Genesis
1 Mfitiaseɛ no+ Onyankopɔn+ bɔɔ+ ɔsoro ne asase.+
2 Na asase no wɔ hɔ kwa a hwee nni soɔ, na na esum kata subunu no ani,+ na Onyankopɔn adeyɛ tumi dii akɔneaba+ wɔ nsuo no ani.+
3 Na Onyankopɔn kaa sɛ:+ “Hann mmra.” Na hann baeɛ.+ 4 Afei Onyankopɔn hunuu sɛ hann no yɛ, na Onyankopɔn kyɛɛ hann ne esum+ no mu. 5 Na Onyankopɔn frɛɛ hann no Adekyeeɛ+ na ɔfrɛɛ esum no Adesaeɛ.+ Na adeɛ sae na adeɛ kyee, da a ɛdi kan nie.
6 Na Onyankopɔn kaa sɛ: “Ewiem+ mmra nsuo a ɛwɔ fam ne deɛ ɛwɔ soro no ntam.”+ 7 Afei Onyankopɔn maa wiem baeɛ, na ɔpaee nsuo a ɛwɔ aseɛ ne deɛ ɛwɔ soro no ntam.+ Na ɛyɛɛ saa. 8 Na Onyankopɔn frɛɛ wiem no Ɔsoro.+ Na adeɛ sae na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so mmienu nie.
9 Na Onyankopɔn kaa sɛ: “Nsuo a ɛwɔ ɔsoro ase no mmoaboa ano wɔ faako na asase kesee no nyi ne ho adi.”+ Na ɛyɛɛ saa. 10 Na Onyankopɔn frɛɛ baabi a ɛyɛ kesee no Asase,+ na ɔfrɛɛ nsuo a aboaboa ano no Ɛpo.+ Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.+ 11 Na Onyankopɔn kaa sɛ: “Ɛserɛ mfifi asase so, afifideɛ a ɛso aba,+ nnua a ɛso aba,+ emu biara nso ne so ne n’aba+ wɔ asase so.” Na ɛyɛɛ saa. 12 Na ɛserɛ fifii asase so, afifideɛ a ɛso aba sɛdeɛ ne su teɛ+ ne nnua a ɛso aba sɛdeɛ ne su teɛ.+ Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ. 13 Na adeɛ sae na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so mmiɛnsa nie.
14 Na Onyankopɔn kaa sɛ: “Nkanea mmra wiem wɔ soro na ɛnkyɛ awia ne anadwo mu;+ na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne na ɛnkyerɛ mmerɛ ne nna ne mfeɛ.+ 15 Na ɛnyɛ nkanea wɔ soro na ɛnhyerɛn asase so.”+ Na ɛyɛɛ saa. 16 Na Onyankopɔn yɛɛ* nkanea akɛseɛ mmienu, kanea kɛseɛ paa no hyerɛn awia na ketewa no hyerɛn anadwo, na ɔyɛɛ nsoromma nso.+ 17 Saa na Onyankopɔn de sisii soro sɛ ɛnhyerɛn asase so,+ 18 na ɛnhyerɛn awia ne anadwo na ɛnkyɛ hann ne esum mu.+ Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.+ 19 Na adeɛ sae na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nnan nie.
20 Na Onyankopɔn kaa sɛ: “Akra+ a ɛte aseɛ nhyɛ nsuo mu mã na ntuboa nso ntu mfa asase so wɔ wiem.”+ 21 Na Onyankopɔn bɔɔ nsuboa akɛseɛ+ ne akra a ɛte aseɛ a wɔnenam+ nsuo mu manyamanya nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne ntuboa a wɔwɔ ntaban nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ.+ Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ. 22 Afei Onyankopɔn hyiraa wɔn kaa sɛ: “Monwo na monyɛ bebree na monhyɛ po mu nsuo mu mã,+ na ntuboa nso nnɔre wɔ asase so.” 23 Na adeɛ sae na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nnum nie.
24 Na Onyankopɔn kaa sɛ: “Akra a ɛte aseɛ mmra asase+ so, afieboa+ ne mmoa a wɔwea+ ne wuram mmoa,+ sɛdeɛ wɔn nyinaa su teɛ.” Na ɛyɛɛ saa. 25 Na Onyankopɔn yɛɛ wuram mmoa ne afieboa ne mmoa a wɔwea asase soɔ, sɛdeɛ wɔn nyinaa su teɛ.+ Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.
26 Na Onyankopɔn kaa sɛ: “Ma yɛnyɛ+ onipa yɛn suban so+ sɛdeɛ yɛteɛ,+ na wɔnni asase ne ɛso mmoa nyinaa so, ɛpo mu mpataa ne wiem ntuboa ne afieboa ne mmoa a wɔwea asase soɔ nyinaa.”+ 27 Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no;+ ɔbarima ne ɔbaa na ɔbɔɔ wɔn.+ 28 Na Onyankopɔn hyiraa+ wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo+ na monnɔɔso na monhyɛ asase so mã na monni so,+ na ɛpo mu mpataa ne wiem ntuboa ne mmoa a wɔnenam asase soɔ nyinaa, monni wɔn so.”+
29 Na Onyankopɔn kaa sɛ: “Mede afifideɛ a ɛso aba wɔ asase soɔ nyinaa ne nnua a ɛso aba nyinaa ama mo.+ Ɛnyɛ aduane mma mo.+ 30 Na mede nhahan mono ama wuram mmoa nyinaa ne wiem ntuboa nyinaa ne asase so mmoa nyinaa, kyerɛ sɛ akra a ɛte aseɛ nyinaa, sɛ wɔnni.”+ Na ɛyɛɛ saa.
31 Afei Onyankopɔn hunuu biribiara a wayɛ, na na ɛyɛ paa.+ Na adeɛ sae na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nsia nie.