ADESUA ASƐM 51
DWOM 132 Yɛayɛ Baako
Sɛnea Wobɛyɛ Ayeforo a Ɛbɛhyɛ Yehowa Anuonyam
“Momma biribiara nkɔ so fɛfɛɛfɛ, ne kwan so, ne kwan so.”—1 KOR. 14:40.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Nea Kristofo yɛ a ɛbɛma wɔn aware ahyɛ Yehowa anuonyam wɔ wɔn ayeforohyia da.
1-2. Yehowa pɛ sɛ wote nka sɛn wɔ w’ayeforohyia da?
WOREBƐWARE anaa? Sɛ saa a, ɛnde yɛma wo ayekoo! Ebia saa bere yi, wugu so reyɛ w’ayeforohyia no ho ntotoe a adaagye nnim koraa. Yehowa pɛ sɛ w’ayeforohyiaa da no, w’ani gye; ɛno akyi nso, ɔpɛ sɛ wo ne wo kunu anaa wo yere bom de anigye tena ase afebɔɔ.—Mmeb. 5:18; Nmd. 3:11.
2 Ɛho hia paa sɛ woma w’aware hyɛ Yehowa anuonyam. Adɛn nti na yɛreka saa, na dɛn na wobɛyɛ na ahyɛ Yehowa anuonyam? Wɔn a wɔreyɛ ayeforohyia ho ntotoe no, wɔn paa na adesua yi kɔ ma wɔn, nanso nnyinasosɛm a ɛwom no, ebetumi aboa yɛn nyinaa na sɛ yɛkɔ obi ayeforo a, yɛatumi ahyɛ Yehowa anuonyam. Afei nso, sɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ayeforo repɛ afotu afi yɛn hɔ a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu nea yɛbɛka.
ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ W’AYEFORHYIA HYƐ YEHOWA ANUONYAM?
3. Sɛ Kristofo reyɛ wɔn ayeforohyia ho ntotoe a, dɛn paa na ɛsɛ sɛ ɛtena wɔn adwenem, na adɛn ntia?
3 Sɛ Kristofo reyɛ wɔn ayeforohyia ho ntotoe a, ɛsɛ sɛ wɔma Bible nnyinasosɛm kyerɛ wɔn kwan. Adɛn ntia? Efisɛ Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware. Ɔno na ɔkaa Adam ne Hawa boom sɛ awarefo; ná ɛno ne ayeforohyia a edi kan. (Gen. 1:28; 2:24) Esiane sɛ Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware nti, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ ayeforo a, nea ɔyɛ a ɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam no, ɛno paa na ɛsɛ sɛ ɛtena n’adwenem.
4. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo de wɔn ayeforohyia hyɛ Yehowa anuonyam?
4 Nea enti a ɛho hia paa sɛ wohyɛ Yehowa anuonyam wɔ w’ayeforohyia da no, baako ne sɛ: Yehowa yɛ wo soro Agya ne w’Adamfo paa. (Heb. 12:9) W’adamfo nso de, yegye di sɛ wompɛ sɛ wobɛyɛ biribi a ɛbɛsɛe wo ne ne ntam. Enti sɛ ɛyɛ ayeforohyia da oo, sɛ ɛnyɛ ayeforohyia da oo, wopɛ sɛ woyɛ nea ɛsɔ n’ani. (Dw. 25:14) Sɛ wohwɛ nea Yehowa ayɛ ama wo nyinaa ne nea ɔbɛyɛ ama wo daakye a, wunhu sɛ ɛsɛ sɛ wode w’ayeforohyia hyɛ no anuonyam anaa?—Dw. 116:12.
WOBƐYƐ DƐN DE W’AYEFOROHYIA AHYƐ YEHOWA ANUONYAM?
5. Sɛ Kristofo reyɛ wɔn ayeforohyia ho ntotoe a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ wɔn kwan, na adɛn ntia?
5 Sɛnea wɔhyia ayeforo oo, sɛnea wɔyɛ ayeforohyia apontow oo, Bible nhyehyɛɛ emu biara ho mmara. Ɛsono obiara amammerɛ, nea n’ani gye ho, ne sɛnea ne sikasɛm te, enti ebia ɛbɛsono sɛnea obiara bɛyɛ ne de. Nanso, aban mmara a wahyehyɛ afa aware ho no, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo di so. (Mat. 22:21) Ne nyinaa mu no, gyinae biara a Kristofo besisi afa wɔn ayeforohyia ho no, sɛ wɔma Bible nnyinasosɛm kyerɛ wɔn kwan a, wɔn ayeforohyia no bɛhyɛ Yehowa anuonyam na ɛbɛma n’ani agye. Ɛnde, Bible nnyinasosɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem?
6. Aban mmara a wɔahyehyɛ afa aware ho no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔware no di so?
6 Di aban mmara so. (Rom. 13:1, 2) Wokɔ aman dodow no ara so a, sɛ obi pɛ sɛ ɔware a, aban no ahyehyɛ mmara a ɛsɛ sɛ odi so. Enti, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware no, ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ mu hu aware ho mmara a aban no ahyehyɛ wɔ wɔn man mu. Sɛ wunnim ɔkwan a wobɛfa so ayɛ saa a, wubetumi abisa w’asafo mu mpanyimfo ma wɔaboa wo.b
7. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ w’ayeforohyia ase, na ɛbɛyɛ dɛn na atumi ayɛ yiye saa?
7 Mma asɛm biara mma w’ayeforohyia ho. (1 Kor. 10:31, 32) Bɔ mmɔden sɛ wobɛma nea ɛbɛkɔ so wɔ w’ayeforohyia ase no ada no adi sɛ Onyankopɔn honhom na ɛkyerɛ wo kwan, na ɛnyɛ wiase honhom. (Gal. 5:19-26) Esiane sɛ Bible ka sɛ ɔbarima na ɔyɛ ne yere ti nti, ayeforokunu no na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ sɛ biribiara a ɛbɛkɔ so wɔ ayeforohyia no ase no bɛma obiara ani agye, na ahyɛ Yehowa anuonyam. Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na atumi ayɛ yiye saa? Nea ɛbɛma ayɛ yiye ne sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware no bɛma obi ama ɔkasa a egyina Bible so wɔ wɔn ayeforohyia ase. Enti sɛ nea ɔrema ɔkasa no de obu ne ɔdɔ kasa a, ɛbɛma obiara a ɔwɔ hɔ ahu sɛ Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ aware, na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ biribiara a ɛbɛma efĩ ne nkekae aba ayeforohyia no ho. Wei nti, Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔware no, wɔn mu dodow no ara si gyinae sɛ, wɔn ayeforo no, sɛ ɛbɛyɛ yiye a wɔbɛyɛ wɔ Ahenni Asa so. Sɛ wopɛ sɛ woyɛ w’ayeforo no wɔ Ahenni Asa so a, ɛnde ɛsɛ sɛ wokyerɛw krataa kɔma mpanyimfo no koraa ansa na adu so.
8. Sɛ w’ayeforohyia akyi wobɛtow pon a, dɛn na wubetumi ayɛ na ahyɛ Yehowa anuonyam? (Romafo 13:13)
8 Kenkan Romafo 13:13. Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛtow pon wɔ w’ayeforohyia akyi a, dɛn na wobɛyɛ na ankɔyɛ sɛ wiase honhom na ɛkyerɛ wo kwan? Greek asɛmfua a yɛakyerɛ ase “apontow a ase yɛ gyegyeegye” no, ɛkyerɛ apontow a na nkurɔfo we nsa wɔ ase na wɔbɔ nnwom ara kosi anadwo dasum. Enti sɛ woyɛ w’adwene sɛ wode nsa a ɛbow bɛba w’apontow no ase a, ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ obiara rennom nsa mmoro so.c Sɛ mobɛbɔ nnwom wɔ ase a, mommma ano nnyɛ denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a ɛwɔ hɔ betumi abɔ nkɔmmɔ a wɔrenteɛteɛm. Afei nso, nnwom a mopɛ sɛ mobɔ no, monto mo bo ase nhwɛ ne nyinaa mu nsɛm sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrento obiara hintidua.
9. Sɛ nkurɔfo bi bɛkasa wɔ awarefo bi ayeforohyia apontow ase anaa wɔbɛyɛ biribi de agye nkurɔfo ani a, dɛn na ɛsɛ sɛ awarefo no ma ɛtena wɔn adwenem?
9 Mmeae bi wɔ hɔ a, ayeforohyia apontow no ase no, awarefo no nnamfo ne wɔn abusuafo tumi sɔre gyina hɔ ka awarefo no ho nsɛm kakra. Afei nso, ɛtɔ da bi a, wɔtumi yi awarefo no ho video anaa mfoni, anaa wɔyɛ nneɛma afoforo de gyigye wɔn a wɔwɔ hɔ no ani. Mpɛn pii no, wei ma awarefo no ani gye paa, na ɛyɛ a wɔn werɛ mfi saa da no da. Enti sɛ wopɛ sɛ woyɛ biribi a ɛte saa wɔ w’apontow ase a, hwɛ hu sɛ biribiara a ɛbɛkɔ so wɔ hɔ no bɛhyɛ obiara nkuran. (Filip. 4:8) Wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Nea ɛbɛkɔ so wɔ hɔ no bɛkyerɛ sɛ midi afoforo ni? Ɛbɛkyerɛ sɛ mibu aware?’ Afei nso, asɛm a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ wubisa wo ho ne sɛ: ‘Ɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam?’ Ɛwom, obi betumi aka aseresɛm de, nanso ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ ɔnkeka nsɛm bi a ɛmfata a ɛbɛma nkurɔfo adwene akɔ ɔbarima ne ɔbea nna so. (Efe. 5:3) Enti sɛ w’abusuafo anaa wo nnamfo bɛkasa wɔ apontow no ase a, ma wɔnhu nsɛm a w’ani rennye ho sɛ wɔbɛka.
10. Sɛ Kristofo bi reyɛ wɔn ayeforohyia ho ntotoe a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔma ɛyɛ ketewese? (1 Yohane 2:15-17)
10 Ma ɛnyɛ ketewese. (Kenkan 1 Yohane 2:15-17.) Sɛ Yehowa asomfo hyɛ no anuonyam sen sɛ wɔbɛma nkurɔfo adwene aba wɔn so a, ɛma Yehowa ani gye paa. Enti sɛ Kristofo rehyia ayeforo a, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔrensɛe sika pii nyɛ nneɛma kuntann mfa ‘nhoahoa wɔn ho.’ Sɛ woma w’ayeforohyia yɛ ketewese a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Ebia wo de no bɛyɛ te sɛ Mike a ofi Norway no de. Yentie n’anom asɛm: “Sɛnea yɛyɛɛ no no nti, amma ɛka ammɛtɔ yɛn so, na yetumi toaa so yɛɛ akwampae adwuma no. Ná yɛn ayeforohyia no nyɛ kuntann, nanso ɛkɔɔ kama na yɛn werɛ remfi da.” Onuawa bi a ofi India a ɔde Tabitha nso ka sɛ: “Esiane sɛ yɛanyɛ yɛn ayeforohyia no kyenkyenee nti, ɛmaa yɛn kɔn mu dwoo yɛn. Enti na enhia sɛ yɛyɛ nneɛma pii ho ntotoe. Afei nso, nea na m’abusuafo ne me kunu abusuafo pɛ no, ammɛyɛ yɛn dadwen kɛse.”
Baabi a yɛte biara, yɛn ayeforohyia betumi ayɛ ketewese, na akɔ kama. Afei nso bere biara a yɛbɛkae no, ɛbɛma yɛn ani gye (Hwɛ nkyekyɛm 10-11)
11. Sɛn na ɛsɛ sɛ ayeforo no ne ayeforokunu no siesie wɔn ho? (Hwɛ mfoni no nso.)
11 W’ayeforohyia da no, ataade bɛn na wobɛhyɛ? Yenim sɛ saa da no de, wopɛ sɛ ahoɔfɛ guare wo. Wohwɛ Bible mu a, tete no mpo, ɛnyɛ ataade biara kɛkɛ na na ayeforo no ne ayeforokunu no hyɛ. (Yes. 61:10) Ɛwom, ataade a wobɛhyɛ no w’ayeforohyia da no, ebia ɛnyɛ ɛno na wobɛhyɛ akɔ mmeae afoforo. Nanso ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ asɛm biara nni ho. (1 Tim. 2:9) Mma ataade a wobɛhyɛ anaa nneɛma a wode besiesie wo ho nnyɛ ade titiriw a nkurɔfo de bɛkae w’ayeforo no.—1 Pet. 3:3, 4.
12. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔware hwɛ yiye na wɔamfa amanne ne amammerɛ biara a etia Bible mmara amfrafra wɔn ayeforo?
12 Amanne anaa amammerɛ biara a etia Bible mmara no, montwe mo ho mfi ho. (Adi. 18:4) Satan wiase no de abosonsom, ahonhonsɛm ne gyidihunu afrafra ayeforohyia amanne bebree mu. Nanso nneɛma a ɛtete saa a ɛho ntew yi, Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛntwe yɛn ho mfi ho koraa. (2 Kor. 6:14-17) Baabi a wote no, amanne anaa amammerɛ bi wɔ hɔ a wo tirim ntene wo wɔ ho anaa? Sɛ saa, ɛnde yɛ ho nhwehwɛmu na hwehwɛ Bible nnyinasosɛm a ebetumi aboa wo ma woasi gyinae pa.
13. Sɛ ɛba akyɛde a, dɛn na wɔn a wɔreware no yɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ wɔresuasua Yehowa?
13 Baabi a wowɔ no, ɛyɛ a nkurɔfo kyɛ wɔn a wɔreware no ade anaa? Sɛ saa a, ɛnde ebinom wɔ hɔ a, wɔn sikasɛm na ɛbɛkyerɛ akyɛde a wɔde bɛma. Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔnkyɛ ade, efisɛ ɛbɛma wɔn ani agye. (Mmeb. 11:25; Aso. 20:35) Nanso ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribi a ɛbɛma nkurɔfo ate nka sɛ kyenkyen ara ɛsɛ sɛ wɔkyɛ yɛn ade, anaa ɛsɛ sɛ wɔde akyɛde kɛse ba. Nea ɛbɛka obi koma a ɔde bɛba biara no, sɛ yɛma yɛn ani sɔ a, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Yehowa.—2 Kor. 9:7.
SƐNEA MUBEDI ƆHAW AHOROW SO
14. Sɛ obi reyɛ n’ayeforohyia ho ntotoe a, ɔhaw bɛn na obetumi ahyia?
14 Sɛ woreyɛ ayeforohyia a ɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam ho ntotoe a, ebia ɛrenyɛ mmerɛw saa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia ɛbɛyɛ den sɛ wobɛyɛ w’ayeforohyia no korokorowa. Charlie a ofi Solomon Islands no ka sɛ: “Ná ɛyɛ den ma yɛn paa sɛ yebehu wɔn a ɛsɛ sɛ yɛto nsa frɛ wɔn ba ayeforohyia apontow no ase. Yɛwɔ nnamfo bebree, na yɛn amammerɛ mu no, obiara pɛ sɛ woto nsa frɛ no!” Tabitha a yɛadi kan aka ne ho asɛm no nso ka sɛ: “Baabi a mete no, nkurɔfo taa yɛ ayeforohyia apontow akɛse. Enti gyinae a yesii sɛ yɛbɛto nsa afrɛ nnipa bɛyɛ 100 pɛ no, ɛkyɛe kakra ansa na yɛn awofo regye atom.” Sarah a ofi India nso ka sɛ: “Ebinom wɔ hɔ a, wɔpɛ sɛ afoforo hu sɛ wɔn nso hyɛ hɔ. M’abusuafo bi reware no, wɔkukuruu wɔn ayeforo no sei kakraa, enti na nkurɔfo rehyɛ me sɛ me nso menyɛ biribi a ebetwa wɔn.” Dɛn na ebetumi aboa wo ma woadi ɔhaw a ɛte sei ne ɔhaw afoforo so?
15. Obi pɛ sɛ ɔyɛ n’ayeforohyia ho ntotoe a, adɛn nti na ehia sɛ ɔde kɔ mpaebɔ mu?
15 Fa w’ayeforohyia ho ntotoe no kɔ mpaebɔ mu. Biribiara a ɛhaw wo wɔ w’ayeforohyia ho ntotoe no ho no, ka ho asɛm kyerɛ Yehowa. (Filip. 4:6, 7) Wubetumi asrɛ no sɛ ɔmmoa wo na si gyinae pa. Afei nso, wubetumi aka akyerɛ no sɛ, nea mopɛ sɛ moyɛ no, sɛ abusuafo ne mo nyɛ adwene wɔ ho a, ɔmmoa wo na wo bo amfuw. Wubetumi nso aka akyerɛ no sɛ ɔmma wo akokoduru na sɛ ehia sɛ wode wo nan si fam a, ehu ankyekyere wo. (1 Pet. 5:7) Sɛ wuhu sɛ Yehowa abua wo mpaebɔ no a, ɛbɛma ne mu ahotoso a wowɔ no ayɛ kɛse. Tabitha a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Me ne ɔbarima a na yɛrebɛware no, na ɛhaw yɛn sɛ akasakasa betumi aba yɛn ntam. Afei nso, na ɛyɛ yɛn sɛ anhwɛ a ebi bɛba yɛne yɛn abusuafo nso ntam. Enti bere biara a yebehyia sɛ yɛreyɛ yɛn ayeforohyia no ho ntotoe no, na yɛde mpaebɔ fi ase. Yehui sɛ Yehowa boaa yɛn paa, na akasakasa biara nso amma.”
16-17. Sɛ moreyɛ mo ayeforohyia no ho ntotoe a, sɛn na ɛsɛ sɛ mususuw nsɛm ho?
16 Kasa wɔ obu so. (Mmeb. 15:22) Sɛ moreyɛ mo ayeforohyia no ho ntotoe a, ebehia sɛ musisi ho gyinae pii. Ebi ne ɛda a mode bɛyɛ, sika dodow a mubehia, wɔn a mopɛ sɛ moto nsa frɛ wɔn, ne nea ɛkeka ho. Ansa na mubesi gyinae biara no, mommom nsusuw ho, na monhwɛ Bible nnyinasosɛm a ɛbɛboa mo. Afei nso, mubetumi ahwehwɛ afotu afi anuanom a wɔn ho akokwaw hɔ. Sɛ mo mu biara reka nea ɔpɛ ho asɛm a, monna ntease adi na monkasa wɔ obu so. Yɛmfa no sɛ mo awofo pɛ sɛ moyɛ biribi ka mo nhyehyɛe no ho. Sɛ mususuw ho na muhu sɛ ɛrensɛe hwee a, mubetumi apene so ama wɔn, efisɛ wɔn nso, saa da no yɛ da titiriw ma wɔn. Sɛ morentumi nyɛ nea wɔreka no a, monto mo bo ase nkyerɛkyerɛ mu nkyerɛ wɔn wɔ obu so. (Kol. 4:6) Momma mo awofo nhu pefee sɛ nea ehia mo paa ne sɛ obiara ani begye saa da no, na nea ɛbɛkɔ so no ahyɛ Yehowa anuonyam.
17 Sɛ mo awofo nni nokware no mu a, nea mopɛ sɛ moyɛ no, ebia ɛbɛyɛ den sɛ mobɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ wɔn ma wɔate ase, nanso mubetumi ayɛ. Onua bi a ɔwɔ India a ne din de Santhosh ka sɛ: “Ná yɛn abusuafo pɛ sɛ yɛde Hindu amammerɛ ahorow bi frafra yɛn ayeforohyia no. Nanso nea enti a na yɛrentumi nyɛ saa no, ɛkyɛe paa ansa na yɛretumi akyerɛkyerɛ mu akyerɛ wɔn ama wɔate ase. Nea na wɔpɛ sɛ yɛyɛ no, sɛ yɛhwɛ na entia Yehowa mmara biara a, na yɛyɛ ma wɔn. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, aduan a na yɛde bɛba ayeforohyia apontow no ase no, yɛsesaa no de nea wɔn ani begye ho sii anan. Afei nso, yɛyɛe sɛ yɛremmɔ nnwom anaa yɛrenni asa wɔ ase, efisɛ na wɔn ani nnye biribi a ɛte saa ho.”
18. Dɛn na moyɛ a ɛbɛma ayeforohyia da no biribiara akɔ so fɛfɛɛfɛ? (1 Korintofo 14:40) (Hwɛ mfoni no nso.)
18 Montoto nneɛma yiye. Sɛ mototo mo nneɛma yiye a, edu mo ayeforohyia da no a, morenhaahae. (Kenkan 1 Korintofo 14:40.) Saa na Wayne a ofi Taiwan no yɛe. Ɔka sɛ: “Aka nna kakra ma yɛn ayeforohyia no adu so no, yɛne wɔn a na ɛbɛboa yɛn no hyia hwɛɛ sɛnea dwumadi no bɛkɔ. Yesusuw ntotoe a na yɛayɛ no ho, na yɛbobɔɔ dwumadi no afã bi so sɛnea ɛbɛyɛ a ayeforohyia da no biribiara bɛkɔ so fɛfɛɛfɛ.” Saa da no, mommɔ mmɔden sɛ mubedi bere so. Moyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ mubu wɔn a moato nsa afrɛ wɔn no.
Sɛ yɛtoto nneɛma yiye ansa na ayeforohyia da no adu so a, ebetumi akɔ yiye (Hwɛ nkyekyɛm 18)
19. Dɛn na mubetumi ayɛ na ama biribiara akɔ yiye wɔ mo ayeforohyia apontow ase?
19 Mo ayeforohyia da no, sɛ muhu ɔhaw a ebetumi aba, na mudi kan tu ho anammɔn a, ebetumi aboa paa. (Mmeb. 22:3) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, baabi a mote no, sɛ nkurɔfo tumi soa wɔn ho kogu ayeforohyia apontow ase bere a obiara ntoo nsa mfrɛɛ wɔn a, ɛnde ɛyɛ a dwen ho hwɛ nea wubetumi ayɛ na biribi a ɛte saa ansi. Afei nso, bɔ mmɔden ma w’abusuafo a wɔnyɛ adansefo nhu nea ɛbɛkɔ so wɔ w’ayeforohyia no ase. Afei ayeforohyia ho amanne bi a nkurɔfo yɛ wɔ wɔn ayeforohyia ase no, ma wɔnhu w’adwene wɔ ho. Asɛm a ɛwɔ jw.org a yɛato din “Sɛn Na Yehowa Adansefo Yɛ Ayeforo?” no, wubetumi ama wɔakan. Nea ɛbɛboa ma biribiara akɔ yiye wɔ apontow no ase no, wubetumi ama onua bi a ne ho akokwaw ‘ahwɛ apontow no so.’ (Yoh. 2:8) Sɛnea mopɛ sɛ mo ayeforohyia no kɔ no, sɛ mokyerɛkyerɛ mu kyerɛ nea ɔbɛhwɛ apontow no so no a, obetumi ahwɛ ama biribiara akɔ yiye na ahyɛ Yehowa anuonyam.
20. Sɛ Kristofo bi pɛ sɛ wɔyɛ ayeforo a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔkae wɔ ho?
20 Sɛ wohwɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ nyinaa de yɛ w’ayeforohyia no ho ntotoe a, anhwɛ a ebetumi agyaw wo adwinnwen. Nanso kae sɛ, mmere a mode anigye bɛbom atena ase asom Yehowa no, ayeforohyia da no yɛ mfiase kɛkɛ. Enti bɔ mmɔden ma w’ayeforohyia no nyɛ ketewese, na ɛnhyɛ Yehowa anuonyam. Afei nso, fa wo ho to Yehowa so na ɔnkyerɛ wo kwan. Woyɛ saa a, w’ayeforohyia no bɛkɔ yiye, na daakye worenkae nsu, mmom wobɛkae aserew.—Dw. 37:3, 4.
DWOM 107 Ɔdɔ Ho Nhwɛso
a ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Aman pii so no, sɛ ebinom rehyia ayeforo a, nea wɔyɛ ne sɛ wɔka ntam wɔ Onyankopɔn anim. Ɛno akyi no, ebia wɔto pon. Aman afoforo so nso, sɛ wɔreware a, wɔnyɛ no saa. Sɛ saa na ɛte wɔ baabi a wote no mpo a, Bible nnyinasosɛm betumi aboa wo, na ɛda a woreware no, nneɛma akɔ yiye.
b Sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo bu mmara a aban ahyehyɛ wɔ aware ho no, sɛ worepɛ ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a yɛato din “Aware a Nidi Wom wɔ Onyankopɔn ne Nnipa Anim.” Ɛwɔ October 15, 2006 Ɔwɛn-Aban mu.
c Hwɛ video a yɛato din, Ɛsɛ Sɛ Mede Nsã Ba Ase Anaa? no. Ɛwɔ jw.org.