribiara akyerɛ me papa a merensuro. Minim sɛ ɔpɛ sɛ ɔboa me paa.”

Mmabun pii hu sɛ, sɛ wɔbɔ mmɔden di ɔhaw a ɛresiw wɔn som kwan no ho dwuma a, ɛma wonya ahotoso, na woso wɔn gyidi mu den. Nhwɛso biako ne aberante Ramón a yɛkaa n’asɛm sɛ na osuro sɛ ɔbɛda ne ho adi wɔ sukuu mu sɛ ɔyɛ Kristoni no. Akyiri yi, Ramón hui sɛ, sɛ nkurɔfo bedi ne ho fɛw mpo a, ɛnyɛ hu sɛ ɔbɛka ne gyidi ho asɛm sɛnea na ɔte nka no. Ɔkae sɛ:

“Bere bi, na sukuuni abarimaa bi de me som reserew me. Ná minhu nea menka, na mihui sɛ yɛn dan no mufo nyinaa retie. Ɛhɔ ara na medan asɛm no bisaa ɔno abarimaa no som ho asɛm. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ asɛm no bɔɔ no so koraa kyɛn me! Ɛhɔ na mihui sɛ mmabun pii wɔ ɔsom a wɔwom, nanso wɔnte ase. Anyɛ hwee koraa no, me de mitumi kyerɛkyerɛ me gyidi mu. Yɛreka paa a, sukuufo no mmom na sɛ wobisa wɔn gyidi ho asɛm a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ basaa, na ɛnyɛ me!”

SƆ EYI HWƐ: Ma w’abofra no nkyerɛ sɛnea ɔte nka wɔ Kristosom ho. Ɔno ankasa, dɛn mfaso na ɔte nka sɛ ɛwom? Ɔhaw bɛn na ɛwom? Mfaso no dɔɔso sen ɔhaw no anaa? Dɛn na ɛma ohu no saa? (Marko 10:29, 30) Wubetumi ama abofra no akyerɛw sɛnea ɔte nka wɔ krataa so. Ma ɔnkyɛ mu abien na ɔnkyerɛw ɔhaw no wɔ benkum so na ɔnkyerɛw mfaso no wɔ nifa so. Sɛ wo ba no hu nea wakyerɛw no a, ɛbɛma watumi ahu ne haw na wayɛ ho adwuma.

Ma W’abofra no Mfa ‘N’adwene’ Nyɛ Adwuma

Awofo ne animdefo ahu sɛ ɛsono sɛnea mmofra nketewa dwen nneɛma ho, ɛnna ɛsono sɛnea mmofra a wɔrekɔ mpanyin mu nso dwen nneɛma ho koraa. (1 Korintofo 13:11) Sɛ woka asɛm kyerɛ abofra ketewa a, ɔbɛfa no sɛnea wokaa no no ara, na sɛ woka asɛm kyerɛ abofra a ɔrekɔ mpanyin mu a, ɔde n’adwene bɛkɔ nea woanka mpo so. Ɛno nti abofra ketewa de, wubetumi akyerɛ no sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ biribiara. (Genesis 1:1) Nanso abofra a ɔrekɔ mpanyin mu de, nsɛmmisa yi betumi aba n’adwenem: ‘Mɛyɛ dɛn ahu sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ? Sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ a, adɛn nti na ɔma bɔne ho kwan? Mɛyɛ dɛn ahu sɛ Onyankopɔn nni mfiase?’—Dwom 90:2.

Sɛ nsɛmmisa a ɛte saa ba w’abofra adwenem a, ebia wobɛte nka sɛ ne gyidi asɛe. Nea ɛwom paa ne sɛ, ɛno betumi akyerɛ sɛ ɔrenya nkɔso mmom. Asɛm no ne sɛ, nsɛmmisa ho hia paa na obi Kristosom atumi anya nkɔanim.—Asomafo Nnwuma 17:2, 3.

Bio nso, wo ba a ɔrenyin no resua sɛnea ɔde ‘n’adwene’ bɛyɛ adwuma. (Romafo 12:1, 2) Ɛno nti seesei otumi hu Kristofo gyidi “tɛtrɛtɛ ne ne tenten ne ne sorokɔ ne sɛnea emu dɔ yiye” sen bere a na ɔyɛ abofra ketewa no. (Efesofo 3:18) Ɛnnɛ paa ne bere a ɛsɛ sɛ woboa wo ba no ma odwen ne gyidi ho na ama watumi anya ahotoso sɛ edi mu.—Mmebusɛm 14:15; Asomafo Nnwuma 17:11.

Ma Onnya Obi a Obesuasua No

Ɛtɔ mmere bi a, ade a etumi boa mmabun ne sɛ obi a ɔnyɛ wɔn busuani bɛhyɛ wɔn nkuran. Wunim obi a ɔmfa ne som nni agoru a wo ba betumi ahwɛ no asua no? Adɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe mma ɔne wo babarima anaa wo babea mmɔ? Ɛnyɛ adwene no ne sɛ wubegyaa w’asɛde mu ama no. Nanso kae Timoteo. Onyaa ɔsomafo Paulo nhwɛso no so mfaso pii, na Paulo nso nyaa mfaso pii fii Timoteo fekubɔ mu.—Filipifo 2:20, 22.c

c Asɛm yi fi Questions Young People Ask—Answers That Work, Po 1, 2011 de no, kratafa 318. Yehowa Adansefo na atintim nhoma no.

SƆ EYI HWƐ: Wo ne wo ba no nsan nsusuw nneɛma nketenkete a wo ne no nyinaa amfa mo adwene ankɔ so kɛse no ho. Wubetumi ama wasusuw nsɛmmisa yi ho: ‘Dɛn na ɛma me migye di sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ? Adanse bɛn na me mahu a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen me ho? Dɛn na ɛma mete nka sɛ, sɛ midi Onyankopɔn mmara so a, eye ma me ara?’ Nhyɛ wo ba no sɛ ɔne wo nyɛ adwene. Mmom no, boa no ma ɔnhyɛ n’ankasa gyidi den. Ɛba saa a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ obenya ahotoso sɛ ne gyidi no di mu.

Boa No Ma ‘Onnye Nni’

Bible ka aberantewa Timoteo ho asɛm sɛ na ‘ofi ne mmofraase’ nim nkyerɛwee kronkron no. Ne nyinaa akyi no, ɔsomafo Paulo tuu Timoteo fo sɛ: “Tena nea woasua na woagye adi sɛ ɛyɛ nokware no mu.” (2 Timoteo 3:14, 15) Ebia na wo nso wode Bible atete wo ba fi ne mmofraase te sɛ Timoteo. Nanso seesei de, nea ehia sɛ woyɛ ne sɛ woma ogye nneɛma bi di na ɔde ahyɛ n’ankasa gyidi den.

Nhoma a wɔato din Questions Young People Ask—Answers That Work, Po 1, no ka sɛ: “Bere tenten a wo ba a ɔrekɔ mpanyin mu no te wo fie no, wowɔ hokwan sɛ woma odi wo som akyi. Nanso nea ɛsɛ sɛ wode yɛ wo botae ne sɛ wode Onyankopɔn ho dɔ bedua abofra no komam, na ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi a n’ankasa ani nnye ho.” Sɛ woma saa botae no tena w’adwenem a, wubetumi aboa w’abofra no ma ɔde ‘gyidi agyina hɔ pintinn’ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde bɛbɔ ne bra afa, na ɛnyɛ sɛ ɔreyɛ ama wo.b—1 Petro 5:9.

a Wɔasesa din a ɛwɔ asɛm yi mu no.

b Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbaa July 1, 2009, no kratafa 28-30, ne Questions Young People Ask—Answers That Work, Po 1, kratafa 315-318.

BISA WO HO SƐ . . .

  • Sɛ me ba ka nsɛm bi de kyerɛ sɛ n’adwenem yɛ no nãã wɔ me gyidi ho a, mɛyɛ dɛn?

  • Ɔkwan bɛn so na metumi de nsɛm yi adi nneɛma ho dwuma yiye?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena