15 “Na sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni n’ahyɛdeɛ ne ne mmara a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnneɛ nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
2 Sɛ moantie+ na moamma no anna mo akoma+ so sɛ mobɛhyɛ me din animuonyam a,+ mɛma nnome aba mo so,+ na mo nhyira bɛdane nnome.+ Mama mo nhyira adane nnome mpo dada, ɛfiri sɛ moamma no anna mo akoma so,” asafo Yehowa na aka.