Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 9/1 kr. 11-13
  • Bedell Bible

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bedell Bible
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NÁ WƆMPƐ SƐ WƆKA IRELAND KASA
  • BIBLE A BEDELL KYERƐƐ ASE NO
  • AFEI WƆTINTIMII
  • MMƆDEN KAKRA A ƆBƆE NO BOAE PAA
  • Akwamma a Ɛkyɛn Akwamma Biara!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Robert Boyle
    Nyan!—2013
  • Ireland “Nsubura Kronkron” No
    Nyan!—1985
  • Wɔn a Wɔn Ani Gye Onyankopɔn Asɛm Ho Adu Botae Titiriw Bi Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 9/1 kr. 11-13
Kratafa a ɛrekyerɛ baabi a Yehowa din pue wɔ Bedell Bible mu

Bedell Bible​—Mmɔden Kakra a Ɔbɔe no Ma Wɔtee Bible no Ase Yie

AFE 1627 mu no, William Bedell, ɔsɔfo a ɔfiri England no kɔɔ Ireland. Ɔduu hɔ no, ɔhuu biribi maa ne ho dwirii no. Ireland yɛ ɔman a Katolek som agye ntini wɔ hɔ, nanso Britain a ɛhɔfo yɛ Protestantfo no na na ɛdi wɔn so. Ná wɔn a wɔagye Protestant som agyinam no akyerɛ Bible no ase kɔ kasa pii mu wɔ Europe nyinaa. Nanso na obiara nyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkyerɛ Bible no ase akɔ Ireland kasa mu.

Enti Bedell gye gyinaa mu kaa sɛ, ‘sɛ Irelandfo nte Borɔfo a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbu yɛn ani gu wɔn so.’ Ne saa nti, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkyerɛ Bible no ase akɔ Ireland kasa mu. Nanso, wɔsɔre tiaa no denneennen, ne titiriw Prostestantfo. Dɛn ntia?

NÁ WƆMPƐ SƐ WƆKA IRELAND KASA

William Bedell

Bedell fa too ne ho so sɛ ɔbɛsua Ireland kasa no. Bere a ɔbɛyɛɛ sukuu panin wɔ Trinity College a ɛwɔ Dublin no, ɔhyɛɛ sukuufo no nkuran sɛ wɔnka Ireland kasa no. Akyiri yi a ɔbɛyɛɛ sɔfopanyin wɔ Kilmore no nso, ɔhyɛɛ nkurɔfo nkuran saa ara. Nokwasɛm ne sɛ, bere a Ɔhemmaa Elizabeth I a ɔfiri England tee Trinity College no, na ne botae ne sɛ wɔbɛtete asɔfo a wɔbɛtumi de ɔmanfo a wɔhyɛ n’ase no kurom kasa akyerɛkyerɛ wɔn Bible no. Bedell maa saa adaeso no baa mu.

Ná nnipa a wɔwɔ Katolek asɔre no mu wɔ Kilmore no dodow no ara ka Ireland kasa. Enti Bedell hyɛe sɛ asɔfo a wɔtumi ka Ireland kasa no na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɔre. Ɔde asɛm no kɔtoo atumfoɔ no anim, na na adwene a ɔkura ne asɛm a ɔsomafo Paulo kae a ɛwɔ 1 Korintofoɔ 14:19 no hyia. Ɛhɔ ka sɛ: “Asafo no mu deɛ, anka mɛpɛ sɛ mede m’adwene bɛka nsɛm nnum na ama matumi akyerɛkyerɛ afoforɔ sene sɛ mɛka nsɛm mpem du wɔ kasa bi mu,” kyerɛ sɛ kasa a nnipa dodow no ara nte.

Nanso atumfoɔ binom sɔre gyinae denneennen sɛ wɔmpene da. Abakɔsɛm akyerɛwfo kyerɛ sɛ, atumfoɔ no bi kaa sɛ sɛ wɔma ɔmanfo sua Ireland kasa a, na wɔde “Ɔman no reto asiane mu.” Afoforo nso kaa sɛ sɛ wɔyɛ saa a, “ɛbɛdi atia Aban no.” Ná ebinom adwene ne sɛ sɛ wɔka Ireland kasa no hyɛ a, ɛbɛboa England man no. Nokwasɛm ne sɛ, wɔhyɛɛ mmara mpo sɛ Irelandfo mpia wɔn kasa ne wɔn amammerɛ nto nkyɛn na wɔnsua Borɔfo na wɔnyɛ wɔn ade sɛ Britainfo.

BIBLE A BEDELL KYERƐƐ ASE NO

Nanso, Bedell amma nea atumfoɔ no kae no ammɔ ne hu. Afe 1630 kɔsi 1635 mu hɔ no, ɔfirii ase kyerɛɛ Borɔfo Bible a afei na na wɔatintim no foforo (King James Version, afe 1611 deɛ) no ase kɔɔ Ireland kasa mu. Ná ne botae ne sɛ ɔbɛkyerɛ Bible no ase ama nnipa pii akenkan ate ase. Asɛm a na ɔka ara ne sɛ, sɛ ahiafo antumi ankenkan Bible no ante ase a, wɔntumi nhwehwɛ mu nhu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na wɔanya daa nkwa.—Yohane 17:3.

Ɛnyɛ Bedell ne onipa a ɔdii kan huu no saa. Bɛyɛ mfe 30 a na atwam no, ɔsɔfopanin bi a wɔfrɛ no William Daniel nso hui sɛ ɛyɛ den ma nkurɔfo sɛ wɔbɛte nea Bible kyerɛkyerɛ no ase. Ɔkaa sɛ, “Sɛ Bible no nni wɔn kasa mu a, ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛte ase.” Ná Daniel akyerɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ase akɔ Ireland kasa mu. Afei Bedell hyɛɛ ase kyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ase. Nea William Daniel kyerɛɛ ase ne Bedell deɛ no na ɛbɛyɛɛ Bedell Bible no. Enti Bedell Bible no bɛyɛɛ Bible a ɛdi kan wɔ Ireland kasa mu. Mfe 300 a ɛdi hɔ no, ɛno nko ara ne Bible mua a na wɔakyerɛ ase kɔ Ireland kasa mu.

Ná Bedell ankasa aben wɔ Hebri kasa mu, na ɔfaa nnipa mmienu a wɔfiri Ireland ma wɔboaa no ma ɔkyerɛɛ Bible no ase firii Borɔfo mu kɔɔ Ireland kasa mu. Bere a adwuma no rekɔ so no, Bedell ne onipa baako anaa nnipa mmienu a ɔgye wɔn di tɔɔ wɔn bo ase hwɛɛ nkyekyɛm biara a wɔakyerɛ ase no mu. Wɔyɛɛ nhwehwɛmu wɔ Bible afoforo mu nso. Ebi ne Bible a Switzerlandni Giovanni Diodati kyerɛɛ ase kɔɔ Italy kasa mu, Hela Septuagint no, ne Hebri Bible nsaano nkyerɛwee a akyɛ yie no.

Bedell ne ne nkurɔfo no suasuaa wɔn a wɔkyerɛɛ King James Version ase no (na Bedell ankasa nim wɔn mu binom). Wɔde Onyankopɔn din hyehyɛɛ mmeae pii wɔ wɔn Bible no mu. Ɛho nhwɛso ne Exodus 6:3. Ɛhɔ no, wɔkyerɛɛ Onyankopɔn din no ase “Iehovah.” Bible a Bedell de ne nsa kyerɛwee no, wɔakora so wɔ Marsh Library, Dublin, Ireland.—Hwɛ adaka a wɔato din “Wɔakae Adwuma Pa a Bedell Yɛe.”

AFEI WƆTINTIMII

Bedell kyerɛɛ Bible no ase wiei bɛyɛ afe 1640 mu. Nanso, wantumi antintim no amonom hɔ ara. Dɛn ntia? Ade baako ne sɛ na asɔretiafo no gu so ara rehaw no. Wɔkasa tiaa obi a na ɔdi akoten wɔ Bible a na Bedell rekyerɛ ase no mu; adwene a na ɛwɔ akyi ara ne sɛ wɔbɛka sɛ wɔn nkyerɛase no nyɛ papa. Wɔkyeree no yayaaya de no too afiase. Anso hɔ ara, wɔ afe 1641 mu no, nkurɔfo sɔre tiaa England aban no denneennen maa nnipa pii wuwui. Wei nyinaa na Bedell ani tua. Bedell firi England deɛ, nanso Irelandfo no ara bi bɔɔ ne ho ban kɔsii bere bi, efisɛ na wɔnim sɛ ɔdwene wɔn ho paa. Nanso ewiee ase no asraafo atuatewfo no kyeree no toom, na na ne dabere mu nyɛ koraa. Wei ma ɔwuu ntɛm wɔ afe 1642 mu. Bedell antumi antintim Bible a ɔkyerɛɛ ase no.

1. Bedell nsaano nkyerɛwee, kratafa a nwoma no din pue; 2. Bedell Bible a wɔtintim no afe 1685

Bedell nsaano nkyerɛwee, bɛyɛ afe 1640, kratafa a nwoma no din pue, ne Bible a wɔtintimii no afe 1685 no

Bere a nkurɔfo bɛtuu Bedell nneɛma pansamee na wɔsɛee ne fie no, ɛkaa dɛ sɛ anka wɔsɛee ne Bible no. Nanso ne yɔnko brɛboɔ bi tumi bɔɔ mmɔden faa nneɛma a na wakyerɛ ase no nyinaa siei. Akyiri yi, saa nneɛma no kɔdii Narcissus Marsh nsam. Ɔno na ɔbɛyɛɛ ɔsɔfopɔn wɔ Armagh, na ɔno na ɔbɛdaa Church of Ireland ano. Nyansahufo Robert Boyle de sika boaa no na ɔde akokoduru tintimii Bedell Bible no wɔ afe 1685 mu.

MMƆDEN KAKRA A ƆBƆE NO BOAE PAA

Bible a Bedell kyerɛɛ ase no annye din wɔ wiase. Nanso mmɔden kakra a ɔbɔe no boa maa nkurɔfo tee Bible no ase yie, titiriw wɔn a wɔka Ireland kasa no. Ɛnyɛ Irelandfo nko na ɛboaa wɔn, na mmom ɛboaa Scotlandfo ne nnipa a wɔwɔ mmeae afoforo nso. Afei deɛ na wɔn nsa bɛtumi aka nea wɔhia wɔ honhom fam, efisɛ wɔbɛtumi akenkan Onyankopɔn Asɛm no wɔ wɔn kurom kasa mu.—Mateo 5:3, 6.

“Sɛ yɛkenkan Bedell Bible no a, yɛte Bible mu nsɛm no wɔ yɛn kurom kasa mu. Aboa paa ma me ne m’abusua abɛhu nokware a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu”

Bedell Bible no aboa nnipa a wɔn ani gye nokware no ho de abɛsi nnɛ. Obi a ɔka Ireland kasa a nnansa yi ara ɔbɛhuu nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa no kaa sɛ: “Sɛ yɛkenkan Bedell Bible no a, yɛte Bible mu nsɛm no wɔ yɛn kurom kasa mu. Aboa paa ma me ne m’abusua abɛhu nokware a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu.”

Wɔakae Adwuma Pa a Bedell Yɛe

Exodus 6:3 wɔ Maynooth Bible mu

EXODUS 6:3 MAYNOOTH BIBLE

Bere a wɔtintim Bedell Bible no wɔ afe 1685 mu no, mfe bɛyɛ 300 twaam ansa na wɔresan atintim Bible foforo wɔ Ireland kasa mu. Afei wɔ afe 1981 mu no, Katolek nwomanimfo yɛɛ Maynooth Bible no wɔ Ireland kasa a wɔka no nnɛ mu. Nnianim nsɛm a ɛwɔ Maynooth Bible no mu no, wɔkaa “adwuma kɛse a Church of Ireland no yɛe bere a wɔtintim Bible bɛyɛ mfe 400 a atwam ni no ho asɛm.” Nokwarem no, Bedell Bible no na na wɔreka ho asɛm. Nanso nnansa yi ara na Katolek Asɔre no rema Katolekfo kwan ma wɔakenkan Bedell Bible no.

Exodus 6:3 wɔ Bedell Bible mu

EXODUS 6:3 BEDELL BIBLE

Nwomanimfo a wɔyɛɛ Maynooth Bible no tintimii adwuma a wɔdii kan yɛe no bi wɔ afe 1971 mu. Ná Bible no fã bi ne Pentatúc (Pentateuch), kyerɛ sɛ nwoma nnum a ɛdi kan wɔ Bible mu no. Bere a Katolek nwomanimfo no reka adwuma a Bedell dii kan yɛe ho asɛm no, wɔkyerɛw wɔ kratafa a ɛdi kan wɔ wɔn Bible no mu sɛ, “Yɛde rekae William Bedell.”

Wɔn a wɔkyerɛɛ Pentatúc no ase no de Ireland kasa mu asɛmfua “Iávé” a ɛyɛ Onyankopɔn din no hyehyɛɛ mmeae pii a epue wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu, baabi a wɔakyerɛw YHWH no. Ɛho nhwɛso ne Exodus 6:2-13. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ bere a wɔwiee Maynooth Bible no, wɔn a wɔkenkan mu na wɔyɛɛ mu nsakrae ansa na wɔretintim no yii Onyankopɔn din no firii mu koraa, na wɔde “an Tiarna” (Awurade) sii ananmu. Bedell deɛ, ɔde Onyankopɔn din no dii dwuma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena