MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Ɔsatu a Yɛbɛyɛ De Ato Nsa Afrɛ Afoforo Aba Ɔmantam Nhyiam
Afe biara yɛde anigye hwɛ honhom fam aduan a yebedi wɔ yɛn ɔmantam nhyiam ase no kwan. Sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo nso bɛka Yehowa papayɛ ahwɛ no, yɛbɛto nsa afrɛ nnipa pii ma wɔne yɛn akɔ nhyiam no. (Dw 34:8) Mpanyimfo akuw na wɔbɛkyerɛ nea yɛbɛyɛ biara de krataa no ato nsa afrɛ afoforo.
NSƐM A ƐSƐ SƐ WOKAE
Bere bɛn na wɔbɛyɛ nhyiam a mɛkɔ no?
Bere bɛn na yɛn asafo no befi ɔsatu no ase?
Bere bɛn na yɛyɛ yɛn asɛnka nhyiam?
Dɛn botae na mede asi m’ani so wɔ ɔsatu no ho?
Henanom na mɛto nsa afrɛ wɔn?
ASƐM BƐN NA WOBƐKA?
Sɛ wukyia wie a, wubetumi aka sɛ:
“Yɛreyɛ nhyiam titiriw bi wɔ wiase nyinaa, na yɛde saa krataa yi reto nsa afrɛ nkurɔfo ama wɔaba bi. Wohwɛ krataa no so a, wubehu bere a yɛde bɛyɛ ne baabi a yɛbɛyɛ no. Yɛn ani begye sɛ wobɛba nhyiam yi bi.”
WOBƐYƐ DƐN ABOA WƆN A WƆKYERƐ HO ANIGYE?
Ɛwom sɛ yɛpɛ sɛ yɛto nsa frɛ nnipa pii ma wɔba nhyiam no de, nanso ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn a wɔbɛkyerɛ nsato no ho anigye no.
Wubetumi de nsɛmma nhoma aka nsato krataa no ho de ama wɔ dapɛn awiei.