Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 12/1 kr. 7
  • Dɛn na Ɛkyɛn Wei?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Ɛkyɛn Wei?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Yɛ W’adamfo Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokɔ so Sua Yehowa Ho Ade?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Wubetumi Abɛn Onyankopɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
  • Wo Ne Yehowa Abusuabɔ Di Mũ Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 12/1 kr. 7
Ɔbarima bi a ɔrekenkan Bible

ASƐM A ƐDA SO | WOBƐTUMI AFA ONYANKOPƆN ADAMFOƆ

Dɛn na Ɛkyɛn Wei?

Sɛ wopɛ sɛ wo ne Onyankopɔn nya ayɔnkofa papa a, dɛn na wobɛtumi ayɛ? Yɛadi kan ahu sɛ sɛ wofa akwan a ɛdidi so yi so a, wobɛtumi afa no adamfoɔ:

  1. Ɛsɛ sɛ wohu Onyankopɔn din Yehowa no na wobɔ.

  2. Ɛsɛ sɛ wo ne no bɔ nkɔmmɔ daa. Ɔkwan a wobɛfa so ayɛ saa ne sɛ daa wobɛbɔ mpaeɛ na woasua n’Asɛm Bible.

  3. Kɔ so yɛ nea Yehowa pɛ.

Ɔbarima bi a ɔrebɔ mpaeɛ

Wopɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn adamfo a, ɛnneɛ hu ne din na bɔ, bɔ no mpaeɛ, sua n’Asɛm, na yɛ nea ɔpɛ

Wohwɛ nea yɛaka yi a, woreyɛ wo fam deɛ na ama woabɛn Onyankopɔn? Anaasɛ aka kakra? Ɛwom, ne yɛ nna fam, nanso emu nhyira dɔɔso.

Ɔbaa bi a wɔfrɛ no Jennifer a ɔfiri United States kaa sɛ, “Woyɛ wo fam deɛ sɛ wobɛfa Onyankopɔn adamfoɔ a, ɛrenyɛ ɔbrɛguo da. Wo ne Onyankopɔn adamfofa no bɛma woanya nhyira pii. Ebi ne sɛ, ɛbɛma Onyankopɔn mu gyidie a wowɔ no ayɛ kɛse. Wobɛhu sɛnea ɔte ankasa, na ɔdɔ a wowɔ ma no no nso bɛyɛ kɛseɛ. Dɛn na ɛkyɛn wei?”

Sɛ wopɛ sɛ wo ne Onyankopɔn fa adamfoɔ a, Yehowa Adansefoɔ ani bɛgye sɛ wɔbɛboa wo. Wɔbɛtumi ne wo asua Bible a wɔnnye wo sika biara. Yɛsan to nsa frɛ wo sɛ bra yɛn Ahennie Asa so bɛsua nneɛma pii fi Bible mu. Woba a, wobɛnya hokwan ne nnipa a wɔyɛ Onyankopɔn nnamfo abɔ.a Woyɛ saa a, wo nso wobɛte nka te sɛ ɔdwontofoɔ a ɔtwerɛɛ Bible mu asɛm yi: “Me deɛ, Onyankopɔn a mɛbɛn no no yɛ ma me.”​—Dwom 73:28.

a Wopɛ sɛ obi ne wo bɛsua Bible anaa wokɔ Ahennie Asa a ɛbɛn wo so a, yɛsrɛ wo, wo ne nea ɔde nhoma yi brɛɛ wo no nkasa. Wobɛtumi nso akɔ yɛn Wɛbsaet, www.jw.org/tw. Wokɔ hɔ a, klik ɔfã a wɔato din WO NE YƐN NNI NKITAHO a ɛwɔ aseɛ hɔ no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena